Tobit 7

Wɔkɔduru Raguel fie

1 Afei ɛberɛ a wɔhyɛnee Ekbatana no, Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Onua Asaria, fa me kɔ yɛn nua Raguel hɔ. Ɛno nti ɔde no kɔɔ Raguel fie, na wɔhunuu no sɛ ɔte adihɔ pono no nkyɛn. Wɔdii kan kyeaa no, na ɔgyee so sɛ: Anigyeɛ nkyea, anuanom; akwaaba ne akwanhosan! Afei ɔde wɔn hyɛnee ne fie.

2 Ɛnna Raguel ka kyerɛɛ ne yere Edna sɛ: Hwɛ sɛdeɛ aberanteɛ yi sɛ me nua Tobit!

3 Afei Edna bisaa wɔn sɛ: Anuanom, ɛhefa na mofiri? Wɔbuaa no sɛ: Yɛyɛ Naftali asefoɔ a yɛka wɔn a wɔwɔ nnommum mu wɔ Ninewe ho.

4 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: Monim yɛn nuabarima Tobit anaa? Wɔbuaa sɛ: Aane, yɛnim no. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ne ho yɛ anaa?

5 Wɔbuaa sɛ: Ɔte ase, na ne ho yɛ. Ɛnna Tobias de kaa ho sɛ: M’agya ne no!

6 Ɛnna Raguel huri gyinaeɛ na ɔfee n’ano na ɔsuiɛ.

7 Na ɔsan kaa nsɛm yi kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne wo, me ba, onipa pa ne onimuonyamfoɔ ba!O amanehunu kɛseɛ pa ara na ama onipa teneneeni ne ɔdɛɛfoɔ sei ani afira yi! Ɛnna afei ɔbamm ne busuani Tobias na ɔsui.

8 Na ne yere Edna ne ne babaa Sara nso suiɛ.

Tobias ne Sara awareɛ

9 Na Raguel de anigyeɛ gyee wɔn; na ɔkumm odwennini wɔ nnwankuo mu maa wɔn. Ɛberɛ a wɔhohoroo wɔn ho wieeɛ na wɔtenaa ase sɛ wɔredidi no, Tobias ka kyerɛɛ Rafael sɛ: Onua Asarias, ka kyerɛ Raguel sɛ ɔmfa me busuani Sara mma me nware.

10 Na Raguel tee asɛm yi na ɔka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: Didi na nom, na ma w’ani nnye anadwo yi. Ɛfiri sɛ, me nua, obiara nni ho kwan sɛ ɔware me babaa Sara ka wo ho. Saa ara nso na menni ho kwan sɛ mede no bɛma ɔbarima biara gye sɛ wo, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani a wobɛn me. Nanso, me ba, ma menkyerɛkyerɛ nokorɛ pa ara ɛwɔ asɛm no mu nkyerɛ wo.

11 Mede no ama yɛn abusua mu mmarima baason, na sɛ wɔn mu biara ba ne ho anadwo a, ɔwu. Nanso seesei ara deɛ, me ba, didi na nom na Awurade bɛdi ama mo baanu yi. Nanso Tobias kaa sɛ: Merennidi anaa merennom biribiara kɔsi sɛ wone me bɛsi agyinaeɛ wɔ asɛm no ho. Saa nti Raguel kaa sɛ: Mɛyɛ saa. Fa no yɛ wo yere sɛdeɛ mmara no kyerɛ wɔ Mose nwoma no mu, na wɔahyɛ afiri soro sɛ wɔmfa no mma wo. Fa wo busuani baa no; ɛfiri nnɛ rekorɔ, woyɛ ne nuabarima na ɔyɛ wo nuabaa. Ɛfiri nnɛ rekorɔ wɔde no ama wo. Me ba, ɔsoro Awurade mmɔborɔhunu ne n’asomdwoeɛ nhwɛ mo so na ɛnsi mo yie anadwo yi.

12 Afei Raguel frɛɛ ne babaa Sara. Na ɔbɛduruu ne nkyɛn no, Raguel sɔɔ ne nsa de no maa Tobias, na ɔkaa sɛ: Fa no yɛ wo yere sɛdeɛ mmara ne ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no wɔ Mose nwoma mu no teɛ. Fa no ne no nkɔ w’agya hɔ dwoodwoo. Na ɔsoro Nyankopɔn asomdwoeɛ mma no nsi mo yie wɔ mo akwantuo mu.

13 Afei ɔfrɛɛ ababaa no na na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma mmra; na ɔtwerɛɛ awadeɛ no ho nhyehyɛɛ firii mu, sɛ ɔde Sara ama Tobias sɛ ne yere sɛdeɛ ahyɛdeɛ a ɛwɔ Mose mmara no mu teɛ no.

14 Ɛnna afei ɔfirii aseɛ didi nnomeeɛ.

15 Raguel frɛɛ ne yere Edna na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Siesie ɛdan baako mu na fa Sara kɔ hɔ.

16 Ɛno nti ɔkɔ kɔtoo mpa wɔ ɛdan no mu sɛdeɛ na waka akyerɛ no no, na ɔde Sara baa hɔ. Edna sui maa ne babaa no. Afei ɔpepaa ne nisuo no, na ɔka kyerɛɛ ne babaa no sɛ: Nsuro, me ba; ɔsoro Awurade no mma wo anigyeɛ nsi w’awerɛhoɔ ananmu. Nsuro, me ba. Afei ɔfirii adi.

