Asomafoɔ 26

Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:

2 Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho,

3 ne titire no, wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyesɛm a ɛwɔ Yudafoɔ mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.

4 M’asetena a ɛfiri me mmɔfraase no deɛ, sɛdeɛ ɛfirii aseɛ na ɛteɛ me manfoɔ mu wɔ Yerusalem no, Yudafoɔ nyinaa nim.

5 Na wɔnim me firi mfitiaseɛ dada, nso sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi ɛho adanseɛ a, wɔnim me sɛ mefraa fekuo a wɔdi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu, mebɔɔ me bra sɛ Farisini.

6 Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti.

7 Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi.

8 Adɛn nti na mobu yei asɛm a wɔnnye nnie sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?

9 Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;

10 ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.

Paulo adwensakyera ho asɛm

12 Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ama me tumi ne ɛho kwan.

13 Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.

14 Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ:Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie.

15 Na mese: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na Awurade kaa sɛ:Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.

16 Na sɔre gyina wo nan so; na yei nti na meyii me ho mekyerɛɛ woɔ, sɛ mɛyi wo mayɛ wo nnoɔma a woahu me wɔ mu ne deɛ merebɛyi me ho makyerɛ wo wɔ mu no ho somfoɔ ne danseni.

17 Na mɛgye wo mafiri ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam.

18 Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.

19 Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,

20 na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.

21 Yei nti na Yudafoɔ bɛkyeree me asɔrefie hwehwɛɛ sɛ wɔku me.

22 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:

23 Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no.

Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni

24 Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.

25 Na ɔse: Memmɔɔ dam, Onimuonyamfoɔ Festo, na meka nokorɛ ne anidahɔ nsɛm.

26 Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.

27 Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ di anaa? Menim sɛ wogye di.

28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode ɛberɛ kakraa bi ma me dane bɛyɛ Okristoni anaa?

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

30 Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔreeɛ,

31 na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribi a ɛsɛ wuo anaa ɛkyerɛ.

32 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdane Kaesare a, anka wɔbɛtumi agyaa no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

12 − 7 =