Eksodɔs 21

Nkoa ho mmara 1 Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: 2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa. 3 Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne […]

Eksodɔs 22

Ɛka tua ho mmara 1 Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu. 2 Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ; 3 na sɛ owia […]

Eksodɔs 23

Atɛntenenee ne pɛrepɛreyɛ 1 Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ. 2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani. 3 Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu. 4 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wafom kwan […]

Eksodɔs 24

Wɔsɔ Apam no ano 1 Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. 2 Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma. 3 Na Mose ba bɛkaa […]

Eksodɔs 25

Ntomadan ho afɔrebɔdeɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmɛma me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a n’akoma pɛ no nkyɛn na monnye me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. 3 Na yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a monnye no wɔn nkyɛn no: Sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, 4 bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa […]

Eksodɔs 26

Ntomadan no ho nhyehyɛɛ 1 Na tenabea no, yɛ no ntoma du … a ɛyɛ ntomanwono mu adwini. 2 Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako. 3 Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso […]

Eksodɔs 28

Asɔfoɔ Ntadeɛ 1 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnni me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 2 Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so. 3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa […]

Eksodɔs 29

Aaron ne ne Mma asɔfohyɛ hɔ nhyehyɛɛ 1 Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm, 2 ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ. 3 Na fa gu kɛntɛn baako […]