1 Korintofoɔ 12

Honhom mu nnoɔma

1 Na deɛ ɛfa honhom fam nsɛmho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede biribiara mesie mo.

2 Monim sɛ akane no a na moyɛ abosonsomfoɔ no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn.

3 Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.

4 Na adom akyɛdeɛ gu ahodoɔ, nanso Honhom korɔ no ara a.

5 Na ɔsom nnwuma nso gu ahodoɔ, nanso Awurade korɔ no ara a.

6 Na dwumadie nso gu ahodoɔ, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔdi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu.

7 Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yie.

8 Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛdeɛ Honhom korɔ no ara pɛ.

9 Ɔfoforɔ nso wɔma no gyidie, Honhom korɔ no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛdeɛ, Honhom korɔ no ara mu.

10 Obi nso wɔma no tumideɛyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no honhom ahodoɔ mu nhunumu, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ nkyerɛaseɛ.

11 Na yeinom nyinaa Honhom korɔ no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ ɔpɛ.

Nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree

12 Na sɛdeɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ.

13 Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.

14 Na nipadua nso nyɛ akwaa baako, na ɛyɛ bebree.

15 Sɛ ɛnan ka sɛ: Menyɛ nsa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa?

16 Na sɛ aso ka sɛ: Menyɛ ani, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa?

17 Sɛ nipadua nyinaa yɛɛ ani a, anka ɔteɛ wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛɛ ɔteɛ a, anka ohua wɔ he?

18 Na Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmaako mmaako, sɛdeɛ ɔpɛ.

19 Na sɛ ne nyinaa yɛɛ kwaa baako a, anka nipadua wɔ he?

20 Na akwaa no dɔɔso deɛ, nanso nipadua no yɛ baako.

21 Ani ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; afei etire ntumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ: Mo ho nhia me.

22 Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛ koraa no, ɛno na ɛho hia.

23 Na nipadua ho adeɛ a ɛyɛ yɛn sɛ ɛnni anidie koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebree, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ yɛn ho no nya ahokeka pii;

24 ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ fɛ wɔ yɛn ho no, ɛnhia no saa. Na Onyankopɔn de nipadua no atoatoa mu na akwaa a wɔmmuo no, wɔama no anidie bebrebe,

25 na mpaepaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwene ade korɔ ama wɔn ho wɔn ho.

26 Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.

27 Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmaako mmaako.

28 Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu, deɛ ɛdi kan, sɛ asomafoɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ, bio nso tumideɛ, ne ayaresa adom akyɛdeɛ, aboafoɔ, mpaninnie, kasa ahodoɔ.

29 Wɔn nyinaa yɛ asomafoɔ? Wɔn nyinaa yɛ adiyifoɔ? Wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfoɔ? Wɔn nyinaa wɔ tumideɛ?

30 Wɔn nyinaa wɔ ayaresa adom akyɛdeɛ? Wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ? Wɔn nyinaa kyerɛ kasa ase?

31 Na mommɔ adom akyɛdeɛ titire no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a ɛyɛ kyɛne biribiara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − 19 =