Tobit 8

Tobias pamo honhommɔne no

1 Ɛberɛ a wɔdidi na wɔnom wieeɛ no, wɔpɛɛ sɛ wɔda; ɛno nti wɔfaa aberanteɛ no de no kɔɔ piadan no mu hɔ.

2 Afei Tobias kae Rafael nsɛm no, na ɔyii apataa berɛboɔ ne ne korona no firii kotokuo a wakora no wɔ mu no, na ɔde aduhwam gya guu so.

3 Na apataa no hwam no pamm honhommɔne no kɔɔ akyirikyiri baabi wɔ Misraim. Nanso Rafael dii n’akyi, na ɔkyekyeree ne nsa ne ne nan boom.

4 Ɛberɛ a na awofoɔ no kɔ na wɔaka ɛdan no pono ato mu no, Tobias sɔre firii mpa no so na ɔka kyerɛɛ Sara sɛ: Onua, sɔre ɛ, na yɛmmɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade bɛhu yɛn mmɔbɔ na wama yɛn asomdwoeɛ.

5 Ɛno nti ɔsɔree, na wɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ srɛɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛdwo wɔn. Tobias firii aseɛ kaa sɛ:

O yɛn agyanom Nyankopɔn, nhyira nka wo,

nhyira nka wo din no wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu daa.

Ma ɔsoro ne abɔdeɛ nyinaa nhyira wo daa.

6 Wo na wobɔɔ Adam na wode Hawa maa no sɛ ne yere,

sɛ ɔboafoɔ ne sɔmufoɔ.

Wɔn mu na adasamma firi baeɛ.

Ɛyɛ wo na wokaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena;

momma yɛnyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mma no.

7 Na afei, merefa me busuani baa yi,

ɛnyɛ sɛ akɔnnɔ ntira,

na mmom nokorɛ mu.

Hu me ne no mmɔbɔ

na ma yɛn baanu nyinaa mmom nyini nkyɛ.

8 Na wɔn baanu no kaa sɛ: Amen, Amen.

9 Ɛnna wɔkɔdaeɛ anadwo no.

Nanso Raguel sɔreeɛ na ɔfrɛɛ n’asomfoɔ baeɛ, na wɔkɔbɔɔ damena,

10 ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Ɛbɛtumi aba sɛ ɔno nso bɛwu na ama yɛn abɛyɛ aseredeɛ ne fɛwdideɛ.

11 Na ɛberɛ a wɔwiee damena no bɔ no, Raguel kɔɔ ne fie na ɔfrɛɛ ne yere,

12 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma wo mmaawa no mu baako ma no nkɔhwɛ sɛ ɔte ase anaa? Na sɛ wawu a, na yɛasie no wɔ berɛ a obiara nhunu.

13 Ɛno nti wɔsomaa abaawa no, ɔsɔɔ kanea na ɔbuee ɛpono no; na ɔhyɛnee mu, na ɔhunuu wɔn baanu sɛ wɔadeda.

14 Ɛnna afei abaawa no firii adie bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase na biribi bɔne biara nsiiɛ.

15 Afei wɔhyiraa ɔsoro Nyankopɔn, na Raguel kaa sɛ:

Nhyira nka wo, O Onyankopɔn, nhyira biara a ɛho teɛ;

ma wɔn a wɔayi wɔn nyinaa nhyira wo.

Ma wɔnhyira wo daa.

16 Nhyira nka wo, ɛfiri sɛ wo na woama masere.

Anyɛ sɛdeɛ mehwɛɛ anim kwan no,

nanso wo ne me adi no sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu a ɛso no teɛ.

17 Nhyira nka wo, ɛfiri sɛ woahunu

mma baanu pɛ yi mmɔbɔ.

O Owura, hu wɔn mmɔbɔ, na kora wɔn dwoodwoo;

na ma wɔn asetena nwie mudie

wɔ anigyeɛ ne mmɔborɔhunu mu.

18 Afei ɔhyɛɛ n’asomfoɔ no sɛ wɔnsi adamena no ansa na owia apue.

Ayeforɔhyia apontoɔ

19 Yei akyiri no, ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ ɔnto paanoo bebree; na ɔfirii adi kɔɔ mmoakuo no mu kɔfaa nantwinini mmienu a wɔasa wɔn ne nnwennini nan, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnku wɔn. Ɛno nti wɔfirii aseɛ yɛɛ ahosiesie.

20 Ɛnna afei ɔfrɛɛ Tobias na ɔde nsɛm yi kaa no ntam sɛ: Wɔremfiri ha kɔsi dadu nnanan ansa, na mmom wobɛtena me nkyɛn ha adidi na wanom; na wobɛkyekyere me babaa a na anka ne werɛ ahoɔ no werɛ.

21 Ntɛm ara fa deɛ mewɔ no mu fa na san kɔ w’agya nkyɛn dwoodwoo; ɛfa a aka no bɛyɛ wo dea ɛberɛ a mene me yere bɛwuo no. Nsuro, me ba. Meyɛ w’agya na Edna nso yɛ wo na, na ɛfiri saa berɛ yi korɔ yɛyɛ wo dea te sɛ wo yere no kɔsi daa. Nsuro, me ba.

