Nnwom 32

Bɔne fakyɛ mu ahotɔ

Dawid deɛ. Nnweneho dwom.

1 Nhyira ne deɛ wɔde ne mmarato akyɛ no,

na wɔakata ne bɔne soɔ.

2 Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ,

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Na memuaa m’ano no, me nnompe hodwoe,

m’apinisie a mesii no daa nyinaa nti.

4 Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru,

me mu nsuo twee, na mekusaa sɛ awia berɛ mu.

5 Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo,

na mankora m’amumuyɛ so.

Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE.

Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.

6 Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no.

Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.

7 Wone me huntabea,

wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me,

na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8 Na wo AWURADE aka sɛ: Mɛbue w’adwene mu na makyerɛ wo

ɔkwan a wobɛfa soɔ,

m’ani wɔ wo so, na mɛtu wo fo.

9 Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumpɔnkɔ a wɔnnim de,

nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn,

anka wɔrentwe mmɛn wo.

10 Ɔbɔnefoɔ yea dɔɔso,

na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no,

wɔde adɔeɛ bɛdi no barehyia.

11 Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie!

Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!

Nnwom 33

Wiase sodie ho dwom

1 Ateneneefoɔ, momfa anigyeɛ nhuro AWURADE mu,

ɛsɛ wɔn a wɔtene no sɛ wɔyi no ayɛ.

2 Momfa sankuo nna AWURADE ase,

momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!

3 Monto dwom foforɔ mma no,

mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho!

4 Na AWURADE asɛm tene,

na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu.

5 Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo,

AWURADE adɔeɛ ahyɛ asase so ma.

6 AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro,

na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.

7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo,

ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ.

8 Ma asase nyinaa sofoɔ nsuro AWURADE,

wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no;

9 na ɔno na ɔka a, ɛba mu,

ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.

10 AWURADE ma amanaman agyina dane hunu,

ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.

11 AWURADE agyina deɛ, ɛgyina hɔ daa,

n’akomam adwene wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

12 Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE,

ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.

13 AWURADE firi soro hwɛ,

ɔhunu nnipa mma nyinaa.

14 Ɔte ne tenaberɛ na ɔhwɛ

asase sotefoɔ nyinaa.

15 Ɔno na ɔnwono wɔn nyinaa akoma,

ɔhu wɔn nnwuma nyinaa mu.

16 Ɔhene biara mfa ɛdɔm dodoɔ nni nkonim,

ɔbrane mfa ahoɔden kɛseɛ nnye ne ho.

17 Nkwagyeɛ mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu

na wɔmfa n’ahoɔden dodoɔ nnye onipa.

18 Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wɔsuro no so,

ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,

19 sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,

na wama wɔanya nkwa ɛkɔm mu.

20 Yɛn kra twɛn AWURADE,

yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm ne no.

21 Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam,

ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.

22 AWURADE, ma w’adɔeɛ ntena yɛn so,

sɛdeɛ yɛn ani da wo soɔ no.

Nnwom 34

AWURADE adɔeɛ ne n’ayamyɛ ho dwom

Dawid deɛ a ɔtoeɛ berɛ a ɔdanee sɛ ɔbɔdamfoɔ Abimelek anim na ɔpamm no maa no kɔeɛ no.

1 Mɛhyira AWURADE nna nyinaa,

n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.

2 AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho,

ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.

3 Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ,

na momma yɛmmom mma ne din so.

4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me,

na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.

5 Wɔn a wɔhwɛɛ no no anim tee,

na wɔn anim angu ase.

6 Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no,

na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.

7 AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia,

na ɔgye wɔn.

8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ,

nhyira ne onipa a ɔdwane kɔtoa no.

9 AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no!

na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.

10 Gyata mmuruwa bɛdi hia na ɛkɔm ade wɔn,

na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no adepa biara remmɔ wɔn.

11 Mma, mommra, monyɛ aso mma me!

Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.

12 Mo mu hwan na ɔhwehwɛ nkwa,

na ɔpɛ onyinkyerɛ sɛ ɔbɛhunu papa?

13 Kora wo tɛkyerɛma, bɔne ho,

ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.

14 Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa,

hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.

15 AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so,

na n’aso tie wɔn sufrɛ.

16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ,

sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.

17 Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie,

na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.

18 AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo,

na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.

19 Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso,

na AWURADE gye no ne nyinaa mu.

20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa,

sɛdeɛ emu baako mpo mmu.

21 Bɔne bɛkum ɔbɔnefoɔ,

na wɔn a wɔtane ɔteneneeni no bɛbrɛ mu.

22 AWURADE gye ne nkoa kra,

na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa remmrɛ mu.

Nnwom 35

Atamfoɔ nti ɔhwehwɛ mmoa

Dawid deɛ.

1 AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham,

wo ne wɔn a wɔne me ko no nko!

