Hiob 34

Elihu kɔ so ara ka Hiob anim

1 Na Elihu toaa so sɛ:

2 Anyansafoɔ, montie me nsɛm,

na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me.

3 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na ano ka aduane hwɛ.

4 Yɛbɛsɔ atemmuo ahwɛ afa,

na yɛahunu deɛ ɛyɛ yɛn ntam.

5 Na Hiob aka sɛ: Metene,

nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ.

6 Me bem mu ara na wɔbu me torofoɔ,

m’agyan kuro mu ayɛ den, nanso mmarato nni me mu.

7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob

a ɔnom mmusubɔ sɛ nsuo,

8 na ɔhyɛne amumuyɛfoɔ ayɔnkofa mu,

na ɔne nnipa abɔnefoɔ ananteɛ?

9 Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfasoɔ mma onipa

sɛ ɔne Onyankopɔn bɔ.

10 Enti mo a mowɔ tire, montie me,

ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne,

na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm,

11 na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no,

na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.

12 Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne,

na Otumfoɔ nkyea atemmuo.

13 Hwan na ɔde asase hyɛɛ ne nsa,

na hwan na ɔsiesiee wiase nyinaa?

14 Sɛ ɔgye ne home fa

na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,

15 anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko,

na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.

16 Na sɛ wowɔ nhunumu a, tie yei,

yɛ aso ma me nsɛm.

17 Deɛ ɔkyiri atɛntenenee bɛnya aman adi so anaa?

Anaasɛ wobɛbu ɔteneneeni tumfoɔ no fɔ?

18 Deɛ ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni!

Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefoɔ!

19 Deɛ ɔnhwɛ atitire anim,

na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni;

ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.

20 Mpofirim na wɔwuo,

na adasuo mu na aman hinhim na wɔsene korɔ,

na wɔpra aberempɔn kɔ, nso ɛnnam onipa nsa so.

21 Na n’ani wɔ onipa akwan so,

na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa.

22 Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ,

na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.

23 Na ɛnhia sɛ ɔhwɛ onipa ma no kyɛ

ansa na wakɔ Nyankopɔn nkyɛn, atemmuo mu.

24 Ɔbubu aberempɔn a ɔnhwehwɛ wɔn asɛm mu,

na ɔde afoforɔ si wɔn ananmu.

25 Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛɛ,

na ɔbutu wɔn anadwo ma wɔdwerɛ wɔn.

26 Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefoɔ

ma nnipa nyinaa hunu.

27 Ɛfiri sɛ wɔmane firii n’akyiri kɔe,

na wɔannwene n’akwan no biara ho,

28 sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn,

na wate amanehunufoɔ sufrɛ.

29 Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ?

Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no?

Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,

30 na onipa kɔnkɔnsani anni hene,

na wɔansum ɔman fidie.

31 Na obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ:

Mahunu amane, merenyɛ amumuyɛ bio,

32 deɛ mennya menhunuiɛ, wo na kyerɛ me,

sɛ madi amumuyɛsɛm a, merenni bio?

33 Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa?

Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me,

na deɛ wonim no, ka ɛ!

34 Nnipa a wɔwɔ tire bɛka akyerɛ me,

na ɔbarima nyansafoɔ bɛtie ama me,

35 Hiob deɛ, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa,

na ne nsɛm mu nni nhunumu.

36 Sɛ anka wɔresɔ Hiob ahwɛ akɔsi awieeɛ ɛ,

ɛfiri sɛ ne mmuaeɛ te sɛ amumuyɛfoɔ mmuaeɛ.

37 Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho,

yɛn mu mpo ɔbɔ ne nsam,

na ɔma ne nsɛm a ɔne Onyankopɔn de di asie no dɔɔso.

Hiob 35

1 Na Elihu kɔɔ so ara kaa sɛ:

2 Wobu no sɛ ɛtene,

anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ,

3 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfasoɔ bɛn?

Na mfasoɔ bɛn na mɛnya asene sɛ anka meyɛɛ bɔne?

4 Me deɛ, mede nsɛm bɛbua wo

ne wo mfɛfoɔ a wɔka wo ho no.

5 Hwɛ ɔsoro, na hunu,

na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no.

6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛdeɛn na wode yɛ no,

na sɛ wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na woyɛ no?

7 Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma no,

anaasɛ wo nsam ɛdeɛn na ɔgyeɛ?

8 Onipa a ɔte sɛ woɔ na w’abɔnefosɛm pira no,

na onipa ba bi na wo tenenee bɛma no anya mfasoɔ.

9 Nhyɛsoɔ bebrebe nti na ɛma wɔteam,

wɔsu frɛ ɔboafoɔ, nnipa akɛseɛ nsa ase.

10 Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn,

me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo,

11 deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sene asase so mmoa,

na ɔkyerɛ yɛn nyansa sene ɔsoro nnomaa no.

12 Ɛhɔ na wɔteam, na ɔmmua,

abɔnefoɔ ahantan nti.

13 Ampa ara Onyankopɔn rentie ahuhusɛm,

na Otumfoɔ remmu.

14 Na nkantom sɛ wose: Wonhu no deɛ

nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara!

15 Na afei ɛnam sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuo mu,

na ɔnni amumuyɛ akyiri pii nti,

16 Hiob bue n’ano kwa,

na nimdeɛ a ɔnnie mu, ɔma nsɛm dɔɔso.

Hiob 36

Elihu asɛnka a ɛtwa toɔ

1 Na Elihu kɔɔ so sɛ:

2 Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo,

na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn.

3 Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri,

na mede me yɛfoɔ no bem ama no.

4 Na ampa, me nsɛm nyɛ atorɔ,

deɛ ɔdi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi.

5 Hwɛ, Onyankopɔn yɛ ɔkɛseɛ,

na ɔmmu obi animtia, ɔyɛ ɔkɛseɛ, nteaseɛ tumi mu.

6 Ɔmma ɔbɔnefoɔ nnya nkwa,

na ɔde amanehunufoɔ bem ma wɔn.

7 Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so,

na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa,

na wɔma wɔn so.

8 Na sɛ wɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn,

na wɔde amaneɛ nhoma kye wɔn a,

9 ɛnna ɔka wɔn nneyɛɛ kyerɛ wɔn,

ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho soɔ,

10 na ɔbue wɔn aso ma atenetene,

na ɔka sɛ wɔnsane mfiri abusudeɛ ho.

11 Sɛ wɔtie na wɔsom no a,

wɔwie wɔn nna di yiedie mu,

ne wɔn mfeɛ nso deɛ ɛyɛ wɔn dɛ mu.

12 Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dadeɛ ano,

na wɔgyaa mu nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.

13 Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo,

sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.

14 Wɔn kra wu mmeranteberɛ mu,

na wɔn nkwa sɛe sɛ nnwamamfoɔ deɛ no.

15 Ɔyi ɔmanehunufoɔ n’amaneɛ mu,

na ɔbue wɔn aso ahodwan no mu.

16 Anka ɔbɛgye wo nso afiri ahohiahia mu

akɔ deɛ ɛhɔ trɛ a ahokyere nnie hɔ,

na sradeɛ ayɛ wo pono so aduane ma.

17 Nanso ɔbɔnefoɔ atemmuo ayɛ wo ma,

atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.

18 Na mma abufuo nnnyegye wo nnkɔ ahiyie mu,

na mma agyedeɛ no dodoɔ nnhima w’ani.

19 W’ahonyadeɛ anaa wo tumi ahoɔdenneɛ nyinaa

de wo bɛsi deɛ ahohiahia nnie hɔ?

20 Mpere anadwo ho,

sɛ ɛmmɛpra aman mfiri wɔn afa.

21 Hwɛ yie, nnane w’ani nkɔ ahuhudeɛ so,

ɛfiri sɛ wopɛ ɛno mmom sene amanehunu.

22 Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛseɛ,

hwan ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?

