Nnwom 42

Nyankopɔn ho anigyina

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom.

1 Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere

hwehwɛ nsuwa no,

sɛ me kra pere hwehwɛ wo,

Onyankopɔn, ne no.

2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra.

Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?

3 Me nisuo ayɛ me aduane

awia ne anadwo,

sɛ wɔse me daa sɛ:

Wo Nyankopɔn wɔ he?

4 Mekae yeinom,

na mehwie me kra wɔ me mu,

sɛdeɛ me ne asafokuo

nante kɔɔ Nyankopɔn fie,

na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no

de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no.

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,

na wosi me mu apini?

Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ

6 ne me Nyankopɔn.

Me kra aboto wɔ me mu,

enti mekae wo,

Yordan ne Hermon mmepɔ asase so,

Misar bepɔ so.

7 Ebunu frɛ ebunu,

wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu,

w’asorɔkyeɛ ne wo aworɔ nyinaa

abu afa me so.

8 Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi,

na anadwo mato no dwom

mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.

9 Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ:

Adɛn nti na wo werɛ afiri me?

Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti

memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

10 Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no

yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ,

sɛ daa wɔbisa me sɛ:

Wo Nyankopɔn wɔ he?

11 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,

na wosi apini wɔ me mu?

Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.

Nnwom 43

Fa wo ho to Nyankopɔn so

1 O Onyankopɔn, bu me bem,

na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me.

Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.

2 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn,

adɛn nti na woto me twene?

Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti

memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

3 Ma wo hann ne wo nokorɛ

mmɛgya me,

na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so

ne wo tenabea.

4 Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho,

m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn,

na mede sankuo mada wo ase,

Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,

na wosi apini wɔ me mu?

Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.

Nnwom 44

Akane ne nnɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom.

1 Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate,

yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ:

Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so,

tete mmerɛ no mu.

2 Wode wo nsa pamm amanaman,

na wɔn deɛ, woduaa wɔn.

Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ,

wotrɛɛ wɔn mu.

3 Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no,

nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn,

na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa

ne w’anim hann,

ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.

4 Wo, Onyankopɔn, wone me Hene,

hyɛ na Yakob nnya nkwagyeɛ ara nko.

5 Wo so na yɛnam sum ahohiahiafoɔ guo,

wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.

6 Na memfa me ho mento me tadua so,

na m’afena nso rennye me.

7 Na woagye yɛn yɛn ahohiahiafoɔ nsam,

na woahyɛ wɔn a wɔtane yɛn aniwuo.

8 Nyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa,

na yɛyi wo din ayɛ daapem.

9 Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora,

na wo ne yɛn dɔm ankɔ.

10 Womaa yɛdanee yɛn akyiri kyerɛɛ yɛn ahodwanfoɔ,

na wɔn a wɔtane yɛn fom yɛn fa.

11 Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie,

na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.

12 Woantɔn wo nkurɔfoɔ annye hwee,

woamfa wɔn annye aboɔden.

13 Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa,

ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛdie, ne ehuro.

14 Wode yɛn ayɛ akasabebuo amanaman mu,

woma aman bobɔ wɔn tiri nko wɔ yɛn ho.

15 Daa nyinaa m’ahohora da m’anim,

na aniwuo akata me so,

16 deɛ ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne

ne ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ nti.

17 Yei nyinaa aba yɛn so,

nanso yɛn werɛ mfirii wo,

na yɛntwaa w’apam no ho nkontompo.

18 Yɛn akoma nsanee n’akyi,

na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho.

19 Nanso woabubu yɛn pasaa, deɛ sakraman wɔ,

na wode esum kabii akata yɛn so.

20 Sɛ yɛn werɛ afiri yɛn Nyankopɔn din

anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ onyame foforɔ a,

21 ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ?

Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.

22 Na wo nti na wɔku yɛn daa nyinaa,

wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.

23 AWURADE, nyane ɛ, adɛn nti na woda?

Sɔre ɛ, nto yɛn ntwene koraa.

24 Adɛn nti na woyi w’ani hunta,

na wo werɛ firi yɛn amaneɛ ne yɛn so hyɛ no?

25 Na wɔabrɛ yɛn kra ase kɔ mfuturo mu,

yɛn yafunu butu fam.

26 Sɔre bɛboa yɛn ɛ,

na gye yɛn, w’adɔeɛ nti!

Nnwom 45

Ɔhene ne ayeforɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Kora mma nnweneho, adɔdeɛ dwom.

1 Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so.

Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho,

me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.

2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma,

wɔde adom ahyɛ w’anomu ma.

Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

3 Otumfoɔ, fa w’afena bɔ w’asene,

fa w’animuonyam ne w’ahensɛm bɔ abɔsoɔ.

4 Na fa w’ahensɛm no te mu kɔ w’anim

ma nokorɛ ne tenenee a wɔabrɛ no aseɛ,

na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’adeɛ a ɛyɛ hu.

