Yesaia 66

Nyaatwomfoɔ asotwe

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɔsoro yɛ m’adwa,

na asase yɛ me nan ntiasoɔ;

ɛdan bɛn na mobɛsi ama me,

na ɛhe na me homebea wɔ?

2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ,

saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea,

AWURADE asɛm nie.

Na deɛ mɛhwɛ no nie:

Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo,

na ne ho popo m’asɛm ano.

3 Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa;

deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu;

deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba;

deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni.

Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan,

na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;

4 me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn,

na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so,

ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so,

mekasae, na wɔantie,

na wɔyɛɛ m’ani so bɔne,

na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ.

Awieeɛ berɛ no mu nkwagyeɛ

5 Montie AWURADE asɛm,

mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ:

Mo nuanom a wɔtane mo

a me din nti wɔtu mo no

ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam

na yɛnhunu mo anigyeɛ;

nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.

6 Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu!

Ɛnne bi firi asɔrefie!

AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka

no nne!

7 Ɔnnya nkyemeeɛ no,

na wawo;

awoɔyea nnya nkaa no no,

na wawo ɔbabarima.

8 Hwan na wate yei bi pɛn?

Hwan na wahunu yei bi da?

Wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko?

Ɛfiri sɛ awoɔ kaa Sion ara pɛ

na ɔwoo ne mma.

9 Me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo?

AWURADE na ɔseɛ.

Anaa, me a mema wɔwoɔ no, mɛsi ano anaa?

Wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

10 Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie,

mo a modɔ no nyinaa;

mo ne ne ho nsɛpɛ mo,

mo a modi ne ho abooboo nyinaa;

11 na moanum

n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee,

na moafe n’animuonyam mmorosoɔ

ama mo bo atɔ mo yam.

12 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, merekoa ayiedie mama no, sɛ asubɔnten,

ne amanaman ahonyadeɛ nso, sɛ asutene a ayire,

na moanom. Nkyɛnmu na wɔbɛturu mo,

na wɔagyegye mo anankoroma so.

13 Sɛ obi na kyekyere ne werɛ no,

saa ara na me nso mɛkyekyere mo werɛ,

na mo werɛ akyekyere wɔ Yerusalem.

14 Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no,

na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm;

na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so,

ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.

Awaefoɔ atemmuo ne wɔn a wɔahweteɛ no saneba

15 Na hwɛ, AWURADE de ogya

ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba,

de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka,

na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.

16 Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn,

na ɔde afena ne honam nyinaa adi,

na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso.

17 Wɔn a wɔte wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wɔdi ɔbaakofoɔ a ɔdi mfimfini akyire, na wɔdi prakonam ne akyiwadeɛ ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm nie.

18 Na menim wɔn nneyɛɛ ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboa amanaman ne kasa ahodoɔ nyinaa ano, na wɔaba abɛhunu m’animuonyam.

19 Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu.

20 Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no.

21 Na mɛyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

22 Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

a mɛyɛ no

bɛgyina m’anim no, AWURADE asɛm nie,

saa ara na mo asefoɔ ne mo din bɛgyina.

23 Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara

ne homeda biara

honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim,

AWURADE na ɔseɛ.

24 Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.

Nnwom mu dwom 1

Nnamfonom dɔ

1 Nnwom mu dwom a ɛyɛ Salomo deɛ.

2 Ma no mfa n’ano mfeano mfe m’ano,

na wo dɔ yɛ sene bobesa.

3 Wo sradehwam yi hwa pa,

ngohwam a wɔahwie ne wo din,

ɛno nti na mmabaa dɔ woɔ no.

4 Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ.

Ɔhene de me aba ne mpia mu.

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho,

yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.

Tenenee so na wɔdɔ woɔ.

5 O Yerusalem mmammaa,

mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,

sɛ Kedar ntomadan,

sɛ Salomo ntwamutam.

6 Monnhwɛ me haa ɛsiane sɛ mebirie nti,

ɛsiane sɛ owia akusa me nti;

Me na mmammarima bo fuu me,

wɔmaa me yɛɛ bobeturo no hwɛfoɔ,

nanso m’ankasa me bobeturo no deɛ, manhwɛ.

7 Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ woɔ,

ɛhe na wo nnwan kɔ adidie,

ɛhe na woma wɔbutubutu awiaberɛ?

Na adɛn nti na menyɛ sɛ deɛ ɔkyini

wo mfɛfoɔ nnwankuo soɔ?

8 Sɛ wo deɛ, wonnim a,

O, ɔbaa a w’ahoɔfɛ da nso wɔ mmaa mu,

firi adi fa nnwan no anammɔn so,

na kɔyɛne wo mmirekyie mma,

nnwanhwɛfoɔ tenabea hɔnom.

9 Me pɔnkɔbere mfrafraeɛ a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no ho

na mede wo metoɔ, me dɔfoɔ.

10 W’afono yɛ fɛ, kona no mu,

wo kɔn nso yɛ fɛ, kompuo no mu.

11 Sika nnwinneɛ kona na yɛbɛyɛ ama woɔ

ne dwetɛ mprɛngo a ɛsisi soɔ.

12 Ɔhene wɔ n’adidipono ho no,

na me sradehwam reyi ne hwa.

13 Me dɔfoɔ yɛ me kurobo mua

a ɛda me nufoɔ ntam.

14 Me dɔfoɔ yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren sia,

wɔ En-gedi bobeturo mu.

15 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ,

hwɛ, wo ho yɛ fɛ,

w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa.

16 Hwɛ, wo deɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, aane, wosɔ ani,

yɛn nnaeɛ nso yɛ frɔmfrɔm.

17 Yɛn adan nsamsoɔ yɛ tweneduro,

yɛn ntaaboɔ yɛ pepeaa.

Nnwom mu dwom 2

Ɔdɔfoɔ ho anigyina

1 Me deɛ, meyɛ Saron nhwiren,

ne mmonhwa mu sukooko.

2 Me dɔfoɔ wɔ mmammaa mu

sɛ nkasɛɛ ntam sukooko.

3 Me dɔfoɔ wɔ mmabanin ntam sɛ aprɛ

a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam,

ne nwunu mu na merepɛ matena,

na n’aba yɛ me dodom dɛ.

4 Ɔde me aba apontoɔ dan mu,

na ne frankaa a ɛsi me soɔ ne ɔdɔ.

5 Momfa bobe aba taterɛ nwowa me,

momfa aprɛ aba nnwodwo me,

ɛfiri sɛ meyare ɔdɔ.

6 O, sɛ ne nsa benkum hyɛ me tiri ase,

na anka ne nsa nifa yɛ me atuu.

7 Meka no ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

8 Me dɔfoɔ nne nie!

Hwɛ, ɔreba!

Ɔhuri tratra mmepɔ,

ɔte nkokoɔ so pentenkwa.

9 Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa.

Hwɛ sɛ ɔgyina yɛn fasuo akyire,

ɔhwɛ mpomma mu no mu haa,

ɔhwɛ ntokuro a ɛdeda nnadeɛ a ɛsisi mpomma no mu.

10 Me dɔfoɔ kasa se me sɛ:

Sɔre ɛ, me dɔfoɔ, me yima,

na bra ɛ!

11 Na hwɛ, awɔberɛ atwam,

asusɔ agyae na ɛkɔ koraa.

12 Nhwiren yi ne ho adi asase so,

dwontoɔ berɛ adu,

na wɔte anyankuku

nka yɛn asase so.

13 Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye,

na obobe nnuabaforɔ

reyi ne hwa.

Sɔre, me dɔfoɔ, me yima,

na bra ɛ!

14 M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu

ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ,

ma menhunu w’anim,

ma mente wo nne,

na wo nne yɛ dɛ,

na w’anim yɛ fɛ.

15 Monkyere nsakraman mma yɛn,

nsakraman nketewa

a wɔsɛe bobe nturo no,

na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ.

16 Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.

17 Dane wo ho, me dɔfoɔ,

na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa,

mpaepaemu mmepɔ so,

kɔsi sɛ enwunu bɛdwoɔ na sunsum ayerayera.

Nnwom mu dwom 3

Ɔdɔfoɔ no nokorɛdie

1 Me mpa so, ɔdasuo mu

na mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no,

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

Mefrɛɛ no, nanso wamma mmuaeɛ biara.

2 Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu,

mmɔntene so ne edwam.

Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no.

Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

3 Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me:

Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?

4 Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no,

ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no.

Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu

kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie

ne deɛ ɔwoo me no pia mu.

5 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

6 Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba

sɛ wisie a ɛsɔre tee,

kurobo ne ohwamfufuo

ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?

7 Hwɛ, Salomo apakan no!

Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia,

wɔfiri Israel nnɔmmarima mu.

