Lewitikɔs 10

Nadab ne Abihu ho asɛm

1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.

2 Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim.

3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ:

Wɔn a wɔtwe pini me no mu

na mɛyɛ me ho kronkron,

na ɔman no nyinaa anim

na mɛhyɛ me ho animuonyam.

4 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n’agya nuabarima Usiel mma Misael ne Elsafan baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montwe mpini, na mommɛsoa mo nuanom no mfiri kronkronbea anim nkɔ nsraban no akyi.

5 Na wɔtwe bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntadeɛ mu, de wɔn kɔɔ nsraban no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no.

6 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.

7 Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nso, na moanwuwu, ɛfiri sɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no.

8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ:

9 Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

10 Na moahunu ade kronkron ne adeɛ a ɛnyɛ kronkron ne adeɛ a ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam nsonsonoeɛ,

11 na moakyerɛkyerɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

12 Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

13 Monni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ho kyɛfa ma wo ne wo mma, ɛfiri sɛ saa na wɔahyɛ me.

14 Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.

15 Mmasoɔ srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka sradeɛ a wɔhyeɛ no ho mmra, na wɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo deɛ ne wo mma deɛ nyɛ daa kyɛfa, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

16 Na bɔne ho afɔdeɛ papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara yie, na hwɛ, wɔahye no. Na ne bo fuu Aaron mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no, na ɔkaa sɛ:

17 Adɛn nti na moanni bɔne ho afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusuo no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim.

18 Hwɛ, wɔamfa ne mogya no amma kronkronbea dan no mu; anka ɛsɛ sɛ modi no kronkronbea hɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ mo no.

19 Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ wɔde wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne wɔn hyeɛ afɔdeɛ aba AWURADE anim, na adeɛ a ɛte seyie abɛto me yi; na sɛ medi bɔne ho afɔdeɛ nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa?

20 Na Mose teeɛ no, n’akoma tɔɔ ne yam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + twelve =