5 W’agyan ano yɛ nnam,

aman bɛhwehwe ase w’anim,

ɛwɔ ɔhene atamfoɔ akoma mu.

6 Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa,

w’ahennie poma yɛ tenenee poma.

7 Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm,

enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,

de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.

8 Kurobo ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hwa wo ntadeɛ nyinaa mu,

sankuo a wɔbɔ no asommɛn aban mu ma w’ani gye.

9 Ahemfo mmammaa wɔ wo mmaa animuonyamfoɔ mu,

wo dɔyerɛ abɛgyina wo nifa, Ofir sika mu.

10 Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ aso,

na ma wo werɛ mfiri wo man ne w’agya fie.

11 Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ,

na ɔne wo wura, na sɔre no.

12 Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba,

na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babaa wɔ animuonyam kɛseɛm ɔdan mu,

wɔde sikatam abu n’aduradeɛ.

14 Ɔhyɛ mmobɔmu atadeɛ, na wɔde no brɛ ɔhene,

wɔde mmaabunu a wɔyɛ ne mfɛfoɔ di n’akyi bɛbrɛ wo.

15 Wɔde anigyeɛ ne ahosan na ɛde wɔn reba,

wɔkɔhyɛne ɔhene aban mu.

16 Wo mma bɛsi w’agyanom ananmu,

wode wɔn bɛsisi asase nyinaa so ahene.

17 Mɛma wɔakae wo din, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

enti na aman bɛyi wo ayɛ daa daa.

Nnwom 46

“Yɛn Nyankopɔn ne abankɛseɛ”

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔnto no “Alamot” sankuo nne so.

1 Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden,

ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.

2 Enti sɛ asase ani dane butu,

na mmepɔ tutu gu po bunu mu,

3 na emu nsuo woro na ɛhuru

na n’asorɔkyeɛ ma mmepɔ woso mpo a, yɛrensuro.

4 Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye,

ɔsorosoroni tenabea kronkron no.

5 Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso,

Onyankopɔn boa no anɔpahema.

6 Amanaman yɛ hoo, ahennie wosowoso,

ɔma ne nne so ma asase nane.

7 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,

Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

8 Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma,

ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.

9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano,

ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini,

ɔde ogya hye nteaseɛnam.

10 Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn.

Wɔmma me so amanaman mu,

wɔmma me so asase so.

11 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,

Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

Nnwom 48

Sion yɛ Nyankopɔn kuro

Kora mma dwom.

1 AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ,

yɛn Nyankopɔn kuro mu,

ne bepɔ kronkron so.

2 Tenabea a ɛyɛ fɛ,

asase nyinaa anika,

ɛne Sion bepɔ,

atifi fam nkyɛn mu no,

ɔhenkɛseɛ kuro no.

3 Onyankopɔn ama wɔahu no

kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.

4 Na hwɛ, ahemfo bɛhyiae,

wɔboom yuu bae.

5 Wɔbɛhunui, wɔn ho dwirii wɔn,

wɔbɔɔ hu, na wɔdwanee tonom.

6 Nketenkete kutaa wɔn,

yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

7 Wode apueeɛ mframa

bobɔɔ Tarsis ahyɛn.

8 Sɛ yɛteeɛ no, sɛ yɛhunuu no ne no,

asafo AWURADE kuro mu,

yɛn Nyankopɔn kurom,

Onyankopɔn ma n’ase tim daa.

9 Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔeɛ

w’asɔrefie hɔ.

10 Onyankopɔn, sɛ wo din teɛ no,

saa na w’ayeyie teɛ de kɔsi asase ano ano;

tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.

11 Ma Sion bepɔ ani nnye,

ma Yuda mmammaa nni ahurisie

w’atemmuo nti.

12 Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn,

monkan n’abantenten,

13 momfa mo ani nkari n’afasuo,

monhwehwɛ n’aban mu yie,

na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,

14 sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ

yɛn Nyankopɔn daa daa,

ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.

Nnwom 49

Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 Aman nyinaa, montie yei,

mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.

2 Nnipa mma mpapahwekwaa oo,

mmarima mma a wɔwɔ din oo,

adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

3 M’ano bɛka anyansasɛm,

na m’akomam nsusuiɛ yɛ nhunumu ara nko.

4 Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm,

mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.

5 Adɛn nti na mensuro nna bɔne mu,

nna a m’atɛfoɔ amumuyɛ twa me ho hyia mu?

6 Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so,

na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho.

7 Onua rentumi nnye onipa da,

ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,

8 na wɔn kra gyeɛ boɔ yɛ den,

na ɛma no gya hɔ koraa,

9 sɛ ɔntena ase ara daa,

na wanhunu Adamena.

10 Na ɔhunu sɛ anyansafoɔ wuwu,

na saa nso na nkwasea ne agyimifoɔ sɛeɛ,

na wɔgya wɔn ahodeɛ ma ebinom.

