Asomafoɔ 17

Sakasakayɛ ba Tesalonika

1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ.

2 Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm.

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

4 Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafoɔ nyamesurofoɔ no mu pii ne mmaa mpanimfoɔ no mu fa kɛseɛ.

5 Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no.

6 Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso!

7 Na Yason agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaesare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.

8 Na nkurɔfoɔ no ne ɔman mpanimfoɔ no tee yei no, ɛhaa wɔn pa ara.

9 Na Yason ne wɔn a aka no dii agyinamu maa wɔn no, wɔgyaa wɔn ma wɔkɔe.

Paulo ne Silas kɔ Beroia

10 Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.

11 Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.

12 Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafoɔ mmaa a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛseɛ ara.

13 Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.

14 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ.

15 Na wɔn a wɔkɔgyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wɔsii mu kɔe.

Paulo ne Yudafoɔ ne Helafoɔ nkɔmmɔbɔ

16 Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara.

17 Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛ mu dendeenden, na edwa mu nso daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ.

18 Na Epikurofoɔ ne Stoafoɔ anyansapɛfoɔ bi nso ne no dii anobaebaeɛ. Ebinom kaa sɛ: Ɔpɔtɔni yi se deɛn nie? Na ebinom se: Wayɛ sɛdeɛ ɔka abosom ahɔhoɔ bi ho asɛm. (Na ɔreka wɔn Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.)

19 Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase?

20 Ɛfiri sɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn aso mu asɛm foforɔ. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ ɛkyerɛ.

21 Nso Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforɔ bie.

22 Na Paulo gyinaa Areopago mfimfini kaa sɛ: Atene mmarima, mahunu sɛ mowɔ gyidie wɔ nnoɔma pii mu dodo.

23 Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.

24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,

25 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa;

26 na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn

27 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.

28 Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ:

Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.

29 Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.

30 Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,

31 ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.

32 Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio.

33 Enti Paulo firii wɔn nkyɛn kɔeɛ.

34 Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wɔgye diiɛ; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopago kuo ho ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne ebinom a wɔka wɔn ho.

Asomafoɔ 18

Paulo wɔ Korinto

1 Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.

2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn,

3 na ɛnam sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma baako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; ɛfiri sɛ wɔyɛ ntomadanyɛfoɔ.

4 Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.

5 Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.

6 Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.

7 Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.

8 Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu.

9 Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano!

10 Ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu.

11 Na ɔtenaa hɔ afe ne abosome nsia kyerɛkyerɛɛ Nyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.

12 Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de ano korɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim

13 kaa sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Onyankopɔn.

14 Na Paulo yɛɛ sɛ ɔrebɛbue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Yudafoɔ, sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛntene anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ metie mo;

15 na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ! Na me deɛ, merenyɛ saa nsɛm yi temmufoɔ.

16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ.

17 Na Helafoɔ no nyinaa faa hyiadan mu panin Sostene hwee no asɛnniiɛ hɔ, nanso Galio ammu yeinom biara.

Paulo sane kɔ Antiokia

18 Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ.

19 Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.

20 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛre kakra no, wampene.

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.

22 Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.

23 Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.

Apolo wɔ Efeso ne Korinto

24 Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso.

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim.

26 Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.

27 Na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsene akɔ Akaia no, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔtwerɛɛ nwoma kɔsrɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnnye no. Na ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam adom so agye adie no pii.

28 Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.

Asomafoɔ 19

Paulo wɔ Efeso

1 Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,

2 ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

3 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛeɛ? Na wɔse: Yohane asubɔ mu.

4 Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni.

5 Na wɔteeɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.

6 Na Paulo de ne nsa guu wɔn soɔ no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔkaa kasa ahodoɔ pii, na wɔhyɛɛ nkɔm.

7 Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dummienu.

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.

9 Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

10 Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.

Skewa mma baason ho asɛm

11 Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ a wɔnka,

12 na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu.

13 Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

14 Yudani sɔfo panin Skewa mma baason bi na wɔyɛɛ saa.

15 Na honhommɔne no buaa sɛ: Menim Yesu, na menim Paulo, na mone hwannom?

16 Na onipa a honhommɔne no wɔ ne mu no to hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagya ne pira dwane firii efie no mu.

