Yesaia 56

Nkwagyeɛ no abɛn

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee,

na me nkwagyeɛ reyɛ aba,

na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi.

2 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei,

ne onipa ba a ɔkura mu no,

deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi

na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.

3 Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma no nnka sɛ:

Tuo na AWURADE bɛtu me afiri ne man mu;

na mma ayitotoni nso nnka sɛ:

Hwɛ, me deɛ, meyɛ duawuiɛ.

4 Na sɛ AWURADE ka nie:

Ayitotofoɔ a wɔdi me homeda

na wɔyi adeɛ a ɛsɔ m’ani

na wɔkura m’apam mu no,

5 mɛma wɔn me fie ne m’afasuo mu

nkaeɛ dum ne din

a ɛyɛ sene mmabanin ne mmammaa;

daa din a wɔrentwa ntwene

na mede bɛma wɔn.

6 Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ

wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din,

na wɔabɛyɛ no nkoa no,

obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a

wɔkura n’apam mu no,

7 mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so,

na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie,

wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ

bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so;

na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie

ama aman nyinaa.

8 Awurade NYANKOPƆN

a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie:

Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae

wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.

Ɔman no sohwɛfoɔ asotwe

9 Wiram mmoadoma nyinaa, mommra mmɛdidi hamham,

kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa.

10 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,

wɔn nyinaa nnim de;

wɔn nyinaa yɛ akraman mum,

wɔntumi mmobɔ mu;

wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna.

11 Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ,

wɔnnim ɔmeeɛ.

Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu,

wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so,

obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara.

12 Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa,

na yɛnwe nsaden,

na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,

ɛbɛso aboro so pii.

Yesaia 57

1 Ɔteneneeni yera,

na obiara mfa nhyɛ n’akoma mu,

na wɔfa mmarima pa kɔ,

a obiara nteaseɛ,

sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na wɔyi teneneeni no firi korɔ.

2 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu;

wɔhome wɔn nnaeɛ so,

wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no.

Ɔman no bra bɔne

3 Na mo deɛ, montwe mmra ha,

ɔbaabayifoɔ mma,

ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.

4 Hwan ho na mogorɔ?

Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu

na motwe mo tɛkyerɛma mu yi?

Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne

atorofoɔ mma ne mo anaa?

5 Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho,

nnua frɔmfrɔm nyinaa ase,

na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu,

abotan mpaepaeɛ ase!

6 Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ,

ɛno, ɛno ne wo kyɛfa,

nso ɛno so na wohwiee ahwiesa

na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ,

yeinom so na me bo bɛdwo anaa?

7 Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so

na wotoo wo mpa,

ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;

8 na wode wo nkaeɛ adeɛ no

sii ɛpono ne aponnwa mu,

na wofirii m’akyi

kɔyii wo nnaeɛ so foroe,

na wobaee mu,

na wo ne wɔn dii deɛ wobɛgye wɔn no ano,

wopɛɛ wɔne wo nna

na wohunuu wɔn adagya mu.

9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek,

na womaa wo nnuhwam dɔɔso,

na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri,

na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.

10 Wo kwan tentene no nti wobrɛe,

nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so;

wonyaa wo nsam akwanhosan nti,

anyɛ wo ya.

11 Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ,

na wodii atorɔ,

na woankae me

amfa anhyɛ w’akoma mu yi?

Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ

nti na wonsuro me yi?

12 Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ,

nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.

13 Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo.

Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ,

ohuo bɛfa wɔn kɔ;

na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi,

na wanya me bepɔ kronkron no atena so.

14 Na wɔbɛka sɛ:

Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan,

monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.

Adom ho bɔhyɛ foforɔ

15 Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ,

deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie:

Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron,

ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso,

sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa,

na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.

16 Na merenham menkɔsi daa,

na me bo remfu daa,

ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ,

na me na mayɛ ahome.

17 N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ

na mehwee no, mehuntae, na me bo fui;

nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.

18 Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ;

na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ,

na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.

19 Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ,

na mɛsa no yadeɛ.

20 Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku;

na ɛntumi nyɛ komm,

na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu.

21 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.

Yesaia 58

Onyamesom huhuo

1 Team denden, nnodo ho;

ma wo nne so sɛ totorobɛnto,

na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.

2 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara,

na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan,

sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee

na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no;

wɔbisa me hɔ asɛntenenee,

wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn.

3 Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu,

yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi?

Hwɛ, mo abuada da no,

moyɛ deɛ mo ara mopɛ,

na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.

4 Hwɛ, ɔham ne ntɔkwa mu na mode di mmuada,

na mobɔ kuturuku atirimuɔden so.

Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne wɔ soro.

5 Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no

ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie?

Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa

na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a,

yei na wofrɛ no abuadadie

ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi?

Mmɔborɔhunu na ɛsɔ Nyankopɔn ani

6 Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ?

Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ,

ahotiri kɔnnua nhoma,

ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie,

na moabubu kɔnnua nyinaa?

7 Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɔdi kɔm di bi,

na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie,

sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho,

na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?

8 Ɛno na wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ,

na w’akwahosan afefɛ ntɛm.

Wo tenenee bɛdi w’anim,

na AWURADE animuonyam abɔ wo kyidɔm.

9 Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua,

wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie.

Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu,

nsateaa tene ne ahuhukasa,

10 na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no,

na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a,

ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu,

na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.

11 Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa,

na ɔde nnepa amee wo kra,

na wahyɛ wo nnompe mu den,

na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.

12 Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo,

wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina,

na wɔafrɛ wo ɔpamago,

deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.

Homedadie pa so nhyira

13 Sɛ wosianka wo nan homeda

na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ,

na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ,

ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie,

na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so,

na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,

14 ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho,

na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so,

na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no,

ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

Yesaia 59

Ɔman abɔnefoɔ no sɛeɛ

1 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ,

na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm,

2 na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma

mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ,

na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho

a enti ɔntie.

3 Na mogya akeka mo nsam,

na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi;

mo ano keka atorosɛm,

mo tɛkyerɛma woro nkontompo.

4 Obiara nsaman asɛntenenee so,

na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho.

Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo;

wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.

5 Wɔhwane ɔkyerebene nkosua,

na wɔnwono ananse ntentan;

deɛ ɔdi wɔn nkosua wu,

na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia.

6 Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ,

na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho;

Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma,

na akakabensɛm wɔ wɔn nsam.

7 Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne,

na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu;

wɔn adwene yɛ abusudwene,

ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho.

8 Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim,

na atɛntenenee nni wɔn akwan mu;

wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi,

obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ.

9 Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ,

na tenenee nso nto yɛn no;

yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie,

ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.

10 Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ,

na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani;

yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu,

yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.

11 Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire,

na yɛsi apini sɛ mmuburo;

yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ,

ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.

12 Na yɛn mmarato dɔɔso w’anim,

na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn;

na yɛn mmarato da yɛn anim,

na yɛn amumuyɛ nso, yɛnim.

13 Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo,

na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi;

yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa,

yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka.

14 Na wɔadane atemmuo ani,

na tenenee akɔgyina akyirikyiri;

na nokorɛ ahwe ase edwam,

na deɛ ɛtene ntumi mma mu.

15 Na nokorɛ ayɛ adeɛ a ɛho yɛ na,

na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔfom no fa.

Na AWURADE hunui, na ansɔ n’ani

sɛ atemmuo biara nni hɔ,

16 na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ,

na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ;

ɛnna ne basa gyee no,

na ne tenenee wowaa no.

17 Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,

na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti,

na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho,

na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.

18 Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu

de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo;

nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.

19 Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ,

ne n’animuonyam afiri owia puebea,

na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den

a AWURADE ahum de reba.

20 Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie.

21 Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.

Yesaia 60

Sion ne amanaman hann

1 Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,

na AWURADE animuonyam apue wo so.

2 Na hwɛ, esum bɛkata asase so,

na esum kabii akata aman so;

nanso AWURADE bɛpue wo so

na n’animuonyam abɛda adi wo so.