8 Wɔn nyinaa kurakura mfena,

wɔakwadare akodie mu,

wɔn mfena bobɔ wɔn asene,

anadwo bumbɔ nti.

9 Ɔhene Salomo de Lebanon nnua

yɛɛ apakan fɛfɛɛfɛ fae.

10 Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ,

ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum,

emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.

11 O Sion mmammaa, momfiri adi

mmɛhwɛ Ɔhene Salomo,

abotire a ne na de bɔɔ no,

ne yere hyia da

ne n’akoma anigyeɛ da no.

Nnwom mu dwom 4

Ɔdɔfoɔ no ahoɔfɛ

1 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ,

hwɛ, wo ho yɛ fɛ,

na w’aniwa yɛ aborɔnoma ani,

w’anim nkatanim mu.

Wo nwi te sɛ mmirekyikuo

a wɔsiane wɔ Gilead bepɔ ho.

2 Wo se te sɛ nnwanten bereɛ

a wɔatwitwa wɔn nwi a wɔfiri adwareeɛ

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na deɛ wabu kyene nni wɔn mu.

3 W’anofafa te sɛ koogyan homa,

na w’anomu kasa yɛ dɛ.

W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa,

w’anim nkatanimu mu.

4 Wo kɔn si so teateawa

sɛ Dawid abantenten

a akyɛm nketenkete apem sensɛne ho,

ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm.

5 Wo nufo mmienu

te sɛ atweburuwa nta

a wɔdidi sukooko mu.

6 Mɛkɔ kurobo bepɔ

ne ohwamfufuo kokoɔ no so

akɔsi sɛ onwunu bɛdwoɔ,

na sunsum bɛyera.

7 Wo ho nyinaa yɛ fɛ, me dɔfoɔ,

na ɛdɛm biara nni wo ho.

8 M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon,

ɛne me mfiri Lebanon nkɔ,

na yɛmfiri Amana atifi,

Senir ne Hermon atifi,

agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.

9 Woafa m’akoma, me nuabaa, m’ayeforɔ,

wode w’aniwa a wode hwɛɛ me no afa m’akoma

ne wo kɔn mu ntweaban baako.

10 Sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ, me nuabaa, m’ayeforɔ,

sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ sene nsa,

na wo sradehwam hwa sene duhwam biara.

11 W’ano sosɔ ɛwomono, m’ayeforɔ,

ɛwoɔ ne nufosuo wɔ wo tɛkyerɛma ase,

na wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon hwa.

12 Me nuabaa, m’ayeforɔ yɛ turo a woato ano pono mu,

nsuo aniwa a wɔasi ano kwan, ne asubura a wɔasɔ ano.

13 Wo mman yɛ atoaa aba

ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo,

ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ,

14 nnuannua ne nkuto, bɛwewonua ne pɛprɛ

ne ohwamfufuo nnua nyinaa,

kurobo ne dupapo

ne nnuhwam atitire nyinaa;

15 nturo mu asubura, mmasuo aniwa

ne nsuwansuwa a ɛfiri Lebanon so sene.

16 Atifi fam mframa, sɔre,

na anafoɔ mframa nso,

bra bɛbɔ me turo mu,

ma ne nnuhwam nsosɔ.

Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu,

na ɔnni mu nnuaba a ɛwɔ boɔ no.

Nnwom mu dwom 5

Ayeforɔ no mpa

1 Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ,

meretete me kurobo ne m’aduhwam,

meredi me woɔkyɛm ne me woɔ,

merenom me nsa ne me nufosuo.

Nnamfonom, monnidi,

adɔfonom, monnom na mommee.

2 Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane.

Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ:

Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ,

m’aburuburo a wodi mu;

na obosuo ayɛ m’atifi ma,

anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.

3 Mayi m’atadeɛ,

mɛyɛ dɛn mahyɛ?

Mahohoro me nan ho,

mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?

4 Me dɔfoɔ de ne nsa kaa pono no,

na m’akoma dii ahurisie wɔ me mu.

5 Ɛnna mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ no,

kurobo sosɔɔ me nsa ho,

na kurobo a ɛnene sosɔɔ me nsateaa so,

apratwom nsɔmu so.

6 Mehinii me dɔfoɔ,

nanso na me dɔfoɔ adane ne ho asane kɔ.

Ɔrekasa no, m’akoma tui.

Mehwehwɛɛ no, na manhu no,

mefrɛɛ no, na wannye me so.

7 Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu no

bɛtoo me,

wɔbobɔɔ me, wɔpiraa me,

afasuo so awɛmfoɔ gyee me nkatanimu.

Ayeforɔkunu no ahoɔfɛ

8 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

sɛ mohunu me dɔfoɔ a,

monka nkyerɛ no

sɛ meyare ɔdɔ.

9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie,

O mmaa mu ɔhoɔfɛni?

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie,

sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?

10 Me dɔfoɔ hoa na ɔbere,

ɔda nso nnipa mpemdu mu.

11 Ne tiri yɛ sika amapa pa,

ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa,

ɛbiri sɛ anene.

12 N’aniwa te sɛ

asutene ho mmuruburo

a wɔdware nufosuo,

sisi ne mayɛ soɔ.

13 N’afono te sɛ aduhwam akofie

a nnuhwam yɛ so yie;

n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ

a ɛsosɔ kurobo a ɛnene.

14 Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ

a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu,

ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ

a wɔde hoaboɔ adura soɔ.

15 Ne nan yɛ abofufuo adum

a ɛsisi amapa nnyinasoɔ soɔ,

ne suban te sɛ Lebanon,

wɔayi no sɛ tweneduro nnua.

16 N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ,

na ne ho nyinaa yɛ anisɔdeɛ ara nko.

Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie,

O Yerusalem mmammaa.

Nnwom mu dwom 6

Nhyia mu anigyeɛ

1 O mmaa mu ɔhoɔfɛni,

ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ no adane ne ho afa,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

2 Me dɔfoɔ asiane kɔ ne turo mu,

aduhwam akofie ho,

sɛ ɔrekɔma ne nnwan aduane,

na watete sukooko nhwiren afɛfɛ no.

3 Me deɛ, mewɔ me dɔfoɔ, na me dɔfoɔ wɔ me,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko no mu.

4 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa,

woyɛ oyima sɛ Yerusalem,

wo ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔahyia frankaa aseɛ.

5 Yi w’ani firi me so,

na ɛha me,

wo nwi te sɛ mmirekyikuo

a wɔsiane firii Gilead bepɔ ho.

6 Wo se te sɛ nnwanten mmaatan

a wɔfiri adwareeɛ reforo ba

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na deɛ wabu kyenee nni wɔn mu.

7 W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa,

w’anim nkatanimu mu.

8 Ahemmaa yɛ aduosia, na mpenafoɔ yɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa a ɛnni ano.

9 M’aburuburo a ɔdi mu yɛ baako pɛ,

ne na bakorɔ ne no,

deɛ ɔwoo no ɔdɔba ne no;

mmammaa hu no, na wɔfrɛ no anigyeɛ,

ahemmaa ne mpenafoɔ nso, na wɔkamfo no.

10 Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ,

ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia,

na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?

11 Mesiane mekɔɔ adwe turo mu,

sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm,

sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa?

12 Na mennim sɛ me kra de me bɛsi

me man adehyeɛ nteaseɛnam mu.

13 Sane, sane bra, Sulamit,

sane, sane bra, na yɛnhwɛ wo.

Adɛn na mohwɛ Sulamitni no?

Ɔte sɛ Mahanaim asa no.

Nnwom mu dwom 7

Nkɔmmɔbɔ

1 Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ,

O ɔdehyeɛ babaa,

w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ

a odwumfoɔ nsa ayɛ.

2 Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa

a mfrasa mmɔ no da,

wo yafunu te sɛ ayukuo bi

a wɔde sukooko atwa ho ahyia.

3 Wo nufoɔ mmienu

te sɛ atweburuwa nta;

4 wo kɔn te sɛ asonse abantenten;

w’aniwa te sɛ Hesbon ntadeɛ

a ɛwɔ Bat-Rabim pono ho no;

wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛhwɛ Damasko fam no;

5 wo tiri si wo so sɛ Karmel,

wo mpɛsɛmpɛsɛ te sɛ ntoma a ɛberedum,

wɔakyere ɔhene ne mmɛsa mu

6 Sɛdeɛ wo ho si yɛ fɛ fa, na sɛdeɛ wosi sɔ ani fa,

O ɔdɔfoɔ, anigyedeɛ ahodoɔ no mu.

7 Wo nnyinasoɔ te sɛ bɛtene,

wo nufoɔ te sɛ obobe sia.

8 Mese, mɛforo bɛtene

na masɔ ne mpapa mu,

O ma wo nufoɔ nyɛ sɛ obobe sia,

na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ,

9 na wo mfeano te sɛ bobesa pa!

a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ,

a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ.

10 Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ,

na me na n’ani gyina me.

11 Bra, me dɔfoɔ,

na yɛnkɔ petee mu,

ma yɛnsoɛ nkuraa ase.

12 Ma yɛntua nhema nkɔ bobe nturo mu

nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

na ne nhwiren apaepae,

sɛ atoaa agu nhyerɛne anaa?

Ɛhɔ na mɛyi me dɔ mama woɔ.

13 Dudaim no yiyi ne hwam,

na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano,

aba foforɔ ne adada,

O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.

Nnwom mu dwom 8

Nnamfonom no daa nokorɛdie

1 O, sɛ anka woyɛ me nuabarima,

a ɔnom me na nufoɔ ɛ!

Sɛ merehu wo borɔno so a, anka mɛfe w’ano,

nso obiara remmu me animtia.

2 Anka mɛdi w’anim

de wo aba me na fie,

na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ,

na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu,

m’atoaa nsa no bi.

3 Ne benkum hyɛ me tiri ase,

na ne nifa yɛ me atuu.

4 Meka mo ntam, O Yerusalem mmammaa,

monnnyane ɔdɔ na monnhwanyane no,

gye sɛ ɔno ara pɛ ansa!

5 Hwan ne ɔbaa yi a ɔforo firi ɛserɛ so reba

a ɔtwere ne dɔfoɔ yi?

Menyanee wo aprɛ no ase,

ɛhɔ na wo na woo woɔ,

ɛhɔ na wo wofoɔ kyemeeɛ.

6 Fa me si w’akoma so sɛ nsɔanodeɛ,

fa me si wo basa so sɛ nsɔanodeɛ.

Na ɔdɔ yɛ den sɛ wuo,

ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asamando,

ne nsramma yɛ ogya nsramma,

ogyaframa a ano yɛ den pa ara.

7 Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ,

na nsubɔntene ntumi nsram so;

sɛ obi de ne fie adedodoɔ nyinaa ma

de tɔ ɔdɔ mpo a,

wɔremmu no hwee.

8 Yɛwɔ onuabaa kumaa bi

a ɔmmobɔɔ nufoɔ.

Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa no

da a wɔbɛbisa n’aseɛ no?

9 Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,

yɛbɛto ne so dwetɛ aban,

na sɛ ɔyɛ ɛpono a,

yɛde tweneduro ntaaboɔ bɛbram ne ho.

10 Me deɛ, meyɛ ɔfasuo,

na me nufoɔ te sɛ aban atentene,

ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ

deɛ ɔde asomdwoeɛ ba.

11 Salomo wɔ bobeturo bi Baal-hamon,

ɔde bobeturo no maa ahwɛfoɔ,

sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmema no dwetɛ apem apem.

12 Me bobeturo a ɛyɛ me deɛ no wɔ m’anim;

apem no nyɛ wo deɛ, O Salomo,

na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfoɔ deɛ.

13 O wo a wote nturo no mu no,

wo mfɛfoɔ retie wo nne;

ma mentie ɛ!

14 Fa ntɛm dwane, me dɔfoɔ,

na yɛ wo ho sɛ ɔtwe

anaa ɔforoteburuwa,

wɔ nnuhwam mmepɔ so.

Ɔsɛnkafoɔ 1

Wiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo

1 Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie.

2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ;

ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.

3 Mfasoɔ bɛn na onipa nya

ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?

4 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba,

na asase deɛ, ɛtim hɔ daa.

5 Owia pue, na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ.

6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam,

na ɛdane ba atifi fam;

ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so

na mframa no nam sane ba.

7 Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu,

nanso ɛpo nyɛ ma ara da.

Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no,

ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio.

8 Nsɛm nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara;

obiara ntumi nka;

adehwɛ mmee aniwa,

na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da.

9 Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ.

Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ;

na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia ase.

10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ:

Hwɛ, yei yɛ foforɔ?

Tete nteredee berɛ

a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ.

11 Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no,

na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso

rennya nkaeɛ biara,

deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn.

12 Me ɔsɛnkafoɔ, madi Israel so hene Yerusalem;

13 Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato nnipa mma soɔ sɛ wɔmmrɛ mu no.

14 Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene,

na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan.

16 Me ne m’akoma kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na m’akoma ahunu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso.

17 Na mede m’adwene hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu.

18 Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ,

na deɛ ɔtia nimdeɛ no tia awerɛhoɔ.