Yesaia 41

Onyankopɔn di wiase so 1 Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ. 2 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, […]

Yesaia 42

AWURADE akoa no 1 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu. 2 Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so; 3 demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na […]

Yesaia 43

Onyankopɔn gye ne man na ɔma ne so 1 Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me. 2 Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, […]

Yesaia 44

Nyankopɔn honhom hwiegu 1 Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ. 2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ. 3 Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa […]

Yesaia 45

Kores yɛ Otumfoɔ no adwinnadeɛ 1 Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores, deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masanesane ahemfo abɔsoɔ, sɛ mɛbue apono n’anim, ne nkuro apono, na wɔantoto mu no: 2 Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ […]

Yesaia 46

Babel abosom ahweaseɛ 1 Belbutu, Nebokoto; akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni; wɔakyekyere mo nnesoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ. 2 Wɔbom koto butu; wɔntumi nnsi amanehunu ano; na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu. 3 Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa, mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu na masoa mo afiri awotwaa […]

Yesaia 47

Babel ahweaseɛ ho nsaadwom 1 Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio. 2 Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo. 3 […]

Yesaia 48

Ɔman akomapirimfoɔ ateatea 1 Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no. 2 Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho, na wɔtwere Israel Nyankopɔn a […]

Yesaia 49

Nyankopɔn akoa adwuma kɛseɛ no 1 Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din. 2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde […]

Yesaia 50

Onyankopɔn bɛtumi agye ne man 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na. 2 Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara […]