Yeremia 47

Filistifoɔ asase ho atemmusɛm 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na […]

Yeremia 48

Moab ho atemmusɛm 1 Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu. 2 Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. […]

Yeremia 49

Amon mma ho atemmusɛm 1 Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu? 2 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, […]

Yeremia 50

Babel ahweaseɛ 1 Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase no nie: 2 Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na monnsi so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa. 3 Na ɔman bi firi atifi […]

Yeremia 51

Babel tumi ne ahweaseɛ 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom atia Babel ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu, 2 na masoma nhusofoɔ akɔ Babel, na wɔahu no so, na wɔama n’asase ada mpan, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa ne ho ahyia, ɛda bɔne no so. 3 Deɛ ɔkuntunu ne […]

Yeremia 52

Wɔfa Yerusalem 1 Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem, na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia ba a ɔfiri Libna. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara. 3 Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. […]

Yesaia 1

Israel waeɛ ne asotwe 1 Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu. 2 O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko. 3 Nantwie nim […]

Yesaia 2

Daakye asomdwoeɛ ahennie 1 Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie: 2 Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho. 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra […]

Yesaia 3

Ɔman no nnebɔne so 1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa, 2 ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin, 3 aduonum so asafohene ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ ne deɛ ɔnim ntafowayie. […]

Yesaia 4

1 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so. Awieeɛ berɛ mu nkwagyeɛ 2 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase […]