Nnwom 114

Misraim fire mu nkonyaa

1 Israel firii Misraim,

na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no,

2 Yuda yɛɛ ne kronkronbea,

na Israel yɛɛ ne tumidibea.

3 Ɛpo hunui, na ɛdwanee,

Yordan sanee n’akyi.

4 Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa.

Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,

5 Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane,

na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi?

6 Mo mmepɔ, sɛ morehurihuri sɛ adwennini,

na mo nkokoɔ, moreyɛ sɛ nnwammaa yi?

7 Asase, popo AWURADE anim,

Yakob Nyankopɔn anim.

8 Na twerɛboɔ yɛɛ nsuo aniwa.

Ɔno na ɔdanee ɔbotan maa no yɛɛ ɔtadeɛ.

Nnwom 115

Onyankopɔn nko na anidie sɛ no

1 Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn,

na wo din mmom na animuonyam nka,

w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.

2 Adɛn na amanaman nka sɛ:

Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ?

3 Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro,

deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.

4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,

nnipa nsa ano adwuma.

5 Wɔwɔ ano, na wɔnkasa,

wɔwɔ ani, na wɔnhunu adeɛ,

6 wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm,

wɔwɔ hwene, na wɔnte hwa.

7 Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ,

wɔn nan, wɔmfa nnante,

na wɔmfa wɔn menewa nkasa.

8 Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara,

obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.

9 Israel, fa wo ho to AWURADE so.

Wo mmoa ne wo kyɛm ne no.

10 Aaron fie, momfa mo ho nto AWURADE so.

Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.

11 Mo a mosuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so.

Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.

12 AWURADE akae yɛn, ɔbɛhyira yɛn,

ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie,

13 ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE,

nketewa ne akɛseɛ nyinaa.

14 AWURADE bɛma mo adɔɔso,

mo ne mo mma.

15 Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

16 Ɔsoro yɛ AWURADE soro,

na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.

17 Ɛnyɛ awufoɔ na ɛbɛyi AWURADE ayɛ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔsiane kɔ kommyɛ mu biara.

18 Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE

afiri nnɛ akɔsi daa.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 116

Deɛ wɔagye no nkwa no aseda ne ne bɔhyɛ

1 Medɔ AWURADE sɛ ɔtie me nne

ne me nkotosrɛ.

2 Na wabrɛ n’aso ase ama me,

enti mete ase yi, mɛbɔ ne din.

3 Owuo nhoma kyekyeree me,

na Asamando ahohia too me,

mehunuu ahodwan ne awerɛhoɔ.

4 Na AWURADE din na mebɔɔ sɛ:

O AWURADE, mesrɛ wo, gye me kra.

5 Ɔdomfoɔ ne teneneeni ne AWURADE,

aane, yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ.

6 AWURADE hwɛ awiɛmfoɔ,

mehodwoe, na ɔgyee me nkwa.

7 Me kra, sane kɔ wo home mu,

na AWURADE ne wo adi no yie.

8 Na woayi me kra afiri owuo mu,

m’ani afiri nisuo mu,

ne me nan afiri ahweaseɛ mu.

9 Mɛnante AWURADE anim,

ateasefoɔ asase so.

10 Magye madi, mpo berɛ a mekaa sɛ:

Me deɛ, meyɛ mmɔbɔ sɛ!

11 Mekaa m’akomatuo mu sɛ:

Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.

12 Ɛdeɛn na mede bɛhyɛ AWURADE ananmu,

ne yie a ɔyɛ me nyinaa ho?

13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa so,

na mabɔ AWURADE din.

14 Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE,

ne man nyinaa anim.

15 AWURADE ahotefoɔ wuo deɛ,

ne boɔ yɛ den n’anim.

16 O AWURADE, meyɛ w’akoa,

meyɛ w’akoa, w’afenaa ba;

woasane me nhoma.

17 Wo na mɛbɔ wo aseda afɔdeɛ,

na mabɔ AWURADE din.

18 Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE,

ne man nyinaa anim,

19 AWURADE fie adihɔ,

wo, Yerusalem, mfimfini.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 118

Asafo no aseda dwom

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2 Ma Israel nka ɛ:

Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

3 Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ:

Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

4 Ma wɔn a wɔsuro AWURADE nka ɛ:

Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE,

na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

6 AWURADE wɔ m’afa, mensuro,

ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

7 AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafoɔ,

na me nso mɛhunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ soɔ.

