1 Korintofoɔ 11

1 Monhwɛ me nsua me, sɛdeɛ me nso mehwɛ Kristo mesua no no.

Mmaa asɔre mu abrabɔ

2 Na meyi mo ayɛ sɛ mokae me adeɛ nyinaa mu, na mokura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.

3 Na mepɛ sɛ mohunu sɛ ɔbarima biara tiri ne Kristo, na ɔbaa tiri ne ɔbarima, na Kristo tiri ne Onyankopɔn.

4 Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpaeɛ, anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne tiri soɔ no, ɔnni ne tiri ni.

5 Na ɔbaa biara a ɔrebɔ mpaeɛ, anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne tiri so da hɔ no, ɔnni ne tiri ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwa.

6 Na sɛ ɔbaa ankata ne tiri so a, ma no mmɔ tikwa nso; na sɛ ɛyɛ ɔbaa aniwu sɛ ɔtwitwa ne tiri so anaasɛ ɔyi a, ɛnneɛ na ɔnkata ne tiri so.

7 Na ɔbarima deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne tiri soɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn suban ne n’animuonyam; na ɔbaa deɛ ɔyɛ ɔbarima animuonyam.

8 Na ɔbarima mfiri ɔbaa mu, na mmom ɔbaa na ɔfiri ɔbarima mu;

9 na ɛnyɛ ɔbaa nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbaa.

10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbaa nya ne tiri so tumi a ɛyɛ nkatasoɔ, abɔfoɔ nti.

11 Nso ɔbarima nkwati ɔbaa, na ɔbaa nkwati ɔbarima, Awurade mu.

12 Na sɛdeɛ ɔbaa firi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbaa so ba ne no; na ne nyinaa firi Nyankopɔn mu.

13 Mo ara mommu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbaa rebɔ mpaeɛ na ɔnkata ne tiri so anaa?

14 Ɔbrasuo no ara nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne tiri kusuu a, ɛnhyɛ no animuonyam,

15 na ɔbaa deɛ ɔgyina ne tiri kusuu a, ɛhyɛ no animuonyam? Ɛfiri sɛ wɔde nwi no ama no sɛ akatasoɔ.

16 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnyeɛ a, yɛn deɛ yɛmmu saa bra no, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ no nso nyɛ saa.

Asɔre mu mpaepaemu

17 Yei a merehyɛ mo yi, menyi mo ayɛ, ɛfiri sɛ monhyia mu nyɛ adepa, na mmom adebɔne.

18 Na deɛ ɛdi kan no, mohyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na megye emu bi medi.

19 Wiɛ, ɛtwa sɛ fekuo ahodoɔ ba mo mu na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.

Awurade adidie asekorɔ mu basabasayɛ

20 Enti sɛ mobɛhyia faako a mokɔ Awurade adidie a, ɛnyɛ yie,

21 ɛfiri sɛ obiara di ɔno ara n’aduane ansa, na ɛkɔm de binom, na ebinom nso aboboro nsa.

22 Na monni afie a modidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ animtia na mobu Nyankopɔn asafo no na mogu wɔn a wɔnni bie no anim aseɛ? Mense mo sɛn? Menyi mo ayɛ anaa? Yei ho deɛ, menyi mo ayɛ.

Awurade Adidie

23 Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo,

24 na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkaa sɛ: Yei ne me nipadua a wɔrebubu ama mo no; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ!

25 Saa ara nso na adidie no akyiri no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforɔ me ara me mogya mu; da biara a mobɛnom no monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.

Awurade adidie asekyerɛ

26 Na da biara a mobɛdi paanoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wuo no mu ka kɔsi sɛ ɔbɛba.

27 Enti deɛ ɔbɛdi paanoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛdeɛ ɛnsɛ no, ɔbɛdi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.

28 Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ na wadi paanoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.

29 Na deɛ ɔdi na ɔnom sɛdeɛ ɛnsɛ no, ɔdi nom de atemmuo ba ɔno ara ne so, ɛfiri sɛ wammu nipadua no yie.

30 Yei nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛ na wɔyareyare pii wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.

31 Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yie a, anka wɔmmu yɛn atɛn;

32 na sɛ wɔbu yɛn atɛn a, Awurade twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.

33 Enti, me nuanom, mohyia mu sɛ morebɛdidi a montwɛn mo ho mo ho.

34 Na sɛ ɛkɔm de obi a, ma no nnidi ne fie, na moammɛhyia mu ammɛnya atemmuo. Na deɛ aka no deɛ, meba a mabɛtoto no yie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve − nine =