Yesaia 25

AWURADE mmoa ho nkamfoɔ

1 AWURADE, me Nyankopɔn ne wo,

mɛma wo so na makamfo wo din

sɛ woayɛ anwanwadeɛ;

tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.

2 Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo,

woama abandenden ayɛ abansini;

ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio,

na wɔrento bio da biara da.

3 Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam,

amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.

4 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni,

aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu,

ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu,

na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,

5 Wobrɛɛ ananafoɔ hooyɛ ase

sɛ nkyɛkyerɛ so ahuhuro.

Nhyɛsofoɔ dwaeɛ dwom brɛɛ ase

sɛ mununkum nwunu ase ahuhuro.

Amanaman apontoɔ wɔ Sion bepɔ so

6 Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.

7 Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.

8 Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na Awurade NYANKOPƆN bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

9 Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.

10 Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;

11 na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.

12 Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.

Yesaia 26

Nyankopɔn man no anidasoɔ

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ:

Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn,

ɔde nkwagyeɛ ayɛ

afasuo ne epie.

2 Monhini apono no

na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ

na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu,

ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa,

ɛfiri sɛ Awurade NYANKOPƆN

ne daa botan.

5 Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam,

kuro a ɛkorɔn no,

wabrɛ no ase;

wabrɛ no ase ama no aduru fam,

wama no aka fam mfuturo;

6 wɔde nan tiatia so,

mmɔborɔfoɔ nan,

ahiafoɔ anammɔn no.

7 Ɔteneneeni kwan yɛ tee,

wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.

8 Nso w’atemmuo kwan so

na yɛhwɛ wo AWURADE kwan,

yɛn kra ani gyina

wo din ne wo nkaeɛ.

9 Me kra ani gyina wo anadwo,

me mu honhom nso, mede mefe wo,

na sɛ w’atemmuo ka asase a,

wiasefoɔ sua tenenee.

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a,

ɔnsua tenenee;

nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm,

na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

11 O AWURADE, womaa wo nsa so,

nanso wɔnhunu;

ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu;

ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn,

na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

13 O AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so,

nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din.

14 Wɔawuwu na wɔrentena ase;

nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio;

ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn

na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ.

15 O AWURADE, woama ɔman no adɔre,

woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam,

woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.

16 O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo,

wɔbɔɔ mpaeɛ

berɛ a woreka wɔn anim no.

17 Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ

a ɔbɛn awoɔ

kyem na ɔtea mu ne yea mu no,

sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;

18 yɛnyinsɛnee, yɛkyemee;

ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa.

Yɛntumi nnyee asase nkwa,

na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase.

19 W’awufoɔ bɛnya nkwa,

wɔn afunu bɛsɔre;

monnyane nto ahurisie dwom,

mo a mote mfuturo mu!

Na wo bosuo yɛ hann bosuo,

na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

20 Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu,

na toto w’akyiri apono mu;

fa wo ho hunta kakraa bi

kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.

21 Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa

akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti.

Na asase bɛyi ne mogya adi,

na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.

Yesaia 27

Aman akɛseɛ no asebrɛ

1 Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.

2 Ɛda no,

monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom:

3 Me, AWURADE, na mehwɛ so,

megu so nsuo berɛ nyinaa mu;

mehwɛ no anadwo ne awia,

na hwee ammɛyɛ no.

4 Abohuro biara nni me mu;

sɛ mehunu nkasɛɛ ne nwerɛ ɛ,

anka mede ɔko bɛwura mu makɔhye ne nyinaa.

5 Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me,

na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini,

na Israel afefɛ agu nhyerɛne,

na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

7 Wahwe wɔn sɛdeɛ ɔhwee wɔn ahwefoɔ no,

anaasɛ wɔaku wɔn sɛdeɛ wɔkumm wɔn akumfoɔ no?

8 Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ,

sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no.

9 Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ,

na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie:

Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa

ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro,

na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.

10 Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ

tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ;

ɛhɔ na anantwie mma didie,

na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.

11 Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu,

mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya;

na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu,

enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn,

na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.

12 Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.

13 Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.

Yesaia 28

Efraim ne Yuda ho atemmusɛm

1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire,

ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue,

kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.

2 Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi,

sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ;

ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree

a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.

3 Na wɔbɛtiatia

Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so,

4 na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam

a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no

ayɛ sɛ borɔdɔmakan a

teɛberɛ nnya nnurui

a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi.

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire

ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,

6 ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no,

ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.

7 Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu

na wɔhinhim wɔ nsaden mu,

ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu.

Nsa amene wɔn,

nsaden nti wɔhinhim,

wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu,

wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.

8 Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ

apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ.

9 Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ,

na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ?

Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ,

wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano?

10 Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara;

ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra.

11 Na apɔtɔfoɔ ano

ne tɛkyerɛma foforɔ

na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi;

12 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ɔhome nie!

momma deɛ wabrɛ nhome!

na ahodwoɔ nie!

nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no.

13 Enti AWURADE asɛm bɛdane

wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara,

ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ,

ɛha kakra, ɛhɔ kakra,

na wɔahwe ase,

na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn.

Tweaso tiboɔ a ɛyɛ fɛ

14 Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ

a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ.

15 Na moka sɛ: Yɛne owuo apam,

na yɛne Asamando adi nkasasie;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛrenka yɛn;

ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea,

na yɛde nnaadaa akata yɛn so.