17 Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.

18 Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm.

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum.

20 Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.

21 Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.

Demetrio sakasakayɛ

23 Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa.

24 Ɛne sɛ, dwetɛdwumfoɔ bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛsoɔ ma adwumfoɔ nya mfasoɔ kɛseɛ

25 boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bie no ano kaa sɛ: Awuranom, monim sɛ adwinnie yi mu na yɛnya yɛn ho.

26 Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

27 Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.

28 Na wɔteeɛ no, wɔn bo fui pa ara, na wɔteateaa mu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

29 Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.

30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔhyɛne nkurɔfokuo no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan.

31 Na Asia mpanimfoɔ bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛeɛ hɔ.

32 Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ.

33 Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.

34 Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

35 Na ɔtwerɛfoɔ no pataa nkurɔfokuo no sɛ: Efesofoɔ, onipa bɛn mpo na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yɛ Artemi kɛseɛ asɔrefie ne ohoni a ɛfiri Seus bɛduruiɛ so hwɛfoɔ?

36 Na obiara nnye yei ho akyinnyeɛ nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuo nnyɛ biribiara.

37 Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefie ho fi, na wɔnkaa yɛn bosombaa ho abususɛm.

38 Enti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne amradofoɔ wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro.

39 Na sɛ morehwehwɛ nsɛm foforɔ ho biribi a, wɔbɛdi no badwa a wɔhyia mu daa sɛdeɛ mmara no teɛ.

40 Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ.

41 Na ɔkaa saa no, ɔmaa edwa no tui.

Asomafoɔ 20

Paulo wɔ Makedonia ne Hela

1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.

2 Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.

3 Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia.

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.

5 Yeinom dii kan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.

6 Na yɛn nso, Apiti nna twaa mu no, yɛfirii Filipi faa nsuo ani, na yɛde nnanum bɛduruu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yɛdii nnanson.

Paulo ne Troas asɔremma di nkra

7 Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.

8 Na nkanea bebree wɔ abansoro faako a yɛahyia mu hɔ.

9 Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.

10 Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu.

11 Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

12 Na wɔde abɔfra no baa wɔ anikan so, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekyerɛ kɛseɛ.

Paulo firi Troas kɔ Mileto

13 Na yɛdii kan kɔɔ suhyɛn mu faa nsuo ani kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛdeɛ ɔhyehyɛeɛ ne no, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.

14 Na ɔne yɛn hyiaa Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.

15 Na yɛtu firii hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛbɛduruu Kio ntentensoɔ; na adeɛ kyee bio no, yɛbɛduruu Samo; na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Mileto.

16 Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.

Paulo ne Efeso mpanimfoɔ di nkra

17 Na ɔfiri Mileto soma kɔɔ Efeso kɔhyiaa asafo no mu mpanimfoɔ.

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,

19 na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade.

20 Na mansi deɛ ɛyɛ mfasoɔ mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo edwam ne afie mu,

21 na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.

22 Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,

23 gye sɛ Honhom Kronkron di me adanseɛ nkuro nyinaa mu ka sɛ ɛkyerɛ ne amaneɛ retwɛn me.

24 Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.

25 Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.

26 Enti nnɛ medi mo adanseɛ sɛ, me ho afiri mo nyinaa mogya ho;

27 ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.

28 Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.

29 Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.

30 Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire.

31 Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.

32 Na afei deɛ, mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa ne n’adom asɛm mu; ɔno na ɔbɛtumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapadeɛ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu.

33 M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ.

34 Mo ara monim sɛ, deɛ ɛhiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, me nsa yi ano adwuma na mede menyaeɛ.

35 Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ:Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.

36 Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ.

37 Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.

38 Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.

Asomafoɔ 21

Paulo si mu kɔ Yerusalem

1 Na ɛbaa sɛ yɛne wɔn dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee baa Ko, na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Rode, na yɛfirii hɔ baa Patara.

2 Na yɛhunuu suhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike no, yɛkɔɔ mu, na yɛtui.

3 Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo.

