Agur paemuka 1 Yake ba Agur nsɛm — Anisoadehunu. Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel, Itiel ne Ukal sɛ: 2 Na meyɛ aboa a menyɛ onipa, na nhunumu a onipa wɔ no, menni bi. 3 Na mensuaa nyansa, na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ. 4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa […]
Author Archives: admin
Mmebusɛm 31
Ɔkasakyerɛ yɛ ma ɔhene 1 Masahene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de tenetene no. 2 Adɛn, me ba, na adɛn, me yafumma? Na adɛn, me bɔhyɛ ba? 3 Mfa w’ahoɔden mma mmaa, na mfa w’akwan nyɛ deɛ ɛsɛe ahemfo. 4 Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitire, sɛ wɔbɛdi nsaden akyire, […]
Nnwom 1
Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ 1 Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea, 2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na ɔdwene ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ […]
Nnwom 2
Deɛ AWURADE asra no no 1 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susu ade hunu yi? 2 Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ, 3 Momma yɛmmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛnto wɔn nhoma mfiri yɛn ho ngu. 4 Deɛ ɔte soro no […]
Nnwom 3
Ahohia berɛ mu anɔpa dwom Dawid dwom a ɔtoeɛ berɛ a ɔdwane firii ne ba Absalom anim. 1 AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii. 2 Nnipa bebree se me sɛ: Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu. # Sela 3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne […]
Nnwom 4
Nyankopɔn asomdwoeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom. 1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ. 2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn? 3 Na monhunu sɛ […]
Nnwom 7
Onyankopɔn bu atɛntenenee Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE. 1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo. Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me! 2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ. 3 AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei, na amumuyɛdeɛ bi […]
Nnwom 8
Onyankopɔn kɛseyɛ ne onipa diberɛ a ɛkorɔn Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, # enimbɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro. 2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, […]
Nnwom 9
Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom. 1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase; AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ. 2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom. 3 Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi, […]
Nnwom 10
Atɛn tenenee ho mpaebɔ 1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu? 2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no, wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn. 3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE […]