Yohane 21

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baason

1 Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie:

2 Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ.

3 Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wɔsee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wɔfirii adi kɔɔ kodoɔ mu, na anadwo no, wɔannyi hwee.

4 Na adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa mpoano, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ Yesu.

5 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ:Yaanom, moanya nam anaa?Wɔbuaa no sɛ: Dabi.

6 Na ɔsee wɔn sɛ:Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi.Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.

8 Na asuafoɔ a aka no nam kodoɔ kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ basafa ɔha, na wɔtwee asau no ne mpataa no.

9 Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo.

10 Na Yesu see wɔn sɛ:Momfa nam a moyii no seesei no bi mmra!

11 Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asau no baa asase so; na mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso saa deɛ, nanso asau no antete.

12 Yesu see wɔn sɛ:Mommra mmɛka mo ano.Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.

13 Ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.

14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no.

Yesu sɔ Petro dɔ hwɛ

15 Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ:Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom?Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ:Yɛne me nnwammaa!

16 Yesu see no ne mprenu so sɛ:Simon, Yohane ba, wodɔ me?Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ:Hwɛ me nnwan!

17 Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ:Simon, Yohane ba, wodɔ me?Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ:Wodɔ me?Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ:Yɛne me nnwan!

18 Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, woyɛ aberanteɛ no, wobɔɔ abɔsoɔ, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wonya bɔ akora a, wobɛtene wo nsa, na obi abɔ wo abɔsoɔ, na ɔde wo akɔ faako a wompɛ.

19 (Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ:Di m’akyi!

Yesu ne Osuani a ɔdɔ no no

20 Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?

21 Ɔno na Petro hunuu no no, ɔsee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ?

22 Yesu see no sɛ:Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi!

23 Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse:Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?

24 Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ.

Awieeɛ

25 Na nnoɔma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ, ɛno na sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa mmaako mmaako a, anka mesusu sɛ, nwoma a wɔbɛtwerɛ no rensene wiase mpo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 5 =