Nnwom 124

Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ ahohia mu

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a,

ma Israel nka ɛ:

2 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa,

berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no a,

3 anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no,

wɔamemmene yɛn animono,

4 anka nsuo amene yɛn,

anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

5 anka nsuo a ɛyɛ ahantan

abɔ afa yɛn kra so.

6 Nhyira ne AWURADE

a wamfa yɛn anyɛ

hanam amma wɔn se.

7 Yɛn kra adwane sɛ anomaa

afiri afirisumfoɔ fidie mu,

fidie no abubu,

na yɛn deɛ, yɛadwane.

8 Yɛn mmoa wɔ AWURADE

a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.

Nnwom 125

Israel dwanekɔbea

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no

te sɛ Sion bepɔ,

ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.

2 Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no,

saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia

firi seesei de kɔsi daa.

3 Na bɔne ahempoma rentena

ateneneefoɔ kyɛfa so,

na ateneneefoɔ antene

wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.

4 AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie,

ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu.

5 Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ,

AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Nnwom 126

Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.

2 Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma.

Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ:

AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.

3 AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn,

yɛn ani agye.

4 AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra

sɛ anafoɔ fam asase so asutene.

5 Wɔn a wɔde nisuo guo

de ahurisie bɛtwa.

6 Sɛ mpo wɔde nisuo nenam

kura aba a wɔguo no a,

wɔde ahurisie bɛkura

n’ayemfi aba.

Nnwom 127

AWURADE nhyira ne ade kɛse

Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a,

wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa.

Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a,

ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye

moahome papa biara, mpo anadwo brɛ.

Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi.

Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ

mpo berɛ a wɔadeda.

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma,

na yafunu mu aba yɛ akatua.

4 Sɛ ɔbrane nsam bɛmma teɛ no,

sɛ mmeranteberɛm mma teɛ ne no.

5 Nhyira ne ɔbarima a

wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma,

wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a,

wɔn ani renwu.

Nnwom 128

Efie ahotɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE,

na ɔfa n’akwan soɔ.

2 Na wobɛdi wo nsa ano adwuma,

nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie.

3 Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu,

wo mma yɛ sɛ ngodua

a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.

4 Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie.

5 AWURADE mfiri Sion nhyira wo,

na hunu Yerusalem yiedie

wo nkwa nna nyinaa,

6 aane, na hunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Nnwom 129

Amanehunu a aba atwam

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,

ma Israel nka ɛ,

2 wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,

nanso wɔantumi me.

3 Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi,

wɔama wɔn aka awoware.

4 Nanso AWURADE tene,

watwitwa abɔnefoɔ homa mu.

5 Ma wɔn ani nwu

na wɔnsane wɔn akyi,

wɔn a wɔtane Sion nyinaa.

6 Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira

a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ,

7 ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa

anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma,

8 na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ:

AWURADE nhyira mmra mo so no,

yɛhyira mo AWURADE din mu.

Nnwom 130

Amanehunu kɛseɛ mu mpaebɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.

2 AWURADE, tie me nne,

wɛn w’aso

tie me nkotosrɛ.

3 AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a,

hwan na anka ɔbɛgyina?

4 Na wo na fakyɛ wɔ wo fam,

na wɔasuro wo.

5 Mehwɛ AWURADE kwan,

me kra rehwɛ kwan,

na n’asɛm so na m’ani da.

6 Me kra twɛn AWURADE

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ,

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ.

7 Israel, ma w’ani nna AWURADE so,

n’afam na adɔeɛ wɔ,

na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.

8 Ɔno na ɔbɛgye Israel

afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.

Nnwom 131

Ahobrɛaseɛ ne abodwoɔ

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ,

na m’ani ntra ne ntɔn,

na menyɛ apɔmpɔmpɛ,

na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me.

2 Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm,

sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho;

aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ

3 Israel, ma w’ani nna AWURADE so

mfiri seesei nkɔsi daa.

Nnwom 132

Mpaeɛ a Dawid nti wɔbɔ ma Sion

Ɔsoroforɔ dwom.

1 AWURADE, kae Dawid

brɛ nyinaa ma no,

2 sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam,

na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ:

3 Merenkɔ me fie ntomadan mu,

meremforo me mpa so mpia mu,

4 meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko,

nso merenna

5 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE,

tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.

6 Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata,

yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so.

7 Momma yɛnkɔ ne tenabea,

nkɔkoto ne nan ntiasoɔ anim ɛ.

8 AWURADE, sɔre kɔ wo home mu,

wo ne wo tumi adaka no.

9 Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee,

na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie.

10 Ɛsiane w’akoa Dawid nti,

nnane deɛ woasra no no ani.

11 AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu

a ɔnnane ani:

Mede wo yafumma mu bi

matena w’adwa so mama wo.

12 Sɛ wo mma di m’apam

ne m’adanseɛ a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,

wɔn mma nso

bɛtena w’adwa so daa.

13 Na AWURADE ayi Sion,

wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.

14 Yei ne me homebea daapem,

ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.

15 Mede nhyira bɛhyira n’adidideɛ,

mɛma n’ahiafoɔ aduane adi amee.

16 Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ,

na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom.

17 Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid,

masiesie kanea mama deɛ masra no no.

18 Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo,

na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.

Nnwom 133

Anuanom baakoyɛ mu nhyira

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ

sɛ anuanom bom tena faako.

2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa

a wɔhwie guu Aaron apampamu,

ɛsiane guu n’abɔdwesɛ mu,

na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so.

3 Ɛte sɛ Hermon bosuo

a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ,

na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira,

aane, nkwa de kɔsi daa.