4 Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

5 Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.

6 Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ suhyɛn no mu, na wɔsane kɔɔ fie.

7 Na yɛfiri Tiro faa nsuo ani bɛduruu Ptolemai; na yɛkɔkyeaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro.

8 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛfiri hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ Ɔsɛmpakani Filipo a ɔka baason no ho fie kɔtenaa ne nkyɛn.

9 Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm.

10 Na yɛdii hɔ nna kakra no, odiyifoɔ bi a ne din de Agabo firi Yudea bae;

11 na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.

12 Na yɛtee yeinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

13 Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.

14 Na ɔmpene so mma yɛn no, yɛgyaee kaa sɛ: Deɛ Awurade pɛ nyɛ hɔ.

15 Na nna no akyiri no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem.

16 Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.

Paulo kɔsra Yakobo wɔ Yerusalem

17 Na yɛduruu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛ so.

18 Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo nkyɛn, na mpanimfoɔ no nyinaa baa hɔ bi.

19 Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn.

20 Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.

21 Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wɔnnya Mose, na woka sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia, na wɔnnni amanneɛ no so.

22 Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba.

23 Enti yɛ deɛ yɛreka akyerɛ woɔ yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nseɛ.

24 Fa wɔn, na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wɔnyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhunu sɛ, wo ho nsɛm a wɔteeɛ no biara nnim, na mmom wo ara nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so.

25 Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho.

26 Ɛnna Paulo faa mmarima no, na adeɛ kyeeɛ a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie sɛ ɔrekɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wɔbɛwie no, na wɔabɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn nyinaa mmaako mmaako.

Nkurɔfokuo kye no

27 Na nnanson no reyɛ aduru no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie no, wɔhwanyanee nnipa a ahyia hɔ no nyinaa maa wɔsɔɔ no mu teaa mu sɛ:

28 Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi.

29 Nso wɔhunuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kuro mu hɔ kane, enti wɔdwenee sɛ gyama Paulo de no akɔ asɔrefie hɔ.

30 Na kuro no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfoɔ no de mmirika bɛboaa ano; na wɔsɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apono no mu.

31 Na wɔrehwehwɛ aku no no, asɛm no kɔduruu asraafoɔ apem so safohene no aso mu sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka.

32 Na ntɛm ara ɔfaa asraafoɔ ne ɔha so mpanimfoɔ, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wɔhunuu ɔsafohene ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ.

33 Ɛnna ɔsafohene no kɔ kɔsɔɔ ne mu, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no, na ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ.

34 Na nkurɔfokuo no mu binom teaa mu sɛɛ, na ebinom nso teaa mu sɛɛ. Na sakasaka no nti ɔntumi nhunu mu nokorɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu.

35 Na ɔduruu ntwedeɛ no soɔ no, ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kitikiti nti, asraafoɔ no soaa no.

36 Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi teaa mu sɛ: Yi no hɔ!

Paulo yi ne ho ano

37 Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ: Mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ woɔ? Na ɔse: Wonim Hela kasa anaa?

38 Ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifoɔ mpemnan kɔɔ serɛ soɔ no?

39 Na Paulo kaa sɛ: Meyɛ Yudani a mefiri Tarso, Kilikia kuro a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no.

40 Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:

Asomafoɔ 22

1 Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!

2 Na wɔtee sɛ ɔrekasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔse:

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

4 Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owuo mu. Mekyekyeree mmarima ne mmaa, na meyii wɔn maa wɔde wɔn kɔguu afiase,

5 sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.

6 Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae.

7 Na mehwee fam, na metee nne bi a ɛsee me sɛ:Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?

8 Na mebuaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no.

9 Na wɔn a wɔne me nam no hunuu hann no deɛ, nanso wɔante deɛ na ɔne me rekasa no nne.

10 Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ:Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.

11 Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.

12 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa

13 baa me nkyɛn bɛgyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hunu adeɛ! Na ɛdɔn no ara mu no memaa m’ani soɔ mehunuu no.

14 Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne.

15 Na wobɛyɛ ne danseni, na woadi deɛ woahunu, na woateɛ ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.

16 Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!

