Nnwom 93

Daa hene

1 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho.

AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,

na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.

2 W’adwa tim hɔ firi tete,

wowɔ hɔ firi daa.

3 Asutene ama so, AWURADE,

asutene ama wɔn nne so,

asutene ma wɔn huuyɛ so.

4 Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi,

ɛpo mu asorɔkyeɛ nne,

ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.

5 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii;

kronkronyɛ na ɛfata wo fie,

AWURADE, nnasanten nyinaa.

Nnwom 94

Onyankopɔn yɛ ɔweretɔfoɔ

1 Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE,

aweretɔ Nyankopɔn, pue.

2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so,

tua ahokyerɛfoɔ ka.

3 AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ,

ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ nni ahurisie?

4 Wɔka asɛmdenden,

amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.

5 Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa,

na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase.

6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ,

na wɔdi nwisiaa awu;

7 na wɔka sɛ: AWURADE renhunu,

na Yakob Nyankopɔn remmu.

8 Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ,

na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?

9 Deɛ ɔtɛ aso no, ɔrente asɛm,

anaa deɛ ɔnwonoo ani no, ɔrenhunu adeɛ?

10 Deɛ ɔtwe amanaman aso no, ɔrentenetene,

deɛ ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ?

11 AWURADE hunu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.

12 Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso,

na wofiri wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no,

13 sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodamu

akɔsi sɛ wobɛfunu amena ama ɔbɔnefoɔ.

14 Na AWURADE rento ne man ntwene,

na ɔrennya n’agyapadeɛ,

15 na atemmuo bɛsane akɔ tenenee mu,

na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.

16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me?

Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me?

17 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafoɔ a,

anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu.

18 Sɛ mese me nan rewatiri a,

wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me.

19 Me mu dadwene dɔɔso a,

w’awerɛkyekyerɛ gye me kra ani.

20 Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no

ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa?

21 Wɔbɔ ɔteneneeni kra so kyenku,

na wɔbu mogya a ɛdi bem fɔ.

22 Nanso AWURADE ayɛ me abankɛseɛ,

na me Nyankopɔn ayɛ me dwanekɔbea botan.

23 Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi,

na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ.

AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.

Nnwom 95

Momma yɛnsɔre AWURADE

1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE,

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.

2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,

na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.

3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ

ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ,

na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.

5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ,

na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.

6 Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre

AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.

7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,

na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ

ne ne nsam nnwan.

Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!

8 Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,

sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,

9 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,

na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.

10 Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi,

na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn.

Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.

11 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam,

sɛ wɔrennuru me home mu.

Nnwom 96

Asase nyinaa so wura no ayeyie

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE.

2 Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din,

monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.

3 Monka n’animuonyam, amanaman mu,

n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.

4 Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ,

ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,

5 na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo,

na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.

6 Ɔhran ne animuonyam wɔ n’anim,

tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.

7 Aman mmusuakuo, momfa mma AWURADE,

momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.

8 Momfa AWURADE din animuonyam mma no,

monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so.

9 Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu,

asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

10 Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene,

na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim,

na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.

11 Ma ɔsoro ani nnye na asase ho nsane no,

ma ɛpo ne ne mayɛ nworo.

12 Ma petee mu ne deɛ ɛwom nyinaa nni ahurisie,

ɛno na kwaeɛ mu nnua nyinaa bɛto anigyeɛ nnwom,

13 wɔ AWURADE anim, na ɔreba,

na ɔreba abɛbu asase atɛn.

Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu,

ne aman wɔ ne nokorɛ mu.

Nnwom 97

Nyankopɔn ahennie wɔ awieeɛ berɛ no mu

1 AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na

nsupɔ bebree no nso ani nnye.

2 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia,

tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.

3 Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia.

4 N’anyinam hran wiase,

asase hunu, na ɛpopo.

5 Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim,

asase nyinaa AWURADE anim.

6 Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,

na aman nyinaa hunu n’animuonyam.

7 Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo

hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu,

mo anyame nyinaa, monkoto no.

8 Sion te, na n’ani gye,

Yuda mmammaa ho sane wɔn,

AWURADE, w’atemmuo nti.

9 Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so,

wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so.

10 Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne.

Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so,

ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.

11 Wɔde hann agu ama ɔteneneeni,

ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.

12 Ateneneefoɔ, mo ani nnye AWURADE ho,

na monyi ne din kronkron ayɛ.

Nnwom 99

Onyankopɔn kronkron ho ayeyie

1 AWURADE di hene, aman ho popo;

ɔte Kerubim so, asase him.

2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion,

na wɔama no so aman nyinaa so.

3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ,

ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo,

wo na wobu atɛntenenee,

Yakob mu atemmuo ne tenenee,

wo na wobuo.

5 Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so,

na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim.

Ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu,

na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu,

wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.

7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu,

wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ

a ɔde maa wɔn no so.

8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ,

woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ,

ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ.

9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,

na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so,

na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Nnwom 100

Mommɔ ose mma AWURADE

Aseda dwom.

1 Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE.

2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE,

na momfa ahurisie dwom mmra n’anim.

3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn,

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na

yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.

4 Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu,

na momfa ayeyie mmra n’abannwa so.

Monna no ase, monhyira ne din.

5 Na AWURADE yɛ,

n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,

na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Nnwom 101

Ɔhene bɔhyɛ

Dawid dwom.

1 Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom,

wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.

2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so.

Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante

me fie.

3 Meremma ahuhusɛm

biara nsi m’ani so,

mekyiri ahohwisɛmdie,

ɛremfam me ho.

4 Akoma kontonkyi mpare me,

bɔne rensɔ m’ani.

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no,

ɔno na mɛtwa no;

ahantan ani ne akoma a ɛhoran

merempene no.

6 M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so,

sɛ wɔmmɛtena me ho;

deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no,

ɔno na ɔmmɛsom me.

7 Deɛ ɔtwa nkontompo

rentena me dan mu,

deɛ ɔkeka atorosɛm

rennyina m’anim.

8 Daa anɔpa mɛtwitwa asase so

abɔnefoɔ nyinaa,

na matu amumuyɛfoɔ nyinaa

mafiri AWURADE kuro mu.

Nnwom 102

Abooboo ne anidasoɔ

Mmɔborɔni a ne home te no a ɔyi n’abooboo gu AWURADE anim no mpaebɔ.

1 Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ,

na ma me sufrɛ nnuru w’anim.

2 Nyi w’anim nhunta me,

da a me ho hia me no,

brɛ w’aso ase ma me,

da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3 Na me nna hi sɛ wisie,

na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan,

na m’ani apa m’aduane die so.

5 M’apinisie nne nti

me nnompe afemfam me wedeɛm.

6 Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma,

mayɛ sɛ amamfo so patuo.

7 Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ

a ɔno nko si ɛdan atifi.

8 Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora,

wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Na madi nso sɛ aduane,

na mede esu mafra m’anonneɛ mu.

10 Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti,

na womaa me soɔ, na woato me atwene.

11 Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam,

na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa,

na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ,

na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni,

na ɛberɛ no adu.

14 Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma,

na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho.

15 Na amanaman bɛsuro AWURADE din,

na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,

16 sɛ AWURADE akyekyere Sion,

wayi ne ho adi n’animuonyam mu,

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ,

na wampo wɔn mpaebɔ.

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma,

na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

19 sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam,

AWURADE firi soro na ahwɛ asase,

20 sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie,

na wasane owuo mma,

21 na wɔabɔ AWURADE din Sion,

na wɔaka n’ayeyie Yerusalem,

22 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano

ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23 Wago me tumi mu ɔkwan mu,

watwa me nna so.

24 Meka sɛ: Me Nyankopɔn,

mmu me nna mu mfa me,

wo mfeɛ kyɛre

kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ,

na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa.

Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

27 Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da.

28 Wo nkoa mma bɛtena ase,

na wɔn asefoɔ atim w’anim.

Nnwom 103

Me kra, hyira AWURADE!

Dawid deɛ.

1 Me kra, hyira AWURADE,

na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.

2 Me kra, hyira AWURADE,

na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.

3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ,

na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

4 Ɔgye wo nkwa firi Amena mu,

ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.

5 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma

na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.

6 AWURADE di asɛntenenee,

na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.

7 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose,

ɔmaa Israel mma hunuu ne nneyɛɛ.

8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.

9 Ɔrenham nkɔsi daapem,

na ɔrennya yɛn menasepɔ nkɔsi daa.

10 Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni,

na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.

11 Na sɛ ɔsoro ware sene asase no,

sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.

12 Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.

13 Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho

no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.

14 Na ɔnim yɛn su,

ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.

15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,

ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren.

16 Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,

na ne sibea nni no bio.

17 Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa,

wɔn a wɔsuro no so,

na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,

18 ma wɔn a wɔdi n’apam soɔ,

na wɔkae n’ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ.

19 AWURADE de n’adwa asi soro,

na n’ahennie di ade nyinaa so.

20 AWURADE abɔfoɔ, monhyira no,

mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ

na motie ne kasa no.

21 AWURADE asafo nyinaa, monhyira no,

n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no.

22 AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no,

mmeammea a ɔdi tumi nyinaa.

Me kra, hyira AWURADE.