Tobit 9

Wɔn nsa ka sika no

1 Na Tobias frɛɛ Rafael na ɔka kyerɛɛ no sɛ:

2 Onua Asarias, fa asomfoɔ baanan ne mfunumupɔnkɔ mmienu ka wo ho na kɔ Rages. Kɔ Gabael fie, na fa sikatua krataa no ma no, na gye sika no, na fa no bra ayeforɔ no ase.

3 Wodi adanseɛ sɛ Raguel aka ntam, na ɛnsɛ sɛ meto ne ntam no.

4 Na wonim sɛ m’agya nso ani rehwɛ kwan, na sɛ mekyɛre di da koro mpo a, ɛbɛha no pii.

5 Saa nti Rafael faa asomfoɔ nan ne yoma mmienu no de kɔɔ Media, na ɔkɔsoɛɛ Gabael. Rafael de sikatua krataa no maa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ Tobit ba Tobias aware na wato ne nsa afrɛ no sɛ ɔmmra ayeforɔhyia no ase. Ɛno nti Gabael sɔree na ɔkanee sika mmɔtɔ no maa no, a emu biara nsɔano da so ara wɔ hɔ; ɛnna afei wɔhyehyɛ guu yoma no so.

6 Anɔpa no, wɔn baanu sɔree ahema baa ayeforɔ no ase. Wɔbɛduruu Raguel fie no, wɔhunuu Tobias sɛ ɔte didipono ho. Ɔsɔre gyinae na ɔkyeaa Gabael. Gabael de nisuo hyiraa Tobias kaa sɛ: Ɔba pa ne onimuonyamfoɔ a n’agya yɛ onipa pa, onimuonyamfoɔ, teneneeni ne ɔyamyɛni! Awurade mfa ɔsoro nhyira nhyira wo ne wo yere, ne wo yere agya ne ne na. Nhyira nka Onyankopɔn, ɛfiri sɛ mehunu me nua Tobit suban bi wɔ Tobias mu.

Tobit 10

Awofoɔ no teetee

1 Afei na da biara da na Tobit rebu nna dodoɔ a Tobias de bɛtu kwan no na wasan ba. Na nna no soeɛ na ne ba no amma no,

2 ɔkaa sɛ: Ɛbɛtumi aba sɛ wɔakyere no anaa? Anaasɛ, ɛntumi mma sɛ Gabael awu na obiara nni hɔ a ɔde sika no bɛma no?

3 Afei ɔfirii aseɛ teeteeɛ.

4 Ne yere kaa sɛ: Me ba no awu a seesei ɔnka ateasefoɔ ho bio. Enti ɔfirii aseɛ suu no, na ɔkaa sɛ:

5 Mennue, me ba, wo ne m’ani kanea, a mama woatu kwan yi.

6 Nanso Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm na gyae su no, me dɔfo; na ne ho yɛ. Ebia na mpofirim na biribi asi wɔ hɔ. Onipa a ɔne no kɔeɛ no yɛ nokwafoɔ, na ɔyɛ yɛn busuani. Me dɔfo, mma wo werɛ nho ne nti; na ɛrenkyɛ ɔbɛduru ha.

7 Na ne yere kaa sɛ: Wo ara nso yɛ komm! Gyae sɛ woredaadaa me no! Me ba no nte ase. Na daa ɔsi kwan a ne ba no nam so kɔeɛ no so; na ɔntie obiara asɛm. Sɛ owia kɔtɔ a, ɔkɔhyɛ dan mu di abooboo su anadwo no nyinaa, a ɔnna mpo.

Tobias ne Sara si kwan so rekɔ fie

Afei dadu nnanan a Raguel kaa ntam sɛ ɔde hyɛ awareɛ no ho fa ama ne babaa no duruiɛ no, Tobias baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Gya me kwan na menkɔ, ɛfiri sɛ m’agya ne me na nni anidasoɔ sɛ wɔbɛsane ahunu me bio. Enti agya, mesrɛ wo ara gya me kwan na mensan nkɔ m’ankasa m’agya nkyɛn. Madi kan akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo sɛdeɛ mesi gyaa no hɔ.

8 Nanso Raguel ka kyerɛɛ Tobias sɛ: Tena me nkyɛn, me ba; na mɛsoma abɔfoɔ akɔ w’agya nkyɛn, na wɔakɔka akyerɛ no sɛdeɛ wo ho teɛ.

9 Tobias buaa no sɛ: Daabi, gya me kwan ma menkɔ m’agya hɔ.

10 Enti Raguel yɛɛ ntɛm de ne yere Sara ne n’agyapadeɛ mu fa: Nkoa ne mfenaa, anantwie ne nnwan, mfunumu ne yoma, ntoma, sika, ne efie nnoɔma maa Tobias.

11 Ɛnna afei ɔgyaa wɔn kwan dwoodwoo; na ɔyɛɛ Tobias atuu kaa sɛ: Me ba, nante yie; ɔkwan so kosɛkosɛ. Ɔsoro Nyankopɔn bɛma wo ne wo yere Sara anya mo ho, na mɛhu mo mma ansa na mawu.

