Esra 9

Afrafra awadeɛ. Esra ahonu mpaebɔ

1 Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,

2 ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan.

3 Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔdwesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase.

4 Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm yɛɛ wɔn ahopopoɔ, atukɔfoɔ no mmarato nti no nyinaa boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ.

5 Na anwummerɛ afɔrebɔ mu no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ no mu, nso na masunsuane m’atadeɛ ne me batakari mu, na mekotoo me nankoroma anim metrɛɛ me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn

6 sɛ:

Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.

7 Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi.

8 Na afei seesei nko ara na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ adom akyerɛ yɛn, ama wɔagya yɛn nkaeɛ a wɔafiri mu afire, nanso wɔama yɛn pɛɛwa wɔ ne kronkronbea, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛte yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.

9 Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaa yɛn, na mmom wama Persia ahemfo ayɛ yɛn adɔeɛ. Na yɛanya ahoɔden a yɛdesi yɛn Nyankopɔn fie, na yɛnkyekyere n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasuo bi wɔ Yuda ne Yerusalem.

10 Na afei, ɛdeɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, yei akyi? Sɛ yɛagya wo mmara nsɛm no

11 a wonam wo nkoa adiyifoɔ no soɔ hyɛeɛ sɛ: Asase a morekɔ akɔdi soɔ no yɛ asase a ɛho akum, nsase so aman figuo no mu, wɔ akyiwadeɛ a wɔde ayɛ so ma, firi ano akɔpem ano, wɔn afideɛ mu no nti.

12 Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa.

13 Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi,

14 yɛnsane mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyiwadeɛ aman yi ho wɔ awadeɛ mu anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfiri mu anaa?

15 AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.

Esra 10

Mmaa ananafoɔ pamo

1 Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.

2 Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn deɛ, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛawareware mmaa ananafoɔ afiri asase no so aman mu, nanso anidasoɔ da so wɔ hɔ ma Israel.

3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.

4 Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!

5 Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.

6 Na Esra sɔre firii Nyankopɔn fie no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu; na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsuo nso wannom, ɛfiri sɛ ɔdii atukɔfoɔ no mfomsoɔ ho abooboo.

7 Na wɔpae mu kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmɛhyia wɔ Yerusalem,

8 na obiara a ɔremma nnansa mu, sɛ mmapɔmma ne mpanimfoɔ afotuo no teɛ no, wɔbɛsɛe n’afideɛ nyinaa pasapasa, na ɔno nso wɔbɛtu no afiri atukɔfoɔ badwa no mu.

9 Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe.

10 Na Ɔsɔfoɔ Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moafom, sɛ moawareware mmaa ananafoɔ, na mode ama Israel asodie no adɔɔso.

11 Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho.

12 Ɛnna badwa no nyinaa de nne kɛseɛ gyee so kaa sɛ: Ɛte saa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛdeɛ woaka no.

13 Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ berɛ yi nso yɛrentumi nnyina abɔntene so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnannu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu.

14 Enti ma yɛnyi yɛn mmapɔmma mma badwa no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkuro mu a wɔawareware mmaa ananafoɔ nyinaa mmra berɛ a wɔahyehyɛ mu, na kuro biara mu mpanimfoɔ ne emu atemmufoɔ nka wɔn ho nkɔsi sɛ wɔbɛsianka yɛn Nyankopɔn abufuo a adɔ asɛm yi ho no afiri yɛn soɔ.

15 Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre tiaa yei ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn.

16 Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.

17 Na wɔne mmarima a wɔawareware mmaa ananafoɔ no nyinaa wiee asɛm no ka bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no mu.

18 Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.

19 Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ;

20 ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia;

21 ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia;

22 ne Pasur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.

23 Na Lewifoɔ mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia (a ɔne Kelita), Petahia, Yuda ne Eliesa;

24 ne nnwontofoɔ ne: Eliasib; ne apono ano ahwɛfoɔ mu: Salum ne Telem ne Uri.

25 Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia;

26 ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia;

27 ne Satu mma mu: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa;

28 ne Bebai mma mu: Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai;

29 ne Bani mma mu; Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot;

30 ne Pahat-Moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase;

31 ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkia, Semaia, Simeon,

32 Benyamin, Maluk, Semaria.

33 Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei.

34 Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel,

35 Benaia, Bedeia, Keluhi,

36 Wania, Meremot, Eliasib,

37 Matania, Matenai, Yaasu,

38 Bani, Binui, Simei,

39 Selemia, Natan, Adaia,

40 Maknadebai, Sasai, Sarai,

41 Asarel, Selemia, Semaria,

42 Salum, Amaria, Yosef.

43 Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia.

44 Na yeinom nyinaa awareware mmaa ananafoɔ, na wɔgyaagyaee wɔn maa wɔne wɔn mma kɔeɛ.

2 Berɛsosɛm 1

Salomo bisa AWURADE hɔ nyansa

1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE dii n’akyi na ɔmaa no soo kɛseɛ pa ara.

2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.

3 Na Salomo ne badwa a wɔka ne ho no nyinaa sii mu kɔɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no. Ɛhɔ na na Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan a AWURADE akoa Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no wɔ.

4 (Nanso Nyankopɔn adaka no deɛ, Dawid kɔfa firii Kiriat-yearim de baa deɛ Dawid siesie maa no no, na wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.)

5 Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyire kwan.

6 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.

Nyankopɔn ahoyie

7 Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ deɛ memma woɔ.

8 Ɛnna Salomo ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.

9 Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfuturo soɔ.

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’akoma mu, na woammisa ahonya, akoradeɛ ne animuonyam ne w’atamfo kra, na nna dodoɔ nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bɛbu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi,

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na wo akyiri nso wɔrennya saa.

Salomo tumi ne n’ahonya

13 Ɛnna Salomo firi sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiaeɛ ntomadan no anim baa Yerusalem, na ɔdii Israel so hene.

14 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

15 Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛɛ sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso ɔmaa ne dodoɔ yɛɛ sɛ akyee a ɛwowɔ mpaperɛ soɔ.

16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka.

17 Na wɔde teaseɛnam a ne boɔ yɛ dwetɛ nnwetɛbena ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne boɔ yɛ ɔha aduonum firi Misraim ba. Na saa na na wɔkra bi ma Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.

2 Berɛsosɛm 2

Asɔrefie no sie ho ahoboaboa

1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie.

2 Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia.

3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,

4 hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.

5 Na efie a merebɛsie no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn no so sene anyame nyinaa.

6 Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?

7 Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.

8 Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.

9 Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa.

10 Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa ahina mpemaduonu ne ngo ahina mpemaduonu.

11 Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.

12 Na Huram kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔnim de ne nhunumu a ɔbɛsi efie ama AWURADE, ne n’ahemfie.

13 Na afei masoma ɔbarima nyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu a ɔne Huram-Abi.

14 Ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan mmammaa mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Ɔnim sika ne dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, aboɔ ne nnua, ntoma a ɛbere dum, bibire ne nwera ne koogyan mu adwinni, na ɔnim nsema ahodoɔ nyinaa nso, na ɔbɛtumi adi adwini biara a wɔbɛhwehwɛ no ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfoɔ ne me wura Dawid w’agya no, anyansadwumfoɔ ho.

15 Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.

16 Na yɛn deɛ, yɛbɛbu nnua afiri Lebanon sɛdeɛ ɛhia woɔ nyinaa, na yɛde ayɛ mpuna de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.

Wɔfiri Asɔrefie no sie ase

17 Na Salomo kanee mmarima ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no, ɔkan a n’agya kanee wɔn no akyi, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ mpemha aduonum mmiɛnsa ne ahansia.

18 Na ɔyɛɛ wɔn mu mpemaduɔson nnesoafoɔ ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne ahwɛfoɔ mpensa ahansia, sɛ wɔmma nkurɔfoɔ no nyɛ adwuma.

2 Berɛsosɛm 3

Asɔrefie sie no mfitiaseɛ

1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

2 Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu.

3 Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduosia, na ne trɛ nso basafa aduonu.

4 Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa aduonu, na ne korɔn, basafa ɔha aduonu. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.

