1 Korintofoɔ 15

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ

1 Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mogyeeɛ nso, na mogyina mu nso,

2 na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ mosɔ mu den sɛdeɛ mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa deɛ a, na moagye adi kwa.

3 Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.

4 Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.

5 Na ɔmaa Kefa hunuu no, ansa na dummienu no rehu no.

6 Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda.

7 Ɛno akyiri no, ɔmaa Yakobo hunuu no ansa na asomafoɔ no nyinaa rehu no.

8 Wɔn nyinaa akyiri na ɔmaa me a mete sɛ deɛ wɔapatu awo no nso hunuu no.

9 Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no;

10 nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.

11 Enti sɛ me oo, sɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mogye diiɛ.

Awufoɔ sɔreɛ

12 Na sɛ wɔka no Kristo ho sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufoɔ sɔreɛ nni hɔ?

13 Na sɛ awufoɔ sɔreɛ nni hɔ a, na wɔannyane Kristo nso;

14 na sɛ wɔannyane Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidie nso yɛ hunu.

15 Na wɔbɛhu yɛn sɛ Nyankopɔn ho adansekurumfoɔ, ɛfiri sɛ yɛdii Onyankopɔn adanseɛ sɛ, ɔnyanee Kristo, na sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ na wannyane ɔno nso.

16 Na sɛ awufoɔ nnyane a, na wɔannyane Kristo nso.

17 Na sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie yɛ hunu, na moda so wɔ mo bɔne mu.

18 Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera.

19 Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ.

Kristo wusɔreɛ bɛma wɔn nyinaa asɔre bi

20 Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan.

21 Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ no, sɛ nso awufoɔ sɔreɛ nam onipa so baeɛ ne no.

22 Na sɛdeɛ wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa bɛnya nkwa Kristo mu ne no.

23 Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,

24 ansa na awieeɛ no di hɔ, ɛberɛ a ɔde ahennie no bɛhyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔden ne tumi nyinaa aguo no.

25 Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.

26 Ɔtamfoɔ a ɔdi akyire a ɔbɛtu no aguo no ne owuo.

27 Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.

28 Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.

Awufoɔ asubɔ

29 Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufoɔ no, wɔyɛ de gye deɛn? Sɛ awufoɔ nnyane koraa a, adɛn nti nso na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn?

30 Adɛn nti na yɛn nso amaneɛ di yɛn akyi dɔn biara yi?

31 Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, mewu da biara.

32 Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a,

ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom,

na ɔkyena na yɛawu!

33 Mommma wɔnnnaadaa mo!

Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.

34 Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo.

Ɔsoro nipadua ne fam nipadua

35 Na ebia obi bɛka sɛ: Wɔbɛyɛ dɛn anyane awufoɔ? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba?

36 Ɔkwasea! Deɛ wodua no rennya nkwa, gye sɛ ɛwu ansa.

37 Na deɛ wodua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba na wodua, na mmom ɛyɛ aburoofua kwa, ebia ayuo anaa deɛ ɛkeka ho no bi.

38 Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara ɛno ara ne dua.

39 Ɛnam nyinaa nyɛ pɛ; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa deɛ.

40 Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ.

41 Owia animuonyam nko, ɔsrane animuonyam nko, nsoromma animuonyam nko; na afei ɛsono nsoromma mmaako mmaako animuonyam.

Ɔkra nipadua ne honhom nipadua

42 Sɛ nso awufoɔ sɔreɛ teɛ ne no. Wɔdua no porɔeɛ mu, ɛbɛnyane deɛ ɛmporɔ mu.

43 Wɔdua no deɛ ɛnni anidie mu, ɛbɛnyane animuonyam mu. Wɔdua no mmerɛyɛ mu, ɛbɛnyane tumi mu.

44 Wɔdua no ɔkra nipadua, ɛbɛnyane honhom nipadua. Sɛdeɛ ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa ara nso na honhom nipadua nso wɔ hɔ.

45 Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.

46 Na ɛnyɛ honhom deɛ no na ɛdi kan, na mmom ɔkra deɛ no, ansa na honhom deɛ no reba.

47 Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.

48 Sɛdeɛ famni no teɛ no, sɛ nso famfoɔ no teɛ ne no; na sɛdeɛ ɔsoroni no teɛ no, sɛ nso ɔsorofoɔ no teɛ ne no.

49 Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.

Ɛsɛ sɛ nipadua no sakyera

50 Anuanom, deɛ mereka ne sɛ: Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahennie, na deɛ ɛporɔ no nso ntumi nnye deɛ ɛmporɔ.

51 Hwɛ, mereka mo ahuntasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakyera

52 ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.

53 Na ɛtwa sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛnwuo no.

54 Na sɛ deɛ ɛporɔ yi nya hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi nya hyɛ deɛ ɛnwuo no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ:

Wɔamene owuo nkonim mu.

55 O, owuo, wo nkonim wɔ he?

Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?

56 Owuo nwowɔeɛ ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara.

57 Nanso aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn.

58 Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 4 =