23 Hwan na ɔhyɛɛ no sɛdeɛ ɔnyɛ n’adeɛ mfa,

na hwan na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne?

24 Kae sɛdeɛ wobɛkamfo ne nneyɛɛ

a adasa ato ho dwom no.

25 Nnipa nyinaa hwɛ ara;

ɔdasani firi akyirikyiri hwɛ.

26 Hwɛ, Onyankopɔn so, na yɛnni no;

ne mfeɛ dodoɔ nso mu nni hwehwɛbea.

27 Ɔno na ɔtwe nsuo ntoantoa

a ɛsosɔ tɔ ne mununkum mu nsuo,

28 na ɛfiri mununkum mu tɔ gu fam,

ɛtɔ pii gu nnipa so.

29 Obi bɛtumi ate mununkum mu trɛ

ne ne ntomadan mu kurududuyɛ no ase?

30 Hwɛ, ɔtrɛ ne hann mu wɔ ne so,

na ɔkata ɛpo nhini so.

31 Na ɛno na ɔde di aman asɛm,

ɔde aduane bebree nso ma.

32 Ɔde hann katakata ne nsa ho,

na ɔhyɛ ma no kɔsi botaeɛ bi mu.

33 Ne mmobom ka ne ho asɛm,

mmoakuo mpo ka asɛm fa ahum a ɛreba ho.

Hiob 37

1 Aane, yei ho na m’akoma tutuo,

na ɛpopo firi n’afa.

2 Tie na montie ne nne huuyɛ,

ne mmobom a ɛfiri n’anomu no.

3 Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa,

na ne hann kɔduru asase anoano.

4 Aprannaa bobom di akyire,

ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom.

Sɛ wɔte ne nne a, ɔrensianka wɔn.

5 Onyankopɔn de ne nne prannaa bobom ma no yɛ nwanwa,

ɔyɛ adeɛ akɛseɛ a yɛnhunu mu,

6 na ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ: Tɔ gu asase so!

ne osukɛseɛ nso saa ara sɛ: Tue! ne n’ahoɔden suo akɛseɛ no.

7 Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano,

sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhunu de.

8 Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu,

na wɔtenatena wɔn tenabea.

9 Ahum firi mpiakyire hɔ ba,

na awɔ nso firi atifi fam.

10 Nyankopɔn home na ɛma nsuo nkyenkyeneeɛ,

na ɛma nsuo a ɛtrɛ nso da.

11 Nsuo ara nko na ɔde soa mununkum,

ɔtrɛ ne hann mununkum no mu.

12 Na ɔma no di kyinhyia sɛdeɛ n’akwankyerɛ teɛ,

sɛ ɛnkɔyɛ deɛ ɔhyɛ no nyinaa,

wiase nyinaa ne asase ani;

13 sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo,

sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara.

14 Hiob, yɛ aso wɔ yei ho,

gyina hɔ dwene Nyankopɔn anwanwadeɛ ho.

15 Wonim berɛ a Onyankopɔn susuo ho,

na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn?

16 Wonim mununkum nkariiɛ,

nimdeɛ mu mudifoɔ no anwanwadeɛ no?

17 Sɛdeɛ wo ntadeɛ mu hyeɛ,

berɛ a anafoɔ mframa ma asase yɛ dinn no?

18 Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn

sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?

19 Ma yɛnhunu deɛ yɛnka nkyerɛ no;

esum nti yɛrenhunu deɛ yɛnka.

20 Wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa?

Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no?

21 Na afei wɔnhunu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewiem tɔnn,

na mframa twam a, ɛma ewiem hɔ te.

22 Atifi fam asase so na sika firi ba,

Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ.

23 Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no;

ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ,

na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.

24 Enti nnipa suro no,

ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.

Hiob 38

AWURADE mmuaeɛ

1 Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

2 Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani,

nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi?

3 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ,

na memmisa wo, na kyerɛ me.

4 Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem?

Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!

5 Hwan na ɔde ne nsusuiɛ too hɔ, wonim anaa?

Anaasɛ hwan na ɔsaa so homa?

6 Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ siiɛ,

anaa hwan na ɔde ne tweatiboɔ toeɛ,

7 berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom,

na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?

8 Na hwan na ɔkaa ɛpo hyehyɛɛ apono mu,

berɛ a ɛfiri asaseyam pueeɛ,

9 na mede mununkum meyɛɛ ne nkataho,

ne sum kabii nso meyɛɛ n’aboomu,

10 na metwaa ne so hyeɛ,

na mesisii adaban ne apono,

11 na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so,

na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no?

12 Ɛfiri wo nna mfitiaseɛ woahyɛ anɔpa so pɛn,

woakyerɛ adekyeeɛ nso ne diberɛ,

13 sɛ ɛnsɔ asase mmuano mu,

na wɔmporepore abɔnefoɔ mfiri so?

14 Sɛ ɛnnane sɛ daagyere nsɔano ase

na ɛnyɛ sɛ atadeɛ a wɔahyɛ no aduro,

15 na wɔde abɔnefoɔ hann akame wɔn,

na nsa a wɔama soɔ no, wɔabu mu?

16 Woakɔ ɛpo aniwa ho,

na wɔanante bunu donkodonko ase?

17 Wɔayi owuo aponkɛseɛ adi akyerɛ wo,

anaasɛ woahunu esum kabii aboboɔ no?

18 Woahunu asase trɛ mu anaa?

Sɛ wonim ne nyinaa a, ka ɛ!

19 Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ,

na esum nso, n’afa wɔ he?

20 Na wode akɔ ne hyeɛ so,

na woahunu ne fie akwan no.

21 Wonim, aane, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔawo wo,

na woadi nna bebree!

22 Woakɔ sukyerɛmma korabea,

anaa woahunu asukɔtweaa akoradeɛ no,

23 adeɛ a makora asie ahohiahia berɛ

ne ɔko ne akodie da no?

24 Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ,

ne deɛ apueeɛ mframa fa so bɔ asase soɔ no nso wɔ?

25 Hwan na ɔyiyi aka ma osuo

ne ɔkwan ma aprannaa asraman no,

26 sɛ ɔbɛma osuo atɔ asase a obi nni hɔ soɔ,

ne anwea pradada a onipa bi nni soɔ so,

27 na wama amamfo ne asase hunu ameeɛ,

na wama wira a ɛfuo no afefɛ?

28 Osuo wɔ agya,

anaasɛ hwan na ɔwo obosuo a ɛsosɔ?

29 Hwan yam na nsuo nkyenkyeneeɛ fire,

na ɔsoro bosuo a akyenkyen no, hwan na ɔwoeɛ?

30 Nsuo kyenkyen sɛ ɔboɔ,

na ebunu donkodonko ani pam.

31 Wobɛtumi akyekyere Akokɔbaatan-ne-ne-mma homa mu,

anaasɛ wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma?

32 Wobɛtumi ayi Owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne berɛ mu,

anaasɛ wobɛtumi akyerɛ Sisire nsoromma ne ne mma kwan?

33 Wonim ɔsoro nhyehyɛɛ,

anaa wobɛtumi ahyehyɛ sɛdeɛ ɛnni asase soɔ?

34 Woma wo nne so kɔ mununkum mu

sɛ nsuo pii mmɛkata wo ho anaa?

35 Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ,

na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn nie! anaa?

36 Hwan na ɔde nyansa siee ayamdeɛ mu,

anaasɛ hwan na ɔde nhunumu maa adwene?

37 Hwan na ɔde nyansa kan mununkum,

na ɔsoro nkotokuo no, hwan na ɔdane no

38 ma mfuturo pia kɔbɔ dosie,

na dɔteɛ bɔ ntoantoa?

39 Wo na woyɛ ha ma gyatabereɛ nya nam,

anaa woma agyataburuwa meeɛ,

40 ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn atu mu,

na wɔtete adɔtɔ mu retɛ?

41 Hwan na ɔsiesie aduane ma anene,

ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn,

wɔkyini na wɔnni aduane no?

Hiob 39

Mmoadoma di Nyankopɔn nyansa ho adanseɛ

1 Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ,

na aforoteɛ awoko nso, wowɛn?

2 Wokan abosome a wɔn afuru de nyini,

na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa?

3 Wɔkoto wowo wɔn mma,

wɔto wɔn awoɔyea twene,

4 wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram,

wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn nkyɛn.

5 Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho,

na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane?

6 Deɛ mede ɛserɛ pradada mayɛ ne fie,

na mede nkyene asase ayɛ ne tenabea.

7 Ɔmmu kuro mu gyegyeegyeyɛ,

ɔnte ɔkafoɔ ateatea.

8 Deɛ ɔnya no mmepɔ soɔ no ne n’aduane,

na ɔpɛ adeɛ biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.

9 Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ,

anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?

10 Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho,

anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?

11 N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so,

na woagya w’adwuma ama no anaa?

12 Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba,

na waboa ano de aba w’asan so?

13 Sohori bɔ ne ntaban mu ahurisidie mu,

ɛne asukɔnkɔn ntaban ne ne ntakra na ɛsɛ anaa?

14 Mmom ɔgya ne nkosua ma asase,

na mfuturo so na ɔma ɛho dɔ,

15 na ne werɛ firi sɛ ɛnan bɛpɛkyɛ,

anaasɛ wiram mmoadoma bɛbobɔ.

16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnyɛ ne deɛ,

ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso ɔnsuro,

17 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no,

na wankyɛ no nhunumu.

18 Na sɛ ɔyere ne ho tu a,

ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.

19 Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ?

Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?

20 Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ?

Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.

21 Ɔwerɛwerɛ bonhwa mu, na ɔdi n’ahoɔden ho ahurisie,

ɔfiri kɔhyia akofoɔ a wɔamia.

22 Ɔsere ehu, na ne ho mpopo,

na ɔnsane mfiri afena anim.

23 Agyan boha woso ne so,

pea ne pɛmɛ a ɛtwa nyinamnyinam nso.

24 Ɔde anibereɛ ne abufuo werɛwerɛ asase,

na totorobɛnto hyɛne a, ɔnnyina bio.

25 Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ!

Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri,

asafohene nteam ne osebɔ no.

26 Wo nhunumu so na asansa nam tuo?

Ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ asase.

27 Anaasɛ w’anomu asɛm so na ɔkɔdeɛ ma ne ho soɔ,

na ɔyɛ ne pirebuo deɛ ɛkorɔn?

28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɔda,

ɔbotan ano hwerɛmhwerɛm ne ahwɛeɛ sorɔnsorɔn so,

29 ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane,

n’ani hunu adeɛ akyirikyiri.

30 Na ne mma fe mogya,

na deɛ atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.

Hiob 40

Hiob brɛ ne ho ase, AWURADE asɛm a ɛtɔ so mmienu. Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn

1 Na AWURADE buaa Hiob sɛ:

2 Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa?

Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ!

3 Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:

4 Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ?

Me nsa na mede meto m’ano.

5 Makasa prɛko, na merentia so;

ne mprenu, na merenkɔ so bio.

6 Ɛnna AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

7 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ,

mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

8 Wobɛdane m’atemmuo no ani?

Wobɛbu me fɔ na woadi bem?

9 Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ,

na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?

10 Ɛnneɛ fa tumidie ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho,

na fira ɔhyerɛn ne animuonyam,

11 hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu,

na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.

12 Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase,

na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ.

13 Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu,

na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,

14 ɛnneɛ na me nso mɛkamfo wo

sɛ wo ara wo nifa na agye woɔ.

15 Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo,

ewira na ɔdi no sɛ nantwie.

16 Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asene mu

ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.

17 Ɔkoa ne dua sɛ tweneduro,

ne srɛ mu nhoma nso toatoa mu.

18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ dorobɛn,

ne nkasɛɛ te sɛ adaban.

19 Ɔno ne Nyankopɔn akwan mfitiaseɛ,

ne yɛfoɔ nko ara na ɔtumi de afena ka no.

20 Na mmepɔ so aduane ma no,

na wiram mmoadoma nyinaa goro hɔnom.

21 Nkasɛɛnkasɛɛ nnua ase na ɔda,

demmire ne ɔwora ahuntaeɛm.

22 Nkasɛɛnkasɛɛ nnua nwunu kata ne so,

nsunoa nnua twa ne ho hyia.

23 Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo;

sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara.

24 Wɔbɛtumi akye no animono,

na wɔde fidie ahwire ne hwenem?

Hiob 41

1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano,

na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa?

2 Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem,

na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu?

3 Ɔbɛkoto asrɛ wo pii,

anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4 Ɔne wo bɛpam apam

sɛ fa no yɛ akoa daa?

5 Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa,

na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa?

6 Apofofoɔ asafo bɛsi no koso,

na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu?

7 Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma,

na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8 Fa wo nsa ka no hwɛ,

na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio!

9 Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu.

Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no,

na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu?

Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

12 Merennyae ne honam adeɛ,

ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13 Hwan na ɔbɛyi ne ho abon?

Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim?

14 N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini?

Ne se ho yɛ hu.

15 N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ,

wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano.

16 Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ

a mframa nnya mu kwan;

17 ɛfemfam ho,

ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ.

18 Ne nwansi ma hann hyerɛn,

na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

19 Agyatɛnee firi n’anomu,

ogya nturituriiɛ fifiri mu.

20 Wisie firi ne hwene mu tokuro mu,

sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu.

21 N’ahome sɔ nsramma,

na ogyaframa firi n’anomu.

22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,

na akomatuo sa wɔ n’anim.

23 Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn,

wɔguu no ne ho, na ɛntwe.

24 N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ,

ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ.

25 Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo,

na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26 Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka,

pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo;

27 ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ,

ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ;

28 agyan nka no ngu,

ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;

29 ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma,

na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ.

30 N’ase yɛ abono hwetahweta,

ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ.

31 Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu,

ɔyɛ po sɛ sradeɛ;

32 Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi,

ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.

33 Ne nsɛsoɔ nni asase so;

wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu;

34 ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa;

ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

Hiob 42

Onyankopɔn ma Hiob so bio

1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:

2 Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ,

na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.

3 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ,

na ɔhono afotuo ani yi?

Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.

4 Tie ɛ, na menkasa.

Mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka,

na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho,

dɔteɛ ne nso mu.

7 Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.

8 Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

11 Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

13 Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.

14 Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk.

15 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu.

16 Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan.

17 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.

Ester 1

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti adeɛ so

1 Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —

2 ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

4 Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

5 Na nna yi wiee duro no, ɔhene no too nkurɔfoɔ a wɔwɔ Susa abankɛseɛ no mu nyinaa pono firi akɛseɛ so kɔsii nkumaa so nnanson, wɔ ahemfie turom abannwa so,

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

7 Na wɔhyehyɛɛ nsa sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahodoɔ, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛdeɛ ɛwɔ ɔhene no nsam.

8 Na nsa no nom nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ; wɔanhyɛ obiara; na saa na na ɔhene no ahyɛ ne fie so mpanimfoɔ nyinaa, sɛ onipa biara nyɛ sɛdeɛ ɔpɛ.

9 Ɔhemmaa Wasti nso too mmaa pono wɔ Ɔhene Akas-weros ahemfie.

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

11 sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

14 na wɔn a wɔbɛn no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baason a wɔhunu ɔhene anim ne ahennie no mu atitire no,)

15 sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no?

16 Na Memukan kaa no ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti afom no, na wafom mmapɔmma nyinaa ne amanaman a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa nso.

17 Na wɔbɛka ɔhemmaa no asɛm no akyerɛ mmaa nyinaa, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia aka sɛ: Ɔhene Akas-weros kaa sɛ wɔmma Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, na wamma.

18 Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso.

19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no.

20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so.

21 Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no.

22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.