12 Afei ɔfee ne babaa Sara ano na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, di w’ase barima ne w’ase baa ni, ɛfiri seesei rekorɔ wɔyɛ w’awofoɔ te sɛ wɔn a wɔwoo woɔ no ara. Ɔba, fa asomdwoeɛ kɔ, na ma mente wo ho asɛm pa ɛberɛ a meda so te aseɛ yi. Afei ɔmaa wɔn nante yie na ɔgyaa wɔn maa wɔkɔe. Ɛnna Edna ka kyerɛɛ Tobias sɛ: Me ba ne onua dɔfo, ɔsoro Nyankopɔn mfa wo nkɔduru dwoodwoo, na ɔmma menhunu mma a wo ne me babaa Sara bɛwoɔ, ansa na mawu. Awurade anim na mede me babaa mema wo; nyɛ biribiara mfa nho ne werɛ. Me ba, fa asomdwoeɛ kɔ. Ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ, meyɛ wo na, na Sara nso yɛ wo yere dɔfo. Yɛn nyinaa nni yie wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu. Afei ɔfee wɔn baanu ano na ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ dwoodwoo.

13 Tobias de anigyeɛ ne ahurisie ne Raguel dii ntetemu, na ɔyii ɔsoro ne asase Awurade, adeɛ nyinaa so Hene no ayɛ, ɛfiri sɛ wama n’akwantuo no ayɛ nkonimdie. Akyire koraa no, ɔhyiraa Raguel ne ne yere Edna, na ɔkaa sɛ: Awurade ahyɛ me sɛ menni mo ni wɔ me nkwa nna nyinaa mu.

Tobit 11

Akwantuo a wɔde kɔ fie

1 Ɛberɛ a wɔbɛn Kaserin a ɛne Ninewe hwɛ anim no, Rafael kaa sɛ:

2 Wo ara wonim sɛdeɛ yɛrekorɔ na w’agya si teɛ.

3 Ma yɛn ntu mmirika nni wo yere anim na yɛnkɔsiesie fie ɛberɛ a wɔnam kwan so reba yi.

4 Na wɔn baanu sii mu sɛ wɔrekɔ no, Rafael ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ bɔnwoma no krado. Na ɔkraman no nante dii wɔn akyi.

5 Saa berɛ yi na Anna atena ɔkwan no so rehwɛ ne ba no anim dendeenden.

6 Na ɔhunuu sɛ ɔreba no, ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Hwɛ, wo ba no reba, na onipa a ɔne no kɔeɛ no ka ho!

Tobit ani bue

7 Ansa na Tobias bɛkɔ n’agya nkyɛn no, Rafael ka kyerɛɛ no sɛ: Menim sɛ n’ani bɛbue.

8 Fa bɔnwoma no sra n’ani no so; aduro no bɛma adeɛ fitaa no apompono na ahwane afiri n’ani no so, na w’agya asan anya ani a ɔde bɛhwɛ hann.

9 Ɛnna afei Anna tuu mmirika kɔɔ ne ba no nkyɛn na ɔkɔyɛɛ no atuu, na ɔkaa sɛ: Afei a mahu woɔ yi deɛ, me ba, mayɛ ahoboa sɛ mɛwu. Na ɔsuiɛ.

10 Ɛnna Tobit sɔreeɛ na ɔporipori faa adihɔ pono no mu bae. Tobias kɔɔ ne nkyɛn,

11 na apataa no bɔnwoma kura no dendeenden, na ɔhu de guu n’ani no so kaa sɛ: Agya, nsuro. Saa nti ɔde aduro no sraa n’ani no so,

12 na ɛmaa ɛhyehyee no.

13 Afei ɔde ne nsa mmienu waawae adeɛ fitaa no firii n’ani ntweasoɔ hɔ. Ɛnna afei Tobit hunuu ne ba na ɔyɛɛ no atuu,

14 na ɔde su ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mehu wo, m’ani kanea! Afei ɔkaa sɛ:

Nhyira nka Onyankopɔn,

na nhyira nka ne din kɛseɛ no,

nhyira nka n’abɔfoɔ kronkron no nyinaa.

Nhyira nka ne din kronkron no

wɔ mmerɛ nyinaa mu.

15 Ɛwɔ mu sɛ ɔhyɛɛ me yea deɛ,

nanso, wahu me mmɔbɔ.

Seesei mahu me ba Tobias!

Enti Tobit de ahurisie hyɛnee mu a na ɔde nteateam reyi Onyankopɔn ayɛ. Tobias de amanneɛ bɔɔ n’agya sɛ n’akwantuo no ayɛ nkonimdie, na ɔde sika no aba, na waware Raguel babaa Sara, na nokorɛ nie ɔnam kwan so reba hɔ, wabɛn Ninewe pono pɛɛ.

16 Ɛnna Tobit de ahurisie ne Onyankopɔn ayeyie firii adi kɔhyiaa n’ase baa no wɔ Ninewe pono ano. Na ɛberɛ a Ninewefoɔ hunuu no sɛ ɔreba na ɔrenante wɔ ahoɔden mu a obiara nni n’anim no, wɔn ho dwirii wɔn.