5 Na ɛdan kɛseɛ no, ɔde pepeaa nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na ɔdii so adwini, mmɛ ne ntweaban.

6 Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika.

7 Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.

8 Na ɔyɛɛ kronkronkronbea dan no, ne ntwemu sɛdeɛ ɛdan no trɛ teɛ yɛ basafa aduonu, na ne trɛ yɛ basafa aduonu, na ɔde sika pa a ano si talente ahansia kataa ho.

9 Na deɛ wɔkari de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbena aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho.

10 Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho.

11 Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa aduonu, baako ataban baako yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa nnum na ɛka kerub baako no ataban.

12 Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa nnum, na ɛpem kerub baako no ataban no.

13 Kerubim yi ntaban a wɔatrɛ mu no yɛ basafa aduonu, na wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim hwɛ ɛdan no.

14 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.

Kɔbere mfrafraeɛ Adum mmienu no

15 Na ɔyɛɛ ɛdan no anim adum mmienu, n’atentene, basafa aduasa nnum, na aduntire a ɛwɔ atifi no basafa nnum.

16 Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyire mu, na ɔde sensɛnee adum no atifi, na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ, ɔha, hyehyɛɛ ntweaban no mu.

17 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no anim, baako wɔ nifa, na baako wɔ benkum. Na ɔtoo nifa fam deɛ no din: Yakin, na benkum fam deɛ no, ɔtoo no din: Boas.

2 Berɛsosɛm 4

Asɔrefie ho nnoɔma no yɛ

1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa aduonu, na ne trɛ, basafa aduonu, na ne korɔn, basafa du.

2 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa du. Na basafa nnum ne ne korɔn, na basafa aduasa homa twa ho hyia.

3 Na ntoa nsɛsoɔ wowɔ aseɛ de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ basafa baako mu, ɛbɔ no ho kɔntɔnkrɔn; ntoa akyerɛpɛn mmienu, wɔguu no sɛdeɛ aka no.

4 Ɛsi anantwie dummienu so, mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ. Na ɛpo no si wɔn so ɔsoro, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.

5 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane, na nsuhina mpensa kɔ mu.

6 Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu.

7 Na ɔyɛɛ sika nkaneadua du sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, na ɔde sisii asɔredan no mu, enum wɔ anafoɔ fam, na enum nso wɔ atifi fam.

8 Na ɔyɛɛ apono du de sisii asɔredan no mu, enum wɔ nifa, na enum wɔ benkum. Na ɔyɛɛ sika nkoraa ɔha.

9 Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.

10 Na ɔde ɛpo no sii atɔeɛ fa a ɛkyerɛ apueeɛ no.

11 Na Huram yɛɛ nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo Nyankopɔn fie no yɛ,

12 adum mmienu no ne apɔ no ne adum no atifi aduntire mmienu no, ne ntentan mmienu a wɔde kataa adum no atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,

13 ne ntentan mmienu no akutuo ahanan, akutuo kyerɛpɛn mmienu yɛ ntentan baako deɛ, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotire mmienu apɔ no ho;

14 na ɔyɛɛ nsugyeɛ nnaka no, na ɔyɛɛ nnyinasoɔ nnaka no so nnwaresɛn no;

15 ɛpo baako ne aseɛ anantwie dummienu no,

16 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne adinam no ne ɛho nnoɔma nyinaa, Huram-Abi yɛ maa Ɔhene Salomo maa AWURADE fie no, ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho hyɛnhyɛn.

17 Yordan ho mpaperɛ so na ɔhene guu no, dɔteɛ a ɛsɔ mu, Sukot ne Sereda ntam.

18 Na Salomo yɛɛ nnoɔma yi nyinaa bebree pa ara, na wɔnnim kɔbere mfrafraeɛ no nkariiɛ ano.

19 Na Salomo yɛɛ Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa ne sika afɔrebukyia no ne apono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no

20 ne nkaneadua no ne ɛho nkanea a wɔsɔ no, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ mpiakyire no anim no, ɛyɛ sika amapa,

21 na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika, ne nyinaa yɛ sika ara nko.

