Lewitikɔs 9

Asɔfoɔ no hyɛ wɔn adwuma ase

1 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no Mose frɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israel mpanimfoɔ,

2 na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.

3 Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

4 ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.

5 Na wɔde deɛ Mose hyɛeɛ no baa ahyiaeɛ ntomadan no anim, na asafo no nyinaa twe bae bɛgyinaa AWURADE anim.

6 Na Mose kaa sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE hyɛeɛ no, monyɛ, na AWURADE animuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo.

7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

8 Na Aaron twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔkum ne bɔne ho afɔdeɛ nantwie ba no.

9 Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase.

10 Na bɔne ho afɔdeɛ no mu sradeɛ ne sawa ne mmerɛboɔ so ntentan no, ɔtoo mu gya, afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

11 Na ɛnam no ne nwoma no deɛ, ɔde ogya hyee no nsraban no akyi.

12 Na ɔkum ɔhyeɛ aboa afɔdeɛ no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae.

13 Na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no asinasini ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.

14 Na ɔhohoroo ayamdeɛ ne nnyawa no ho, na ɔhyee no ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no so.

15 Ɛnna ɔde ɔman no afɔdeɛ no baeɛ, na ɔfaa bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no kumm no de bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ kane deɛ no.

16 Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

17 Na ɔde aduane afɔdeɛ no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyee no afɔrebukyia no so kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.

18 Ɛnna ɔkum nantwinini ne odwennini a ɛyɛ ɔman no asomdwoeɛ afɔdeɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae.

19 Na nantwinini ne odwennini no sradeɛ no, sradedua no ne deɛ ɛkata sawa ho no ne mmerɛboɔ so ntentan no,

20 wɔde sradeɛ no nyinaa guu ɔyan no so, na wɔhyee sradeɛ no afɔrebukyia no so.

21 Na ɔyan no ne srɛ nifa no, Aaron him de yɛɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.

22 Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wieeɛ no, ɔsianee.

23 Na Mose ne Aaron hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu; na wɔfirii adie no, wɔhyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa.

24 Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − ten =