17 Na Tobit daa no adi wɔ wɔn nyinaa anim sɛ, Onyankopɔn ahu no mmɔbɔ, na wama no ahunu adeɛ bio. Na ɛberɛ a Tobit hyiaa ne babarima Tobias yere Sara no, ɔhyiraa no kaa sɛ: Me ba, bra mu ɛ, akwaaba! Nhyira nka Onyankopɔn a ɔde wo abrɛ yɛn no, me ba. Nhyira nka w’agya ne wo na, na nhyira nka Tobias, na nhyira nka wo, me ba. Afei fa nhyira ne anigyeɛ bra w’ankasa wo fie, akwaaba. Me ba, bra mu ɛ. Ɛno nti saa da no, Yudafoɔ a wɔwɔ Ninewe nyinaa dii ahurisie.

18 Ahikar ne ne wɔfaase Nadab nso de anigyeɛ bɛkaa Tobit deɛ ho. Na wɔde anigyeɛ hyɛɛ Tobias awareɛ ho fa wɔ ayeforɔ apontoɔ mu nna nson, na wɔde akyɛdeɛ bebree brɛɛ no.

Tobit 12

Ɔbɔfoɔ Rafael akatua

1 Na ayeforɔ afahyɛ no baa awieeɛ no, Tobit frɛɛ ne ba Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, hwɛ na tua ɔbarima no a ɔne wo kɔeɛ no ka, na ma no sika no bi ka ho.

2 Tobias buaa sɛ: Agya, sɛn na memfa ntua no ka? Ɛnha me koraa sɛ mɛma no nnoɔma a mede baeɛ no mu fa.

3 Ɛsiane sɛ, ɔde me asan abrɛ wo dwoodwoo, wasa me yere yadeɛ, wagye sika no ama me, na ɔno nso na wasa wo yadeɛ. Sika sɛn na memfa nka ho mma no sɛ akatua?

4 Tobit kaa sɛ: Me ba, ɛfata no sɛ ɔgye deɛ wode baeɛ no nyinaa mu fa.

5 Enti Tobias frɛɛ ɔbɔfoɔ no na ɔkaa sɛ: Fa nnoɔma a mo baanu de baeɛ no mu fa, na fa kɔ.

Rafael afotuo

6 Ɛnna afei Rafael frɛɛ wɔn baanu no kokoa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yi Onyankopɔn ayɛ na yi no kyerɛ wɔ ateasefoɔ nyinaa anim wɔ nnoɔma pa a wayɛ ama mo. Hyira no na to ayeyie dwom ma ne din. Fa animuonyam a ɛfata ka Onyankopɔn nnwuma kyerɛ nnipa nyinaa. Ɛnyɛ nyaa sɛ wobɛyi no akyerɛ.

7 Ɛyɛ sɛ wɔbɛkora ɔhene ahuntasɛm, nanso ɛyɛ animuonyam sɛ wɔka na wɔda Onyankopɔn nnwuma no adi. Yɛ papa, na bɔne renni wo so.

8 Mpaebɔ a mmuada ka ho yɛ, nanso deɛ ɛkyɛn nnoɔma mmienu yi ne tenenee adekyɛ. Tenenee ketewa bi yɛ sene ahonya a mfomsoɔ ka ho. Ɛyɛ sɛ wobɛkyɛ adeɛ sene sɛ wobɛhyehyɛ sika agyapadeɛ.

9 Ɛsiane sɛ, adekyɛ gye onipa firi owuo mu, na ɛhohoro bɔne nyinaa. Wɔn a wɔyɛ mmɔborɔfoɔ adɔeɛ no bɛnyini akyɛ,

10 na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne na wɔyɛ mfomsoɔ no yɛ wɔn ankasa wɔn ho atamfoɔ.

Rafael ma wɔhu deɛ ɔyɛ

11 Afei mɛka nokorɛ a ɛwɔ mu nyinaa akyerɛ mo, na meremfa biribiara nsie wo. Madi kan aka akyerɛ mo dada ɛberɛ a mekaa sɛ: Ɛyɛ sɛ wɔbɛkora ɔhene ahuntasɛm, nanso ɛyɛ animuonyam sɛ wɔbɛda Onyankopɔn nnwuma adi.

12 Saa nti, ɛberɛ a wo ne w’ase baa Sara bɔɔ mpaeɛ no, ɛyɛ me na mede wo mpaebɔ ho nkaeɛ kɔkenkanee wɔ Awurade animuonyam no anim, na ɛte saa wɔ ɛberɛ a wobɛsie awufoɔ no.

13 Ɛberɛ a woantwentwɛn sɛ wobɛsɔre agya w’anwummerɛ aduane hɔ, na wokɔsiee awufoɔ no,

14 wɔsomaa me baa wo nkyɛn sɛ memmɛsɔ wo nhwɛ. Na ɛberɛ korɔ no ara nso Onyankopɔn somaa me sɛ memmɛsa wo ne w’ase baa Sara yadeɛ.

15 Mene Rafael, abɔfoɔ kronkron baason a wɔayɛ krado gyina hɔ na wɔhyɛne Awurade animuonyam mu no.

16 Wɔn baanu nyinaa ho poeɛ; na wɔhwee fam, ɛfiri sɛ na wɔsuro.

17 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro; asomdwoeɛ nka mo. Monhyira Onyankopɔn daa daa.