2 Sɔ ɛkyɛm ne nkatanim mu,

na sɔre bɛboa me.

3 Twe pea na si wɔn a wɔtaa me no kwan,

ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me!

4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!

5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ, mframa anim,

na ma AWURADE bɔfoɔ nsum wɔn ngu!

6 Ma wɔn akwan mu nnuru sum na ɛnyɛ torotorotoro,

na AWURADE bɔfoɔ ntaa wɔn!

7 Na wɔasum me fidie wɔn amena mu kwa,

na wɔatu me kra amena kwa.

8 Ma ɔsɛeɛ mmɛfiri no awora,

na ma ne fidie a wasum ahunta no nyi no,

ma ɔmfa bubububu nhwe mu!

9 Na me kra bɛdi ahurisie AWURADE mu,

na ne ho asane no, ne nkwagyeɛ mu.

10 Me nnompe nyinaa bɛka sɛ:

AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo

a wogye ɔmanehunufoɔ

deɛ ɔyɛ den sene no no nsam

ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.

11 Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre;

adeɛ a mennim na wɔbisa me.

12 Wɔde bɔne tua me papa ka,

me kra adi basugya.

13 Na me deɛ, wɔyare a,

mefira ayitoma,

mede mmuada mebrɛɛ me kra ase,

na mebɔɔ mpaeɛ maa no sane bɛguu me kokom.

14 Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua,

mesii me tiri ase twann

sɛ obi a ɔregyam ne na.

15 Na ɛnam sɛ merekɔhwe aseɛ nti,

wɔn ani gye na wɔbɔ kyenku,

nkwahumafoɔ ne nnipa a mennim wɔn bɔ me so kyenku,

wɔya ara na wɔnnyae.

16 Sɛ asansanfoɔ pɛ nkyewankyewa ho tena di fɛw no,

wɔtwɛree wɔn se guu me so.

17 AWURADE, wobɛhwɛ ara akɔsi da bɛn?

Gye me kra firi wɔn sɛeɛ mu,

m’ade korɔ firi agyata nsam!

18 Mɛda wo ase edwa kɛseɛ mu,

mɛyi wo ayɛ ɔman dodoɔ mu.

19 Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no

ani nnnye me ho,

mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ!

20 Na wɔnka asomdwoeɛ nsɛm,

na wɔdwene nkontomposɛm tia

wɔn a wɔdwo, asase so.

21 Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so,

wɔse: Wiɛ, wiɛ,

yɛn ani ahunu!

22 AWURADE, woahunu, mmua w’ano,

AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri!

23 Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn,

me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bɛdi m’asɛm!

24 AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo tenenee so bɛbu me atɛn,

na mma wɔn ani nnnye me ho!

25 Mma wɔnnka no wɔn akoma mu sɛ:

Wiɛ, deɛ yɛpɛ ni!

Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no.

26 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa,

ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase.

Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no,

ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!

27 Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no,

ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye;

ma wɔnka daa sɛ:

Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ,

sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani.

28 Na me tɛkyerɛma bɛka wo tenenee

ne w’ayeyie daa nyinaa.

Nnwom 36

Nyankopɔn adɔeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ.

1 Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa

wɔ n’akoma mu:

Nyankopɔn suro biara

nni n’ani so.

2 Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so

sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.

3 N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa,

wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.

4 Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so,

ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so;

bɔne deɛ, ɔnkyi.

5 Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro,

na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

6 Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ,

w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ.

AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.

7 Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa!

Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.

8 Wo fie mu sradeɛ meemee wɔn,

na woma wɔnom w’anigyeɛ asubɔnten.

9 Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ,

wo hann mu na yɛhunu hann.

10 Ma w’adɔeɛ nkyɛre mma wɔn a wɔni woɔ,

ne wo tenenee mma akoma mu teefoɔ.

11 Mma ɔhantanni nan nntia me,

na mma abɔnefoɔ nsa nnsum me!

12 Ɛnneɛ na amumuyɛfoɔ atotɔ,

wɔasum wɔn ahwehwe fam a wɔntumi nsɔreɛ.

Nnwom 37

Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ

Dawid deɛ.

1 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti,

mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho;

2 na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ,

na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.

3 Bata AWURADE ho, na yɛ papa,

tena asase so, na di nokorɛ,

4 na ma w’ani nka AWURADE ho,

na wama wo deɛ w’akoma pɛ.

5 Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam,

na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,

6 na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ,

ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.

7 Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no.

Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti,

onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.

8 Ma abufuo ntwa, na gyae bo bɔne yɛ,

nha wo ho, na ɛbɛwie bɔne nko,

9 na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,

na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.

10 Aka kakraa bi na ɔbɔnefoɔ nni hɔ,

na wɔhwehwɛ ne tenaberɛ a, na ɔnni hɔ.

11 Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so,

na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.

12 Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm,

na ɔtwɛre ne se gu ne so,

13 AWURADE sere no,

ɛfiri sɛ wahunu sɛ ne da reba.

14 Abɔnefoɔ atwe nkrantɛ,

na wɔakuntunu wɔn tadua mu

sɛ wɔbɛma ɔmanehunufoɔ ne ohiani ahwe ase,

na wɔaku wɔn a wɔn abrabɔ yɛ:

15 Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu,

na wɔn tadua abubu.

16 Adeɛ kakra a onipa tenenee wɔ no yɛ

sene abɔnefoɔ bebree ahonyadeɛ dodoɔ,

17 na abɔnefoɔ abasa bɛbubu,

na AWURADE wowa ateneneefoɔ.

18 AWURADE nim wɔn a wɔdi mu no nna,

na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.

19 Wɔn ani renwu berɛ bɔne mu,

na wɔbɛmee, ɛkɔm nna mu.

20 Na abɔnefoɔ deɛ, ɔbɛyera,

na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren,

wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.

21 Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua,

na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.

22 Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so,

na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.

23 AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yie,

na ne kwan sɔ n’ani,

24 sɛ ɔhwe ase a, ɔrentɔ fam tim,

ɛfiri sɛ AWURADE kura ne nsam.

25 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora,

nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no

anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.

26 Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm,

na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.

27 Firi bɔne ho na yɛ papa,

na woatena hɔ daa;

28 ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee,

na ɔrennya n’ahotefoɔ.

Ɔhwɛ wɔn so daa,

na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.

29 Ateneneefoɔ bɛtena asase so,

na wɔatena so daapem.

30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;

31 ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam,

na ne nan nwatiri.

32 Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni,

na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.

33 AWURADE rennya no ne nsam,

na sɛ wɔbu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.

34 Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so,

na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so;

sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.

35 Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi,

na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,

36 na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ,

na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene;

sɛ saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.

38 Na mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,

abɔnefoɔ ase deɛ, wɔbɛhye.

39 Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE,

ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.

40 Na AWURADE boa wɔn, na ɔgye wɔn,

ɔyi wɔn firi abɔnefoɔ nsam, na ɔgye wɔn nkwa,

ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho to ne so.

Nnwom 38

Amanehunu mu ahonu dwom

Dawid dwom a wɔde bɔ nkaeɛ afɔdeɛ.

1 Ao, AWURADE, ntwi m’anim w’abufuo mu,

na ntwe m’aso w’anibereɛ mu;

2 na w’agyan awowɔ me aka mu,

na wo nsa aduru me so.

3 W’abufuhyeɛ nti

ahoɔden bi nni me honam mu,

me bɔne nti

nkwahosan bi nni me nnompe mu;

4 na me mfomsoɔ aboro me tiri so,

ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.

5 M’akuro bɔn na aporɔ

m’agyimisɛm nti.

6 Mapompono na mapua koraa,

da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.

7 Na ahyehyekuro ayɛ m’asene mu ma,

na ahoɔden bi nni me honam mu;

8 mahodwo na mabubu pasaa,

m’akoma apinisie nti mesu denden.

9 AWURADE, deɛ mepɛ nyinaa da w’anim,

na m’apenepene nhunta wo.

10 M’akoma bɔ pariparipari, m’ahoɔden atu,

na m’aniwa hann mpo nni me ho bio.

11 M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn,

na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri.

12 Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie,

na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm,

na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.

13 Na me deɛ, mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm,

na mete sɛ emum a ɔmmue n’ano.

14 Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm

na n’anomu nni ntuatuaano.

15 Na wo, AWURADE, na m’ani da wo soɔ,

AWURADE, me Nyankopɔn, wobɛbua.

16 Na mese: Mma wɔn ani nnnye wɔ me ho,

na sɛ me nan watiri a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.

17 Na mereyɛ mahwe ase,

na me yea wɔ m’anim daa.

18 Na meka me mfomsoɔ,

me bɔne nti me werɛ aho.

19 Na m’atamfoɔ ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den,

na wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.

20 Na wɔde bɔne tua papa so ka,

papa a medi akyire nti wɔpɛ me ho asɛm.

21 AWURADE, nnya me,

me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.

22 Yɛ ntɛm bɛboa me,

AWURADE, m’agyenkwa!

Nnwom 39

Nkwa yɛ tia

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom.

1 Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie,

na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne.

Mede nnareka bɛsɔ m’ano,

sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi.

2 Medanee mum meyɛɛ komm,

memuaa m’ano, papa ho,

nanso me yea mu yɛɛ den.

3 M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu,

meredwendwen no, na ogya no redɛre,

na mede me tɛkyerɛma mekasae.

4 AWURADE, ma menhunu m’awieeɛ

ne me nna kakra a wɔasusuo no.

Ma menhunu me kyɛre a mammɛkyɛre.

5 Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ,

na me mfeɛ nyɛ hwee w’anim.

Ampa ara, onipa asi so sɛ deɛn ara a,

na ɔyɛ huruhuro ara kwa.

6 Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa.

Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho,

ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.

7 Na afei, AWURADE,

ɛdeɛn na meretwɛn?

Wo so na m’ani da.

8 Gye me firi me mmarato nyinaa mu,

mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora.

9 Matɔre mum, memmue m’ano,

ɛfiri sɛ wo na woayɛ.

10 Yi wo haw firi me so.

Wo nsa ano hweɛ rehye me.

11 Sɛ wode amumuyɛ ho animka

twe onipa aso a,

woma n’ahoɔfɛ hye sɛdeɛ nweweboaa yɛ.

Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ahuruhuro.

12 AWURADE, tie me mpaebɔ,

na yɛ aso tie me sufrɛ.

Mmua w’ano me nisuo ho,

na meyɛ wo hɔhoɔ,

meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.

13 Yi w’ani firi me so, na mente m’anim,

ansa na mafiri ha, na wɔanhu me bio.

Nnwom 40

Aseda ne adesrɛ mpaebɔ

Wɔde ma awonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Twɛn na metwɛnee AWURADE,

na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ.

2 Na ɔyii me firii ɔsɛeɛ amena mu,

firii atɛkyɛ mu,

na ɔde me nan sii ɔbotan so,

ɔmaa m’anammɔn tintimii.

3 Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu,

yɛn Nyankopɔn ayeyie.

Nnipa bebree bɛhunu asuro,

na wɔabata AWURADE ho.

4 Nhyira ne onipa a

ɔde n’ani ato AWURADE soɔ,

na ɔnnane n’ani nkyerɛ ahantanfoɔ

ne wɔn a wɔmane di atorɔ.

5 AWURADE, me Nyankopɔn,

w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn,

wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho;

anka mɛka na makasa ho,

ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,

woasiesie aso de ama me,

wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ

ne bɔne ho afɔdeɛ.

7 Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba,

wɔatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ no mu.

8 Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ,

na wo mmara wɔ m’akomam.

9 Maka tenenee ho asɛmpa

asafo kɛseɛ mu,

hwɛ, meremmua m’ano,

AWURADE, wonim.

10 Mankora wo tenenee m’akomam,

maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ,

mansi w’adɔeɛ ne wo nokorɛ so

asafo kɛseɛ mu.

11 Wo, AWURADE, worensi me

wo mmɔborɔhunu so,

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ

bɛbɔ me ho ban daa.

12 Na bɔne a wɔnnim ano

atwa me ho ahyia,

m’amumuyɛ asɔ me mu

a ɛmma menhunu adeɛ bio,

ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,

na m’akoma agya me.

13 AWURADE, ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛgye me,

AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me!

14 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra

asɛe no no ani nwu,

na wɔn anim ngu ase,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.

15 Wɔn a wɔse me sɛ: Wiɛ, wiɛ no,

ma wɔn ho nnwiri wɔn, wɔn aniwuo akatua so.

16 Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa

nni ahurisie, na wɔn ani nnye wo ho;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ nka daa sɛ:

Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

17 Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ na meyɛ ohiani deɛ,

nanso AWURADE dwene me ho.

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn,

ntwentwɛn wo nan ase!

Nnwom 41

Amaneɛ a ɛfiri yadeɛ ne atamfoɔ mu

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho,

AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.

2 AWURADE bɛhwɛ no so,

na wama no nkwa,

na wɔahyira no asase so.

Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa.

3 AWURADE bɛwowa no yadeɛ mpa so;

ne yadeɛ a ɔyare da hɔ nyinaa, wodane ma no si no yie.

4 Me na mekaa sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ,

sa me kra yadeɛ, na mayɛ wo bɔne!

5 M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ:

Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?

6 Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atorosɛm,

n’akoma tase nsɛnhunu fa,

ɔfiri adi kɔbɔ dawuro.

7 Wɔn a wɔtane me nyinaa tutu me ho asu,

wɔsusu me ho bɔne ka sɛ:

8 Abusudeɛ akuta no,

na afei ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio.

9 M’adamfo pa mpo a mede me ho metoo ne soɔ

a ɔdii m’aduane bie no, wama ne nantin so atia me.

10 Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ,

na ma me so, na mentua wɔn so ka!

11 Yei ho na mɛhunu sɛ wopɛ me:

Sɛ m’atamfoɔ renni me so ahurisie.

12 Na me deɛ, wosɔ me mu ma megyina hɔ, me mu a medie mu,

na wode me gyina w’anim pintinn daa.

13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn,

ɛfiri teteete de rekɔ daa.

Amen ne Amen.