Kristo sene Mose 1 Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu 2 a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no. 3 Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ […]
Author Archives: admin
Hebrifoɔ 4
Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no 1 Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi. 2 Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ […]
Hebrifoɔ 5
1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, 2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. 3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ […]
Hebrifoɔ 6
1 Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie 2 ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio. 3 Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho […]
Hebrifoɔ 7
Melkisedek kwan so Sɔfodie 1 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no. 2 Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene, 3 ɔnni […]
Hebrifoɔ 8
Apam a ɛyɛ no Ntamgyinafoɔ 1 Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro 2 sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ. 3 Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ […]
Hebrifoɔ 9
Ɔsoro ne asase so kronkronbea 1 Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ: 2 Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea. 3 Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu […]
Hebrifoɔ 10
Kristo bɔɔ afɔre prɛko maa nnipa nyinaa 1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da; 2 na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne […]
Hebrifoɔ 11
Gyidie su 1 Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ. 2 Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa. 3 Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu […]
Hebrifoɔ 12
Yesu nhwɛsoɔ 1 Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika, 2 nhwɛ gyidie mu […]