Nyansa 3

Ateneneefoɔ Nkrabea

1 Nanso ateneneefoɔ kra wɔ Onyankopɔn nsa mu,

na ahohiahia biara renka wɔn dabiara da.

2 Nkwaseafoɔ ani so deɛ, asɛ deɛ wɔawuwuo,

na wɔsusuu sɛ wɔn ha firi no yɛ adebɔne,

3 ne firi a wɔfiri yɛn mu akɔ no yɛ ɔsɛeɛ,

nanso wɔwɔ asomdwoeɛ mu.

4 Na ɛwom sɛ nnipa ani so wɔtea wɔn deɛ, nanso

wɔn anidasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ.

5 Wɔatea wɔn kakra yi, wɔbɛnya yiedie kɛseɛ,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn sɔɔ wɔn hwɛeɛ na ɔhunuu sɛ wɔfata no;

6 ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ sɛ sika a ɛgu ogya fononoo mu,

na ɔgyee wɔn sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Wɔn nsra berɛ mu wɔbɛhyerɛn,

na wɔbɛtu mmirika sɛ ogyasramma a ɛfa ayuo twakaeɛ mu.

8 Wɔbɛdi aman so na wɔadi tumi wɔ nkurɔfoɔ so,

na Awurade bɛdi wɔn so afebɔɔ.

9 Wɔn a wɔn werɛ hyɛ ne mu no bɛte nokorɛ ase,

na ɔnokwafoɔ ne no bɛtena ɔdɔ mu,

ɛfiri sɛ adom ne mmɔborɔhunu wɔ hɔ ma n’ahotefoɔ,

na ɔwɛn wɔn a wayi wɔn no.

Abusufoɔ nkrabea

10 Nanso abusufoɔ deɛ wɔbɛtea wɔn sɛdeɛ ɛfata wɔn adwene nsusuiɛ,

wɔn a wɔbu ateneneefoɔ animtia

na wɔte Awurade so atua no;

11 ɛfiri sɛ wɔn a wɔpo nyansa ne nkyerɛkyerɛ no yɛ mmɔbɔ.

Wɔn anidasoɔ yɛ hunu, na wɔn brɛ so nni mfasoɔ biara,

na wɔn nnwuma yɛ kwa.

Deɛ ɛfa obonini ho

12 Wɔn yerenom yɛ nkwasea, na wɔn mma yɛ bɔne;

13 wɔadome wɔn asefoɔ.

Na nhyira ne obonini a wɔnguu ne ho fi,

na ɔmfaa ne ho nhyɛɛ bɔne fekuo mu;

ɔbɛnya ba berɛ a Onyankopɔn bɛhwehwɛ akra mu no.

14 Nhyira nso ne deɛ wɔasa no a ne nsa nyɛɛ mmarato adeɛ biara,

na ɔnhyehyɛɛ nnoɔma bɔne ntiaa Awurade;

na animteɛ na wɔbɛyi akyerɛ no ɛsiane ne nokorɛdie nti,

ne anigyebea a ɛkorɔn wɔ Awurade asɔrefie.

15 Ɛfiri sɛ wagye din wɔ ne nnwuma pa so aba nti,

na nteaseɛ nhini yɛ adeɛ a ɛntutu.

16 Na awaresɛefoɔ mma rennyini,

na mmaratofoɔ fekuo asefoɔ bɛyera.

17 Mpo sɛ wɔtena ase kyɛre a, wɔremmu wɔn ho akonta,

na akyire koraa no wɔn mpaninyɛ bɛyɛ deɛ animuonyam nni mu.

18 Na sɛ wɔwu ntɛm nso a, wɔrennya anidasoɔ biara

ne awerɛkyekyerɛ wɔ atemmuo da no mu.

19 Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ awieeɛ yɛ awerɛhoɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 − 6 =