17 Na ɛbaa sɛ mesane baa Yerusalem na merebɔ mpaeɛ asɔrefie no, m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu,

18 na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ:Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no.

19 Na mekaa sɛ: Awurade, wɔn ara wɔnim sɛ wɔn a wɔgye wo die no, mede wɔn meguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu.

20 Na wɔrehwie wo danseni Stefano mogya aguo no, na me nso megyina hɔ, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntadeɛ so.

21 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:Kɔ, na mɛsoma wo mafiri ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.

Wɔkyere no

22 Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase!

23 Na wɔreteatea mu na wɔreto wɔn ntoma guo tu mfuturo gu ahunum no,

24 ɔsafohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu, na ɔkaa sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na ɔnhunu adekodeɛ a enti wɔbom gu ne soɔ yi.

25 Na wɔde nhoma kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panin a ɔgyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wɔmmuu no fɔ mpire anaa?

26 Na ɔha so panin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdeɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani.

27 Na ɔsafohene no ba bɛbisaa no sɛ: Woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na Paulo se: Aane.

28 Na ɔsafohene no buaa sɛ: Me deɛ, ɔmanbayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔeɛ. Na Paulo se: Me deɛ, wɔde woo me.

29 Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebɛbisa no no firii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, ɔsuroo sɛ wakyekyere no.

Paulo gyina asɛnniiɛ

30 Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.

Asomafoɔ 23

1 Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.

2 Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so.

3 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ na Onyankopɔn bɛbɔ woɔ, wo ɔfasuo a wɔahoa ho; na wote hɔ rebu me atɛn sɛdeɛ mmara no teɛ, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me?

4 Na wɔn a wɔgyina hɔ no kaa sɛ: Nyankopɔn sɔfo panin na woya no yi?

5 Ɛnna Paulo kaa sɛ: Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Nka wo man panin ho asɛm bɔne!

6 Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.

7 Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipakuo no mu paee.

8 Ɛfiri sɛ Sadukifoɔ ka sɛ awufoɔ sɔreɛ, anaa ɔbɔfoɔ, anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ deɛ, wɔgye ne nyinaa di.

9 Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ?

10 Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroo sɛ ebia wɔbɛtete Paulo mu nti, ɔhyɛɛ asraafoɔ no sɛ wɔnsiane mmɛhwim no mfiri wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.

11 Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ:Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.

Wɔpam Paulo tiri so

12 Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.

13 Na wɔn a wɔbɔɔ mu pamm ne tiri soɔ yi bɛboro aduanan.

14 Na wɔbaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa.

15 Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.

16 Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛ no, ɔkɔ kɔhyɛnee aban no mu kɔyii Paulo asotire.

17 Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.

18 Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.

19 Na ɔsafohene no sɔɔ ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me?

20 Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie.

21 Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.

22 Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotire!

Wɔde Paulo kɔma Felike wɔ Kaesarea

23 Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.

24 Na wɔnsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so, mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike.

25 Na ɔtwerɛɛ nwoma a emu asɛm se:

26 Klaudio Lisia de yei kyea amrado pa Felike.

27 Ɔbarima yi a Yudafoɔ kɔfaa no sɛ anka wɔbɛkum no na me ne dɔm kɔ kɔhwimm no no, mate sɛ ɔyɛ Romani.

28 Na mepɛɛ sɛ anka mehunu adekodeɛ a wɔde reto ne soɔ no, mede no mekɔɔ wɔn dwa mu;

29 na mehunuu sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkuro, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owuo anaa ɔkyerɛ anto no so.

30 Nanso wɔayi me asotire sɛ, nnipa bi retɛ ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfoɔ no nso sɛ wɔmmɛka deɛ wɔwɔ wɔ ne ho no wɔ w’anim.

31 Ɛnna asraafoɔ no faa Paulo, sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no.

32 Na adeɛ kyeeɛ no, wɔmaa apɔnkɔfoɔ no ne no kɔe, na wɔsane baa aban no mu bio.

33 Na wɔn deɛ, wɔduruu Kaesarea na wɔyii nwoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kɔgyinaa n’anim.

34 Na amrado no kenkan nwoma no wieeɛ, na ɔbisaa ɔman ko a ɔfiri mu, na ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no,

35 ɔkaa sɛ: Wo nkurobɔfoɔ no ba a, na mɛtie woɔ. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.

Asomafoɔ 24

Tertulo bɔ ɔsomafoɔ no ho nkuro

1 Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no.

2 Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,

3 Felike, onimuonyamfoɔ, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa.

4 Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo berɛ pii nti, mesrɛ wo, fa wo ara w’ayamyie no tie yɛn kakraa bi.

5 Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.

6 Na ɔsɔ hwɛɛ sɛ ɔde efi bɛka asɔrefie nso na yɛkɔkyeree no.

7 [Na anka yɛpɛɛ sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no atɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de aniɛden bɛgyee no yɛn nsam de no kɔe, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkuro no sɛ wɔmmra wo nkyɛn;]

8 enti wo ara wobisa no a, wobɛhunu deɛ enti a yɛne no rebɔ nkuro yi nyinaa.

9 Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa.

Paulo yi ne ho ano wɔ Felike anim

10 Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano.

11 Wobɛtumi ahunu sɛ ɛmmoroo dadu nnammienu na mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre.

12 Na wɔanhu me asɔrefie anaa hyia adan mu anaa kuro mu hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ merehwanyan nkurɔfoɔ no mu,

13 nanso wɔrentumi nkyerɛ me nnoɔma a enti wɔretoto m’ano yi ase.

14 Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.

15 Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.

16 Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.

17 Na mfirinhyia bebree akyiri no, mebaa sɛ mede ayɛyɛdeɛ merebrɛ me man na mabɛbɔ afɔdeɛ;

18 ɛno mu na wɔhunuu me sɛ meredwira me ho asɔrefie hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuo, anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye biara.

19 Na ɛyɛ Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro.

20 Anaasɛ ma wɔnka sɛ megyina badwafoɔ no anim no, wɔhunuu me ho adeɛ a ɛntene bi anaa,

21 gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi.

22 Na Felike nim Ɔkwan no ho asɛm no mu yie nti, ɔkaa sɛ montwentwɛn so kakra na sɛ: Ɔsafohene Lisia ba a, na mɛtie asɛm no mu yie.

23 Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribiara, na ne ho nnipa bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.

Felike tu asɛm no hyɛ mfeɛ mmienu

24 Na nna bi akyiri no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na wɔtiee Kristo Yesu mu gyidie no ho asɛm.

25 Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.

26 Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ.

27 Na mfirinhyia mmienu duruiɛ no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu; na Felike pɛɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.

Asomafoɔ 25

Paulo de n’asɛm kɔdane Kaesare

1 Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem.

2 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ no bɛbɔɔ Paulo ho kwaadu kyerɛɛ no,

3 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.

4 Na Festo buaa sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ara akɔ hɔ.

5 Na ɔkaa sɛ: Enti momma mo mu atitire ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro.

6 Na ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔsiane kɔɔ Kaesarea. Na adeɛ kyeeɛ a ɔkɔtenaa asɛnnie adwa soɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra.

7 Na ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho kanko, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wɔantumi ankyerɛ aseɛ.

8 Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara.

9 Na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔbisaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nnoɔma yi ho atɛn m’anim wɔ hɔ?

10 Na Paulo kaa sɛ: Kaesare asɛnnie adwa anim na megyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔbu me atɛn, na Yudafoɔ deɛ, menyɛɛ wɔn bɔne biara, sɛdeɛ wo nso wonim yie.

11 Na sɛ medi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owuo a, menhwehwɛ sɛ owuo no bɛpare me; na sɛ nnoɔma a wɔde rebɔ me kwaadu yi mu biara nyɛ nokorɛ a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Ɛnneɛ mede asɛm no medane Kaesare.

12 Ɛnna Festo ne abadwafoɔ no kasaeɛ no, ɔbuaa sɛ: Sɛ wode akɔdane Kaesare a, ɛnneɛ Kaesare anim na wobɛkorɔ.