18 Na me deɛ, ɛberɛ a na meka mo ho no, na ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ Onyankopɔn. Monhyira no da biara ne daa nyinaa; monto n’ayeyie dwom.

19 Na mohwɛ me deɛ, nanso ɛnyɛ adeɛ a medidiiɛ anaa menomm biribi, na deɛ mohunuiɛ no yɛ anisoadehunu.

20 Enti afei monsɔre mfiri fam hɔ, na momma wɔnhu Onyankopɔn. Hwɛ mereforo akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Twerɛ nsɛm a ɛtoo woɔ no nyinaa to hɔ. Ɛnna ɔforo kɔeɛ.

21 Afei wɔsɔre gyinaeɛ; nanso wɔanhu no bio.

22 Na wɔkɔɔ so ara hyiraa Onyankopɔn too n’ayeyie dwom, na wɔyii Onyankopɔn kyerɛɛ wɔ ne nnwuma a ɛyɛ nwanwa yi ho, ɛberɛ a Onyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no.

Tobit 13

Tobit de aseda ma Onyankopɔn

1 Afei Tobit kaa sɛ:

Nhyira nka Onyankopɔn a ɔte ase daa no,

ɛfiri sɛ n’ahennie bɛtena hɔ mmerɛ santen nyinaa.

2 Ɔtwe yɛn aso, na ɔsan hu yɛn mmɔbɔ;

ɔde nnipa kɔ Asamando, asase ase tɔnn,

na wasan de wɔn firi ebunu donkodonko mu aba bio,

na biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi adwane afiri ne nsa mu.

3 Monyi no nkyerɛ wɔ amanaman anim, O Israel mma;

ɛfiri sɛ wabɔ mo apete wɔn mu.

4 Wama moahunu ne kɛseyɛ wɔ hɔ mpo.

Momma no so wɔ ateasefoɔ nyinaa anim;

ɛfiri sɛ, ɔyɛ yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn;

ɔno ne yɛn Agya na ɔyɛ Nyankopɔn daa nyinaa.

5 Ɔbɛtwe mo aso wɔ mo amumuyɛ ho,

nanso ɔbɛhu mo nyinaa mmɔbɔ bio,

na waboaboa yɛn ano afiri amanaman nyinaa mu

a wabɔ mo apeteɛ no.

6 Sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa san ba ne nkyɛn,

de bɛyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ mu wɔ n’anim a,

ɛno ansa na ɔbɛdane n’ani akyerɛ mo,

na ɔmfa n’anim nhunta mo bio.

Enti afei hwɛ adeɛ a wayɛ ama mo;

na fa wo nne a ɛgyegye pa ara yi no kyerɛ.

Hyira tenenee Awurade no,

na ma mmerɛ santen Hene no so.

Meyi wo kyerɛ wɔ asase a wɔafa me dommum no so,

na meyi ne tumi ne n’animuonyam kyerɛ wɔ abɔnefoɔ man so sɛ:

Mo nnebɔneyɛfoɔ, monsan mmɛyɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim;

obi nnim, ebia ɔbɛhu mo mmɔbɔ na wadom mo.

7 Me deɛ, mema me Nyankopɔn so,

na me kra di ahurisie wɔ ɔsoro Hene no mu,

8 Ma nnipa nyinaa nka n’animuonyam,

na wɔnyi no nkyerɛ wɔ Yerusalem.

9 O Yerusalem, kuro kronkron,

ɔtwee w’aso wɔ wo mma nneyɛɛ ho nti,

nanso ɔbɛhu ateneneefoɔ mma no mmɔbɔ bio.

10 Monyi Awurade nkyerɛ,

na monhyira mmerɛ santen Hene no,

na wɔde anigyeɛ asi ne ntomadan wɔ wo mu bio.

Ɔnkyekyere nnommumfoɔ a wɔwɔ mo mu no nyinaa werɛ,

na ɔnnɔ wɔn a wɔn ho yera wɔn no,

nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so daa.

11 Kanea a ɛhran bi bɛhyerɛn akɔsi asase ano nyinaa;

aman bebree bɛfiri akyirikyiri aba wo hɔ,

asase akyirikyiri sofoɔ, wo din kronkron no nti,

a wɔkurakura akyɛdeɛ wɔ wɔn nsam, akyɛdeɛ a wɔde brɛ ɔsoro Hene.

Awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ de anigyeɛ bɛyi wo ayɛ,

kuro a wɔayi no no din bɛtena hɔ daa.

12 Nnome nka wɔn a wɔkasa tia wo no nyinaa;

nnome nka wɔn a wɔko di wo soɔ nyinaa

na wɔdwiri w’afasuo,

wɔn a wɔdwiri w’abantenten nyinaa

na wɔto w’afie mu gya.

Nanso nhyira nka wɔn a wɔbu wo no nyinaa.

13 Afei kɔ ɛ, na di ahurisie ma ateneneefoɔ mma no,

ɛfiri sɛ wɔbɛboa wɔn ano

na wɔayi mmerɛ santen Awurade no ayɛ.

14 Sɛdeɛ woahyira wɔn a wɔdɔ wo no,

nhyira ne wɔn a wɔdi ahurisie wɔ wo yiedie mu.

