Hebrifoɔ 4

Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no

1 Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.

2 Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.

3 Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ:

Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ:

Wɔrenhyɛne me home mu.

Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada.

4 Na baabi waka ɛda a ɛtɔ so nson no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson firi ne nnwuma nyinaa mu.

5 Na ɛhanom ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu.

6 Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti,

7 ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kaa sɛ: “Ɛnnɛ”, ɛkyɛree saa no, ɔkaa sɛdeɛ yɛabɔ din dada no sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma!

8 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

9 Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

10 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

11 Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.

12 Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.

13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.

Yɛn sɔfo panin Yesu

14 Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.

15 Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.

16 Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 4 =