8 Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE

sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa soɔ.

9 Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE

sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahemfo soɔ.

10 Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia,

AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

11 Wɔatwa me ho ahyia awie koraa mpo,

nanso AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

12 Wɔatwa me ho ahyia sɛ nwowa,

wɔbɛdum sɛ nkasɛɛ mu gya,

AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

13 Wɔwɔɔ me nkonsia sɛ anka menhwe ase,

nanso AWURADE aboa me.

14 M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE,

na wayɛ me nkwagyeɛ.

15 Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu,

AWURADE nifa di mmaninsɛm.

16 Wɔama AWURADE nifa so,

AWURADE nifa di mmaninsɛm.

17 Merenwu, na mmom mɛnya nkwa,

na maka AWURADE nneyɛɛ makyerɛ.

18 Aso na AWURADE atwe me,

na owuo deɛ, wamfa me amma no.

19 Monhini tenenee aponkɛseɛ mma me,

na menhyɛne mu

menna AWURADE ase.

20 AWURADE ponkɛseɛ nie,

ateneneefoɔ bɛhyɛne mu.

21 Meda wo ase sɛ woagye me soɔ,

na woayɛ me nkwagyeɛ.

22 Ɔboɔ a abantofoɔ apa no

abɛyɛ tweaso boɔ titire.

23 AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ,

ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.

24 Yei ne da a AWURADE ayɛ,

momma yɛnni ahurisie,

na yɛn ani nnye wɔ mu.

25 O AWURADE, gye nkwa ɛ,

O AWURADE, ma no nsi yie!

26 Nhyira ne deɛ ɔnam AWURADE din mu reba no,

yɛfiri AWURADE fie rehyira mo.

27 AWURADE ne Onyankopɔn,

wama hann ahyerɛn ama yɛn.

Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia

nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.

28 Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase,

me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so.

29 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Nnwom 119

Nyankopɔn mmara ho anigyeɛ

1 Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ,

na wɔnam AWURADE mmara soɔ.

2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ,

na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire,

3 nso wɔnyɛ amumuyɛdeɛ,

na wɔnam n’akwan soɔ.

4 Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn

sɛ yɛnni so koraa.

5 O, sɛ wɔtenetene m’akwan,

na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ!

6 Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a,

ɛnneɛ anka m’ani renwu.

7 Mede akoma tee bɛda wo ase

sɛ meresua wo tenenee atemmudeɛ no.

8 Mɛdi w’ahyɛdeɛ so,

nnya me korakora.

AWURADE mmara ho setie

9 Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho?

Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ.

10 Mede m’akoma nyinaa mɛdi w’akyi,

mma memmfiri wo mmara nsɛm ho mennkyini.

11 Mede wo nsɛm makora m’akomam,

na manyɛ wo ho bɔne bi.

12 Nhyira ne wo, AWURADE,

kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

13 Mede m’ano maka

w’anomu atemmuo nyinaa.

14 W’adansesɛm kwan mu na m’ani gyeɛ,

sɛdeɛ ɛgye ahonyadeɛ bi ho.

15 Meredwene wo nsiesieeɛ ho,

na merehwɛ w’akwan.

16 W’ahyɛdeɛ ho na me ho sɛpɛ me,

me werɛ remfiri wo nsɛm.

AWURADE mmara ho anigyeɛ

17 Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa,

na madi wo nsɛm so.

18 Bue m’ani,

na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ.

19 Meyɛ ɔhɔhoɔ asase so,

mfa wo mmara nsɛm nhunta me.

20 Me kra posa daa nyinaa,

w’atemmuo ho anigyina mu.

21 Woateatea ahantanfoɔ a wɔadome wɔn

a wɔfom firi wo mmara nsɛm ho no.

22 Yi ahohora ne aniwuo firi me so,

na madi w’adansesɛm so.

23 Aman mpanin nso tena ase keka me ho nsɛm a,

w’akoa bɛdwene w’ahyɛdeɛ ho.

24 W’adansesɛm yɛ m’adɔdeɛ,

na ɛyɛ m’agyinatufoɔ.

Si nkete sɛ wobɛdi AWURADE mmara so

25 Me kra aka fam,

ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

26 Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so,

ma mensua w’ahyɛdeɛ.

27 Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu,

na mennwene w’anwanwadeɛ ho.

28 Awerɛhoɔ ama me kra anane,

ma me so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

29 Yi atorɔ kwan firi me ho,

na fa wo mmara dom me.

30 Mafa nokorɛdie kwan,

mede w’atemmudeɛ magu m’anim.

31 Matim w’adansesɛm mu,

AWURADE, mma m’ani nnwu.

32 Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika,

na wotrɛ m’akomam.

Nteaseɛ ho mpaebɔ

33 AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan,

na mafa so makɔsi aseɛ.

34 Ma menhunu mu, na madi wo mmara so,

na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.

35 Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so,

na ɛno na ɛsɔ m’ani.

36 Kom m’akoma kɔ w’adansesɛm so,

na ɛnyɛ sikanibereɛ so.

37 Ma m’ani nsiane adehunu hwɛ ho,

ma mennya wo kwan mu nkwa.

38 Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa

a ɔde ne ho ama wo suro.

39 Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu nsiane me ho,

na w’atemmudeɛ yɛ.

40 Hwɛ, mafe wo nsiesieeɛ,

ma mennya wo tenenee mu nkwa.

AWURADE mmara ho ahotosoɔ

41 AWURADE, ma w’adɔeɛ mmra mma me,

ne wo nkwagyeɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

42 Na manya asɛm bi mabua deɛ ɔbɔ me ahohora,

na mede me ho meto w’asɛm so.

43 Na nyi nokwasɛm no mfiri m’anomu koraa,

na w’atemmudeɛ so na m’ani da.

44 Na mɛdi wo mmara so ara

daa akɔsi daa ne daapem,

45 na mɛnante tɛtrɛtɛ mu,

na medi wo nsiesieeɛ akyi.

46 Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim,

na m’ani renwu.

47 Na me ho bɛsɛpɛ me wo mmara nsɛm ho,

na ɛno na madɔ,

48 na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho,

na madwene w’ahyɛdeɛ ho.

AWURADE mmara mu awerɛhyɛmu

49 Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no,

ɛfiri sɛ womaa mede m’ani metoo so.

50 Yei ne m’awerɛkyekyerɛ m’amanehunu mu,

ɛfiri sɛ w’asɛm ma menya nkwa.

51 Ahantanfoɔ de me ayɛ fɛdie pii,

mennane memfirii wo mmara ho.

52 AWURADE, mekae w’atemmuo a ɛfiri teteete no,

na mekyekyere me werɛ.

53 Abufuhyeɛ hyɛ me so,

abɔnefoɔ a wɔgya wo mmara no nti.

54 W’ahyɛdeɛ adane me nnwom,

m’ahɔhoyɛ fie mu.

55 AWURADE, mekae wo din anadwo,

na medi wo mmara so.

56 Yei ayɛ me adeɛ,

sɛ mekura wo nsiesieeɛ mu.

Ahofama wɔ AWURADE mmara ho

57 AWURADE, me kyɛfa ne wo,

maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.

58 Mede m’akoma nyinaa masrɛ wo:

Dom me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

59 Meda medwene m’akwan ho,

na medane me nan mekyerɛ w’adansesɛm.

60 Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase,

sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.

61 Abɔnefoɔ nhoma abebare me ho,

me werɛ mfirii wo mmara.

62 Mesɔre dasuom meda wo ase,

wo tenenee atemmudeɛ ho.

63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,

ɛne wɔn a wɔdi wo nsiesieeɛ soɔ.

64 AWURADE, w’adɔeɛ ahyɛ asase ma,

ma mensua w’ahyɛdeɛ.

AWURADE mmara som boɔ

65 Wo ne w’akoa adi no yie, AWURADE,

sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

66 Kyerɛkyerɛ me nhunumu pa ne nimdeɛ,

na magye wo mmara nsɛm madi.

67 Wɔnnya mmrɛɛ me aseɛ no, mefomee,

na afei medi w’asɛm so.

68 Woyɛ, na woyɛ yie,

kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

69 Ahantanfoɔ atoatoa atorɔ ato me so,

me deɛ, mede m’akoma nyinaa mesɔ wo nsiesieeɛ mu.

70 Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ,

me deɛ, wo mmara ho na me ho sɛpɛ me.

