Yesaia 46

Babel abosom ahweaseɛ

1 Belbutu, Nebokoto;

akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni;

wɔakyekyere mo nnesoa

asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.

2 Wɔbom koto butu;

wɔntumi nnsi amanehunu ano;

na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu.

3 Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa,

mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu

na masoa mo afiri awotwaa mu no,

monyɛ aso mma me.

4 Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara,

na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn;

me na mayɛ, na me na mɛsoa,

me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo.

5 Hwan na mode me bɛto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ,

na mode no bɛsusu me, na yɛasɛ?

6 Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu,

na wɔde nsania kari dwetɛ;

wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔnyɛ no onyame;

wɔkoto, na wɔsɔre no.

7 Wɔma no so si akɔnkɔn

kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ;

ɛntwe ne ho mfiri n’afa;

wɔteam frɛ no a, ɔmmua,

na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.

Nkwagyeɛ no abɛn

8 Monkae yei, na monnwene ho,

mo mmaratofoɔ, mokae ɛ.

9 Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no,

sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio;

mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa.

10 Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm,

na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no,

meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina,

na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.

11 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ

ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so.

Makasa, na mɛma no aba mu;

madwene, na mɛyɛ.

12 Montie me, asobrakyefoɔ

a mo ne tenenee ntam twe.

13 Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri,

na me nkwagyeɛ renka akyi.

Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion,

na mede m’animuonyam mama Israel.

Yesaia 47

Babel ahweaseɛ ho nsaadwom

1 Siane, na tena mfuturo mu,

O ababaa, Babel babaa,

tena fam, a ahennwa bi nni hɔ

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.

2 Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo,

yi wo nkatanimu,

ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho,

twitwa asuo.

3 W’adagya bɛda adi,

na wɔahunu w’ahohora.

Mɛtɔ were,

na merenhunu onipa mmɔbɔ.

4 Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din,

ne Israel Kronkronni no.

5 Tena ase dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ahennie ahodoɔ no awuraa bio.

6 Me bo fuu me man,

meguu m’agyapadeɛ ho fi,

na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa,

woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn,

nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ

duru dodo;

7 na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa;

na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam,

woankae wɔn awieeɛ.

8 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni

a wote hɔ asomdwoeɛ mu,

wo a wose no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio,

merentena ase sɛ kunafoɔ,

na merenni mmasugya.

9 Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so

amonom, da koro,

abawuo ne kunayɛ.

Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ,

wo ntafowayie dodoɔ

ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.

10 Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu

kaa sɛ: Obi nhu me;

wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko,

maa wokaa no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.

11 Na mmusuo bɛto wo

a worenhunu yi;

na abuo bɛbu wo a

worentumi mpata;

na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ,

worenni no hunkan.

12 Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ

ne wo ntafowayie dodoɔ

a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no,

ebia wobɛtumi de ayɛ biribi,

ebia wode bɛyi hu.

13 Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu;

ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa,

ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no,

nsorommahwɛfoɔ

a ɔsrane foforɔ daa

wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no.

14 Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ,

ogya ahye wɔn,

wɔrentumi nnye wɔn kra

mfiri gyaframa no nsam;

ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho,

anaasɛ ogya a wɔtena ho.

15 Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ;

wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no,

wɔbɛyera akɔ wɔn fam;

obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.

Yesaia 48

Ɔman akomapirimfoɔ ateatea

1 Montie yei, O Yakob fie,

mo a wɔde Israel din ato mo

na mofiri Yuda asene mu no,

mo a mode AWURADE din ka ntam

na mobɔ Israel Nyankopɔn din,

na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.

2 Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho,

na wɔtwere Israel Nyankopɔn

a asafo AWURADE ne ne din no.

3 Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ,

na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate;

mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.

4 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden,

na wo kɔn yɛ daban,

na wo moma yɛ yaawa;

5 enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ;

ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee,

na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ,

me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.

6 Woate; hwɛ yei nyinaa;

na wo nso worenka nkyerɛ?

Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ,

ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no;

7 afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete,

na wontee da gye nnɛ,

na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada.

8 Wontee pɛn, nso wonhunui,

ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ;

na menim sɛ nkontompo ara na wotwa,

na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ,

na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo,

na manku wo.

10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ;

masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.

11 Me nti, me nti na meyɛ;

ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn?

Meremfa m’animuonyam memma obi.

Adom foforɔ ne nkwagyeɛ foforɔ

12 Tie me, O Yakob,

ne Israel a mafrɛ woɔ,

mene ɔno ara, mene odikanfoɔ,

na me ara nso ne okyidifoɔ.

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ,

na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ;

sɛ mefrɛ wɔn a,

wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.

14 Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie:

Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom?

