Gyenesis 11

Babel abantenten no

1 Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ.

2 Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ.

4 Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

5 Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.

6 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

7 Wiɛ, momma yɛnsiane nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.

8 Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.

9 Enti na wɔfrɛ hɔ Babel,ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.

Sem awoɔ ntoatoasoɔ

10 Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu.

11 Na Sem woo Arfaksad no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

12 Na Arfaksad dii mfirinhyia aduasa nnum na ɔwoo Sela.

13 Na ɔwoo Sela no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

14 Na Sela dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Eber.

15 Na Sela woo Eber no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

16 Na Eber dii mfirinhyia aduasa nnan na ɔwoo Peleg.

17 Na ɔwoo Peleg no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan aduasa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

18 Na Peleg dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Reu.

19 Peleg woo Reu no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

20 Na Reu dii mfirinhyia aduasa mmienu na ɔwoo Serug.

21 Na Reu woo Serug no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nson, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

22 Na Serug dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Nahor.

23 Na Serug woo Nahor no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

24 Na Nahor dii mfirinhyia aduonu nkron na ɔwoo Tera.

25 Na Nahor woo Tera no akyiri no, ɔdii mfeɛ ɔha ne dunkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

26 Na Tera dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Abram agya Tera awoɔ ntoatoasoɔ

27 Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.

28 Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.

29 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.

30 Na Sarai yɛ obonini, na ɔnni ba.

31 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32 Na Tera nna yɛ mfeɛ ahanu ne nnum, na Tera wuu wɔ Haran.

Gyenesis 12

Onyankopɔn frɛ Abram

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.

3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.

4 Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum.

5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.

6 Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so.

7 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.

8 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.

9 Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb.

Abram kɔ Misraim

10 Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so.

11 Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,

12 na sɛ Misraimfoɔ hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere nie, na wɔaku me, na wɔama woatena ase.

13 Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.

14 Na Abram duruu Misraim no, Misraimfoɔ hunuu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ.

15 Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie.

16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma.

17 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie.

18 Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ?

19 Adɛn nti na wose: Ɔyɛ me nua? Anka meremfa no nware no; na afei, hwɛ wo yere nie, fa no na kɔ wo kwan.

20 Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan.

Gyenesis 13

Abram ne Lot di ntetemu

1 Na Abram ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, firii Misraim baa Negeb.

2 Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.

3 Na ɔdii atutena firi Negeb kɔduruu Betel, deɛ akane na ne ntomadan sie no, wɔ Betel ne Ai ntam,

4 deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.

5 Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nnwan ne anantwie ne ntomadan.

6 Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, ɛfiri sɛ wɔn ahodeɛ dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.

7 Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.

8 Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.

9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho firi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.

10 Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

11 Na Lot yii Yordan kanko no nyinaa, na ɔtu faa apueeɛ fam; na anuanom no dii mpaapaemu.

12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.

13 Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.

Abram kɔtena Hebron

14 Na Lot tee ne ho firii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w’ani so, na firi deɛ wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafoɔ fam, apueeɛ ne atɔeɛ.

15 Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.

16 Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.

17 Sɔre, fa asase no tentene ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede bɛma woɔ.

18 Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.

Gyenesis 14

Ahemfo kɔko gye Lot

1 Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal berɛ so no,

2 wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako.

3 Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno ne Nkyene Po no).

4 Mfirinhyia dummienu na wɔsomm Kedorlaomer, na afe a ɛtɔ so dummiɛnsa no, wɔtee atua.

5 Na afe a ɛtɔ so dunan mu no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔkeka ne ho no bɛkum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifoɔ wɔ Ham, ne Emifoɔ Kiriataim mpaperɛ so,

6 ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no.

7 Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.

8 Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela (a ɛne Soar) ahemfo firi bae.

9 Na wɔne Elam hene Kedorlaomer, Goiim hene Tideal, Sinear hene Amrafel ne Elasar hene Ariok de bɛbɔɔ ani wɔ Sidim bonhwa mu, ahemfo baanan a wɔreko atia baanum.

10 Na Sidim bonhwa mu yɛ ama amena ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo dwanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no dwane kɔɔ bepɔ so.

11 Na wɔfaa Sodom ne Gomora nnoɔma ne wɔn nnuane nyinaa de sii mu kɔe.

12 Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe.

13 Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.

Abram gye Lot

14 Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua ba dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fie ahasa ne dunwɔtwe tuu ɔsa tii wɔn kɔduruu Dan.

15 Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no.

16 Na ɔde nnoɔma no nyinaa ne ne nua ba Lot ne ne nnoɔma ne mmaa no nso ne nkurɔfoɔ no sane bae.

Melkisedek hyira Abram

17 Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu.

18 Na Salem hene Melkisedek de paanoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ.

19 Na ɔhyiraa no sɛ:

Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no

nhyira nka Abram.

20 Na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn

a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.

Na Abram maa no nnoɔma no nyinaa mu ntotosoɔ du du.

21 Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahodeɛ no.

22 Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,

23 sɛ ɛfiri asaawa so de kɔsi mpaboa homa soɔ, meremfa biribiara a ɛyɛ wo deɛ, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;

24 gye deɛ mmeranteɛ no adie no nko, ne mmarima a wɔne me kɔeɛ no, Aner, Eskol ne Mamre nya wɔn kyɛfa.

Gyenesis 15

Onyankopɔn de ɔba hyɛ Abram bɔ

1 Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.

2 Na Abram bisaa sɛ: Awurade NYANKOPƆN, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?

3 Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛdi m’adeɛ.

4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔbɛdi w’adeɛ, na deɛ ɔbɛfiri wo ara w’asene mu na ɔbɛdi w’adeɛ.

5 Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.

6 Na Abram gyee AWURADE diiɛ, na ɔbuu yei sɛ tenenee maa no.

7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ.

8 Na ɔbisaa sɛ: Awurade NYANKOPƆN, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya?

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.

10 Na ɔde yei nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu.

11 Na nnomaa a wɔdi nam bɛsisii mmoa afunu no so, na Abram pamm wɔn.

12 Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu sum kabii duruu no.

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.

14 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ.

15 Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu.

16 Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.

17 Na owia tɔeɛ na esum kusuu duruiɛ no, hwɛ, biribi a ɛte sɛ gyaframa a ɛrefiri wisie ne tɛnee a ɛredɛre bɛfaa afaafa no ntam.

18 Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:

19 Kenifoɔ, Kenisifoɔ, Kadmonifoɔ,

20 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ,

21 Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ.

Gyenesis 16

Hagar ne Ismael

1 Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.

5 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.

7 Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.

8 Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.

9 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.

10 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.

11 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ:

Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ɔba,

# na wobɛto ne din Ismael,

sɛ AWURADE ate w’amanehunu.

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu.

Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa,

na nnipa nyinaa nsa atia no,

na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

13 Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi,na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa?

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi,na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

15 Na Hagar woo ɔba maa Abram. Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no no Ismael.

16 Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

Gyenesis 18

Isak awoɔ ho bɔhyɛ

1 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee.

2 Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase

3 kaa sɛ: Me wura, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nkɔ.

4 Ma wɔnkɔsa nsuo kakraa bi mmra, na monhohoro mo nan ase, na monhome dua yi ase.

5 Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.

6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.

7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.

8 Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.

9 Na wɔbisaa Abraham sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ɔse: Hwɛ, ɔwɔ ntomadan mu.

10 Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano.

11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyininyini a wɔadi mfirinhyia pii, na deɛ ɛyɛ mmaa no to atwa wɔ Sara ho.

12 Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ?

13 Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Adɛn nti na Sara seree sɛ: Ampaneampa ara manyini yi mɛwo ɔba?

14 Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.

15 Na Sara sanee sɛ: Menseree, ɛfiri sɛ na ɔsuro. Na ɔse: Dabi, woasere.

Abraham di ma Sodomfoɔ

16 Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

17 Na AWURADE kaa sɛ: Memfa deɛ merebɛyɛ yi mensie Abraham anaa?

18 Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.

19 Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Sodom ne Gomora so nteamu so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti,

21 meresiane makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛdeɛ nteamu a ɛduru me nkyɛn no teɛ no a; na sɛ ɛnte saa, mahunu.

22 Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.

23 Na Abraham twe bɛn bisaa sɛ: Wobɛpra ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ abom agu anaa?

24 Sɛ ebia sɛsɛɛ ateneneefoɔ aduonum wɔ kuro no mu a, anka wobɛpra wɔn agu a ateneneefoɔ aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa kuro no ho nkyɛ wɔn anaa?