71 Ɛyɛ ma me sɛ wobrɛɛ me aseɛ,

na ama masua w’ahyɛdeɛ.

72 W’anomu mmara yɛ ma me

sene sika ne dwetɛ mpempem.

AWURADE mmara yɛ pɛrepɛre

73 Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me,

ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.

74 Wɔn a wɔsuro woɔ bɛhu me na wɔn ani agye,

na w’asɛm so na m’ani da.

75 AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee,

na wode nokorɛdie abrɛ me ase.

76 Ma w’adɔeɛ nyɛ me awerɛkyekyerɛ ɛ,

sɛdeɛ wokaa w’akoa no.

77 Ma wo mmɔborɔhunu mmra me so na mennya nkwa,

na wo mmara ne m’anika.

78 Ma ahantanfoɔ ani nwu

sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo soɔ.

Me deɛ, mɛdwene wo nsiesieeɛ ho.

79 Ma wɔn a wɔsuro woɔ nnane mmra me nkyɛn,

ne wɔn a wɔnim w’adansesɛm no.

80 Ma m’akoma nyɛ pɛ w’ahyɛdeɛ mu,

na m’anim angu ase.

Ɔgyeɛ ho mpaebɔ

81 Me kra tɔ wo nkwagyeɛ ho piti,

w’asɛm so na m’ani da.

82 W’asɛm nti m’ani ayɛ samoo.

Mese: Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?

83 Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wisie mu,

nanso me werɛ mfiri w’ahyɛdeɛ.

84 W’akoa nna si ahe?

Da bɛn na wobɛbu wɔn a wɔtaa me atɛn?

85 Ahantanfoɔ atutu amena ama me,

wɔn a wɔnte sɛdeɛ wo mmara kyerɛ.

86 Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.

Wɔtaa me nkontompo so, boa me!

87 Aka kumaa na wɔahye me awie asase so,

na me deɛ, mennya wo nsiesieeɛ.

88 W’adɔeɛ nti ma mennya nkwa,

na madi w’anomu adanseɛ so.

Gyidie wɔ AWURADE mmara mu

89 AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa wɔ,

ɔsoro.

90 Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa,

woasiesie asase, na ɛgyina hɔ.

91 Ɛgyina hɔ nnɛ sɛdeɛ w’atemmuo teɛ,

na nnoɔma nyinaa yɛ w’asomfoɔ.

92 Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔdeɛ a,

anka masɛe m’amaneɛ mu.

93 Me werɛ remfiri wo nsiesieeɛ ara da,

na ɛno so na wonam ma menya nkwa.

94 Meyɛ wo dea, gye me nkwa,

na medi wo nsiesieeɛ akyi.

95 Abɔnefoɔ retɛ me asɛe me.

Me deɛ, m’ani ku w’adansesɛm ho.

96 Mahunu pɛyɛ nyinaa awieeɛ,

wo mmara nsɛm trɛ pii.

AWURADE mmara ho dɔ

97 Sɛdeɛ mesi dɔ wo mmara!

Ɛno ne m’adwene da mu nyinaa.

98 Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafoɔ asene m’atamfoɔ,

na ɛwɔ me daa.

99 Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,

na w’adansesɛm ne m’adwene.

100 Mehunu adeɛ mu mesene mpanimfoɔ,

na mehwɛ wo nsiesieeɛ medi so.

101 Masianka me nan mafiri kwammɔne nyinaa so,

na madi w’asɛm so.

102 Memmane memfirii w’atemmuo ho,

na wo na woakyerɛkyerɛ me.

103 Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ!

Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu.

104 Wo nsiesieeɛ mu na menya nhunumu,

enti mekyiri nkontompo kwan nyinaa.

AWURADE mmara yɛ kanea

105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,

ne me kwan so hann.

106 Maka ntam, na mɛma no agyina,

sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so.

107 Wɔabrɛ me ase dodo,

AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

108 AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anomu ayamyie afɔdeɛ ɛ,

na ma mensua w’atemmudeɛ.

109 Me kra da me nsam daa,

nanso me werɛ mfiri wo mmara.

110 Abɔnefoɔ asum me fidie,

nanso memfom wo nsiesieeɛ kwan ho.

111 Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa,

na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.

112 Makom m’akoma sɛ mɛyɛ w’ahyɛdeɛ daa

makɔsi aseɛ.