Nhyira ne wɔn a wɔne wo werɛ aho

ɛsiane w’amanehunu no nti;

na wɔne wo ani bɛgye

na wɔbɛhunu w’animuonyam no daa.

15 Ma me kra nyi Awurade, Ɔhene kɛseɛ no ayɛ!

16 Na wɔbɛkyekyere Yerusalem de ayɛ ne fie mmerɛ santen nyinaa mu.

Hwɛ sɛdeɛ m’ani bɛgyeɛ sɛ m’asefoɔ nkaeɛ bɛtena aseɛ

ahu w’animuonyam na wɔayi ɔsoro Hene no akyerɛ.

Wɔde nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ bɛsi Yerusalem apono,

na wɔde aboɔden aboɔ asi n’afasuo nyinaa.

Wɔde sika na ɛbɛto n’aban atentene,

na wɔde sika amapa ato n’abantenten atifi no.

Na wɔde abohene ne Ofir aboɔ

bɛsam Yerusalem mmɔntene so.

17 Na Yerusalem apono bɛto ahurisie dwom,

na emu afie nyinaa ateaam sɛ: Haleluia!

Nhyira nka Israel Nyankopɔn!

Na wɔn a wɔahyira wɔn no bɛhyira ne din kronkron no daa daa.

Tobit 14

Tobit afotuo a ɛdi akyire

1 Ɛha na Tobit de n’ayeyie bɛwieeɛ.

2 Tobit wui wɔ asomdwoeɛ mu berɛ a na wadi mfeɛ ɔha ne dummienu, na wɔsiee no wɔ Ninewe wɔ animuonyam mu. Ɛberɛ a n’ani firaeɛ no na wadi mfeɛ aduosia mmienu, na n’ani bueeɛ no ɔtenaa ase yiedie mu, na ɔkyɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ na ɔkɔɔ so ara hyiraa Onyankopɔn, na ɔyii Onyankopɔn animuonyam kyerɛeɛ.

3 Na ɛberɛ a ɔrebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Tobias, ne Tobias mmammarima nson de ahyɛdeɛ yi maa wɔn sɛ: Me ba, fa wo mma

4 na ka wo ho kɔ Media, na megye asɛm a Nahum ka faa Ninewe ho di, sɛ nnoɔma yeinom nyinaa bɛba mu, na aba Asiria ne Ninewe so mpofirim. Nokorɛ, nsɛm a Israel adiyifoɔ a Onyankopɔn somaa wɔn no kaeɛ nyinaa bɛba mu. Nsɛm yi mu biara nni hɔ a ɛremma mu, nanso ɛberɛ a wɔahyɛ ato hɔ no na ɛbɛba mu. Ɛno nti Media bɛnya asomdwoeɛ asene Asiria ne Babel. Ɛfiri sɛ menim sɛ asɛm biara a Onyankopɔn aka no bɛsi na ɛbɛba mu; nkɔmhyɛ no mu asɛmfua baako mpo nni hɔ a ɛremma mu. Wɔbɛbɔ yɛn nkurɔfoɔ, nnipa a wɔtete Israel asase soɔ nyinaa ahwete na wɔafa wɔn dommum afiri asase pa no so; na Israel asase nyinaa bɛdane amamfo, Samaria ne Yerusalem mpo bɛdane amamfo. Na wɔbɛhye Onyankopɔn asɔrefie dwerɛbee, na ɛbɛdane amamfo ɛberɛ kakra bi.

5 Nanso Onyankopɔn bɛsane ahu wɔn mmɔbɔ bio, na ɔde wɔn asan aba Israel asase so; na wɔbɛsan asi Onyankopɔn asɔrefie no bio, mmom ɛnyɛ sɛ akane deɛ no kɔsi sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛwie duru. Yei akyi no, wɔbɛsan afiri faako a wɔfaa wɔn kɔɔ nnommum no, na wɔaba abɛsi Yerusalem fɛfɛɛfɛ; na emu na wɔbɛsi Onyankopɔn asɔrefie no bio, sɛdeɛ adiyifoɔ no aka afa ho no.

6 Na amanaman a wɔwɔ wiase nyinaa bɛsakyera na wɔabɛsom Onyankopɔn wɔ nokorɛ mu. Wɔn nyinaa bɛdane wɔn ahoni a ɛdaadaa wɔn de wɔn kɔɔ mfomsoɔ mu no agya;

7 na tenenee mu na wɔbɛyi mmerɛ santen Nyankopɔn no ayɛ. Na wɔbɛboaboa Israelfoɔ a wɔagye wɔn ɛberɛ no mu, na wɔdwene Onyankopɔn ho no ano; wɔbɛkɔ Yerusalem na wɔatena ase dwoodwoo daa wɔ Abraham asase so, na wɔde bɛma wɔn. Na wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nokorɛ mu no bɛdi ahurisie, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne na wɔbu ntɛnkyea no bɛyera afiri asase no nyinaa so.

8-9 Enti afei, me mma, mehyɛ mo sɛ monsom Onyankopɔn nokorɛ mu na monyɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so. Monhyɛ mo mma nso sɛ wɔnyɛ deɛ ɛtene na wɔnkyɛ mmɔborɔfoɔ adeɛ, na wɔnnwene Onyankopɔn ho na wɔmfa wɔn ahoɔden nyinaa nhyira ne din no ɛmmerɛ nyinaa wɔ nokorɛ mu. Enti, me ba, firi Ninewe; nka ha.

