Eksodɔs 31

Wɔyi Besalel ne Oholiab sɛ wɔnsi ntomadan 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ 2 Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu din mafrɛ no, 3 na mede Nyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhunumu ne nimdeɛ ne adwinnie ahodoɔ nyinaa mu, 4 sɛ ɔmfa nnwene ho ne tirim […]

Eksodɔs 33

AWURADE hyɛ Israel sɛ wɔmfiri Bepɔ Sinai ase nkɔ 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim firi ha kɔ, wo ne ɔman a wokɔyii wɔn firi Misraim baeɛ no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no so. 2 Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, […]

Eksodɔs 34

Wɔyɛ aboɔpono no foforɔ 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so. 2 Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔ so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔ no atifi. 3 Mma obiara […]

Eksodɔs 36

Wɔde ayɛyɛdeɛ no brɛ adwumfoɔ no 1 Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no. 2 Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn […]

Eksodɔs 38

Wɔyɛ Ɔhyeɛ Afɔrebukyia no 1 Na ɔde okuo yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no, ne tentene basafa mmienu ne fa ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ basafa baako ne fa. 2 Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne mfatorɔ nnan no so, emu ara na na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ […]

Eksodɔs 39

Asɔfoɔ Ntadeɛ no yɛ 1 Na bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan no, wɔde yɛɛ ɔsom ntadeɛ a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 2 Na ɔde sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo asɔfotadeɛ […]