Adiyisɛm 4

Ɔsɔreɛ wɔ Ɔsoro

1 Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.

2 Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.

3 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

4 Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.

5 Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.

6 Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.

7 Na ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtuo.

8 Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ:

Kronkron, kronkron, kronkron

ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ

a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.

9 Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,

10 mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:

11 Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ

wogye animuonyam ne anidie ne tumi,

ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa,

na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.

Adiyisɛm 5

Nwoma no ne Adwammaa no

1 Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano.

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔte ne nsɔano no?

3 Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a ɔbɛtumi abue nwoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu.

4 Na mesuu pii, ɛfiri sɛ wɔnhunu obi a ɔfata sɛ ɔbɛbue nwoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu.

5 Na mpanimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuo mu Gyata no, Dawid nhini no adi nkonim sɛ ɔbɛbue nwoma no mu na watete ne nsɔano nson no.

6 Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.

7 Na ɔba bɛgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu.

8 Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.

9 Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ:

Wofata sɛ wogye nwoma no

na wobue ne nsɔano no,

ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn,

afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,

10 na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfoɔ ama yɛn Nyankopɔn,

na wɔbɛdi asase so ahene.

11 Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,

12 na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ:

Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ

ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie,

ne animuonyam ne nhyira.

13 Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse:

Nhyira ne anidie ne animuonyam

ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no

daa daa!

14 Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.

Adiyisɛm 6

Nsɔano nson no

1 Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!

2 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.

3 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no se: Bra!

4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi firii adi, na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no ahoɔden sɛ ɔmmɛyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.

5 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no se: Bra! Na mehunui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ tuntum bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania wɔ ne nsa mu.

6 Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare,na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!

7 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no se: Bra!

8 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.

9 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.

10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were kɔsi da bɛn?

11 Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.

12 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.

13 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.

14 Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.

15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.

16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,

17 ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Adiyisɛm 7

Israel nnipa ɔpeha aduanan nnan no

1 Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

3 sɛ: Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde agyiraeɛ bɛsisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma soɔ.

4 Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ: Mpem ɔha aduanan nnan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuo nyinaa mu.

5 Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dummienu, Ruben abusuakuo mu, mpem dummienu, Gad abusuakuo mu, mpem dummienu,

6 Aser abusuakuo mu, mpem dummienu, Naftali abusuakuo mu, mpem dummienu, Manase abusuakuo mu, mpem dummienu,

7 Simeon abusuakuo mu, mpem dummienu, Lewi abusuakuo mu, mpem dummienu, Isakar abusuakuo mu, mpem dummienu,

8 Sebulon abusuakuo mu, mpem dummienu, Yosef abusuakuo mu, mpem dummienu, Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dummienu.

Nnipakuo kɛseɛ no

9 Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.

10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ:

Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.

11 Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn

12 kaa sɛ:

Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa

ne aseda ne anidie

ne tumi ne ahoɔden

yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.

Nkwagyeɛ a ɛnam adwammaa no so ba

13 Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?

14 Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.

15 Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim,

na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu,

na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.

16 Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio,

nanso owia anaa

ahuhuro biara rento wɔn.

17 Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ,

na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho,

na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.

Adiyisɛm 8

Nsɔano a ɛtɔ so nson

1 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwereɛ fa.

2 Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.

3 Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.

4 Na nnuhwam no wisie kaa ahotefoɔ mpaebɔ ho firi ɔbɔfoɔ no nsam foro kɔɔ Nyankopɔn anim.

5 Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.

Totorobɛnto nson no

6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

7 Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.

8 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya,

9 na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

10 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.

11 Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.

12 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

13 Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!

Adiyisɛm 9

1 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.

2 Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.

3 Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.

4 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.

5 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.

6 Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owuo, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo, nanso owuo bɛdwane wɔn.

7 Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ.

8 Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmaa nwi, na wɔn se tete sɛ agyata se.

9 Na wɔwowɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam deɛ.

10 Na wɔwowɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ, na nwowɔeɛ wowɔ wɔn dua mu, na wɔn dua mu na wɔn tumi a wɔde ha nnipa abosome nnum no wɔ.

11 Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.

12 Mmusuo baako atwa mu. Hwɛ, yei akyiri Mmusuo mmienu da so reba.

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Na metee nne bi a ɛfiri sika afɔrebukyia a ɛsi Nyankopɔn anim no mmɛn nnan no mu,

14 a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.

