Marko 8

Nnipa mpemnan aduanema

1 Nna no mu a nkurɔfokuo no dɔɔso bio na wɔnni biribi a wɔdie no, Yesu frɛɛ asuafoɔ no bae, see wɔn sɛ:

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

3 Na sɛ megya wɔn kwan ma wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; ɛfiri sɛ wɔn mu binom firi akyirikyiri na ɛbaeɛ.

4 Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha?

5 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Paanoo ahe na mowɔ?Na wɔkaa sɛ: Nson.

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

7 Na wɔwɔ mpataa kakra bi; na ɔhyiraa so, kaa sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

8 Na wɔdi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no, nkɛntɛn nson mama.

9 Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na wɔgyaa wɔn kwan.

10 Na ntɛm ara ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔbaa Dalmanuta fam.

Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

12 Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ:Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.

13 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa.

Farisifoɔ ne Herode mmɔreka

14 Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ.

15 Na Yesu see wɔn sɛ:Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho!

16 Na wɔdwendwene sesee wɔn ho sɛ wɔnni paanoo.

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

18 Mowɔ ani na monhunu adeɛ? Na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae?

19 Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ?Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu.

20 Na mebubuu nson no memaa nnipa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ?Ɛnna wɔse: Nson.

21 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛnna afei monte aseɛ ara yi?

Betsaida onifirani

22 Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

23 Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ:Wohunu adeɛ anaa?

24 Na onifirani no maa n’ani so kaa sɛ: Aane, mehunu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mehu wɔn sɛ nnua.

25 Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann.

26 Na ɔmaa no kɔɔ ne fie see no sɛ:Nkɔ akuraa no mpo ase.

Yesu ne Kristo no

27 Na Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ:Nnipa ka sɛ mene hwan?

28 Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.

29 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Na mo deɛ, mose mene hwan?Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

30 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ

31 Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim.

33 Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ:Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!

36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

37 Anaasɛ ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?

38 Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen − ten =