Adiyisɛm 6

Nsɔano nson no

1 Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!

2 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.

3 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no se: Bra!

4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi firii adi, na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no ahoɔden sɛ ɔmmɛyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.

5 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no se: Bra! Na mehunui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ tuntum bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania wɔ ne nsa mu.

6 Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare,na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!

7 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no se: Bra!

8 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.

9 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.

10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were kɔsi da bɛn?

11 Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.

12 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.

13 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.

14 Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.

15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.

16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,

17 ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six + 9 =