Asomafoɔ 7

Wɔde Stefano gyina badwa no anim

1 Na ɔsɔfo panin no bisaa sɛ: Nsɛm yi te saa anaa?

2 Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,

3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Firi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ woɔ no so!

4 Ɛnna ɔfirii Kaldeafoɔ asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wuo akyiri no, ɔmaa no firii hɔ bɛtenaa asase yi a mote soɔ nnɛ yi so.

5 Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.

6 Na deɛ Onyankopɔn kaeɛ ne sɛ: N’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ ananafoɔ asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirinhyia ahanan.

7 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kaa no wɔn ho sɛ: Mɛbu wɔn atɛn, na ɛno akyiri no, wɔafiri hɔ abɛsom me wɔ ha.

8 Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no.

9 Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

10 Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.

11 Na ɛkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛseɛ nso, na yɛn agyanom nnya aduane.

12 Na Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kane.

13 Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ.

14 Na Yosef soma maa wɔkɔhyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wɔyɛ nnipa aduɔson nnum no bae.

15 Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui,

16 na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɛda a Abraham de sika tɔ firii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.

17 Na ɛbɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no berɛ reduru no, ɔman no dɔree, na wɔyɛɛ bebree wɔ Misraim

18 kɔsii sɛ ɔhene foforɔ bi a ɔnnim Yosef sɔreeɛ.

19 Ɔno na ɔde aniteɛ hyɛɛ yɛn nkurɔfoɔ soɔ, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔmaa wɔtotoo wɔn mma nkɔkoaa gui, na ama wɔannya nkwa.

20 Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie.

21 Na wɔtoo no tweneeɛ no, Farao babaa kɔfaa no, na ɔtetee no de no yɛɛ ne ba.

22 Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu.

23 Na ɔdii mfirinhyia aduanan no, ɛbaa n’akomam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no.

24 Na ɔhunuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ɔgyee ne ti, na ɔtɔɔ deɛ wɔrehyɛ no soɔ no were kumm Misraimni no.

25 Na ɔsusuu sɛ anuanom no bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebɛgye wɔn; nanso wɔanhunu.

26 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kaa sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moreyɛ mo ho bɔne?

27 Na deɛ ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no summ no kaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so panin ne temmufoɔ?

28 Wopɛ sɛ wokum me, sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?

29 Na asɛm yi nti Mose dwaneeɛ, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔhoɔ Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.

30 Na mfirinhyia aduanan duruiɛ no, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ no wɔ serɛ so, Sinai bepɔ ho, wɔ wura bi gyaframa mu.

31 Na Mose hunuiɛ no, anisoadeɛ no yɛɛ no nwanwa; na ɔtwe bɛnee sɛ ɔrekɔhwɛ no, Awurade nne baa sɛ:

32 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoeɛ, na wansi ne bo ankɔhwɛ.

33 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi wo nan mu mpaboa; na deɛ wogyina yi yɛ asase kronkron.

34 Hunu na mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisie, na masiane sɛ merebɛgye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!

35 Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hwan na ɔde wo sii ɔpanin ne ɔtemmufoɔ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa soɔ somaa no sɛ ɔpanin ne ɔgyefoɔ.

36 Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.

37 Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.

38 Oyi ne deɛ na ɔne ɔbɔfoɔ no wɔ asafo no mu ɛserɛ so hɔ a ɔbɔfoɔ no ne no ne yɛn agyanom kasaa Sinai bepɔ soɔ, na ɔgyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no.

39 Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wɔtie no, na wɔsumm no twenee, na wɔdanee wɔn akoma kɔɔ Misraim,

40 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn firi Misraim baeɛ yi deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.

41 Ɛnna wɔyɛɛ nantwie ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.

42 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ:

Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane

bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa?

43 Mmom mofaa Molok ntomadan

ne onyame Refan nsoromma,

ahoni a moyɛeɛ sɛ mobɛsom wɔn;

na mɛsoa mo akɔ Babel akyiri nohoa.

44 Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ ɛserɛ so, sɛdeɛ deɛ ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛdeɛ adeɛ a ɔhunuiɛ no teɛ no.

45 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.

