Nnwom 63

Nyankopɔn ho anigyina

Dawid dwom. Ɔwɔ Yuda serɛ soɔ no, na ɔtoeɛ.

1 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn,

mehwehwɛ wo anɔpahema,

wo ho sukɔm de me kra,

me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi,

asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.

2 Saa na mehwɛɛ woɔ wɔ kronkronbea hɔ,

sɛ mɛhunu wo tumi ne w’animuonyam.

3 Na w’adɔeɛ yɛ sene nkwa,

mede m’ano bɛyi wo ayɛ.

4 Saa na mete aseɛ yi mɛhyira woɔ,

wo din mu na mɛma me nsa soɔ.

5 Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ,

na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ.

6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a,

medi wo ho dadwene adasuo mu.

7 Na woayɛ me boafoɔ,

na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie.

8 Me kra bata wo ho di w’akyi,

wo nsa nifa sɔ me mu.

9 Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no

bɛsiane akɔ asase ase tɔnn.

10 Wɔde wɔn bɛto afena ano,

wɔbɛyɛ sakraman deɛ.

11 Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho,

obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho,

na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.

Nnwom 64

Onyankopɔn bu abɔnefoɔ atɛn

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Onyankopɔn, tie me nne,

m’abooboo mu,

bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me hu.

2 Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho,

firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho.

3 Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena,

wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,

4 sɛ wɔbɛto abɔ deɛ ɔyɛ pɛ no kokoam,

wɔto bɔ no mpofirim, na wɔnsuro.

5 Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den,

wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie,

wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn?

6 Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ,

wɔawie wɔn tirim pɔ no,

wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ.

7 Na Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn,

wɔbɛpira mpofirim,

8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi,

wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.

9 Na nnipa nyinaa bɛsuro,

na wɔaka Nyankopɔn adwuma,

na wɔahunu ne nneyɛɛ mu.

10 Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho,

na wadwane akɔtoa no,

na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.

Nnwom 65

Onyankopɔn nhyira ho aseda dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Onyankopɔn, wɔde abodwoɔ yi wo ayɛ wɔ Sion,

na wo na wɔde aboadeɛ ma woɔ.

2 O mpaebɔ tiefoɔ,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.

3 Amumuyɛdeɛ boroo me so,

wo na woakata yɛn mmarato soɔ.

4 Nhyira ne deɛ woyi no

na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ.

Wo fie nnepa bɛmee yɛn,

w’asɔrefie kronkron nnepa no.

5 Wode asɛntenenee a ɛyi hu bua yɛn,

yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

wo na asase ano nyinaa ani da wo soɔ,

ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.

6 Wode w’ahoɔden de mmepɔ tintim hɔ,

wode tumi amia.

7 Woma ɛpo huuyɛ,

emu asorɔkyeɛ huuyɛ gyae,

na woma aman kitikitiyɛ ano dwo.

8 Na wo nsɛnkyerɛnneɛ nti

wɔn a wɔte ahafi nohoa suro,

woma wɔn a wɔte apueeɛ ne atɔeɛ nohoa tɔnn

to ahosan dwom.

9 Woabɛhwɛ asase agugu so nsuo,

woama ɛso aduane abu so bebree.

Nyankopɔn asubɔnten no, nsuo ayɛ mu ma,

womaa wɔn aburoo gyinae,

womaa no sii so sɛdeɛ ɛsɛ.

10 Woguguu n’akofie so nsuo

de honoo emu apɔapɔ,

wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ,

wohyiraa ne fire so.

11 Woabɔ w’ayamyɛ afirinhyia abotire,

na sradeɛ sosɔ w’akwan so.

12 Ɛsosɔ serɛ so adidibea so,

na mpampa de abotɔyam hyehyɛ wɔn ho.

13 Nnwankuo ahyɛ adidibea no ma,

aburoo nso akata abɔn no mu,

wɔdi ahurisie bɔ ose,

anigyeɛ dwom nko ara na wɔtoɔ.

Nnwom 66

Nkwagyeɛ ho ayeyie dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom.

1 Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn,

2 monto dwom mma ne din animuonyam,

monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ.

3 Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa.

Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.

4 Asase nyinaa bɛsɔre wo

na wɔato wo dwom,

wɔbɛto dwom ama wo din.

5 Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ,

n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu.

6 Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ,

wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ,

ɛno nti yɛn ani gye ne ho.

7 Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no,

ɔwɔ amanaman ho ani.

Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.

8 Aman, monhyira yɛn Nyankopɔn,

na momma wɔnte n’ayeyie yie.