Deɛ AWURADE dɔ no no

bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho,

na ne basa atia Kaldeafoɔ.

15 Me, me na maka, nso mafrɛ no.

Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.

16 Montwe mpini me, montie yei.

Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ;

ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ,

na afei Awurade NYANKOPƆN asoma me ne ne honhom.

17 Sɛ AWURADE,

wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Mene AWURADE, wo Nyankopɔn,

mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ,

na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ.

18 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ,

anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,

na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ,

19 na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea,

na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa.

Wɔrentwa wɔn din ntwene,

na wɔrensɛe no mfiri m’anim.

20 Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu.

Monka, momma wɔnte yei,

momma no mfiri nkɔduru asase ano.

Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn;

ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn,

ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.

22 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

Yesaia 49

Nyankopɔn akoa adwuma kɛseɛ no

1 Montie me, mpoano aman,

na monyɛ aso, akyirikyiri aman.

AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu,

ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam,

ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ,

na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam,

ɔde me siee ne kotokuo mu.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo,

Israel a mɛnya wo mu animuonyam.

4 Na me deɛ, mekaa sɛ:

Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ,

nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn,

na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.

5 Na afei AWURADE se,

deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa,

na mensane Yakob memmra ne nkyɛn,

na memmoa Israel ano memmrɛ no no,

ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim,

na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,

6 ɔse:

Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa

na woama Yakob mmusuakuo soɔ,

na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba;

na mede wo bɛyɛ amanaman hann,

na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.

7 Saa na AWURADE,

Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka

kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no,

deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ:

Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre,

asafohene nso, na wɔakoto asɔre,

ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ,

Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.

8 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Anisɔ berɛ mu na matie woɔ,

na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ,

na mɛkora wo, na mede wo

mayɛ ɔman apam, sɛ:

Ma asase no so si hɔ,

na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;

9 na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi!

ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue!

Akwan so na wɔbɛdidie,

na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;

10 ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn,

na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn,

na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn,

na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.

11 Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,

na m’atempɔn akorɔn.

12 Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba,

na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam,

na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.

13 Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie!

mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom!

Na AWURADE akyekyere ne man werɛ,

na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!

14 Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me,

na AWURADE werɛ afiri me.

15 Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa,

na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?

Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a,

me deɛ, me werɛ remfiri wo.

16 Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam;

w’afasuo sisi m’anim daa.

17 Wo nkuro kyekyerefoɔ ho bɛyɛ hare asene w’adwirifoɔ,

na w’asɛefoɔ bɛfiri wo mu akɔ.

18 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia,

yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn.

Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ,

wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ,

na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ.

19 Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ

ne w’afasusini asase no,

afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene,

na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri.

20 Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no

bɛka no w’aso mu sɛ:

Afa ha yɛ hihiaa ma me,

pini do, na mennya tenabea.

21 Na wobɛka no w’akoma mu sɛ:

Hwan na ɔwoo yeinom maa me?

Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini,

wɔtuu me kɔe,

na wɔsunsum me; na yeinom deɛ,

hwan na ɔyɛnee wɔn?

Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko,

ɛno mu no na yeinom wɔ he?

22 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman,

na masi me frankaa mama aman,

na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom,

na wo mmammaa nso, wɔasi wɔn akɔnkɔn aba.

23 Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ,

na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ;

wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo,

na wɔatafere wo nan ase mfuturo,

na woahunu sɛ me, mene AWURADE

a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.

24 Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa,

anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?

25 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye,

deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi,

na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham,

na me ara mɛgye wo mma nkwa.

26 Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam,

na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono,

na honam nyinaa ahunu

sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ,

ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.

Yesaia 50

Onyankopɔn bɛtumi agye ne man

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma

a mede megyaee no no wɔ?

Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan

na metɔn mo memaa no?

Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo,

na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.

2 Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ,

mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ?

Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ,

anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu?

Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we,

mema nsubɔntene danedane anwea pradada so

nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ,

na sukɔm kuku wɔn.

3 Mede tumm mekata ɔsoro,

na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.

Nyankopɔn akoa no nokorɛdie

4 Awurade NYANKOPƆN ama me

asuafoɔ tɛkyerɛma,

sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm

bɛwowa deɛ wabrɛ;

ɔnyane me daa anɔpa,

ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.

5 Awurade NYANKOPƆN abue m’aso,

na me nso mante atua

mansane m’akyi.

6 Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ,

ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ.

Manyi m’ani

mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.

7 Na Awurade NYANKOPƆN bɛboa me,

enti na ahohora amfa me soɔ;

enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ,

na menim sɛ m’ani renwu.

8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn,

hwan na ɔne me bɛdi asie?

Ɔmma yɛnnyina nhyiam.

Hwan na ɔne me anya?

Ma no mpinkyɛ me.

9 Hwɛ, Awurade NYANKOPƆN bɛboa me,

hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ?

Hwɛ, wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

nweweboaa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE,

na ɔtie n’akoa asɛm?

Deɛ ɔnam sum mu

na hann bi nhyerɛn mma no no,

ma no mfa ne ho nto AWURADE din so,

na ɔntwere ne Nyankopɔn.

11 Hwɛ, mo a mososɔ ogya

na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa,

monkɔ mo gya no dɛre

ne nnyentia a moasosɔ no mu.

Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo,

ɛyea mu na mobɛdeda fam.

Yesaia 51

Nyankopɔn bɔhyɛ ne n’awerɛkyekyerɛ

1 Montie me, mo a modi tenenee akyire

na mohwehwɛ AWURADE no,

monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu

ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no,

2 monhwɛ mo agya Abraham

ne Sara a ɔkyem mo woo mo no,

sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no,

na mehyiraa no memaa no dɔree.

3 Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ,

ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ,

na wadane ne serɛ so sɛ Eden,

ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom,

wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ,

aseda ne dwontoɔ.

4 Me nkurɔfoɔ, montie me,

na me man, monyɛ aso mma me,

na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,

na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.

5 Me tenenee reba ntɛm,

me nkwagyeɛ afiri adi,

na m’abasa bɛbu aman atɛn;

me so na nsuano aman ani da,

na me basa na wɔtwɛn.

6 Momma mo ani so nkɔ soro,

na monhwɛ asase ɛfam,

na ɔsoro bɛyera sɛ wisie,

na asase asu sɛ atadeɛ,

na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena,

na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,

na me nkwagyeɛ rensa da.

7 Montie me, mo a monim tenenee,

ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu,

monnsuro ɔdasani ahohorabɔ,

na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,

8 na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ,

na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu;

na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa,

na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Anigyeɛ wɔ Sion

9 AWURADE basa,

nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden!

Nyane sɛ akane nna no mu,

teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu.

Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab

na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?

10 Ɛnyɛ wone deɛ ɔmaa po weeɛ no,

ebunu kɛseɛ mu nsuo no;

deɛ ɔde po ase yɛɛ kwan

maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wɔntwa no?

11 Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane,

na wɔde ahurisie aba Sion,

na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi;

ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa,

na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.

12 Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ;

hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo

ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?

13 Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ

na ɔtrɛɛ ɔsoro mu

na ɔhyɛɛ asase ase no,

na wo ho popo daa daa nyinaa,

ɔhodwanfoɔ abufuo nti

sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie,

na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?

14 Wɔbɛyɛ ntɛm ayi mpokyerɛni,

na ɔrenwu nkɔ Amena mu,

na n’aduane remmɔ no.

15 Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn,

a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no,

asafo AWURADE ne ne din.

16 Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu,

na mede me nsa ase nwunu makata wo so,

na matrɛ ɔsoro mu

na mato asase fapem,

na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.

Sion denhyɛ

17 Nyane ɛ, nyane ɛ!

Sɔre ɛ, O Yerusalem,

wo a woanom AWURADE nsam

n’abufuo kuruwa no;

ntintantɔ kuruwa no

na woanom ahwe mu.

18 Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu

biara ankɔgya no,

na wannya ne mma a ɔyɛnee wɔn nyinaa mu

biara amma no ansɔ ne nsa.

19 Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ,

hwan na ɔbɛgyam woɔ?

Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena;

mɛkyekyere wo werɛ sɛn?

20 Wo mma totɔɔ piti

boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso

sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu,

na AWURADE abufuhyeɛ,

wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.

21 Enti tie yei ɛ, mmɔborɔni,

wo a woaborɔ, nanso ɛnyɛ nsa.

22 Sɛ wo Wura, AWURADE

ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie:

Hwɛ, megye wo nsam

ntintantɔ kuruwa no,

m’abufuhyeɛ kuruwa no,

worenkɔ so nnom bio.

23 Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa,

wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ:

Koto, na yɛmfa wo so;

na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam

anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.

Yesaia 52

Nhyia no ho siesie

1 O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ!

hyɛ w’ahoɔden!

O Yerusalem, kuro kronkron,

hyɛ w’animuonyam atadeɛ!

na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara

renkɔ so nhyɛne wo mu bio.

2 Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu!

O Yerusalem a wɔafa wo dommum;

Sion babaa a wɔafa wo dommum,

sanesane wo kɔn mu nkyehoma!

3 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.

4 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN ka nie: Me man siane kɔɔ Misraim akane no kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ, na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.

5 Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.

6 Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie.

Wɔn a wɔagye wɔn no saneba

7 Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no

nan si yɛ fɛ fa!

Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa,

ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm,

na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

8 Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so

to ahurisie dwom;

ɛfiri sɛ wɔn ani tua

AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.

9 Yerusalem amamfo,

mommom nto anigyeɛ dwom,

na AWURADE akyekyere ne man werɛ,

wagye Yerusalem.

10 AWURADE ayi ne basa kronkron no ho,

amanaman nyinaa anim,

na asase ano nyinaa ahunu

yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

11 Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ,

monnka adeɛ a ɛho nteɛ;

momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho,

mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.

12 Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie,

na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ,

na AWURADE redi mo anim,

na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.

Nyankopɔn akoa no amanehunu

13 Hwɛ, m’akoa bɛdi yie,

wɔbɛpagya, na wɔama no so

na wakorɔn sɛ.

14 Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no,

ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ,

na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,

15 saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie,

na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho,

ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu,

na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.

Yesaia 53

Nyankopɔn akoa no amanehunu ne ne mmasoɔ

1 Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,

na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?

2 Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim,

sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini;

ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no,

na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

3 Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no,

ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ,

na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no,

na yɛammu no hwee.

4 Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa,

na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa;

na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no,

deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.

5 Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no,

yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no;

yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so,

na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.

6 Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan,

yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so,

na AWURADE maa yɛn nyinaa

amumuyɛ kɔhwee ne so.

7 Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no,

nanso ɔno deɛ wammue n’ano,

sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no,

sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no,

saa no wammue n’ano.

8 Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe;

ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ

wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ,

na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?

9 Na wɔmaa ne damena fraa abɔnefoɔ

ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu,

nanso wanni abɔnefosɛm,

na nnaadaa nni n’anomu.

10 Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no;

na ɔbɔɔ no yadeɛ.

Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a,

ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware,

na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.

11 Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee.

Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no

bɛnya tenenee ama nnipa pii,

na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.

12 Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu

na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ,

ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo,

na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu,

nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne,

na wadi ama mmaratofoɔ.

Yesaia 54

Sion afotuo ne denhyɛ

1 To dwom, wo bonini a woanwoɔ;

to anigyeɛ dwom na fa ahosan team,

wo a wonkyem mma!

Na onnibie mma bɛdɔɔso

asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.

2 Ma wo ntomadan mu ntrɛ,

na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho.

Ma wo ntampehoma nware,

na ma wo mpɛɛwa ntintim.

3 Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum,

na w’asefoɔ afa amanaman no,

na woama wɔatenatena nkurofo so.

4 Nsuro, na w’ani renwu,

nsi wo tiri ase, na w’anim renkusa,

na wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo,

na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.

5 Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu,

asafo AWURADE ne ne din,

na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no,

wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.

6 Na AWURADE afrɛ wo

sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea,

sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no,

wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi,

nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.

8 Abufuo mmorosoɔ mu

na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi,

nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ,

wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.

9 Na yei yɛ me sɛ Noa nna no:

Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ

Noa nsuo no mmfa asase so bio no,

saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo

na merenteatea wo bio.

10 Na mmepɔ bɛtwe akɔ

na nkokoɔ atutu,

na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so,

na m’asomdwoeɛ apam no rentutu,

AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.

11 O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ,

hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu,

na mede hoa aboɔ mato wo fapem,

12 na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi,

na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ,

ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.

13 Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ,

na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.

14 Tenenee mu na w’ase bɛtim;

wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro,

na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.

15 Hwɛ, wɔpɛ wo ntɔkwa,

nso ɛmfiri me;

deɛ ɔsuae wo soɔ no,

wo nti ɔbɛhwe ase.

16 Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ

a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ,

na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ.

17 Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie,

na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ;

ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ

ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.

Yesaia 55

Onyankopɔn dom frɛ

1 Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa,

mommra nsuo ho,

na mo a monni sika no,

mommra mmɛtɔ, na monni.

Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo;

ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.

2 Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane,

ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo?

Montie me ɛ, monni nnepa,

na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.

3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn,

montie, na mo kra nnya nkwa.

Na me ne mo bɛpam daa apam,

Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.

4 Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni,

aman safohene ne mmarahyɛni.

5 Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba,

na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn,

AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti,

ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.

6 Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no,

momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.

7 Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya,

na onipa huhuo nnane n’adwene nnya,

na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no,

ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.

8 Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene,

na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm nie;

9 na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,

saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan,

na m’adwene nso sene mo adwene.

10 Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam

na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa

ma no ba aduane na ɛso aba,

na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no,

11 saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ:

Ɛrensane mma me nkyɛn kwa,

na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ

na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.

12 Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ,

na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan.

Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ,

na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.

13 Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu,

na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu;

na ɛbɛyɛ din ama AWURADE

ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.