Lewitikɔs 8

Mose hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ɛne ntadeɛ no ne sra ngo no, ne bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no ne adwennini mmienu no ne apiti kɛntɛn no.

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

4 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

5 Na Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: Yei ne adeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnyɛ.

6 Na Mose de Aaron ne ne mma no bae, na ɔde nsuo hohoroo wɔn ho;

7 na ɔde atadeɛ yuu no hyɛɛ no, na ɔde aboomu no bɔɔ n’asene, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔɔ no abɔsoɔ;

8 na ɔde adaaboɔ no hyehyɛɛ no, na ɔde urim ne tumim no hyɛɛ adaaboɔ no mu;

9 na ɔde abotitene no bɔɔ ne ti, na ɔde sikaterɛ no, kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no, fam abotitene no anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na Mose faa sra ngo no de sraa tenabea no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔyɛɛ no kronkron;

11 na ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛnson, na ɔsraa afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ntaaseɛ no ngo de yɛɛ no kronkron.

12 Na ɔhwiee sra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron.

13 Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ, na ɔde aboomu bobɔ wɔn mu, na ɔde abotire bobɔɔ wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

14 Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi.

15 Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so.

16 Na ɔfaa sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ, na Mose hyee no afɔrebukyia no so.

17 Na nantwinini no ara ne ne nwoma ne ne nam ne n’agyanan no, ɔde ogya hyee, nsraban no akyi, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

18 Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.

19 Na ɔkum no, na Mose hwiee mogya no petee afɔrebukyia no so hyiae,

20 na ɔtwitwaa odwennini no mu asinasini, na Mose too tire no ne asinasini no ne sradeɛ no mu gya.

21 Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

22 Na ɔde odwennini a ɔtɔ so mmienu no, atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi.

23 Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.

24 Na ɔde Aaron mma no bae, na Mose de mogya no bi kekaa wɔn aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie ano; na Mose hwiee mogya no petee afɔrebukyia no so hyiae.

25 Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no,

26 na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so,

27 na ɔde ne nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mma no nsa, na ɔhim yɛɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim.

28 Na Mose gyee wɔn nsam, na ɔtoo mu gya wɔ afɔrebukyia no so wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no so de yɛɛ atuhoakyɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam: Ɛyɛ ogya afɔdeɛ ma AWURADE.

29 Na Mose faa atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no yan no, na ɔhim yɛɛ ohim afɔdeɛ AWURADE anim; ɛyɛɛ Mose dea, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Na Mose faa sra ngo no bi ne afɔrebukyia no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no.

31 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na monni no hɔ ara, ɛne atuhoakyɛ afɔdeɛ kɛntɛn no mu paanoo no, sɛdeɛ mehyɛɛ sɛ: Aaron ne ne mma nnie no.

32 Na nam ne paanoo no mu deɛ ɛbɛka no, momfa ogya nhye.

33 Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nnanson nkɔsi da a mo atuhoakyɛ nna no bɛwie duro, ɛfiri sɛ nnanson na wɔde rehyɛ mo asɔfoɔ.

34 Sɛdeɛ wɔreyɛ no nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo.

35 Na montena ahyiaeɛ ntomadan no ano awia ne anadwo nnanson, na monwɛn sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu, na saa na wɔahyɛ me.

36 Na Aaron ne ne mma no dii nsɛm a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no nyinaa so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six − six =