Simon bɛyɛ ɔsahene 1 Simon tee sɛ Trifo aboaboa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano sɛ wɔrebɛto ahyɛ Yuda asase so na wɔasɛe no, 2 ɔhunuu sɛ ehu ama nkurɔfoɔ no repopo. Enti ɔkɔɔ Yerusalem, na ɔboaboaa nnipa no ano, 3 ɔhyɛɛ wɔn nkuran ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim nnoɔma akɛseɛ a me ne me […]
Monthly Archives: July 2017
1 Makabee 14
Wɔkyere Demetrius 1 Afe ɔha ne aduɔson mmienuno mu, Ɔhene Demetrius boaboaa n’akofoɔ ano na ɔsiim kɔɔ Media kɔpɛɛ mmoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ne Trifo ako. 2 Ɛberɛ a Ɔhene Arsakes a ɔwɔ Persia ne Media tee sɛ Demetrius aba n’asase soɔ no, ɔsomaa n’asafohene no mu baako kɔɔ sɛ ɔnkɔkye no animono so. […]
1 Makabee 15
Antiokus a ɔtɔ so nson krataa 1 Ɔhene Demetrius ba Antiokus, de krataa soma firii ɛpo mu supɔ so kɔmaa Simon, Yudafoɔ sɔfoɔ ne amrado no, ne ɔman mu no nyinaa; 2 na emu nsɛm na ɛdidi soɔ yi: Ɔhene Antiokus twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne amrado wɔ Yudafoɔ man mu, mekyea wo. 3 […]
1 Makabee 16
1 Yohane firii Gasara kɔbɔɔ n’agya Simon amaneɛ wɔ deɛ Kendebeus ayɛ no. 2 Na Simon frɛɛ ne mmabarima mpanimfoɔ baanu, Yuda ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nuanom ne m’agya fie ako Israel ko firi yɛn mmeranteberɛ mu de bɛsi nnɛ, na nnoɔma akɔ yie wɔ yɛn nsam a enti […]
Baruk 1
Baruk ne Yudafoɔ a wɔwɔ Babel 1 Yeinom ne nsɛm a ɛwɔ nwoma a Baruk a ɔyɛ Neria ba, a ɔyɛ Maseia ba, a ɔyɛ Sedekia ba, a ɔyɛ Hasadia ba, a ɔyɛ Hilkia ba twerɛeɛ wɔ Babel, 2 wɔ afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nson, ɛberɛ a Kaldeafoɔ faa Yerusalem […]
Baruk 2
1 Ɛno nti Awurade yɛɛ deɛ na ɔde hunahuna yɛn wɔ kasa a na ɔkasa kyerɛ yɛn no ho. Ɔka tiaa yɛn atemmufoɔ a wɔdii Israel soɔ no, ɔka tiaa yɛn ahemfo ne mmapɔmma a wɔwɔ Israel ne Yuda no. 2 Ɔsoro ase nyinaa no, adeɛ a ɔde ayɛ Yerusalem no bi nsii baabiara da, […]
Baruk 3
1 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, ɔkra a ne ho dwane no ne honhom a wabrɛ resu frɛ wo. 2 O Awurade, tie na hu yɛn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne wɔ w’anim. 3 Wo na wodi hene daa, na yɛn deɛ yɛreyera afebɔɔ. 4 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, afei tie ɔman Israel mpaebɔ, […]
Baruk 4
1 Ɔno ne nwoma a Onyankopɔn mmara wɔ mu, ne mmara a ɛwɔ hɔ daa. Wɔn a wɔsɔ ne mu dendeenden no bɛtena ase, na wɔn a wɔpo no no bɛwu. 2 O Yakob, san bɛfa no; nante bra ne kanea a ɛrehyerɛn no ho. 3 Mfa w’animuonyam mma ɔfoforɔ, anaasɛ mfa wo mfasoɔ mma […]
Baruk 5
1 O Yerusalem, yi w’awerɛhoɔ ne w’amanehunu atadeɛ gu, na fa animuonyam fɛfɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no hyɛ. 2 Fa tenenee atadeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hyɛ; fa mmerɛ santenni animuonyam abotire hyɛ, 3 ɛfiri sɛ Onyankopɔn de w’ahoɔfɛ bɛkyerɛ wɔ wi yi ase baabiara. 4 Na Onyankopɔn bɛma wo din a ɛbɛtena hɔ daa, […]
Baruk 6
1 Nhwɛsoɔ krataa a Yeremia twerɛ kɔmaa wɔn a Babel hene faa wɔn kɔtenaa Babel sɛ atukɔfoɔ, sɛ ɔde asɛm a Onyankopɔn ahyɛ no no rebɛma wɔn. Ɔman no kɔ dommum mu a ɛbɛkyɛre 2 Ɛsiane bɔne a moayɛ wɔ Onyankopɔn anim no nti, Babelhene Nebukadnessar bɛfa mo akɔ Babel sɛ atukɔfoɔ. 3 Saa nti […]