Marko 7

Tetesɛm ho nkyerɛkyerɛ

1 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu binom a wɔfiri Yerusalem ba bɛhyiaa ne nkyɛn.

2 Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.

3 (Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu;

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

5 Ɛnna Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm soɔ, na wɔde nsa fi didie yi?

6 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfoɔ ho nkɔm, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

7 Na wɔsɔre me kwa,

na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

8 Na moagya Nyankopɔn ahyɛdeɛ, kura nnipa atetesɛm mu.

9 Na ɔsee wɔn sɛ:Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ!

10 Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo!

11 Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)a,

12 na momma no nyɛ biribiara mma n’agya anaa ne na bio,

13 na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ.

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ:Mo nyinaa montie, na monte aseɛ!

15 Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi.

16 (Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!)

17 Na ɔfirii nkurɔfokuo no nkyɛn baa fie no, n’asuafoɔ no bisaa no bɛ no ase.

18 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo nso monni nteaseɛ sei? Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛfiri onipa ho, na ɛkɔ ne mu no ntumi ngu ne ho fi?

19 Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na ɔyi gu yaane mu.(Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho).

20 Na ɔkaa sɛ:Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi.

21 Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm,

22 ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, ani bɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

23 Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu onipa ho fi.

Siro-Foinikeni baa bi gyidie

24 Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.

25 Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;

26 nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu.

27 Na Yesu see no sɛ:Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman.

28 Na ɔbaa no bua see no sɛ: Awurade, ɛwom saa deɛ; nanso nkraman a wɔwɔ ɛpono ase no nso di mmɔfra no mporoporowa no bi!

29 Na Yesu see no sɛ:Asɛm yi nti, kɔ! Honhommɔne no afiri wo babaa no mu.

30 Na ɔkɔɔ ne fie no, ɔkɔhunuu sɛ honhommɔne no afiri kɔ, na ne babaa no da mpa so.

Ɔdodoworofoɔ bi ayaresa

31 Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.

32 Na wɔde ɔsotifoɔ a ɔworo dodoɔ brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto ne so.

33 Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma,

34 na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ:Hefata!ɛne sɛ: Bue!

35 Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie.

36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.

37 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − nine =