Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ tene 1 Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu? 2 Na anka ɛdeɛn ne Nyankopɔn kyɛfa a ɛfiri soro, ne Otumfoɔ agyapadeɛ a ɛfiri sorɔnsorɔmmea? 3 Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ deɛ anaa? 4 Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na […]
Category Archives: Hiob
Hiob 32
Elihu asɛnka a ɛdi kan. Ɔkyerɛ deɛ enti a ɔkasa 1 Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni. 2 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn. 3 Na ne […]
Hiob 33
1 Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ, na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. 2 Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkyerɛma rekasa me dodom. 3 M’akomam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. 4 Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa. 5 Sɛ wobɛtumi a, yi ano kyerɛ […]
Hiob 34
Elihu kɔ so ara ka Hiob anim 1 Na Elihu toaa so sɛ: 2 Anyansafoɔ, montie me nsɛm, na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me. 3 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduane hwɛ. 4 Yɛbɛsɔ atemmuo ahwɛ afa, na yɛahunu deɛ ɛyɛ yɛn ntam. 5 Na Hiob aka sɛ: Metene, nanso […]
Hiob 35
1 Na Elihu kɔɔ so ara kaa sɛ: 2 Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ, 3 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Na mfasoɔ bɛn na mɛnya asene sɛ anka meyɛɛ bɔne? 4 Me deɛ, mede nsɛm bɛbua wo ne wo mfɛfoɔ a wɔka wo ho no. 5 […]
Hiob 36
Elihu asɛnka a ɛtwa toɔ 1 Na Elihu kɔɔ so sɛ: 2 Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn. 3 Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no. 4 Na ampa, me nsɛm nyɛ atorɔ, deɛ ɔdi mu nimdeɛ mu na […]
Hiob 37
1 Aane, yei ho na m’akoma tutuo, na ɛpopo firi n’afa. 2 Tie na montie ne nne huuyɛ, ne mmobom a ɛfiri n’anomu no. 3 Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa, na ne hann kɔduru asase anoano. 4 Aprannaa bobom di akyire, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, ɔrensianka wɔn. 5 […]
Hiob 38
AWURADE mmuaeɛ 1 Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ: 2 Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? 3 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me. 4 Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ! 5 […]
Hiob 39
Mmoadoma di Nyankopɔn nyansa ho adanseɛ 1 Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ, na aforoteɛ awoko nso, wowɛn? 2 Wokan abosome a wɔn afuru de nyini, na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa? 3 Wɔkoto wowo wɔn mma, wɔto wɔn awoɔyea twene, 4 wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram, wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn […]
Hiob 40
Hiob brɛ ne ho ase, AWURADE asɛm a ɛtɔ so mmienu. Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn 1 Na AWURADE buaa Hiob sɛ: 2 Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa? Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ! 3 Na Hiob gyee AWURADE so sɛ: 4 Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede […]