Hebrifoɔ 9

Ɔsoro ne asase so kronkronbea

1 Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ:

2 Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

3 Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

4 Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.

5 Na ɛso na animuonyam Kerubim a ɛtrɛ mpata adwa no soɔ sie; nso yɛrentumi nka nnoɔma yi ho nsɛm mmaako mmaako seesei.

6 Na wɔsiesiee nnoɔma yi saa a, asɔfoɔ no kɔ ntomadan a wɔsi mu kane no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma.

7 Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.

8 Emu na Honhom Kronkron kyerɛ yei pefee sɛ, ɛberɛ a wɔnnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛeɛ no, na ntomadan a ɛdi kan no da so si hɔ.

9 Na ɛno yɛ mfatoho de ma seesei berɛ yi, sɛdeɛ wɔde ayɛyɛdeɛ nso ma, ɛne afɔdeɛ a ɛntumi mma deɛ ɔsom no nni mu n’ahonim fam,

10 na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.

Kristo asɔfodie a ɛdi mu

11 Nanso Kristo a ɔbaa sɛ nnepa a aba dada no ho sɔfo panin, nam ntomadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛne soɔ, (a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu mu),

12 nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.

13 Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne nantwibereɛ nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, te wɔn ho kɔ honam ahofire mu a,

14 mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?

Kristo yɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ

15 Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no.

16 Na deɛ samanseɛ wɔ no, ɛhɔ na ɛtwa sɛ wɔkyerɛ sɛ, deɛ ɔhyɛeɛ no awu,

17 na samanseɛ tim wɔ awufoɔ so, na deɛ ɔhyɛeɛ no te ase a, anka emu nyɛ den da.

18 Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kane apam no nso aseɛ.

19 Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so

20 kaa sɛ: Yei ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya.

21 Na ntomadan ne asɔfodwuma nnoɔma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara.

22 Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ.

Kristo afɔreprɛko a ɔbɔeɛ

23 Ɛnneɛ na ɛtwa sɛ wɔde yeinom te ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ no ho. Na ɔsoro nnoɔma no ankasa deɛ, wɔde afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛne yeinom na ɛtee ho.

24 Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.

25 Nanso wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin de obi mogya hyɛne kronkronbea daa mfirinhyia no;

26 ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne.

27 Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,

28 saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × three =