Numeri 2

Mmusuakuo no nsraban nhyehyɛɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Israelfoɔ no nkyere nsraban, wɔn mu biara wɔ ɔno ara ne frankaa ho, ɛne wɔn mpanimfie nsɛnkyerɛnneɛ ho; ahyiaeɛ ntomadan no ntentensoɔ na wɔnkyere nsraban no nhyia.

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

4 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduɔson nnan ne ahansia.

5 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel,

6 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum nnan ne ahanan.

7 Sebulon abusuakuo na ɛtoa soɔ. Sebulon mma no safohempanin ne Helon ba Eliab,

8 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

9 Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; wɔn na wɔntu kane.

10 Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur,

11 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

12 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Simeon abusuakuo. Simeon mma safohempanin Surisadai ba Selumiel,

13 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

14 Na Gad abusuakuo na ɛntoa soɔ. Gad mma no safohempanin ne Reuel ba Eliasaf,

15 na ne dɔm a wɔkan wɔn mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

16 Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu.

17 Afei ahyiaeɛ ntomadan no ne Lewifoɔ nsraban no ntu nni nsraban ahodoɔ no ntam. Sɛdeɛ wɔkyere nsraban no, saa ara na wɔntuo, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

18 Efraim nsraban frankaa nni atɔeɛ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Efraim mma safohempanin ne Amihud ba Elisama,

19 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduanan ahanum.

20 Na Manase abusuakuo ntoa so. Manase mma no safohempanin ne Pedahsur ba Gamaliel,

21 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa mmienu ne ahanu.

22 Na Benyamin abusuakuo no na ɛntoa soɔ. Benyamin mma no safohempanin ne Gideoni ba Abidan

23 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa nnum ne ahanan.

24 Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsraban no nyinaa yɛ nnipa mpemha ne nwɔtwe, ne ɔha sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na wɔn na wɔntɔ so mmiɛnsa ntuo.

25 Dan nsraban frankaa nni atifi fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Dan mma no safohempanin ne Amisadai ba Ahieser,

26 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

27 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Aser abusuakuo. Aser mma no safohempanin ne Okran ba Pagiel,

28 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

29 Na Naftali abusuakuo na ɛntoa soɔ. Naftali mma no safohempanin ne Enan ba Ahira,

30 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

31 Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsraban yɛ ɔpeha aduonum nson ne ahansia; wɔn na wɔnni akyire ntuo sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

32 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, nsraban ahodoɔ no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, yɛ ɔpeha nsia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

33 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

34 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔkyeree nsraban, sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ, na saa nso na wɔtuiɛ, wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 + 17 =