AWURADE mmara mu banbɔ

113 Mekyiri adwene ntantafoɔ,

na medɔ wo mmara.

114 Me dwanekɔbea ne me kyɛm ne wo,

m’ani da w’asɛm so.

115 Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so,

na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.

116 Wowa me sɛdeɛ w’asɛm teɛ, na manya nkwa,

na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu.

117 Sɔ me mu, na manya nkwagyeɛ,

na mahwɛ w’ahyɛdeɛ no daa.

118 Wobu wɔn a wɔfom w’ahyɛdeɛ nyinaa animtia,

na nkontompo nko ne wɔn nsisie.

119 Woyi asase so abɔnefoɔ nyinaa hɔ sɛ dadebini,

enti na medɔ w’adansesɛm.

120 Wo ho hu ma me honam popo,

na mesuro w’atemmudeɛ.

AWURADE mmara ho setie

121 Mayɛ atemmuo ne tenenee,

nnya me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ.

122 Di agyinamu pa ma w’akoa,

mma ahantanfoɔ nnni me amim.

123 M’ani ayɛ samoo repɛ wo nkwagyeɛ

ne wo tenenee asɛm no.

124 Wo ne w’akoa nni no sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,

na ma mensua w’ahyɛdeɛ.

125 W’akoa ne me, ma me nteaseɛ,

na menhunu w’adansesɛm.

126 Berɛ aduru sɛ AWURADE yɛ biribie,

ɛfiri sɛ wɔatu wo mmara agu.

127 Enti medɔ wo mmara nsɛm

sene sika kɔkɔɔ ne amapa.

128 Enti mebu ade nyinaa mu nsiesieeɛ nyinaa sɛ ɛtene,

metane nkontompo kwan nyinaa.

Pere sɛ wobɛdi AWURADE mmara so

129 W’adansesɛm yɛ nwanwa,

enti na me kra di soɔ.

130 Wo nsɛm mu bue ma hann,

ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.

131 Mebue m’anomu haa mepere,

ɛfiri sɛ m’ani gyina wo mmara nsɛm.

132 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,

sɛdeɛ woyɛ wɔn a wɔdɔ wo din no.

133 Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu,

na mma amumuyɛ biara nnni me so.

134 Yi me firi onipa nhyɛsoɔ mu,

na menni wo nsiesieeɛ so.

135 Ma w’anim nhran w’akoa so,

na ma mensua w’ahyɛdeɛ.

136 Asutene sene m’aniwa mu gu,

ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.

AWURADE mmara yɛ pɛrepɛre

137 Ɔteneneeni ne wo, AWURADE,

na w’atemmudeɛ nso tene.

138 Woahyɛ w’adansesɛm, tenenee mu

ne nokorɛdie kɛseɛ mu.

139 Me mmɔdemmɔ redɛre me mu sɛ ogya,

ɛfiri sɛ m’ahohiahiafoɔ werɛ afiri wo nsɛm.

140 W’asɛm yɛ gyenegyene pii,

na w’akoa dɔ no.

141 Mesua, na memfra,

nanso me werɛ mfiri wo nsiesieeɛ.

142 Wo tenenee yɛ daa tenenee,

na wo mmara yɛ nokorɛ.

143 Ahohia ne ahoyera ato me,

nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔdeɛ.

144 W’adansesɛm yɛ tenenee daa,

ma me nteaseɛ, na mennya nkwa.

Ɔgyeɛ ho mpaebɔ

145 Mede m’akoma nyinaa mesu mefrɛ:

Gye me so.

AWURADE, mɛdi w’ahyɛdeɛ so.

146 Mesu mefrɛ wo: Bɛgye me,

na madi w’adansesɛm so.

147 Metua anɔpahema meteam,

m’ani da w’asɛm so.

148 M’ani di adasuo anim

sɛ mɛdwene w’asɛm ho.

149 Tie me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.

AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ.

150 Wɔn a wɔdi mmusuo akyire twe bɛn,

wɔne wo mmara ntam ware.

151 AWURADE, wo nso wobɛn,

na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.

152 Mehunuu w’adansesɛm mu akyɛ,

sɛ woama no atim sɛ ɛnsi hɔ daa.

Mmoa ho mpaebɔ

153 Hwɛ m’amanehunu, na yi me,

na me werɛ mfiri wo mmara.

154 Di m’asɛm ma me, na gye me,

ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

155 Abɔnefoɔ ne nkwagyeɛ ntam ware,

na wɔnhwehwɛ w’ahyɛdeɛ akyiri kwan.

156 Wo mmɔborɔhunu dɔɔso, AWURADE,

ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ.

157 M’ataafoɔ ne m’ahohiahiafoɔ dɔɔso

nanso mentwe memfirii w’adansesɛm ho.

158 Mehunu nnabrabafoɔ nkontompofoɔ a,

wɔn ho yɛ me nwunu,

sɛ wɔnni w’asɛm soɔ.

159 Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo nsiesieeɛ, AWURADE,

ma mennya nkwa sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.

160 W’asɛm ntoano yɛ nokorɛ,

na wo tenenee atemmuo nyinaa wɔ hɔ daa.

Nya atuhoakyɛ ma AWURADE mmara

161 Aman mpanin ti me kwa,

nanso w’asɛm nko na mesuro.

162 M’ani ka w’asɛm ho

sɛ deɛ wanya asadeɛ pii.

163 Metane atorɔ, na mekyi,

wo mmara na medɔ.

164 Da koro meyi wo ayɛ mprɛnson,

wo tenenee atemmuo ho.

165 Asomdwoeɛ pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara,

na biribi ntoatoa wɔn.

166 Mehwɛ wo nkwagyeɛ kwan, AWURADE,

na madi wo mmara nsɛm so.

167 Me kra di w’adansesɛm so,

na medɔ no kɛse.

168 Medi wo nsiesieeɛ ne w’adansesɛm so,

na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.

Mmoa ho mpaebɔ

169 AWURADE, ma me nteamu nnuru w’anim,

ma me nteaseɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

170 Ma me nkotosrɛ mmra w’anim,

gye me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

171 M’ano bɛworo w’ayeyie,

sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

172 Me tɛkyerɛma bɛgye w’asɛm so,

na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ tenenee.

173 Ma wo nsa mmɛboa me,

na wo nsiesieeɛ na mayie.

174 Mefe wo nkwagyeɛ, AWURADE,

na wo mmara ne m’adɔdeɛ.

175 Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ,

na w’atemmuo mmoa me.

176 Mafom kwan sɛ odwan a wayera,

hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfiri wo mmara nsɛm.

Nnwom 120

Nkɔnkɔnsafoɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no,

na ɔtiee me.

2 AWURADE, yi me kra

firi atorɔ ano,

firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.

3 Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ,

na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho,

wo nnaadaa tɛkyerɛma?

4 Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm

ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.

5 Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek

na matena Kedar ntomadan mu!

6 Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ

atena akyɛre dodo.

7 Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni,

nanso sɛ mekasa,

wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.

Nnwom 121

Israel hwɛfoɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2 Me mmoa firi AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3 Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.

4 Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no,

ɔrento nko, na ɔrenna.

5 AWURADE ne wo hwɛfoɔ,

AWURADE ne wo nwunu,

wo nsa nifa so.

6 Owia renhye wo awia,

anaa ɔsrane, anadwo.

7 AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo kra so.

8 AWURADE bɛhwɛ

w’adifire ne wo fieba so

afiri seesei de akɔsi daa.

Nnwom 122

Ɔkwantuni anigyeɛ ne apɛdeɛ

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ:

Ma yɛnkɔ AWURADE fie.

2 Yɛn nan bɛgyina

w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem.

3 Yerusalem a wɔakyekyere no

sɛ kuro a ɛtoatoam yie.

4 Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ,

mekyerɛ AWURADE mmusuakuo,

sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ,

sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no.

5 Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo,

Dawid fie nkonnwa no.

6 Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ,

ɛnsi w’adɔfo yie.

7 Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu,

na yiedie ntena w’aban mu.

8 Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti

mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti

mɛhwehwɛ papa mama wo.

Nnwom 123

Nyankopɔn mu gyidie

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ,

wo a wote soro no,

2 Hwɛ, sɛdeɛ nkoa

ani hwɛ wɔn wura nsa ano,

sɛ afenaa

ani hwɛ n’awuraa nsa ano no,

sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no,

kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ,

na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.

4 Taamudifoɔ fɛdie

ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ

afono yɛn kra dodo.