3 Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.

4 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ;

wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn;

wo mmabanin firi akyirikyiri reba,

na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba.

5 Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate,

w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie,

ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ,

amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn.

6 Yoma manyamanya bɛkata wo so,

Midian ne Efa yomaforɔ no.

Wɔn nyinaa firi Seba reba,

sika ne ohwamfufuo na wɔsoso,

na wɔbɛka AWURADE ayeyie.

7 Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo,

Nebaiot adwennini bɛsom wo;

wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia,

na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.

8 Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum,

ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi?

9 Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me,

na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan,

na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba

a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho,

wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din,

ne Israel Kronkronni no,

ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.

10 Na ananafoɔ bɛto w’afasuo,

na wɔn ahemfo asom wo;

na m’abufuo mu na mehwee woɔ,

na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.

11 Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa,

wɔrentoto mu awia ne anadwo,

na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo

a wɔn ahemfo di wɔn anim.

12 Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu,

na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

13 Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn,

ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ

bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ;

na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam.

14 Na wo nhyɛsofoɔ mma

de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn,

na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa

bɛba abɛbum wo nan ase,

na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro,

Israel Kronkronni no Sion.

15 Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ

na obiara biara mfa wo mu no,

mɛma wo ayɛ kɛseyɛ

na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ.

16 Na wobɛnum amanaman nufoɔ,

na woanum ahemfo mpokua;

na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa

ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no.

17 Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba,

na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba,

na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu,

na dadeɛ asi aboɔ ananmu.

Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo,

na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.

18 Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio,

wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu;

na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ,

ne wo kuro apono nso Ayeyie.

19 Ɛnyɛ owia na

ɛbɛyɛ wo hann awia bio,

na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane

na ɛbɛharan ama wo anadwo,

na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann,

na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.

20 Wo wia rentɔ bio,

na wo srane nso renwu,

na AWURADE bɛyɛ wo daa hann,

na w’abooboodie nna awie sa.

21 Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ,

wɔbɛdi asase no so akɔsi daa;

wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ,

me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.

22 Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua,

na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den.

Me, AWURADE,

mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.

Yesaia 61

Awerɛkyekyerɛ a ɛbɛba no

1 Awurade NYANKOPƆN honhom wɔ me so,

ɛfiri sɛ AWURADE asra me

sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ;

wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ,

mempae ahofadie menkyerɛ nnommum

ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,

2 na mempae AWURADE anisɔ afe

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no,

menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,

3 menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ

memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu,

memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu,

memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu,

na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua,

AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.

4 Na wɔbɛkyekyere tete akurofo

ama akanefoɔ amamfo so agyina,

na wɔayɛ nkuro agoago

ne awoɔ ntoatoasoɔ amamfo no foforɔ.

5 Na ahɔhoɔ bɛgyina ahwɛ mo nnwan,

na ananafoɔ ayeyɛ mo akuafoɔ ne mo turoyɛfoɔ.

6 Na mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfoɔ,

na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo;

mobɛdi amanaman ahonyadeɛ,

na wɔn adedodoɔ mu na mobɛhoahoa mo ho.

7 Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho,

na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie;

ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so,

daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.

8 Na me, AWURADE, medɔ atemmuo,

mekyiri atirimuɔden ne adwotwa,

na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu,

na me ne wɔn apam daa apam.

9 Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu,

ne wɔn mma wɔ aman mu;

obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ

wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.

10 AWURADE mu na me ho sɛpɛ me,

na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie,

ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,

ɔde tenenee batakari asi me,

sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire,

ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.

11 Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue

na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no,

saa ara na Awurade NYANKOPƆN bɛma tenenee ne ayeyie

afifiri amanaman nyinaa anim.

Yesaia 62

Sion daakye animuonyam

1 Sion nti meremmua m’ano,

na Yerusalem nti merenyɛ komm,

de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran,

na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.

2 Na amanaman bɛhunu wo bembuo,

na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam,

na wɔato wo din foforɔ

a AWURADE ano bɛkyerɛ no.