46 Ɔno na ɔnyaa Nyankopɔn anim adom, na ɔsrɛɛ sɛ wɔmma no nsi efie mma Yakob Nyankopɔn.

47 Nanso Salomo na ɔsii efie no maa no.

48 Mmom deɛ ɔwɔ sorosoro no nte deɛ wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ:

49 Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa,

na asase yɛ me nan ntiasoɔ;

ɔdan bɛn na mobɛsi ama me?

Anaasɛ ɛhe ne me homebea?

50 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa?

51 Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.

52 Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,

53 mo a monyaa mmara no sɛdeɛ abɔfoɔ hyɛeɛ no, nanso moanni soɔ.

Wɔsi Stefano aboɔ

54 Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.

55 Nanso ɔno deɛ, na Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhwɛɛ soro dinn hunuu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ɔgyina Nyankopɔn nifa,

56 na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Nyankopɔn nifa.

57 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu, na wɔsisii wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔto hyɛɛ ne so,

58 na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase.

59 Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!

60 Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.

Asomafoɔ 8

Wɔtaa gyidifoɔ

1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.

2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.

3 Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.

Filipo asɛnka wɔ Samaria

4 Ɛnna wɔn a wɔhweteeɛ no kyinkyini kɔkaa asɛmpa no.

5 Na Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.

6 Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ, na wɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Filipo yɛeɛ no, wɔde akoma korɔ yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkaeɛ no.

7 Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛseɛ teaa mu firii adi, na mmubuafoɔ ne mpakye pii ho sanee wɔn.

8 Na anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn.

10 Ɔno na wɔn nyinaa, ɛfiri nketewa soɔ kɔsi akɛseɛ soɔ tie no ka sɛ: Oyi ne Nyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛseɛ no.

11 Wɔtiee no, ɛfiri sɛ na ɔde nkonyaayie no ama wɔn ho adwiri wɔn akyɛ.

12 Na wɔgyee Filipo a ɔka Nyankopɔn ahennie ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, mmarima ne mmaa no maa wɔbɔɔ wɔn asu.

13 Na Simon no ara nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ ne ahoɔdenneɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no, ne ho dwirii no.

Petro ne Yohane kɔ Samaria

14 Na asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.

15 Na wɔbaeɛ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛ wɔnnya Honhom Kronkron;

16 ɛfiri sɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu.

17 Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ, na wɔnyaa Honhom Kronkron.

18 Na Simon hunuu sɛ ɛnam asomafoɔ no nsa a wɔde gu obi soɔ no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kaa sɛ:

19 Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa bɛgu ne soɔ no, wanya Honhom Kronkron.

20 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne wo sika nyinaa nyera, ɛfiri sɛ woasusu sɛ wɔde sika na ɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ.

21 Wonni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyadeɛ, ɛfiri sɛ w’akoma ntene Nyankopɔn anim.

22 Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo.

23 Ɛfiri sɛ mahunu sɛ wowɔ bɔnwoma nwononwono mu, na amumuyɛ homa akyekyere wo.

24 Na Simon buaa sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na deɛ moaka yi mu biara amma me so.

25 Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.

Filipo ne Etiopiani no

26 Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.

27 Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre,

28 na ɔresane akorɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma.

29 Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho!

30 Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?

31 Na ɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.

32 Nso atwerɛ no mu asɛm a ɔrekenkan no nie:

Wɔde no kɔɔ sɛ odwanten a wɔrekɔku no,

na sɛ adwammaa tɔ ne yifoɔ anim mum no,

sɛ nso wammue n’ano ne no.

33 N’ahobrɛaseɛ mu wɔbuu no ntɛnkyea.

N’abusua nso hwan na ɔbɛtumi akyerɛ?

Ɛfiri sɛ wɔyii ne nkwa firii asase so.

34 Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hwan ho asɛm na odiyifoɔ no reka yi? Ɔno ara anaa obi ho asɛm?

35 Na Filipo buee n’ano, na ɔgyinaa twerɛsɛm no ara so kaa Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.

36 Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?

37 [Na Filipo se: Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan saa. Na ɔbuaa sɛ: Megye medi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba.]

38 Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu siane kɔɔ nsuo no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.

39 Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan.

40 Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.

