Deuteronomium 27

Wɔntwerɛ mmara no ngu aboɔpono so

1 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.

2 Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho,

3 na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4 Na mo Yordan twa mu no momfa aboɔ yi a merehyɛ mo nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔ so, na fa akaadoo sra ho.

5 Na si hɔ afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, aboɔ afɔrebukyia, mma dadeɛ so wɔ so;

6 aboɔ amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia, na bɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wo Nyankopɔn;

7 na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.

8 Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so, fa kurukyire mu yie.

9 Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;

10 enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.

Ebal bepɔ so nnome

11 Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:

12 Motwa Yordan a, yeinom na ɛnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin;

13 na yeinom nnyina Ebal bepɔ so nnome: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali.

14 Na Lewifoɔ mfiri aseɛ mfa nne kɛseɛ nka nkyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ:

15 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.

16 Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

17 Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

18 Nnome nka deɛ ɔma onifirani fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

19 Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

20 Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

21 Nnome nka deɛ ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

22 Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

23 Nnome nka deɛ ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

24 Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

25 Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

26 Nnome nka deɛ ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

Deuteronomium 28

Ɔsetie ho nhyira

1 Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so;

2 na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, ɛfiri sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne.

3 Nhyira bɛka wo wɔ kuro mu, na nhyira aka wo wɔ afuo mu.

4 Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.

5 Nhyira bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.

6 Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifire mu.

7 AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre tia woɔ adi nkoguo w’anim; wɔnam ɔkwan koro so bɛfiri abɛhyia wo, na wɔnam akwan nson so adwane w’anim.

8 AWURADE bɛhyɛ nhyira ama no aba wo so wɔ w’asan so ne adeɛ a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na ɔbɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

9 Sɛ wodi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonante n’akwan so a, AWURADE de wo bɛgyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛdeɛ waka wo ntam no.

10 Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo.

11 Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so wɔ wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.

12 AWURADE bɛbue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so osuo ne berɛ mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo deɛ, woremfɛm obi hɔ biribi.

13 Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da;

14 Ne saa nti, mmane mfiri nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn.

Asoɔden ho nnome

15 Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.

16 Nnome bɛka wo, kuro mu, na nnome aka wo, wiram.

17 Nnome bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.

18 Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.

19 Nnome bɛka wo, wo fieba mu, na nnome bɛka wo w’adifire mu.

20 AWURADE bɛma nnome, benabɔ ne adapaabɔ aba wo so deɛ wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akɔsi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwɛre woɔ, na woasɛe ntɛm, ɛfiri sɛ woagya me.

21 AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akɔsi sɛ ɔbɛwie wo hyeɛ afiri asase a worekɔ so akɔfa no soɔ.

22 AWURADE de ɛfɔn,ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.

23 Na ɔsoro bɛyɛ sɛ kɔbere mfrafraeɛ ama wo, na asase ayɛ sɛ dadeɛ ama wo.

24 Na AWURADE bɛma mfuturo ne nso atɔ sɛ osuo ama no agu w’asase so de akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

25 AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.

26 Na wo funu bɛyɛ ewiem nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renka wɔn.

27 AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.

28 AWURADE de adammɔ ne anifira ne akoma mu ahodwirie bɛbɔ wo.

29 Na wobɛkeka awia ketee sɛdeɛ onifirani keka sum mu, na w’akwan renwie wo yie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afom wo afa daa nyinaa, na obiara rennye wo.

30 Wobɛgye ɔbaa aware, na obi ne no ada; wobɛsi dan, na worentena mu; wobɛtɛ bobeturo, na worente ɛso aba.

31 Wɔbɛkum wo nantwie w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afunumu w’anim, na wɔrennane mma wo; wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na worennya ɔgyefoɔ.

32 Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam.

33 W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;

34 na w’ani so adeɛ a wobɛhunu no bɛbɔ wo dam.

35 AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.

36 AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ.

37 Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.

38 Wode aba pii bɛfiri akɔ afuom, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛdi.

39 Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi.

40 Wobɛnya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo deɛ, worensra bi, ɛfiri sɛ wo ngodua no bɛpore agu.

41 Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.

42 Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛ bɛfa.

43 Ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛne wo ara, na wo deɛ, wobɛsiane aba famfamfam;

44 ɔno deɛ, ɔbɛfɛm wo adeɛ, na wo deɛ, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛkɔ kan, na wo deɛ, woaka akyire.

45 Na nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ woɔ no soɔ.

46 Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa.

47 Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti,

48 wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.

49 AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,

50 ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akɔkoraa anim na aberanteɛ nyɛ wɔn mmɔbɔ.

51 Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

52 Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu akɔsi sɛ w’afasuo atentene a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no bɛdwiri aguo, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no nyinaa so.

53 Na wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mma mmaa a AWURADE wo Nyankopɔn ama woɔ no nam, ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ no mu.

54 Ɔbarima a ɔdwoɔ na ɔwɔ tema wɔ wo mu bɛnya ne nua ne ne kokom yerɛ ne ne mma nkaeɛ a wama no aka no ho anibɔne,

55 sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu.

56 Wo mu ɔbaa nso a ɔdwoɔ na ahodɔ ne mmerɛyɛ nti ɔnsɔ nhwɛɛ pɛn sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no bɛnya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babaa ho anibɔne,

57 na ɔbɛdi ne mma a wawo wɔn ne akyiriadeɛ wɔ kokoam, ɛsiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo soɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no nti.

58 Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,

59 ɛnneɛ AWURADE bɛma wo haw ne w’asefoɔ haw ayɛ nwanwa, ɔhaw akɛseɛ a ɛkyɛreɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛreɛ;

60 na ɔde Misraim nyarewa a wosuro no nyinaa no bɛba wo so, na abɛfemfam wo ho;

61 nso yadeɛ biara ne ɔhaw biara a wɔntwerɛɛ no mmara yi nwoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

62 Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kane no na mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne.

63 Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.

64 Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;

65 na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ samoo ne ɔkra a ɛkusa;

66 na wo nkwa bɛsɛne w’anim ahinhim, na wobɛsuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni.

67 Na w’akoma mu suro a wobɛsuro ne w’ani so adeɛ a wobɛhunu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anwummerɛ ɛ, na anwummerɛ nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ!

68 Na AWURADE de wo bɛsane afa ahyɛn mu akɔ Misraim wɔ ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhunu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfoɔ sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo mpo.

Deuteronomium 29

AWURADE apam

1 Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho.

2 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,

3 nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.

4 Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.

5 Na mama moanante ɛserɛ so mfirinhyia aduanan; mo ntoma nsuu mo ho, na wo mpaboa ntetee wo nan ase;

6 moanni paanoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

7 Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn;

8 na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so.

9 Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie.

10 Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa;

11 mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ,

12 sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,

13 sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Nyankopɔn, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ ne sɛdeɛ ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam no.

14 Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam yi na meredi nseɛ yi,

15 na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.

16 Na mo ara monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim asase soɔ, ne sɛdeɛ yɛtwaa amanaman a mofaa wɔn mu baeɛ no mu;

17 na mohunuu wɔn akyiwadeɛ ne wɔn nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no;

18 na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;

19 na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.

20 AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.

21 Na AWURADE bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ama bɔne, sɛdeɛ apam a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no mu nseɛ no nyinaa teɛ.

22 Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ,

23 sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,

24 na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?

25 Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,

26 na wɔakɔ akɔsom anyame foforɔ na wɔasɔre wɔn, anyame a wɔnni wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn.

27 Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so;

28 enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

29 Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.

Deuteronomium 30

1 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2 na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4 Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.

5 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a wo nananom dii soɔ no so, na woadi so, na wayɛ wo yie, na wama woadɔre akyɛne wo nananom.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so.

8 Na wo deɛ, wobɛsane abɛtie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yie ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho bio, ama woadi yie sɛdeɛ n’ani gyee wo nananom ho no;

10 sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11 Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyɛ den mma wo, nanso ɛnni akyirikyiri;

12 ɛnni ɔsoro na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13 Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14 Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anomu ne w’akoma mu sɛ di so.

15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim,

16 na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.

17 Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a,

18 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so.

19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase medi mo adanseɛ, sɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefoɔ nnya nkwa,

20 na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

Deuteronomium 31

Yosua si Mose ananmu

1 Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.

3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no.

4 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.

5 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ.

6 Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo.

7 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8 Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu.

Wɔnkenkan mmara no mfeɛ nson biara

9 Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.

10 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu

11 a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu.

12 Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:

13 Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa.

AWURADE ka Israel asoɔden ho asɛm

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.

15 Na AWURADE de mununkum dum bɛyii ne ho adi ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.

17 Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?

18 Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta.

19 Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu.

20 Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.

21 Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.

22 Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23 Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi.

Mose de mmara no hyɛ Lewifoɔ nsa

24 Na Mose twerɛɛ mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nwoma mu wiee koraa no,

25 ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:

26 Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ.

27 Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!

28 Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ.

29 Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.

30 Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel badwa no nyinaa aso mu de kɔsii sɛ ɔwieeɛ.

Deuteronomium 32

Mose dwom no

1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa,

na asase ntie m’anomu nsɛm!

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo,

na me kasa ngu sɛ obosuo,

sɛ wira so mfetema

ne nhahan so hasuo.

3 Na AWURADE din na mɛbɔ.

Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn.

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,

na n’akwan nyinaa yɛ tenenee;

ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu;

ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

5 Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma,

awoɔ ntoatoasoɔ kontonkye a wɔakyea.

6 AWURADE na motua no ka seyie yi?

Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire!

Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ?

Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.

7 Kae tete nteredee nna,

hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ;

bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo,

wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman,

ɔpaepaee Adam mma mu no,

ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ

sɛ Israelfoɔ ano sie.

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man,

Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

10 Ɔhunuu no anwea pradada asase so

ne nkyɛkyerɛ so,

ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae,

ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo

na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no,

ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no,

ɔsoaa no ne ntakra so.

12 AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan,

na anyame foforɔ biara anka ne ho.

13 Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe,

na ɔdii asase so nnɔbaeɛ;

na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu,

ne ngo firii abohemmaa mu,

14 anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo,

nnwammuruwa sradeɛ,

ne Basan adwennini mpapo deɛ,

ne ayuo sawa mu sradeɛ,

na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.

15 Na Yesurumdɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie;

woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru;

na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,

na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.

16 Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu,

wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a wɔnni wɔn,

afoforɔ a ɛbaa akyire yi

na wɔn nananom amfɛre wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho,

na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.

19 Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti

AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,

20 na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn,

mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie,

na awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi ne wɔn,

mma a nokorɛ nni wɔn mu.

21 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu,

wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo.

Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu,

mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.

22 Na ogya asɔ m’abufuo mu,

na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ,

na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ,

na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.

23 Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so,

mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.

24 Ɛkɔm bɛfɔn wɔn,

na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya

bɛmene wɔn;

na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,

ne mfuturo mu awɔ borɔ.

25 Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so,

na ehu aku wɔn mpia mu,

aberanteɛ ne ababaa,

akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.

26 Anka mese: Mɛhu wɔn agu,

mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,

27 sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a,

na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani,

na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim

na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.

28 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn,

na nhunumu bi nni wɔn mu.

29 Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase,

na wɔahunu wɔn awiekyire.

30 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn

na AWURADE ayi wɔn ama a,

anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem,

na baanu ama mpemdu adwane?

31 Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,

na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.

32 Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire,

ɛne Gomora mfofowa so;

wɔn aba yɛ ɛborɔ aba,

wɔso esia esia a ɛyɛ nwono;

33 wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ

ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.

34 Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn,

na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?

35 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me,

ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no.

Na wɔn dwɛreɛ da abɛn,

na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 Na AWURADE bɛbu ne man atɛn,

na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ,

berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa,

na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.

37 Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,

ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?

38 Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ,

na wɔnom wɔn ahwiesa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,

ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.

39 Afei monhunu sɛ me ara mene no,

na onyame biara nka me ho.

Me na mekum, na mema nkwa,

mepira, na mesa,

na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.

40 Na mema me nsa so mekɔ soro,

na mese: Sɛ mete ase daa yi!

41 Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no

na me nsa sɔ atemmuo mu a,

mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were,

na matua m’atamfoɔ ka.

42 Mɛma m’agyan aboro mogya,

na me nkrantɛ adi nam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.

43 Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese,

ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were,

na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka,

na wapata ama n’asase, ne man.

44 Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.

45 Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.

Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.

50 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no,

51 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.

52 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.

Deuteronomium 33

Mose hyira Israel

1 Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:

2 AWURADE firi Sinai bae,

na ɔpue firii Seir maa wɔn,

ɔharan firii Paran bepɔ so;

ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ,

# ogya a ɛyɛ mmarama wɔn wɔ ne nifa mu.

3 Aane, ɔdɔ ne man,

n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam.

Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase

na wɔtie w’asɛm.

4 Mmara na Mose hyɛɛ yɛn,

Yakob badwa agyapadeɛ;

5 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene,

ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ

na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.

6 Ruben nnya nkwa na ɔnnwu,

na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye.

7 Na Yuda nso deɛ nie, ɔse:

O AWURADE, tie Yuda nne,

na fa no kɔ ne man nkyɛn;

ma wo nsa nko mma no,

na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam.

8 Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ:

Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no,

deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ

na wo ne no ham Meriba asuo ho no.

9 Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ:

Menni wɔn!

Na wammu ne nuanom,

na ɔpoo ne mma.

Na wɔdi wo nsɛm so,

na wɔkora w’apam;

10 wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob,

na wɔde wo mmara akyerɛ Israel;

wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano,

na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.

11 AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so,

ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani;

bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku,

ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.

12 Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo;

ɔkata ne so daa nyinaa,

na ɔbɛtena ne mmatiri so.

13 Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE nhyira n’asase;

ɔmma no ɔsoro nnepa,

obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,

14 ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa,

ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa,

15 ne tete mmepɔ atifi

ne daapem nkokoɔ nnepa,

16 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa,

na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ;

ɔmma no mmra Yosef atifi,

ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam.

17 Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no,

na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn;

ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa

aguo akɔduru asase ano.

Na wɔn ne Efraim apedu no,

Manase mpempem ne no.

18 Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ:

Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu,

ne Isakar, wo ntomadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so,

ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ;

na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ

ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.

20 Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ:

Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu;

ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ,

ɔtete basa ne mpampam;

21 ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ,

na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa;

na ɔnam di ɔman no atitire mu,

ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ

ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.

22 Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ:

Dan yɛ gyataburuwa,

ɔhuri firi Basan.

23 Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ:

Naftali a anisɔ amee no

na AWURADE nhyira ayɛ no ma,

fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so.

24 Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ:

Ma wɔmfa mma nhyira Aser,

ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu,

na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban,

sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.

26 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn!

Ɔnam soro di boa wo,

ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.

27 Tete Nyankopɔn ne wo tenabea,

na aseɛ na daapem abasa no wɔ.

Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim,

na waka sɛ: Dwɛre wɔn.

28 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Yakob asubura no nkutoo,

ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so;

ne soro nso bɛsosɔ obosuo.

29 Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ,

ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ!

Ɔyɛ wo mmoa kyɛm,

na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ.

W’atamfo bɛwae ama wo,

na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Deuteronomium 34

Mose wuo

1 Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan,

2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho;

3 ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.

5 Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

6 Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ.

7 Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan.

8 Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee.

9 Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.

11 Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ.

12 Afei nso ɛnam Mose so na ahudeɛ akɛseɛ nyinaa da adi wɔ Israel nyinaa anim.

Numeri 1

Ɔman no kan

1 Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ:

2 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ,

3 ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, Israel mu obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa; monkan wɔn sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ,

4 na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.

5 Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur.

6 Simeon deɛ: Surisadai ba Selumiel.

7 Yuda deɛ: Aminadab ba Nahason.

8 Isakar deɛ: Suar ba Netanel.

9 Sebulon deɛ: Helon ba Eliab.

10 Yosef mma no deɛ: Efraim deɛ: Amihud ba Elisama. Manase deɛ: Pedahsur ba Gamaliel.

11 Benyamin deɛ: Gideoni ba Abidan.

12 Dan deɛ: Amisadai ba Ahieser.

13 Aser deɛ: Okran ba Pagiel.

14 Gad deɛ: Deguel ba Eliasaf.

15 Naftali deɛ: Enan ba Ahira.

16 Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.

17 Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi,

18 na wɔhyiaa asafo no nyinaa boaa ano, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan, na wɔkaa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, mmaako mmaako;

19 sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ.

20 Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

21 wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuo no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

22 Simeon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

23 wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

24 Gad mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

25 nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuo no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

26 Yuda mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

27 nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuo no yɛ mpem aduɔson nnan ne ahansia.

28 Isakar mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

29 nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum nnan ne ahanan.

30 Sebulon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

31 nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

32 Yosef mma, Efraim mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

33 nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuo no yɛ mpem aduanan ne ahanum.

34 Manase mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

35 nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuo no yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu.

36 Benyamin mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

37 nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuo no yɛ mpem aduasa nnum ne ahanan.

38 Dan mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

39 nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuo no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

40 Aser mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

41 nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuo no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

42 Naftali mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

43 nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuo no yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

44 Yeinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kaneeɛ no, mmarima dummienu a wɔtuatua wɔn mpanimfie ano mmaako mmaako no.

45 Na Israelfoɔ mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire, Israel mu ɔbarima biara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa no,

46 nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa yɛ ɔpehansia mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

47 Na Lewi mma deɛ, sɛdeɛ wɔn nananom abusuakuo teɛ no, wɔankan wɔn amfra wɔn.

Lewifoɔ no ahyɛdeɛ

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

49 Lewi abusuakuo no nko deɛ, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodoɔ ano mfra Israelfoɔ,

50 na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.

51 Sɛ wɔretu tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔnsie; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

52 Na Israelfoɔ no mmobɔ nsraban wɔn ara wɔn nsraban mu ne wɔn frankaa ho sɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ mmaako mmaako.

53 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.

54 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Numeri 2

Mmusuakuo no nsraban nhyehyɛɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Israelfoɔ no nkyere nsraban, wɔn mu biara wɔ ɔno ara ne frankaa ho, ɛne wɔn mpanimfie nsɛnkyerɛnneɛ ho; ahyiaeɛ ntomadan no ntentensoɔ na wɔnkyere nsraban no nhyia.

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

4 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduɔson nnan ne ahansia.

5 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel,

6 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum nnan ne ahanan.

7 Sebulon abusuakuo na ɛtoa soɔ. Sebulon mma no safohempanin ne Helon ba Eliab,

8 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

9 Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; wɔn na wɔntu kane.

10 Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur,

11 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

12 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Simeon abusuakuo. Simeon mma safohempanin Surisadai ba Selumiel,

13 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

14 Na Gad abusuakuo na ɛntoa soɔ. Gad mma no safohempanin ne Reuel ba Eliasaf,

15 na ne dɔm a wɔkan wɔn mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

16 Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu.

17 Afei ahyiaeɛ ntomadan no ne Lewifoɔ nsraban no ntu nni nsraban ahodoɔ no ntam. Sɛdeɛ wɔkyere nsraban no, saa ara na wɔntuo, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

18 Efraim nsraban frankaa nni atɔeɛ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Efraim mma safohempanin ne Amihud ba Elisama,

19 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduanan ahanum.

20 Na Manase abusuakuo ntoa so. Manase mma no safohempanin ne Pedahsur ba Gamaliel,

21 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa mmienu ne ahanu.

22 Na Benyamin abusuakuo no na ɛntoa soɔ. Benyamin mma no safohempanin ne Gideoni ba Abidan

23 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa nnum ne ahanan.

24 Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsraban no nyinaa yɛ nnipa mpemha ne nwɔtwe, ne ɔha sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na wɔn na wɔntɔ so mmiɛnsa ntuo.

25 Dan nsraban frankaa nni atifi fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Dan mma no safohempanin ne Amisadai ba Ahieser,

26 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

27 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Aser abusuakuo. Aser mma no safohempanin ne Okran ba Pagiel,

28 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

29 Na Naftali abusuakuo na ɛntoa soɔ. Naftali mma no safohempanin ne Enan ba Ahira,

30 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

31 Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsraban yɛ ɔpeha aduonum nson ne ahansia; wɔn na wɔnni akyire ntuo sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

32 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, nsraban ahodoɔ no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, yɛ ɔpeha nsia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

33 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

34 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔkyeree nsraban, sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ, na saa nso na wɔtuiɛ, wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ no.