3 Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu

ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.

4 Wɔremfrɛ wo sɛ: Deɛ wɔagya no, bio,

na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio,

na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: M’anisɔ wɔ ne mu,

ne w’asase nso sɛ: Ɔbaa warefoɔ,

ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo,

na w’asase nso, wɔbɛware no.

5 Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no,

sɛ wo mma bɛware woɔ ne no.

Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no,

saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.

6 W’afasuo so, O Yerusalem,

na mede awɛmfoɔ maduadua.

Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa,

wɔremmua wɔn ano;

mo a mokae AWURADE no,

monnyɛ komm koraa.

7 Na mommma no nnye n’ahome

kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem

ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.

8 AWURADE aka ne nifa ne

ne tumi basa ho ntam sɛ:

Meremfa w’ayuo memma

w’atamfo nni bio,

na ananafoɔ mma rennom wo nsa

a wobrɛɛ ho no.

9 Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi

ayi AWURADE ayɛ,

na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom,

wɔ me kronkronbea abannwa so.

10 Monsene, monsene mfa kuro apono no mu,

mommɔ ɔman no kwan;

montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn,

montase so aboɔ;

monsi aman no so frankaa.

11 Hwɛ, AWURADE ama wɔate

akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ:

Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ:

Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba;

hwɛ, n’akatua ka ne ho,

na n’ananmuhyɛ di n’anim.

12 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron,

wɔn a AWURADE agye wɔn,

na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan,

kuro a wɔannyaa no.

Yesaia 63

AWURADE tiatia atamfoɔ no so

1 Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba,

deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi?

Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu,

na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi?

Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ,

Otumfoɔ a ɔgye nkwa.

2 Adɛn na w’aduradeɛ bere sɛɛ,

na wo ntadeɛ te sɛ nsakyi-amena mu tiatiafoɔ deɛ yi?

3 Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu,

na aman sofoɔ mu biara nka me ho;

na matiatia wɔn so m’abufuo mu,

na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu,

na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu,

na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu.

4 Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu,

na me gyeɛ afe no aba.

5 Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ;

na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia;

enti me ankasa me basa gyee me,

na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia.

6 Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu,

na memaa wɔboboroe,

m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.

Nyankopɔn dɔ a ɔdɔ ne man

7 Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa,

AWURADE ayeyi no,

sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa,

na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no,

sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ

ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.

8 Na ɔse: Me man ara ne wɔn,

mma a wɔrenni atorɔ,

na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.

9 Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no,

na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn;

ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn,

ne ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.

10 Na wɔn deɛ, wɔtee atua

na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea,

enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ,

na ɔno ara ne wɔn dii ako.

11 Ɛnna ɔkaee tete nna

n’akoa Mose berɛ so:

Ɛhe na deɛ ɔyii

nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ?

Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron

sii wɔn mu no wɔ?

12 Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no

dii Mose nifa,

deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim

de gyee daa din faeɛ no?

13 Deɛ ɔmaa wɔfaa ebunu mu

sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea pradada so

na wɔanwatire no?

14 AWURADE honhom maa wɔhomee

sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu.

Saa na wokyerɛɛ wo man kwan

de gyee animuonyam din faeɛ.

Mmɔborɔhunu ne mmoa ho adesrɛ

15 Brɛ w’ani ase firi soro,

na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ.

Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ?

W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no

afiri me ho.

16 Na wo ara wone yɛn Agya;

na Abraham nnim yɛn,

na Israel nhu yɛn:

Wo, AWURADE ara ne yɛn Agya,

wo din ne yɛn Gyefoɔ, firi tete nteredee.

17 O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,

na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ?

Sane bra, wo nkoa nti,

w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti.

18 Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi;

yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.

19 Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da;

sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.

Yesaia 64

1 O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane

na mmepɔ woso w’anim ɛ!

2 Sɛ ogya sɔ mmaboa

na ogya ma nsuo huru,

na woama w’atamfo ahunu wo din,

na amanaman ho apopo, w’anim!