Asomafoɔ 9

Saulo adwensakyera

1 Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafoɔ soɔ no kɔɔ ɔsɔfo panin nkyɛn

2 kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.

3 Na ɔnam nam no, ɛbaa sɛ ɔbɛnee Damasko, na mpofirim, hann a ɛfiri soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae.

4 Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ:Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?

5 Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse:Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.

6 Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.

7 Na mmarima a wɔne no nam no atotɔre mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no deɛ, nanso wɔanhunu obiara.

8 Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko.

9 Na nnansa na ɔnhunu adeɛ, nso ɔnnidi na ɔnnom.

10 Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehunu mu sɛ: Anania! Na ɔse: Hwɛ, meni, Awurade!

11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ:Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,

12 na wahunu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehunu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato ne so sɛ ɔnhunu adeɛ.

13 Na Anania buaa sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa bebree anomu sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefoɔ wɔ Yerusalem,

14 na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa.

15 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ:Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.

16 Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.

17 Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.

18 Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon firii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ, na ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.

19 Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.

Saulo ka asɛm wɔ Damasko

20 Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.

21 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?

22 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.

23 Na nna bebree akyiri no, Yudafoɔ no pamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no.

24 Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛnee kuro no apono ano awia ne anadwo sɛ wɔbɛku no.

25 Na n’asuafoɔ no faa no anadwo, de no too kɛntɛnku mu, faa ɔfasuo so, twetwee no sii fam.

Saulo kɔ Yerusalem, Kaesarea ne Tarso

26 Na ɔduruu Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, ɛfiri sɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani.

27 Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko.

28 Na ɔne wɔn dii ahyemfire wɔ Yerusalem, na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm.

29 Na ɔkasa kyerɛɛ Helenifoɔ no, na ɔne wɔn gyee akyinnyeɛ; na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔku no.

30 Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.

31 Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.

Petro sa Aenea yadeɛ

32 Na ɛbaa sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa soɔ no, ɔbaa ahotefoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn.

33 Na ɔbɛhunuu onipa bi a ne din de Aenea a wadi mfirinhyia nwɔtwe ne kɛtɛ so, a ɔyare mmubuo wɔ hɔ.

34 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.

35 Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa hunuu no, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.

Tabita wunyane

36 Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka.Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.

37 Na ɛbaa sɛ nna no mu no, ɔyaree, na ɔwuiɛ; na wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan mu.

38 Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.

39 Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe.

40 Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.

41 Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.

42 Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.

43 Na ɔtenaa Yopa kyɛree kakra wɔ Simon nwomahyɛni bi nkyɛn.

Asomafoɔ 10

Petro ne Kornelio

1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.

2 Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.

3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

5 Na afei soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro.

6 Ɔte Simon, nwomahyɛni bi a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn.

7 Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu,

8 na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa.

9 Na adeɛ kyeeɛ na wɔnam kwan so rebɛn kuro no no, Petro kɔɔ aban atifi kɔbɔɔ mpaeɛ, ɛbɛyɛ awia dummienu.

10 Na ɛkɔm de no sɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduane no, n’ani wiaa no maa ɔkɔɔ tebea foforɔ mu.

11 Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam.

12 Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa nyinaa bi wɔ.

13 Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di!

14 Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.

15 Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ!

16 Na yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa adeɛ no kɔɔ soro bio.

17 Na Petro regye ne mu akyinnyeɛ sɛ anisoadeɛ a ɔhunuiɛ no ase ne sɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fie kwan, gyinagyina aboboano

18 refrɛ, na wɔbisaa sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa?

19 Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo;

20 na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnyeɛ, na me na mesomaa wɔn.

21 Na Petro siane kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kaa sɛ: Hwɛ, mene deɛ morehwehwɛ no no; ɛdeɛn nti na mobaeɛ?

22 Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.

23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa fie yɛɛ wɔn hɔhoɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, Petro ne wɔn firi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.

24 Na adeɛ kyeeɛ no, wɔduruu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn.

25 Petro fitiiɛ ara pɛ na Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no.

26 Na Petro maa no so kaa sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa.

27 Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, ɔhyɛnee mu, na ɔkɔhunuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ.

28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.

29 Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.

30 Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,

31 na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim.

