Nnwom 60

Nkoguo akyiri mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Susan Edut” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Wɔmfa nkyerɛkyerɛ adeɛ. Ɔtoo no berɛ a ɔne Mesopotamia ne Soba Siriafoɔ koeɛ, na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dummienu nkyene bɔn mu no. 1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho […]

Nnwom 61

Banbɔ ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid deɛ. 1 Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. 2 Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so. 3 Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim. 4 […]

Nnwom 62

Nyankopɔn mu kommyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom. 1 Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na menya nkwagyeɛ. 2 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi. 3 Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn, na mo nyinaa adwiri no sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ? […]

Nnwom 63

Nyankopɔn ho anigyina Dawid dwom. Ɔwɔ Yuda serɛ soɔ no, na ɔtoeɛ. 1 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi, asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so. 2 Saa na mehwɛɛ woɔ wɔ kronkronbea hɔ, sɛ mɛhunu […]

Nnwom 64

Onyankopɔn bu abɔnefoɔ atɛn Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Onyankopɔn, tie me nne, m’abooboo mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me hu. 2 Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho, firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho. 3 Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena, wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, […]

Nnwom 65

Onyankopɔn nhyira ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Onyankopɔn, wɔde abodwoɔ yi wo ayɛ wɔ Sion, na wo na wɔde aboadeɛ ma woɔ. 2 O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba. 3 Amumuyɛdeɛ boroo me so, wo na woakata yɛn mmarato soɔ. 4 Nhyira ne deɛ woyi no na woma […]

Nnwom 66

Nkwagyeɛ ho ayeyie dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom. 1 Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn, 2 monto dwom mma ne din animuonyam, monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ. 3 Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo. 4 Asase nyinaa bɛsɔre wo na wɔato wo dwom, […]

Nnwom 67

Nnɔbaeɛ twa ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano. 1 Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn, te w’anim kyerɛ yɛn. 2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu. 3 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ, aman nyinaa bɛyi wo ayɛ. 4 Aman ani bɛgye na wɔato […]

Nnwom 68

Nyankopɔn nkonimdifoɔ no ho ayeyie dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid sankuo dwom. 1 Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wɔkyiri no nnwane n’anim. 2 Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no; sɛ akraa nane ogya ho no, sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no. 3 Na […]

Nnwom 69

AWURADE akoa a ɔwɔ amanehunu mu Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Dawid deɛ. 1 Onyankopɔn, gye me nkwa, na nsuo aduru me kra ho. 2 Matɔ amena kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu, maduru ebunu a nsuo bu kata me soɔ mu. 3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene […]