Luka 21

Ɔbaa kunafoɔ no akyɛdeɛ

1 Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.

2 Na ɔhunuu ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso a ɔde mpɛsewa mmienu bɛguu mu.

3 Na ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, okunafoɔ hiani yi de bebree abɛgu mu sene wɔn nyinaa.

4 Na yeinom nyinaa firi deɛ wɔwɔ na aboro wɔn soɔ no mu na wɔde bi abɛgu mu, nanso oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de n’asetenadeɛ a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu.

Asɔrefie sɛeɛ ho nkɔmhyɛ

5 Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛdeɛ ahyehyɛ no no, ɔkaa sɛ:

6 Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.

Nsɛm a ɛdi ɔsɛeɛ yi anim

7 Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?

8 Na ɔse:Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!

9 Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na ɛtwa sɛ yeinom ba kane; nanso awieeɛ no deɛ, na ɛnnurui.

Akodie ne asasewosoɔ

10 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so.

11 Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba.

Ɔtaa

12 Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,

13 na mode adi me ho adanseɛ.

Ɔgyeɛ

14 Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa.

15 Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.

16 Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

17 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo.

18 Na mo tirinwi mu biara mpo renyera.

19 Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.

Atamfoɔ bɛtwa Yerusalem ho ahyia

20 Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.

21 Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,

22 ɛfiri sɛ yei ne aweredie nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.

Kuro no sɛeɛ

23 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.

24 Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.

Onipa ba no ba

25 Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;

26 na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.

27 Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.

28 Na nnoɔma yi refiri aseɛ aba a, monhwɛ soro na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.

29 Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ:Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa!

30 Sɛ ɛnya fefɛ na mohwɛ a, mo ankasa mohunu sɛ ahuhuro berɛ anya abɛn.

31 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom reba a, monhunu sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn.

32 Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

33 Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Kɔkɔbɔ

34 Na monhwɛ mo ho yie, na potwaa ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,

35 na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so.

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.

37 Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.

38 Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 1 =