1 Korintofoɔ 16

Ɛtoɔ a wɔyi kɔma Yerusalem asafo no mu ahiafoɔ

1 Na ɛfa ɛtoɔ a wɔde kɔma ahotefoɔ no ho deɛ, sɛdeɛ mehyehyɛɛ no Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara.

2 Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.

3 Na menya me ba a, mɛma wɔn a mode nwoma bɛkyerɛ sɛ wɔfata no de mo ayɛyɛdeɛ no akɔ Yerusalem.

4 Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ a, wɔne me akɔ.

Paulo adwuma nhyehyɛɛ

5 Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ Makedonia na merekɔfa.

6 Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ mɛdi awɔberɛ nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkorɔ no moagya me kwan.

7 Na mempɛ sɛ meretwa mu nko ara na mehunu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, mɛdi mo nkyɛn nna kakra.

8 Na mɛtena Efeso akɔsi Pentekoste;

9 ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a emu adwumayɛ bɛso aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.

Timoteo

10 Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.

11 Ɛno nti obiara mmmu no animtia, na monnya no kwan asomdwoeɛ mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.

12 Na onua Apolo deɛ, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba seesei, na mmom ɔnya ho deɛ a, ɔbɛba.

Nsɛm ne nkyea a wɔde wie

13 Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.

14 Monyɛ mo adeɛ nyinaa ɔdɔ mu.

15 Na metu mo fo, anuanom monim Stefano fie sɛ ɛne Akaia aba a ɛdi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefoɔ som no,

16 sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa no ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.

17 Na m’ani gye Stefano ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, ɛfiri sɛ monni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabɛsi mo ananmu;

18 na wɔama me honhom ne mo deɛ ahome. Enti monni wɔn a wɔte saa no ni yie.

19 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyeakyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie no kyea mo pii, Awurade mu.

20 Anuanom nyinaa kyea mo. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.

21 Me Paulo me nsam nkyea ni.

22 Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).

23 Awurade Yesu adom ne mo ntena.

24 Me dɔ nka mo nyinaa Kristo Yesu mu. Amen.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 + 7 =