3 Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no,

wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim!

4 Na ɛfiri tete nteredee wɔntee,

ɛnkɔɔ obi aso mu,

ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ

a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.

5 Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee,

wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no.

Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne;

na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?

Bɔne paemuka

6 Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ,

na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi,

na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan,

na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.

7 Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din

na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu;

na woayi w’ani ahunta yɛn,

na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.

8 Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo.

Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ,

na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.

9 O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree,

na nkae amumuyɛ nkɔsi daa.

Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.

10 Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so,

Sion adane ɛserɛ so.

Yerusalem ayɛ akurofo.

11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie

a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no

wɔde gya ahye,

na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo.

12 Yeinom nyinaa mu wobɛhyɛ wo ho so ara, AWURADE,

wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?

Yesaia 65

Atemmuo ho nkɔmhyɛ

1 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no;

na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me.

Mekaa sɛ: Menie, menie,

mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.

2 Mebaee me nsam daa nyinaa

mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ,

wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so

di wɔn adwene akyiri no;

3 ɔman a wɔyi me ahi

wɔ m’anim daa,

wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu,

na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ;

4 wɔtenatena adamena mu,

deda nkokoam anadwo,

wɔdi prakonam,

na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu.

5 Wɔka sɛ: Twe wo ho,

nka me, na me ho te sene woɔ no.

Yeinom ne me hwene mu wisie,

ogya a ɛdɛre daa nyinaa.

6 Hwɛ, wɔatwerɛ no wɔ m’anim:

Merenyɛ komm, na mɛtua so ka,

aane, mɛtua so ka agu wɔn kokom.

7 Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka,

AWURADE na ɔseɛ;

ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ

na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti,

mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.

8 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no,

na nhyira wɔ mu, no,

saa ara na me nkoa nti mɛyɛ,

na mansɛe wɔn nyinaa.

9 Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu,

ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu,

na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so,

na me nkoa atena hɔ.

10 Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea,

na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea

ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no.

Ɔman waefoɔ no asotwe

11 Na mo a mogya AWURADE

na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no

na moto pono ma Siadeɛ bosom

na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no,

12 me nso mede mo bɛma afena,

na wɔakum;

ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so,

mekasae, na moantie,

na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne,

na deɛ mempɛ na moyiiɛ.

13 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, me nkoa bɛdidi,

na mo deɛ, mobɛdi kɔm;

hwɛ, me nkoa bɛnom,

na mo deɛ, sukɔm bɛde mo;

hwɛ, me nkoa ani bɛgye,

na mo deɛ, mo ani bɛwu;

14 hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom,

na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam,

na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.

15 Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn,

na Awurade NYANKOPƆN bɛku mo,

na wato ne nkoa din foforɔ,

16 na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no

ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu;

na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no

de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam;

ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no,

na ahunta afiri m’anim.

Ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

17 Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ

ne asase foforɔ,

na wɔrenkae kane nnoɔma no

na ɛremma adwene mu bio;

18 na mmom, momma mo ho nsɛpɛ mo na monni ahurisie daa daa,

adeɛ a merebɔ no nti;

na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama no ayɛ ahurisidie,

ne ne man, ama no ayɛ ahosɛpɛ.

19 Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie,

na me ho asɛpɛ me me man ho,

na wɔrente esu

ne nteateam wɔ mu bio.

20 Wɔrenhunu emu

abotafowa a ne nna nware bio,

anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die;

na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu,

na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no.

21 Na wɔbɛsisi adan atena mu,

na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.

22 Wɔrensisi adan mma obi ntena mu,

na wɔrennua mma obi nni,

na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna,

na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre.

23 Wɔrenyɛ adwumayɛhunu,

na wɔrenwo mma mma mpatuwuo,

ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ,

wɔne wɔn mma.

24 Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so;

wɔda so rekasa no, mɛtie.

25 Pataku ne odwammaa bɛdidi faako,

na gyata awe wira sɛ nantwie;

na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane;

wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio,

wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so,

AWURADE na ɔseɛ.