1 Korintofoɔ 14

Nkɔmhyɛ sene kasa ahodoɔ

1 Mompɛ ɔdɔ akyiri kwan, na mommɔ honhom fam nnoɔma no ho mmɔden, ne titire sɛ mobɛhyɛ nkɔm.

2 Deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte aseɛ, na honhom mu na ɔka ahuntasɛm.

3 Na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsosɛm ne afotuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa.

4 Deɛ ɔkasa kasa bie no ma ɔno ara ne ho nkɔsoɔ, na deɛ ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔsoɔ.

5 Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa ahodoɔ, nanso deɛ mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na deɛ ɔhyɛ nkɔm so sene deɛ ɔkasa kasa ahodoɔ, gye sɛ obi kyerɛ aseɛ ma asafo no nya nkɔsoɔ.

6 Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa ahodoɔ, na me ne mo ankasa adiyie anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya no me ho?

7 Saa nso na sɛ nnoɔma a nkwa nni mu a ɛgyegyeɛ, te sɛ abɛn, anaa sankuo, sɛ ankyerɛ nnyegyeeɛ ahodoɔ no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte deɛ wɔhyɛneeɛ anaasɛ wɔbɔeɛ ase?

8 Na sɛ totorobɛnto no annyegye yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔsa?

9 Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkyerɛma ka asɛm a emu nteɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu deɛ moreka? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa gu mframa mu kwa.

10 Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte aseɛ;

11 na sɛ mente kasa no ase a, mebu deɛ ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na deɛ ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni.

12 Na mo nso, mobɔ honhom fam nnoɔma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔsoɔ nti, mobɛboro soɔ.

13 Enti deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔmmɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ.

14 Na sɛ mebɔ mpaeɛ kasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpaeɛ, na m’adwene deɛ, ɛnte aseɛ.

15 Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.

16 Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka?

17 Wo deɛ, woda ase yie deɛ, nanso ɔno deɛ ɔnnya nkɔsoɔ.

18 Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa kasa ahodoɔ bebree sene mo nyinaa;

19 nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu.

20 Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.

21 Wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ:

Kasa foforɔ ne ano foforɔ

na me ne ɔman yi

de bɛkasa,

na ne saa mpo wɔrentie me,

Awurade na ɔseɛ.

22 Enti kasa ahodoɔ no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma gyidifoɔ, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn a wɔnnye nnie; na nkɔmhyɛ deɛ ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔgye die dea.

23 Na sɛ asafo mu no bɛhyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ, na wɔn a wɔnnim, anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba mu a, wɔrenka sɛ moabobɔ dam anaa?

24 Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a ɔnnye nnie anaa ɔnnim biribie ba mu a, wɔn nyinaa twi n’anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,

25 na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.

Ɔsom mu nhyehyɛe

26 Na afei ɛdeɛn, anuanom? Sɛ mohyia mu a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyie anaasɛ obi wɔ nkyerɛaseɛ. Momma ne nyinaa nyɛ deɛ ɛma nkɔsoɔ.

27 Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra soɔ no, baasa, na wɔnka no mmaako, mmaako, na onipa baako nkyerɛ aseɛ.

28 Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ɔmmua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.

29 Adiyifoɔ no deɛ, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn.

30 Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyie a, deɛ ɔdii kan no mmua n’ano.

31 Na mo nyinaa bɛtumi aka adiyisɛm mmaako mmaako na wɔn nyinaa anya mu adesuadeɛ na wɔn nyinaa afa mu afotuo.

32 Na adiyifoɔ ahonhom no hyɛ adiyifoɔ no ase;

33 ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoeɛ Nyankopɔn, sɛdeɛ ɛteɛ ahotefoɔ asafo nyinaa mu no.

34 Momma mmaa mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛdeɛ mmara no nso ka no.

35 Na sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua biribi a, wɔmmisa wɔn ara wɔn kununom efie; ɛfiri sɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbaa sɛ ɔbɛkasa asafo mu.

36 Ɛdeɛn a! Mo mu na Nyankopɔn asɛm no firi baeɛ, anaasɛ mo nko ara na abɛto mo?

37 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa honhom muni a, ɔnhunu sɛ deɛ meretwerɛ mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛdeɛ;

38 na sɛ obi nnim adeɛ a, ɛmma no nnnim de nso.

39 Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, na monnsi kasa ahodoɔ ka ho kwan.

40 Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − fourteen =