2 Ahemfo 20

Hesekia yadeɛ ne n’ayaresa

1 Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na worennya nkwa.

2 Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

3 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.

4 Na Yesaia nnya mfirii mfimfini abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

5 Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie.

6 Na mede mfirinhyia dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti.

7 Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma a wɔabɔ no ɛtoa mmra. Na momfa ntare mpɔmpɔ no so na ɔnya nkwa.

8 Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie?

9 Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du?

10 Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du.

11 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so.

Asomafoɔ a wɔfiri Babel ba

12 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.

13 Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

14 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Nnipa yi se sɛn, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na ɛbaeɛ, wɔfiri Babel.

15 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahunu wɔ wo fie? Na Hesekia buaa sɛ: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu; biribiara nni m’akoradeɛ mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm:

17 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛsi nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

18 Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ.

19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu?

Hesekia ahennie ba awieeɛ

20 Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

21 Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 × two =