32 Enti soma kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nwomahyɛni Simon fie wɔ mpoano.

33 Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.

Petro asɛnka

34 Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,

35 na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no.

36 Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.

37 Mo ara monim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, ɛfirii aseɛ Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no,

38 Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.

39 Na yɛne nnoɔma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ soɔ ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ; ɔno nso na wɔsɛnee no dua so kumm no.

40 Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe,

41 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;

42 na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.

43 Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.

44 Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so.

45 Na agyidifoɔ a wɔfiri twetiatwafoɔ mu a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agu amanaman mufoɔ nso soɔ;

46 ɛfiri sɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkyerɛma foforɔ rekasa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buaa sɛ:

47 Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan sɛ wɔmmmɔ yeinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa?

48 Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi.

Asomafoɔ 11

Petro bɔ amanneɛ kyerɛ Yerusalem asɔre no

1 Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm.

2 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ

3 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn akɔdidie yi?

4 Na Petro firii aseɛ bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmaako mmaako sɛ:

5 Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

6 Na megyenee m’ani mehwɛɛ mu no, mehunuu asase so ntɔteboa ne anwonanwonammoa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa wɔ mu.

7 Na metee sɛ ɛnne bi ka kyerɛɛ me sɛ: Petro, sɔre kum di!

8 Na mese: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ biribiara a wɔkyire, anaa ɛho nteɛ nkɔɔ m’anomu da.

9 Na ɛnne no firi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ.

10 Yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ soro bio.

11 Na amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn firi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina efie a mewɔ mu no ano.

12 Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.

13 Na ɔkaa yɛn sɛdeɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro.

14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.

15 Na mefirii aseɛ sɛ merekasa no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn so, sɛdeɛ mfitiaseɛ no, ɛbɛguu yɛn so no ara.

16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkaa sɛ: Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

17 Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛdeɛ korɔ no ara sɛ yɛn nso a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no a, mene hwan a mɛtumi masi Onyankopɔn kwan?

18 Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.

Amanaman mu asafo a ɛdi kan

19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko.

20 Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.

21 Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.

Barnaba kɔ Antiokia

22 Na wɔn ho asɛm yi duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no aso mu, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkɔduru Antiokia.

23 Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.

24 Na ɔyɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidie ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfoɔ bebree bɛkaa Awurade ho.

25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;

26 na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.

Wɔboa Yudea Kristofoɔ ahiafoɔ

27 Na nna no mu no, adiyifoɔ bi firi Yerusalem baa Antiokia.

28 Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no.

29 Na asuafoɔ no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmaako mmaako de biribi bɛmane anuanom a wɔte Yudea no, sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi, na wɔde ahwɛ wɔn.

30 Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.

Asomafoɔ 12

Wɔde Petro to afiase

1 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ.

2 Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.

3 Na ɔhunuu sɛ ɛsɔɔ Yudafoɔ ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna;

4 na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.

5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.

Ɔbɔfoɔ bi yi Petro

6 Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.

7 Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɛdan no mu hɔ hrann; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyanee no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa gui.

8 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ saa. Na ɔsee no sɛ: Fira wo ntoma na di m’akyi!

9 Na ɔfirii adi dii n’akyi; na na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no yɛeɛ no yɛ ampa, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ ɔrehunu n’ani so adeɛ.

10 Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ.

11 Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Afei na mahunu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfoɔ abɛyi me afiri Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ man retwɛn nyinaa mu.

Asafo no anigyeɛ

12 Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ.

13 Na ɔrebɔ aboboano pono no mu no, abaawa bi a ne din de Rode ba bɛtiee.

14 Na ɔtee Petro nne no, anigyeɛ nti wammue ɛpono no, na ɔtutuu mmirika kɔkaa sɛ Petro gyina ɛpono no akyi.

15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ne bɔfoɔ!

16 Na Petro da so rebɔ pono no mu ara; na wɔbueeɛ no, wɔhunuu no, na wɔn ho dwirii wɔn.

17 Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.

18 Na adeɛ kyeeɛ no, ahoyera a ɛbaa asraafoɔ no mu nyɛ adewa, sɛ ɛdeɛn ara na ayɛ Petro.

19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

Herode wuo a ɛyɛ hu

20 Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.

21 Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

22 Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ.

23 Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.

Barnaba ne Saulo sane ba Antiokia

24 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛe.

25 Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.

Asomafoɔ 13

Wɔsoma Barnaba ne Saulo

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

3 Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.

4 Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Sergio Paulo ne Elima

6 Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.

7 Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie.

8 Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.

9 Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn

10 kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?

11 Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.

12 Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.

Perge ne Antiokia

13 Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.

14 Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.

Paulo asɛnka wɔ Antiokia

15 Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!

16 Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!

17 Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.

18 Na ɛbɛyɛ mfirinhyia aduanan na ɔkuraa wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ danedanee wɔn, ɛserɛ so.

19 Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.

20 Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so.

21 Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan.

22 Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

23 Oyi asefoɔ mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ soɔ yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa.

24 Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.

25 Na Yohane reyɛ awie ne dwumadie no, ɔkaa sɛ: Mosusu sɛ mene hwan? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne nan ase mpaboa.

26 Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.

27 Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.

28 Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no.

29 Na wɔwiee deɛ wɔatwerɛ ne ho nyinaa no, wɔyii no firii dua no ho de no kɔtoo ɛda mu.

30 Na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu,

31 na nna bebree, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔne no firi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefoɔ ma ɔman no.

32 Na yɛn deɛ, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa

33 sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyane Yesu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Dwom a ɛtɔ so mmienu no mu sɛ:

Wone me ba,

ɛnnɛ na mawo woɔ.

34 Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ:

Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo.

35 Enti nso ɔkaa no Dwom foforɔ mu sɛ:

Woremma wo kronkronni no nhunu porɔeɛ.

36 Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;

37 nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no anhunu porɔeɛ.

38 Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fakyɛ kyerɛ mo;

39 na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem.

40 Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:

41 Monhwɛ, mo fɛdifoɔ,

na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera;

ɛfiri sɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so,

adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nnie.

42 Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.

43 Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.

Asomafoɔ no kɔ amanaman mufoɔ nkyɛn

44 Na homeda foforɔ duruiɛ no, ɛkaa kumaa, na anka kuro mu no nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm.

45 Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm.

46 Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.

47 Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ:

Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea,

na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.

48 Na amanaman mufoɔ no teeɛ no, wɔn ani gyee, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no animuonyam. Na dodoɔ a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.

Ɔtaa de wɔn kɔ Ikonium

49 Na Awurade asɛm no trɛɛ asase no nyinaa so.

50 Na Yudafoɔ no hwanyanee mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so.

51 Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium.

52 Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.

Asomafoɔ 14

Paulo ne Barnaba kɔ Likaonia

1 Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.

2 Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne.

3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.

4 Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa.

5 Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,

6 wɔhunui, na wɔdwane kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so;

7 na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no.

Obubuani bi ayaresa

8 Na ɔbarima bi wɔ Listra a ɔntumi nnyina ne nan soɔ, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuani firi ne na yam, na ɔnnantee da.

9 Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,

10 enti ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ɔhurihurii, na ɔnanteeɛ.

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asianesiane aba yɛn nkyɛn!

12 Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Hermes, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔka asɛm.

13 Na Seus a n’asɔredan wɔ kuro no anim no sɔfoɔ de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekyerɛ baa kuro no aboboano pɛɛ sɛ ɔne nkurɔfoɔ akuakuo no de bɛbɔ afɔdeɛ.

14 Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntoma mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuo no mu teaa mu sɛ:

15 Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

16 Ɔno na tete berɛ a atwa mu no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ara wɔn akwan soɔ;

17 nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.

18 Na nsɛm a wɔkaeɛ yi nyinaa akyi mpo, wɔbrɛɛ ansa na wɔretumi ama nkurɔfoɔ akuakuo no agyae wɔn afɔdeɛ no bɔ.

19 Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.

20 Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.

21 Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kuro mu hɔfoɔ na wɔdanee nnipa bebree asuafoɔ no, wɔsane kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia

22 hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.

23 Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.

Wɔtena Antiokia

24 Na wɔtwaa mu wɔ Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.

25 Na wɔkaa asɛm no wɔ Perge no, wɔbɛduruu Atalia.

26 Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no.

27 Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.