25 Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?

26 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛ mehunu ateneneefoɔ aduonum Sodom kuro mu a, wɔn nti mede kuro no nyinaa ho bɛkyɛ wɔn.

27 Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:

28 Sɛ ebia ateneneefoɔ aduonum no so te enum a; anka enum nti wobɛsɛe kuro no nyinaa anaa? Na ɔse: Sɛ mehunu aduanan nnum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.

29 Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wɔbɛhunu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buaa sɛ: Aduanan no nti merenyɛ.

30 Ɛnna ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na ma menkasa: Ebia wɔbɛhunu aduasa wɔ hɔ. Na ɔse: Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ.

31 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wɔbɛhunu aduonu wɔ hɔ. Na ɔse: Aduonu no nti merensɛe hɔ.

32 Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.

33 Na AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔe, na Abraham sane baa ne fie.

Gyenesis 19

Sodom nneyɛɛ bɔne

1 Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:

2 Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so.

3 Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.

4 Na wɔnnya nkɔdaeɛ no, Sodom kurom hɔfoɔ bɛtwaa ɛdan no ho hyiae, ɛfiri mmɔfra so kɔsi mpanimfoɔ so, ɔman mu no nyinaa.

5 Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nna.

6 Na Lot firi kɔɔ wɔn nkyɛn ɛpono ano, na ɔtoo ɛpono no mu wɔ n’akyi.

7 Na ɔkaa sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa!

8 Hwɛ, mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu ɔbarima, momma memfa wɔn mfiri mmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ na mmarima yi nko deɛ, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ aseɛ yi.

9 Na wɔkaa sɛ: Twe wo ho firi hɔ! Na wɔse: Saa onipa yi ba bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛne wɔn. Na wɔhyɛɛ ɔbarima Lot so denden twe baa sɛ wɔbɛbubu ɛpono no.

10 Na mmarima no tenee wɔn nsa twee Lot baa wɔn nkyɛn wɔ ɛdan no mu, na wɔtoo ɛpono no mu.

11 Na nnipa a wɔgyina ɛpono ano no deɛ, wɔfirafiraa wɔn ani firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, na wɔhwehwɛɛ ɛpono ano kwan brɛe.

Lot tu firi Sodom

12 Na mmarima no ka kyerɛɛ Lot sɛ: Wowɔ obi wɔ ha ka wo ho? Aseɛ anaa mmammarima anaa mmammaa anaa biribiara a wowɔ wɔ kuro yi mu, yi wɔn firi ha,

13 na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ wɔn nnebɔne ayɛ kɛse AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha.

14 Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.

15 Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu.

16 Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no sosɔɔ ɔno ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, na wɔde no firii adi gyaa no kuro no akyi ɛfiri sɛ AWURADE huu no mmɔbɔ.

17 Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.

18 Na Lot ka kyerɛɛ no sɛ: O, me wura, nnyɛ saa.

19 Hwɛ, w’akoa anya w’anim adom, na woama w’adɔeɛ a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa nanso merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, na mmusuo no ammɛto me, na manwu.

20 Hwɛ, kuro yi na ɛbɛn sɛ wɔdwane kɔ hɔ, ɛhɔ sua. Ma mennwane nkɔ hɔ ɛ! Ɛnsua anaa? Na me kra anya nkwa.

21 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutu kuro a woaka ho asɛm yi.

22 Yɛ ntɛm dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ merentumi nyɛ hwee gye sɛ woakɔduru hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kuro no din sɛ: Soar.

Sodom ne Gomora sɛeɛ

23 Na Lot duruu Soar no, na owia apue asase so.

24 Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.

25 Na ɔbutuu nkuro no ne kanko no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkuro no mu nyinaa ne deɛ afifiri asase no soɔ.

26 Na Lot yere no deɛ, ɔhwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie.

27 Na Abraham tuaa ahema kɔɔ faako a na ɔgyina AWURADE anim hɔ no.

28 Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie.

29 Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu.

Moabfoɔ ne Amonfoɔ ahyɛaseɛ

30 Na Lot firii Soar kɔtenaa bepɔ no so, ɔne ne mmammaa baanu no, ɛfiri sɛ ɔsuroo Soar tena, na ɔne wɔn kɔtenaa ɔbodan bi mu.

31 Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyini, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛdeɛ asase sofoɔ nyinaa amanneɛ teɛ.

32 Bra, na yɛmma yɛn agya nsa nnom, na yɛne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma.

33 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no, na abakan no kɔɔ mu ne n’agya kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu.

34 Na adeɛ kyeeɛ no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m’agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma.

35 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu.

36 Na Lot mma maa baanu no nyinaa nyinsɛn wɔn agya ho.

37 Na abakan no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfoɔ agya de bɛsi nnɛ.

38 Na akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-ami; ɔne Amon mma agya de bɛsi nnɛ.

Gyenesis 20

Abraham ne Abimelek

1 Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso.

2 Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara.

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

4 Nso na Abimelek nnya mfaa ne ho nkaa no. Na ɔkaa sɛ: AWURADE, wobɛkum ɔman tenenee nso?

5 Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei.

6 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no daeɛ mu sɛ: Me nso menim sɛ w’akomam kann na wode yɛɛ yei, na me nso mesɔɔ wo mu, na woanyɛ bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no.

7 Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa.

8 Na Abimelek sɔree anɔpatutu frɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa guu wɔn aso mu, na nnipa no suroo pii.

9 Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ woɔ, na wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie soɔ? Adeɛ a wɔnyɛ na woayɛ me yi.

10 Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Ɛdeɛn na wohunuiɛ na wodii saa asɛm yi?

11 Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.

12 Nanso ɛwom ampa sɛ ɔyɛ me nua; m’agya ba ne no, na ɛnyɛ me na ba a; na wayɛ me yere.

13 Na Onyankopɔn maa mefirii m’agya fie mebɛkyiniiɛ no, mesee ɔbaa no sɛ: W’adɔeɛ a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yɛbɛduro no, ka no me ho sɛ: Ɔyɛ me nua.

14 Ɛnna Abimelek faa nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa de maa Abraham, na ɔdanee ne yere Sara maa no.

15 Na Abimelek kaa sɛ: Hwɛ, m’asase na ɛda w’anim yi, baabiara a ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no, tena.

16 Na Sara deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbena apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de bɛhunu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim.

17 Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yadeɛ maa wɔwowoe.

18 Ɛsiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fiefoɔ mmaa nyinaa yafunu mu.

Gyenesis 21

Isak awoɔ

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu.

3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

4 Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.

5 Na Abraham adi mfirinhyia ɔha berɛ a wɔwoo ne ba Isak maa no no.

6 Na Sara kaa sɛ: Onyankopɔn ama me sereɛ, obiara a ɔbɛteɛ no bɛsere ama me.

7 Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.

8 Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.

Wɔpamo Hagar ne Ismael

9 Na Sara hunuu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw.

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ.

11 Na ne ba no nti, asɛm no yɛɛ Abraham ya yie.

12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

13 Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-sebaserɛ so.

15 Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase.

16 Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.

17 Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.

18 Sɔre ma abarimaa no so, na fa wo nsa sɔ ne mu; na mɛyɛ no ɔman kɛseɛ.

19 Na Onyankopɔn buee n’ani, na ɔhunuu subura bi, na ɔkɔ kɔsaa bi hyɛɛ nsuo kotokuo no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.

20 Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na ɔnyinii, na ɔtenaa ɛserɛ so hɔ yɛɛ agyantoni.

21 Na ɔtenaa Paran serɛ so; na ne na kɔwaree yerɛ firi Misraim asase so brɛɛ no.

Abimelek ne Abraham apam

22 Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.

23 Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi.

24 Na Abraham kaa sɛ: Mɛka ntam no.

25 Na asubura bi a Abimelek nkoa nam aniɛden so gyeeɛ no nti, Abraham kaa Abimelek anim.

26 Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.

27 Na Abraham de nnwan ne anantwie maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.

28 Na Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson gyinaa fa.

29 Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson a woyii wɔn gyinaa fa yi aseɛ ne sɛn?

30 Na ɔkaa sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson yi, gye wɔ me nsam, na ɛnyɛ me adanseɛ sɛ me na metuu abura yi.

31 Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.

32 Na wɔpamee wɔ Beer-seba; na Abimelek ne ne safohene Pikol sɔree, na wɔsane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

33 Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.

34 Na Abraham yɛɛ ɔhɔhoɔ Filistifoɔ asase so nna pii.