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa,

na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so;

wɔde wɔn din toto wɔn nsase.

12 Nanso onipa a ɔwɔ anidie mu no, ɔrentena mu,

ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.

13 Ɔkwan a nkwasea fa soɔ nie,

na wɔn a wɔpɛ wɔn anomu asɛm no di wɔn akyi.

14 Wɔboa Asamando sɛ nnwan;

Owuo hwɛ wɔn so,

na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa,

na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ,

na wɔannya tenabea bio.

15 Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam,

na ɔbɛgye me.

16 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro,

sɛ ne fie animuonyam redɔɔso a, nsuro,

17 na ɔwu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ,

n’animuonyam rensiane nni n’akyi.

18 Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu,

nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,

19 ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu,

wɔrenhunu hann ara da.

20 Onipa a ɔwɔ anidie mu na ɔnni nhunumu no,

ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.

Nnwom 50

Nyamesom pa

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa,

na ɔfrɛ asase

firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.

2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na

Onyankopɔn firi hran.

3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm.

Ogya di n’anim rehye adeɛ,

na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.

4 Ɔrefrɛ ɔsorofoɔ firi ɔsoro aba, ne asase,

sɛ ɔrebɛbu ne man atɛn:

5 Mommoaboa m’ahotefoɔ ano mma me,

wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no.

6 Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.

7 Me man, montie, na merebɛkasa;

Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ:

Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.

8 Ɛnyɛ wo kum afɔdeɛ nti na mɛka w’anim,

na wo hyeɛ afɔdeɛ wɔ m’anim daa.

9 Meremfa wo fie mu nantwinini,

wo nnwammuo mu mpapo,

10 ɛfiri sɛ kwaeɛ mu mmoa nyinaa wɔ me,

mmepɔ apem so mmoa.

11 Menim mmepɔ so ntakraboa nyinaa,

na wiram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ.

12 Sɛ ɛkɔm de me a, anka merense wo,

na wiase ne ne mayɛ wɔ me.

13 Medi anantwinini nam?

Na menom mpapo mogya?

14 Fa aseda afɔdeɛ bɔ Onyankopɔn,

na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;

15 na frɛ me hiada mu,

na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.

16 Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ:

Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ,

na wode w’ano bɔ m’apam din,

17 na wo korɔ yi ara wokyiri animka,

na woto me nsɛm gu w’akyire?

18 Sɛ wohunu owifoɔ a, wopɛ n’asɛm,

na wo ne awaresɛefoɔ bɔ.

19 Wogyaa w’ano mu kɔ bɔne mu,

na wo tɛkyerɛma toatoa nnaadaasɛm.

20 Wotena ase ka wo nua ho nsɛm,

wo na ba mpo, wosopa no.

21 Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti,

wosusu sɛ mete sɛ wo ara,

mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.

22 Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ,

na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

23 Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,

na deɛ n’akwan teeɛ no,

mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.

Nnwom 51

Dawid ahonu mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom; ɔkɔɔ Batseba ho a Odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no, na ɔtoeɛ.

1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no,

wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.

2 Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa,

na prapra me ho firi me bɔne mu.

3 Na mahunu me mmarato no,

na me bɔne wɔ m’anim daa.

4 Wo nko ara na mafom woɔ,

na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne,

na woadi bem wo kasa mu,

na wo ho ate, w’atemmuo mu.

5 Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu,

na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.

6 Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu,

na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm.

7 Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi;

dware me, na mayɛ fitaa asene nsukyerɛmma.

8 Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm,

na nnompe a woabubuo no adi ahurisie.

9 Yi w’ani firi me bɔne ho hunta,

na pepa m’amumuyɛ nyinaa.

10 Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,

na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.

11 Nto me mfiri w’anim ntwene,

na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.

12 Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio,

na ayamyie honhom nsɔ me mu.

13 Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan,

na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn.

14 Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,

gye me firi mogya ho fɔ mu,

na me tɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom.

15 AWURADE, bue m’ano fafa,

na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.

16 Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ,

ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.

17 Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo;

Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.

18 Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie;

to Yerusalem afasuo!

19 Ɛno na wobɛpɛ tenenee afɔdeɛ,

ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mu,

ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔrebukyia soɔ.

Nnwom 52

Amimfoɔ awieeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no.

1 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho?

Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ

daa nyinaa.

2 Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho

te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.

3 Wopɛ bɔne sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.

4 Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma,

wopɛ amammɔsɛm ara nko.

5 Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa,

ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea,

na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.

6 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro,

na wɔasere no sɛ:

7 Hwɛ, onipa a wamfa

Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea,

na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ,

na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.

8 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm,

Nyankopɔn fie,

mede me ho meto Nyankopɔn adom so

daa daa.

9 Mɛyi wo ayɛ daa,

sɛ wo na woyɛeɛ,

na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ,

w’ahotefoɔ anim.