Nyansa 2

1 Na wɔtoatoaa adwene a nteaseɛ nni mu keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ,

Yɛn nkwa nna yɛ tia, na ɛyɛ awerɛho,

na ano aduro biara nni hɔ berɛ a nkwa aba awieeɛ,

na obiara nni hɔ a wɔnim no sɛ wasane afiri Asamando aba.

2 Ɛfiri sɛ yɛbɛtɔɔ mu ara kwa na wɔwoo yɛn,

na daakye yɛbɛyɛ sɛdeɛ yɛntenaa aseɛ mpo da,

ɛsiane sɛ home a ɛfiri yɛn hwene mu te sɛ wisie,

na yɛn nsusuiɛ te sɛ gyasramma a akoma ɛrebɔ paripari no toto;

3 ɛberɛ a wɔdum no no, nipadua bɛdane nso,

na sunsum no bɛyera sɛ mframa hunu.

4 Ɛrenkyɛre biara na yɛn din ayera,

na obiara renkae yɛn nnwuma;

yɛn nkwa nna bɛsene ayera sɛ mununkum akyi kwan,

na wɔahwete sɛ kusukuukuu a

owia nsensaneɛ taataa no

na ne hyeɛ adi no soɔ.

5 Ɛfiri sɛ yɛn nkwa nna retwa mu te sɛ sunsum,

na yɛntumi nsane yɛn akyi mfiri yɛn wuo mu

ɛfiri sɛ wɔasɔ ano na obiara nsane n’akyi.

6 Saa nti bra ma yɛmfa nnoɔma pa a ɛwɔ hɔ no nnye yɛn ani,

na yɛmfa abɔdeɛ nyɛ adwuma kɛseɛ pa ara sɛ mmeranteɛ berɛ mu.

7 Momma yɛmfa nsa ne nnuhwam a ne boɔ yɛ den nye yɛn ani,

na mma nhwiren a ɛba odua berɛ no nsiane yɛn ho.

8 Ma yɛmfa nhwiren fɛfɛ nhyehyɛ yɛn ho ansa na awu.

9 Mma yɛn mu biara nnyi ne ho mfiri yɛn anigyeɛ mu;

momma yɛn ahosɛpɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ nnuru baabiara,

ɛfiri sɛ yei ne yɛn kyɛfa, na yei ne deɛ wɔde ama yɛn.

10 Momma yɛnhyɛ ɔteneneeni hiani so,

mommma yɛmmfa okunani ho nkyɛ no

anaa yɛmmu ɔpanin tiri mu dwono hwee.

11 Na mmom momma yɛn ahoɔden nyɛ yɛn tenenee mmara,

ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ mmerɛ no akyerɛ sɛ ne ho nni mfasoɔ.

12 Momma yɛnna hɔ ntɛ onipa tenenee,

ɛfiri sɛ ɔha yɛn na ɔtia yɛn nneyɛɛ;

ɔtwii yɛn anim wɔ mmarato ho,

na ɔbɔɔ yɛn soboɔ wɔ bɔne a ɛtia yɛn nteteeɛ ho.

13 Ɔka sɛ ɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ,

na ɔfrɛ ne ho Awurade abɔfra.

14 Ɔbɛyɛɛ animkafoɔ maa yɛn wɔ yɛn adwene ho;

15 n’anim ara kwa no yɛ adesoa ma yɛn,

ɛfiri sɛ n’abrabɔ nte sɛ ebinom deɛ,

na n’akwan yɛ nwanwa.

16 Ɔbu yɛn sɛ yɛyɛ ade hunu bi,

na ɔyi yɛn akwan sɛ ɛho nte;

ɔfrɛ ɔteneneeni awieeɛ sɛ anigyeɛ,

na ɔde tu ne ho sɛ Onyankopɔn yɛ n’agya.

17 Momma yɛnhwɛ sɛ ne nsɛm yɛ nokorɛ a,

na momma yɛnsɔ deɛ ɛbɛsi wɔ n’abrabɔ awieeɛ no nhwɛ;

18 ɛfiri sɛ, ɔteneneeni yɛ Onyankopɔn ba ampa ara a, Onyankopɔn bɛgyina n’afa,

na ɔbɛgye no afiri n’atamfoɔ nsa mu.

19 Momma yɛmfa nsopa ne aninyadeɛ nsɔ no nhwɛ,

ama yɛatumi ahu sɛdeɛ ɔsi dwoɔ,

na yɛasɔ n’ahohyɛsoɔ ahwɛ.

20 Momma yɛmmu no fɔ mma animguaseɛ wuo,

na sɛdeɛ ɔka no, wɔbɛbɔ ne ho ban.

Amumuyɛfoɔ mfomsoɔ

21 Saa na wɔdweneeɛ, nanso wɔfomee,

ɛfiri sɛ wɔn amumuyɛ firaa wɔn ani,

22 na wɔanhunu Onyankopɔn ahuntasɛm botaeɛ,

nso wɔn ani anna sɛ kronkronyɛ mu wɔ akatua,

nso wɔanwene anhunu akyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ ma akra a wɔnni fɔ;

23 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ammɔ onipa amma porɔeɛ,

na ɔyɛɛ yɛn wɔ n’ankasa ne mmerɛ santen su no mu,

24 na mmom ɛnam ɔbonsam n’anibereɛ so na owuo baa wiase mu,

na wɔn a wɔka ne fekuo ho no na ɔnya.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 × 4 =