Festo ka Paulo ho asɛm kyerɛ Herode Agripa

13 Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.

14 Na wɔkyɛree hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike agya no mpokyerɛ mu;

15 na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔɔ no kwaadu kyerɛɛ me, srɛɛ me sɛ memmu no atɛn.

16 Na mebuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfoɔ no ne deɛ wɔne no wɔ nkuro no hyia, na ɔnya kwan yi deɛ wɔde ato no soɔ no ano ansa.

17 Enti wɔbɛhyiaa ha no, mantwe asɛm no anto hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, mekɔtenaa asɛnnie adwa so, na mehyɛɛ sɛ wɔmfa onipa no mmra.

18 Na ne nkurobɔfoɔ no bɛgyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so,

19 na mmom wɔn ara nyamesom ho akyinnyeɛ bi na wɔne no gyeeɛ, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ, ɔte aseɛ.

20 Na ɛnam sɛ menhunu sɛdeɛ mɛhwehwɛ saa akyinnyegyeɛ yi mu nti, mebisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakɔbu no nsɛm yi ho atɛn anaa?

21 Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nhyɛ afiase ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Yei nti mehyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie kɔsi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim.

22 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ metie onipa no. Na ɔse: Ɔkyena wobɛtie no.

Paulo gyina Agripa anim

23 Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔ bae, na wɔne asafohene ne kuro mu hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ faako a wɔtie asɛm no, na Festo hyɛeɛ no, wɔde Paulo bae.

24 Na Festo kaa sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahunu deɛ Yudafoɔ nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no.

25 Mahunu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wuo, nanso ɔno ara de asɛm no akɔdane Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ.

26 Nanso menni ne ho asɛm titire bi a mɛtwerɛ makɔma me wura; enti na mede no maba mo anim, ne titire no, Ɔhene Agripa anim, na sɛ wɔnya hunu asɛm no mu a, manya biribi matwerɛ.

27 Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani bɛkorɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato ne soɔ.

Asomafoɔ 26

Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:

2 Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho,

3 ne titire no, wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyesɛm a ɛwɔ Yudafoɔ mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.

4 M’asetena a ɛfiri me mmɔfraase no deɛ, sɛdeɛ ɛfirii aseɛ na ɛteɛ me manfoɔ mu wɔ Yerusalem no, Yudafoɔ nyinaa nim.

5 Na wɔnim me firi mfitiaseɛ dada, nso sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi ɛho adanseɛ a, wɔnim me sɛ mefraa fekuo a wɔdi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu, mebɔɔ me bra sɛ Farisini.

6 Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti.

7 Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi.

8 Adɛn nti na mobu yei asɛm a wɔnnye nnie sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?

9 Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;

10 ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.

Paulo adwensakyera ho asɛm

12 Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ama me tumi ne ɛho kwan.

13 Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.

14 Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ:Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie.

15 Na mese: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na Awurade kaa sɛ:Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.

16 Na sɔre gyina wo nan so; na yei nti na meyii me ho mekyerɛɛ woɔ, sɛ mɛyi wo mayɛ wo nnoɔma a woahu me wɔ mu ne deɛ merebɛyi me ho makyerɛ wo wɔ mu no ho somfoɔ ne danseni.

17 Na mɛgye wo mafiri ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam.

18 Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.

19 Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,

20 na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.

21 Yei nti na Yudafoɔ bɛkyeree me asɔrefie hwehwɛɛ sɛ wɔku me.

22 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:

23 Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no.

Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni

24 Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.

25 Na ɔse: Memmɔɔ dam, Onimuonyamfoɔ Festo, na meka nokorɛ ne anidahɔ nsɛm.

26 Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.

27 Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ di anaa? Menim sɛ wogye di.

28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode ɛberɛ kakraa bi ma me dane bɛyɛ Okristoni anaa?

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

30 Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔreeɛ,

31 na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribi a ɛsɛ wuo anaa ɛkyerɛ.

32 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdane Kaesare a, anka wɔbɛtumi agyaa no.