9 Ɔde yɛn aka ateasefoɔ ho,

na wamma yɛn nan anwati.

10 Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ,

woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu.

11 Wode yɛn ahyɛ asau mu,

wode adesoa dompee asoa yɛn.

12 Woama ɔdasani anante yɛn tiri so,

yɛafa ogya ne nsuo mu,

nanso woayi yɛn aba deɛ nnepa abu soɔ hɔ.

13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛkɔ wo fie,

mɛma wo m’aboadeɛ,

14 deɛ mede mebuee m’ano,

ne deɛ m’ano kaa m’ahohia mu no.

15 Mede nnwan a wɔadɔre

ne adwennini a ɛyɛ hwam bɛbɔ wo ɛhyeɛ afɔdeɛ,

mede anantwie ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.

16 Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa,

mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.

17 Mede m’ano mesu mefrɛɛ no,

na mede me tɛkyerɛma meyii no ayɛ.

18 Sɛ medi ahuhudeɛ akyiri m’akomam a,

anka AWURADE rentie me.

19 Ampaneampa, Onyankopɔn atie me,

wayɛ aso atie me mpaebɔ.

20 Nhyira ne Onyankopɔn

a wannane me mpaebɔ ani,

na wanyi n’adɔeɛ amfiri me soɔ.

Nnwom 67

Nnɔbaeɛ twa ho aseda dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano.

1 Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn,

te w’anim kyerɛ yɛn.

2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so,

wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.

3 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,

aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.

4 Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom,

sɛ wobu aman atɛntenenee

na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.

5 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,

aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.

6 Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn,

yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn,

na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Nnwom 68

Nyankopɔn nkonimdifoɔ no ho ayeyie dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid sankuo dwom.

1 Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete,

na ma wɔn a wɔkyiri no nnwane n’anim.

2 Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no;

sɛ akraa nane ogya ho no,

sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.

3 Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye,

wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie

na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.

4 Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din,

montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba,

ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.

5 Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn,

ne tenabea kronkron mu.

6 Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma,

ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie,

na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so.

7 Onyankopɔn, wofirii adi dii wo man anim,

wofaa ɛserɛ paradada soɔ no,

8 asase wosoe, ɔsoro nso sosɔɔ nsuo

Nyankopɔn anim,

Sinai yi ara wosoe Onyankopɔn,

aane, Israel Nyankopɔn, anim.

9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so,

na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.

10 W’asafo tenaa so;

Onyankopɔn, w’ayamyɛ mu wosiesie maa amanehunufoɔ.

11 AWURADE bɛka n’anomu asɛm,

mmaa a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so.

12 Atamfoɔ dɔm ahemfo bɛdwanedwane,

na ɔbaa a ɔte fie no akyekyɛ asadeɛ mu.

13 Motete nnwammuo ntam a,

ɛte sɛ aburuburo ntaban a wɔde dwetɛ agu ho,

ne ne ntakra a sika fɛfɛ hran ho.

14 Otumfoɔ bɔ ahemfo gu asase no so a,

ɛhoa sɛ nsukyerɛmma Salmon so.

15 Basan mmepɔ yɛ Nyankopɔn mmepɔ,

Basan mmepɔ yɛ mmepɔ atentene.

16 Adɛn na mo mmepɔ atentene

mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ no?

Ampa, AWURADE bɛtena so daa.

17 Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea,

AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.

18 Woaforo kɔ soro,

woafa nnommumfoɔ nnommum,

woagye nnipa mu ayɛyɛdeɛ, mansotwefoɔ mu mpo,

na AWURADE Nyankopɔn atena hɔ.

19 Nhyira ne AWURADE

a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa,

ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ.

20 Ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na AWURADE na owuo mu fire wɔ no.

21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛpiepie n’atamfo ti,

ɔbɛpie deɛ wasi atimum

na ɔkyea n’afodie mu no ti.

22 Na AWURADE aka sɛ:

Mɛfa wɔn mafiri Basan maba bio,

mede wɔn bɛsane afiri po bunu mu aba,

23 na wode wo nan akeka mogya mu,

na w’akraman tɛkyerɛma anya atamfoɔ no ho biribi atafere.

24 Onyankopɔn, wɔhunu w’adi a worebɛfire,

me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebɛfiri, kronkronbea hɔ.

25 Nnwontofoɔ di kan, asankubɔfoɔ di akyire

wɔ mmabaa a wɔka mpintin ntam.

26 Monhyira Onyankopɔn, mo asafo ahyiaeɛ mu,

mo a mofiri Israel abura mu, monhyira AWURADE.

27 Benyamin akumaa, wɔn sodifoɔ, wɔ hɔ,

Yuda atitire, wɔn asafohene ahodoɔ,

Sebulon atitire ne Naftali atitire wɔ hɔ.

28 Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo,

Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.

29 W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem nti,

ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.

30 Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo

ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim,

na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom.

Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.

31 Akunini firi Misraim bɛba,

Etiopia bɛtene ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn.

32 Asase so ahennie, monto Onyankopɔn dwom,

monto dwom mma AWURADE.

33 Monto mma deɛ ɔte tete soro mu soro.

Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne.

34 Momfa tumi mma Onyankopɔn,

n’animuonyam kata Israel so,

na ne tumi wɔ wiem tɔnn.

35 Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu,

Israel Nyankopɔn

de tumi ne ahoɔden ma ne man.

Nhyira ne Onyankopɔn.

Nnwom 69

AWURADE akoa a ɔwɔ amanehunu mu

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Dawid deɛ.

1 Onyankopɔn, gye me nkwa,

na nsuo aduru me kra ho.

2 Matɔ amena kuronkuron atɛkyɛ

a gyinabea nni hɔ mu,

maduru ebunu

a nsuo bu kata me soɔ mu.

3 Me sufrɛ ama mabrɛ,

me mene mu awe,

mahwɛ me Nyankopɔn kwan

ama m’ani abu.

4 Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso

sene me tiri so nwi,

m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso,

deɛ memfaeɛ no,

wɔse mennane memma.

5 Onyankopɔn, wonim me nkwaseasɛm,

na me mfomsoɔ nhunta wo.

6 AWURADE, asafo Awurade NYANKOPƆN,

mma wɔn a wɔtwɛn woɔ ani nnwu me ho,

Israel Nyankopɔn,

mma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ no anim nngu ase, me nti.

7 Na wo nti na magye ahohora,

na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.

8 Madane me nuanom mu ɔhɔhoɔ,

mayɛ me na mma mu ɔnanani.

9 Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso,

na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.

10 Na me kra suu mmuada mu,

na ɛdanee me ahohorabɔ.

11 Mede ayitoma meyɛɛ me ntoma

na mayɛ wɔn akasabebuo.

12 Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm,

na nsanomfoɔ de me to dwom.

13 Na me deɛ, mebɔ wo, AWURADE, mpaeɛ,

adom berɛ mu,

Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti,

fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.

14 Yi me firi atɛkyɛ mu, na mammem,

ma wɔnyi me mfiri wɔn a wɔkyiri me nsam

ne abunu mu.

15 Mma asuo a ayire no mmfa me,

na mma ebunu mmmene me,

na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.

16 AWURADE, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ,

dane w’ani kyerɛ me,

sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ.

17 Na nyi w’ani nhunta w’akoa,

na me ho dwane me, gye me so ntɛm.

18 Twe bɛn me kra, na bɛgye no,

m’atamfoɔ nti gye me.

19 Wonim m’ahohora

ne m’aniwuo ne me nsopa,

w’ani tua m’ahohiahiafoɔ nyinaa.

20 Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ,

na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma,

mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.

21 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane,

na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.

22 Ma wɔn pono a ɛsi wɔn anim nnane sɛ apa,

na wɔdi yie a, ma no nyɛ afidie mma wɔn.

23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu,

na wɔanhunu adeɛ,

na ma wɔn sisi mpopo daa,

24 ma w’ani mmere wɔn so,

na w’awerɛhoɔ ne w’abufuo nka wɔn.

25 Ma wɔn tenabea nnane amamfo,

na obiara nntena wɔn ntomadan mu.

26 Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no,

na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.

27 Ma amumuyɛ mmɔ wɔn amumuyɛ so,

na mma wɔmmma wo tenenee mu.

28 Ma wɔnyi wɔn mfiri ateasefoɔ nwoma mu,

na mma wɔnntwerɛ wɔne ateneneefoɔ din mmmom.

29 Na me deɛ, meyɛ ɔmanehunufoɔ ne ɔwerɛhoni,

Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mma me so.

30 Mede dwontoɔ bɛyi Nyankopɔn din ayɛ,

na mede aseda makamfo no.

31 Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yie

asene nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apaeɛ.

32 Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye,

mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,

mo akoma nnya nkwa.

33 Na AWURADE tie ahiafoɔ,

na ɔnto ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ ho mpe.

34 Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ,

ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa.