28 Na wɔne asuafoɔ no tenaa hɔ kyɛree.

Asomafoɔ 15

Asomafoɔ ne mpanimfoɔ nhyiamu wɔ Yerusalem

1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.

2 Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem.

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.

4 Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.

5 Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ.

6 Na asomafoɔ ne mpanimfoɔ no bɛhyiaa sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi.

7 Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.

8 Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no;

9 na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.

10 Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ?

11 Na Awurade Yesu adom so mmom na yɛgye di sɛ wɔnam bɛgye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.

12 Na nnipakuo no nyinaa yɛɛ komm, na wɔtiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no amanaman no mu.

13 Na wɔn ano siiɛ no, Yakobo buaa sɛ: Anuanom, montie me!

14 Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din.

15 Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

16 Yeinom akyiri no mɛsane

mabɛsi Dawid ntomadan a ahwe ase no bio,

na masi deɛ wɔadwirie no bio,

na mama so bio.

17 Na nnipa a aka no

ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyiri kwan

18 Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.

19 Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnha wɔn a wɔfiri amanaman no mu adane aba Nyankopɔn nkyɛn no;

20 na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.

21 Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.

Wɔde ɔmane nwoma kɔma amanaman asafo no

22 Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,

23 na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.

24 Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,

25 yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,

26 nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn.

27 Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara.

28 Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne

29 sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!

30 Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae.

31 Na wɔkenkaneeɛ no, awerɛkyekyerɛ no nti wɔn ani gyee.

32 Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.

33 Na wɔkyɛree hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn.

34 [Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ ɔntena hɔ ara.]

35 Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.

Silas si Barnaba ananmu

36 Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ.

37 Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.

38 Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.

39 Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro;

40 na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Nyankopɔn adom nsa no, ɔsii mu kɔe.

41 Na ɔkɔtwaa mu Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

Asomafoɔ 16

Timoteo ka wɔn ho wɔ Listra

1 Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.

2 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.

3 Ɔno na Paulo pɛɛ sɛ ɔne no korɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani.

4 Na wɔretwa mu nkuro no mu no, wɔde mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no hyɛɛ sɛ wɔnni soɔ no maa wɔn.

5 Ɛnna asafo ahodoɔ no yɛɛ den gyidie mu, na wɔkɔɔ so dɔree daa.

Paulo anisoadehunu wɔ Troa

6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.

7 Na wɔduruu Misia ntentensoɔ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan.

8 Enti wɔsianee Misia ho baa Troa.

9 Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn!

10 Na ɔhunuu anisoadeɛ no ara pɛ na yɛpɛɛ sɛ yɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn ampa sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.

11 Ɛnna yɛsii suhyɛn mu tu firii Troa de mmirika tene baa Samotrake. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛbaa Neapoli.

12 Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.

Lidia adwensakyera

13 Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no.

14 Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.

15 Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.

Afenaa bi ayaresa

16 Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ.

17 Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.

18 Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.

19 Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim,

20 na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani,

21 na wɔkyerɛ amanneɛ bi a yɛnni ho kwan sɛ yɛgyeɛ anaasɛ yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛyɛ Romafoɔ.

22 Na nkurɔfokuo no nso sɔre tiaa wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntadeɛ hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.

23 Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ ofiasehwɛfoɔ no nsa sɛ ɔmfa wɔn nsie yie.

24 Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛwɔ mfimfini no mu, na ɔde wɔn nan bobɔɔ dua mu.

Ofiasehwɛfoɔ no adwensakyera

25 Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.

26 Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee.

27 Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane.

28 Na Paulo de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.

29 Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim,

30 na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?

31 Na wɔse: Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nkwa.

32 Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa.

33 Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara.

34 Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.

35 Na adeɛ kyeeɛ no, asafohene no somaa asraafoɔ baa sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ.

36 Na ofiasehwɛfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wɔnnyaa mo mma monkɔ; enti afei momfiri adi nkɔ dwoodwoo.

37 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn atɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafoɔ edwa mu, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wopamo yɛn kodɛɛ anaa? Dabi da, na ma wɔn ara wɔmmɛyi yɛn.

38 Na asraafoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ.

39 Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ.

40 Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Na wɔhunuu anuanom no, wɔkyekyeree wɔn werɛ, na wɔfiri hɔ kɔeɛ.