22 Na adumgya, nkoraa, aduhwam nkukuwa ne nsramma kukuwa no nso yɛ sika amapa kronkron, na ɛdan no ano apono a ɛwɔ emu fam kronkronkronbea ho no ne asɔrefie dan no apono no yɛ sika.

2 Berɛsosɛm 5

Asɔrefie no dwira

1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu.

Wɔde Apam Adaka no ba Asɔrefie hɔ

2 Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba.

3 Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa ɔhene nkyɛn afahyɛ a ɛwɔ nnapɔnna a ɛne bosome a ɛtɔ so nson no mu.

4 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae. Na Lewifoɔ no bɛsoaa adaka no.

5 Na wɔfaa adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne akronkronneɛ a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa bae; Lewifoɔ asɔfoɔ no na wɔde foro baeɛ.

6 Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔbɛhyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔantumi ankan na wɔammu ano, bobɔɔ afɔdeɛ.

7 Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no baa mu, de bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

8 Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro.

9 Na mpoma no woware ma wɔhunu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyire no anim, na wɔnhunu wɔ adihɔ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi.

10 Biribiara nni adaka no mu gye aboɔpono mmienu a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no.

AWURADE Animuonyam no

11 Na asɔfoɔ no firi kronkronbea hɔ firii adie no, (na asɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyɛmu no akyi,

12 na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.

13 Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ,

“ɔyɛ na

n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no,

ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,

14 na mununkum no nti asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ayɛ ɛdan no ma.

2 Berɛsosɛm 6

Salomo kasa kyerɛ ɔman no

1 Ɛnna Salomo kaa sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena sum kusuu mu.

2 Na me deɛ, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa.

3 Na ɔhene danee n’ani hyiraa Israel badwa no nyinaa. Na Israel badwa no nyinaa gyina hɔ.

4 Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu no sɛ:

5 Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin,

6 na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.

7 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn din.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Ɛsiane sɛ na ɛwɔ w’akomam sɛ anka wobɛsi dan ama me din nti, woyɛɛ no yie sɛ na ɛwɔ w’akoma mu.

9 Nso ɛnyɛ wo na wobɛsi dan no, na wo ba a ɔfiri w’asene mu no, ɔno na ɔbɛsi dan ama me din.

10 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no aba mu, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din,

11 na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pameeɛ no wɔ mu no masi hɔ.

12 Na Salomo kɔgyinaa AWURADE afɔrebukyia no anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam.

13 Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa nnum na ne terɛ basafa nnum, na ne korɔn basafa mmiɛnsa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro,

14 na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no,

15 wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16 Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no.

17 Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim.

18 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!

19 Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa reyi no w’anim yi,

20 sɛ w’ani bɛbue akyerɛ ɛdan yi awia ne anadwo, deɛ woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ wɔ ha yi.

21 Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ wɔ ha yi, na wo deɛ, firi wo tenabea ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa kyɛ!

22 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,

23 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.

24 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔ atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpaeɛ na wɔkoto srɛ w’anim efie yi mu a,

25 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no firi, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn ne wɔn agyanom no so.

26 Sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ha yi, na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn aseɛ nti a,

27 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn kwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.

28 Sɛ ɛkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhoɔ ne ɔpoɔ, ntutummɛ ne mmɛbɛ ba, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn nkuro apono asase so a, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,

29 ɛnneɛ mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara wɔ anaa wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yea, na ɔbɛtrɛ ne nsam akyerɛ efie yi no,

30 wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu,

31 deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, na woanante w’akwan soɔ nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.

32 Afei nso ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu, na ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woatene no nti no, sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ ɛdan yi mu a,

33 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi.

34 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi ama wo din yi a,

35 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ no ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

36 Sɛ wɔyɛ wo bɔne, — ɛfiri sɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn ho abufuo na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn kɔ asase bi so a, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,

37 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm,

38 na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafoɔ asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie ne efie a masi ama wo din yi a,

39 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ no firi wɔn.

40 Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.

41 Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛne wo homebea no mu,

wo ne wo tumi adaka no.