35 Na Onyankopɔn bɛgye Sion

na wakyekyere Yuda nkuro,

na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea.

36 Na ne nkoa asefoɔ bɛnya adi,

na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu.

Nnwom 70

Nkwagyeɛ ho adesrɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. Wɔde bɔ nkaeɛ.

1 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛgye me,

AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu

na wɔn anim ngu ase,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi

na wɔnnane ahohorafoɔ.

3 Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no,

ma wɔnsane wɔn akyi,

wɔn aniwuo akatua ho.

4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie

na wɔn ani nnye wo ho,

na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ:

Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

5 Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani.

Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me.

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ,

AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.

Nnwom 71

AWURADE, nnya me

1 Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ,

m’anim rengu ase da biara da.

2 Fa wo tenenee yi me, na gye me,

yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa.

Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa,

na wone me botan ne me ho fasuo.

4 Me Nyankopɔn, gye me firi ɔbɔnefoɔ nsam,

gye me omumuyɛfoɔ ne otirimuɔdenfoɔ nsam.

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ,

deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.

6 Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ,

woyii me firii me na yam,

wo na mɛyi wo ayɛ daa.

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ,

na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.

8 W’ayeyie ne w’anidie

bɛhyɛ m’anomu ma da mu nyinaa.

9 Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ,

na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.

10 Na m’atamfoɔ ka me ho asɛm,

na wɔn a wɔtɛ me kra bom tu agyina

11 ka sɛ: Onyankopɔn apa no;

monti no nkye no,

na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.

12 Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware,

me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13 Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera,

ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a

wɔpɛ me bɔne so.

14 Na me deɛ, mɛtwɛn ara daa,

na mede bi maka w’ayeyie nyinaa ho.

15 M’ano bɛka wo tenenee,

ɛbɛka wo nkwagyeɛ da mu nyinaa

a mennim ano.

16 Mede Awurade NYANKOPƆN ahoɔdenneɛ bɛba abɛkae wo tenenee

a ɛyɛ wo nkutoo dea no.

17 Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me,

na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.

18 Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me,

kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma,

na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19 Na, Onyankopɔn,

wo tenenee kɔ sorosoro,

wo a woayɛ ade akɛseɛ,

Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

20 Wo a woma yɛhunu amaneɛ bebree a ɛyɛ ya,

wobɛma yɛanya nkwa bio,

na woatwe yɛn

afiri asase akunu mu asane aba.

21 Wobɛma me kɛseyɛ adɔ,

na woadane w’ani akyekyere me werɛ.

22 Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ,

me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ,

mede sankuten bɛto wo,

O Israel Hotefoɔ no, dwom.

23 Meto ayeyie dwom ma wo a,

m’ano ne me kra

a woagye no no ho bɛsane no.

24 Mede me tɛkyerɛma

nso bɛka wo tenenee ho asɛm daa,

ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu,

na wɔn anim agu ase.

Nnwom 72

Asomdwoeɛ hene ne n’ahennie

Salomo deɛ.

1 Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene,

ne wo tenenee ma ɔhene ba.

2 Ma no mfa tenenee nni wo man so,

na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.

3 Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman,

na nkokoɔ nso de tenenee aba.

4 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn,

na wagye ahiafoɔ mma nkwa,

na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.

5 Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi,

wɔbɛsuro wo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

6 Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so,

sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.

7 Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so,

na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.

8 Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so,

de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano.

9 Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim,

na n’atamfo atafere mfuturo.

10 Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo

bɛba abɛyɛ ayɛ,

Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.

11 Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no,

amanaman nyinaa bɛsom no.

12 Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no,

ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ.

13 Ɔbɛkora ɔbrɛfoɔ ne ohiani,

na wagye ahiafoɔ nkwa.

14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu,

na wɔn mogya boɔ ayɛ den n’anim.

15 Na ɔbɛnya nkwa,

na ɔde Seba sika no bi bɛma no,

na ɔno nso bɛbɔ mpaeɛ ama no daa,

ahyira no da mu nyinaa.

16 Asase no so aburoofuo bɛduru mmepɔ atifi,

ɛso aba bɛwoso

sɛ Lebanon,

na nkuro no asoa

sɛ asase so nwira.

17 Ne din bɛtena hɔ daa,

na owia wɔ hɔ yi ne din asi so,

na nnipa de no ahyira wɔn ho,

na amanaman nyinaa ahyira no.

18 Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn,

Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,

19 na nhyira ne n’animuonyam din daa,

na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma.

Amen ne Amen.

20 Yisai ba Dawid mpaebɔ asa.