15 Na wɔsanesanee abɔfoɔ baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne bosome ne afe no sɛ wɔnkunkum nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.

16 Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu.

17 Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no, anisoadehunu no mu nie: Wɔwɔ ogya ne afasebire ne sɔfe nkataboɔ, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wisie ne sɔfe fifiri wɔn anomu.

18 Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so de ogya ne wisie ne sɔfe a ɛfifiri wɔn anomu no so kunkumm nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.

19 Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no tete sɛ awɔ, na ɛwowɔ tire, na ɛno na wɔde pira.

20 Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.

21 Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Adiyisɛm 10

Ɔbɔfoɔ no ne Nwoma ketewa no

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

2 Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.

3 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.

4 Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!

5 Na ɔbɔfoɔ a mehunuu no sɛ ɔgyina po ne asase soɔ no

maa ne nsa so kyerɛɛ soro.

6 Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa,

a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,

7 na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no.

Ɔbɔfoɔ no nwoma

8 Na ɛnne a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: Kɔ kɔgye nwoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfoɔ a ɔgyina asase ne po soɔ no nsam.

9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.

10 Na megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsa mu memeneeɛ, na ɛyɛɛ fremfrem wɔ m’anomu sɛ ɛwoɔ, na mewiee die no, ɛyɛɛ nwononwono wɔ me yam.

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.

Adiyisɛm 11

Adansefoɔ baanu no

1 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.

2 Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.

3 Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

4 Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ogya firi wɔn anomu bɛmene wɔn atamfoɔ, na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛtwa sɛ wɔku no saa ara.

6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.

7 Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.

8 Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.

9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.

10 Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.

11 Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.

12 Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn.

13 Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.

14 Mmusuo a ɛtɔ so mmienu no atwa mu. Hwɛ, Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa reba ntɛm.

15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ:

Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade

ne ne Kristo no dea,

na ɔbɛdi hene daa daa.

16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn

17 kaa sɛ:

Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ

a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase,

sɛ woafa wo tumi kɛseɛ,

na woadi hene.

18 Na amanaman no bo afu,

na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no

aduru sɛ wobɛbu atɛn,

na woama wo nkoa, adiyifoɔ

ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din,

nketewa ne akɛseɛ no akatua,

na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

19 Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.

Adiyisɛm 12

Ɔbaa no ne Ɔtweaseɛ no

1 Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire

2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no.

3 Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.

4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

5 Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dadeɛ poma bɛdi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa no nkyɛn.

6 Na ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so, deɛ Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.

Mikael di ɔtweaseɛ no so nkonim

7 Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe.

8 Na wɔdii wɔn so, na wɔannya kwan ɔsoro bio.

9 Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.

10 Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ:

Afei nkwagyeɛ ne tumi

ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea,

na tumi ayɛ ne Kristo no dea,

ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene;

ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.

11 Na wɔnam Adwammaa no mogya

ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim,

na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.

12 Yei nti, ɔsoro

ne mo a motete mu no,

momma mo bo ntɔ mo yam.

Asase ne ɛpo nnue,

ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn,

na wafa abufuo kɛse,

ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.

Ɔtweaseɛ no tu sa bio wɔ asase so

13 Na ɔtweaseɛ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase soɔ no, ɔtaa ɔbaa a ɔwoo ɔbabanin no.

14 Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.

15 Na ɔwɔ no puu n’anomu nsuo te sɛ asubɔnten guu ɔbaa no akyi, sɛ anka ɛmfa no.

16 Nanso asase boaa ɔbaa no, na asase buee n’anomu menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no pu firii n’anomu no.

17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.

Aboa a ɔdi kan no

18 Na ɔkɔgyinaa mpoano anwea so.

Adiyisɛm 13

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.

2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

4 Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?

5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.

6 Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntomadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm.

7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.

8 Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.

9 Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.

10 Sɛ obi fa nnommum a,

wɔbɛfa no dommum.

Sɛ obi de nkrantɛ kum a,

ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no.

Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.

11 Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.

12 Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.

13 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.

14 Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.

15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no.

16 Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,

17 nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn, gye deɛ ɔwɔ agyiraeɛ no, anaa aboa no din, anaa ne din akonta ntwerɛeɛ nko.

18 Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.