W’asɔfoɔ no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagyeɛ,

na w’adɔeɛ nnipa ani nnye wo papa mu.

42 AWURADE Nyankopɔn, nnane deɛ woasra no no ani.

Kae adɔeɛ a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.

2 Berɛsosɛm 7

Asɔrefie dwira no awieeɛ

1 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

2 Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

3 Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ,

“ɔyɛ na n’adɔeɛ

wɔ hɔ daa”.

4 Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔdeɛ AWURADE anim.

5 Na Ɔhene Salomo de anantwie mpemaduonu mmienu ne nnwan mpemha aduonu bɔɔ okum afɔdeɛ, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Nyankopɔn fie no ho.

6 Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.

7 Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so.

8 Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.

9 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.

10 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na wɔn ani gyee na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti.

Nyankopɔn ahoyie a ɛtɔ so mmienu

11 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ɔhene fie no. Na deɛ ɛbaa Salomo akoma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fie ne ne fie mu no nyinaa wiee yie.

12 Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.

13 Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osuo ntɔ, na sɛ mehyɛ ntutummɛ sɛ wɔmmɛdi asase no, na sɛ mede ɔyaredɔm ba me man mu,

14 na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.

15 Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.

16 Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa.

17 Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ, sɛ wobɛyɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,

18 ɛnneɛ mɛma w’ahennie adwa atim, sɛdeɛ me ne w’agya Dawid pam sɛ meremma onipa a ɔbɛdi Israel soɔ mmɔ no no.

19 Na sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ sane na mogya m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ, na mosɔre wɔn a,

20 ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu.

21 Na ɛdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a ɔtwam ho no ho bɛdwiri no na waka sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi saa?

22 Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.

2 Berɛsosɛm 8

Salomo mmɔdemmɔ

1 Na Salomo de mfeɛ aduonu sisii AWURADE fie ne ne fie no wieeɛ no,

2 ɔkyekyeree nkuro a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfoɔ kɔtenaa hɔ.

3 Na Salomo sii mu kɔɔ Hamat-soba kɔdii so.

4 Na ɔkyekyeree Tadmor wɔ ɛserɛ so ne adekora nkuro a ɔkyekyeree no Hamat no nyinaa.

5 Na ɔkyekyeree atifi Bet-horon ne anafoɔ Bet-horon, nkuro a ɛyɛ den a ɛwɔ afasuo ne apono ne apono akyi adaban;

6 ne Baalat ne adekora nkuro a Salomo wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkuro nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne deɛ Salomo pɛɛ sɛ ɔkyekyeree no Yerusalem ne Lebanon ne n’ahennie asase no nyinaa so.

7 Nso nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ no a wɔfiri Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ no mu no nyinaa,

8 wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi wɔ asase no soɔ, a Israelfoɔ annwerɛ wɔn no mu bi, na Salomo gyee wɔn ɔhyɛ adwumayɛ toɔ de bɛsi nnɛ da yi.

9 Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obiara anyɛ akoa n’adwuma mu. Na wɔne n’akofoɔ ne n’akunini so asafohene, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ so asafohene.

10 Na yeinom ne adwumayɛfoɔ a Ɔhene Salomo wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wɔdii nkurɔfoɔ no soɔ.

11 Na Farao babaa no deɛ, Salomo de no firii Dawid kuro no mu baa efie a wasi ama no no mu, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Me yere nntena Israelhene Dawid fie, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.

12 Ɛno mu na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɔsii no ntwonoowa no anim no soɔ,

13 sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna.

14 Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ.

15 Na wɔamfiri ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soɔ no ho, nsɛm nyinaa ne akoradeɛ no fam.

16 Sei na wɔwiee Salomo adwuma no nyinaa; ɛfiri da a wɔtoo AWURADE fie fapem de kɔsi sɛ wɔwieeɛ. Sɛ wɔyɛɛ AWURADE fie no nie.

Ɛpo so akwantuo

17 Ɛno na Salomo kɔɔ Esion-geber ne Elot mpoano wɔ Edom asase so.

18 Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wɔnim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Salomo nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛseɛ ahanan aduonum firi hɔ de brɛɛ Ɔhene Salomo.