10 Na ɛda biara a wobɛsie wo na wɔ me nkyɛn no, mma adeɛ nkye wo wɔ kuro no mu. Na mahunu sɛ amumuyɛ pii wɔ mu, na nnaadaa pii kɔ so wɔ mu berɛ a emu nnipa ani nwu ho. Me ba, hwɛ deɛ Nadab yɛɛ Ahikar a ɔtetee no no. Ɛberɛ a na ɔte aseɛ no, ɛnyɛ ɔno na ɔde no baa asase soɔ no? Ɛfiri sɛ Onyankopɔn tuaa ne ka wɔ n’anim wɔ saa aniwudeɛ a ɔyɛeɛ no ho. Ahikar baa hann no mu, nanso Nadab deɛ ɔkɔɔ daa esum mu, ɛfiri sɛ ɔpɛɛ sɛ anka ɔkum Ahikar. Ɛsiane sɛ Ahikar kyɛ mmɔborɔfoɔ adeɛ nti no, ɔkwatii fidie bɔne a na Nadab asum no no, na Nadab no ara tɔɔ fidie no mu, na wɔsɛee no.

11 Ɛno nti, me mma, monhwɛ adeɛ a ayɛyɛdeɛ tumi yɛ, ne deɛ ntɛnkyea yɛ, ɛde owuo na ɛba! Afei deɛ, merewu.

Tobit ne Anna wuo

Afei wɔde no too ne mpa so, na ɔwui; na wɔyɛɛ no aberempɔn ayie.

12 Na ɛberɛ a Tobias ne na wuiɛ no, Tobias siee no wɔ n’agya nkyɛn. Ɛnna afei, Tobias ne ne yere ne ne mma san baa Ekbatana, faako a n’ase barima Raguel teɛ hɔ.

13 Ɔde obuo kɛseɛ hwɛɛ ne nsenom wɔ wɔn mpanin mfeɛ mu, na ɔsiee wɔn wɔ Ekbatana a ɛwɔ Media no. Na ɔdii agyapadeɛ a na Raguel ne n’agya Tobit wɔ no nyinaa so.

14 Ɔwui wɔ animuonyam kɛseɛ mu, ɛberɛ a na wadi mfeɛ ɔha ne dunson.

15 Mmom ansa na ɔrewuo no, ɔtee Ninewe sɛeɛ, na ɔhunuu nneduafoɔ a wɔde wɔn baa Media, wɔn a Ɔhene Siakares a ɔfiri Media no afa wɔn dommum. Tobias yii Onyankopɔn ayɛ wɔ deɛ na wayɛ ama Ninewe ne Asiria no ho; ansa na ɔrewuo no, n’ani gyee wɔ Ninewe ho, na ɔhyiraa Awurade Nyankopɔn daa daa. Amen.

Adiyisɛm 1

Nhyɛnmu ne nkyea

1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

2 a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ.

3 Nhyira ne deɛ ɔkenkan ne wɔn a wɔtie adiyie nsɛm no, na wɔde deɛ wɔatwerɛ wɔ mu no sie; na ɛberɛ no abɛn.

4 Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,

5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,

6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.

7 Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba,

na aniwa nyinaa bɛhu no,

ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no,

na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena.

Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.

8 Awurade se:Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.

Kristo ho anisoadehunu

9 Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.

10 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto

11 sɛ:Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.

12 Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson,

13 na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.

14 Na ne tiri ne ne nwi hoa sɛ odwanten ho nwi fitaa, sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ ogyaframa,

15 na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne,

16 na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.

17 Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ:Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,

18 ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.

19 Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:

20 Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.

Adiyisɛm 2

Efeso nwoma

1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:

2 Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.

4 Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ, woagya wo kane dɔ no.

5 Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.

6 Nanso yei na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifoɔ nnwuma a me nso metan no.

7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.

Smirna nwoma

8 Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:

9 Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.

10 Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.

11 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.

Pergamo nwoma

12 Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ:

13 Menim faako woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.

14 Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no.

15 Saa ara nso na wowɔ wɔn a wɔkura Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ no mu.

16 Enti sakyera w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anomu afena ne wɔn ako.

17 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.

Tiatira nwoma

18 Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:

19 Menim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidie ne wo som ne wo boasetɔ no ne sɛ wo nnwuma a ɛdi akyire sene deɛ ɛdi kan no.

20 Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbaa Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ adwaman na wɔnni nam a wɔakum ama abosom.

21 Na mama no berɛ sɛ ɔmfa nsakyera n’adwene mfiri n’adwamammɔ mu, na wansakyera.

22 Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.

23 Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.

24 Na mese mo a moaka Tiatira no, dodoɔ a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wɔnhunuu Satan bunu mu, sɛdeɛ wɔka no no, sɛ: Merensoa mo adesoa foforɔ.

25 Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.

26 Na deɛ ɔdi nkonim ne deɛ ɔkura me nnwuma mu kɔsi awieeɛ no,

mɛma no amanaman so tumi,

27 na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn,

na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ nkukuo,

28 sɛdeɛ me nso menyaeɛ wɔ m’Agya nsa mu no; na mɛma no adekyeeɛ nsoromma no.

29 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.