16 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion,

ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ,

tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa,

deɛ ɔgye die no rennwane.

17 Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma,

na mede tenenee mayɛ nsania,

na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no,

na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;

18 na mo ne owuo apam no so bɛpepa,

na mo ne Asamando nkasasie no rennyina;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛbɛtiatia mo so;

19 mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo,

ɛfiri sɛ daa anɔpa,

awia ne anadwo na ɛbɛtwam;

na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko.

20 Na mpa no nware sɛdeɛ obi bɛtene ne mu wɔ soɔ,

ne dabua no nso sɛdeɛ ɔde bɛbua ne soɔ.

21 Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no,

na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no,

na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ,

na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.

22 Na afei monnni fɛw bio,

na mo nkyehoma no mu anyɛ den.

Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ,

firi asafo Awurade NYANKOPƆN no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.

AWURADE agyinatuo a ɛyɛ nwanwa

23 Monyɛ aso na montie me nne,

monwɛn mo aso ntie m’asɛm.

24 Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba?

Ɔtutu siesie n’asase ani daa?

25 Sɛ ɔma ani tae wie a,

ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ,

na ɔdua ayuo kyerɛpɛn,

ne atokoɔ nso wɔ n’afa.

Ɛyɛ yei ne afuo no ano?

26 Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ,

ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.

27 Na ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ na wɔde pore ɛme,

na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so;

na poma na wɔde boro ɛme,

na wɔde abaa boro tɛtɛ.

28 Wɔyam paanoo aburoo,

na wɔnna ho mpore no daapem;

na sɛ obi teaseɛnam nan

ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.

29 Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire;

n’agyinatuo yɛ nwanwa

na ne nyansa nni ano.

Yesaia 29

Yerusalem huyie ne ne nkwagyeɛ

1 Due, Ariel, Ariel,

kuro a Dawid bɛtenaa mu no!

Momfa afe nka afe ho,

momma afahyɛ ntwa nhyia.

2 Na mɛma Ariel ho akyere no,

na abooboodie ne abubuo bɔ aba,

# na adane me sɛ Ariel

3 Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia,

na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko,

na mahɔre wo ho pie atia wo.

4 Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa,

mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu;

wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam,

na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka.

5 Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,

na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛsene korɔ,

na ɛbɛba mpofirim, amonom.

6 Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo,

ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ,

kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba.

7 Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa,

wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa,

bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu.

8 Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie,

na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no,

anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo,

na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no,

saa ara na amanaman bebrebe a

wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ.

Ɔman no anifira

9 Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo,

monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira.

Mommoboro, nanso mommfa nsa;

montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden!

10 AWURADE de

nnahɔɔ honhom agu mo so,

na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no,

na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.

11 Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano!

12 anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma!

13 Na AWURADE se:

Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,

na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,

na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,

14 hwɛ, mɛkɔ so

me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu.

Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.

15 Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee,

na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu,

na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?

16 Mosisi nnoɔma tiri ase!

Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ,

na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ:

Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me,

anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ:

Ɔnnim de?

Nsakyeraeɛ a ɛyɛ nwanwa

17 Ɛnyɛ kakraa bi na aka

na Lebanon adane nnuaba turo,

na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwaeɛ?

18 Ɛda no, asotifoɔ bɛte

nwoma mu nsɛm no,

na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu

ahunu adeɛ;

19 na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ,

na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu;

20 na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa,

na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,

21 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano,

na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie,

na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.

22 Enti sɛdeɛ AWURADE a ɔgyee Abraham no ka kyerɛɛ Yakob fie nie:

Afei Yakob ani renwu bio,

na afei n’anim rento fitaa bio.

23 Na sɛ ɔhunu ne mma,

a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a,

wɔbɛdwira me din ho.

Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron,

na wɔade suro agyina Israel Nyankopɔn no anim.

24 Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ,

na anwiinwiifoɔ nso bɛsua deɛ wɔkyerɛ afa.

Yesaia 31

Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn. AWURADE gye nkwa

1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,

na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ,

na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti,

ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti,

na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ,

na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.

2 Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde bɔne bɛba;

ne nsɛm nso, ɔrensane,

na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie

ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no.

3 Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn,

na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.

Na AWURADE bɛtene ne nsa,

na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase,

na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.

4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie:

Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ,

na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a,

wɔn nne mma no mmɔ binim,

na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no,

saa ara na asafo AWURADE bɛduru

sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.

5 Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE

bɛbɔ Yerusalem ho ban,

ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa,

ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ.

6 Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ.

7 Ɛda no, wɔn nyinaa bɛtoto wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuo a mo nsa ayɛ ama mode ayɛ bɔne no agu.

8 Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano,

na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no;

na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim,

na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9 Na ne botan de ehu bɛsene akɔ,

na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho.

AWURADE a ne gya wɔ Sion,

na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.

Yesaia 32

Ɔman no ahotɔ

1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene,

na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

2 na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea

ne osuo ano dwanekɔbea,

sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa,

sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.

3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani,

na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

4 na wɔn a wɔn akoma pere wɔn no bɛyɛ nhunumufoɔ

na dodoworofoɔ tɛkyerɛma akasa turodoo a emu teɛ.

5 Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio,

na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

6 Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm

na ɔdwene amumuyɛsɛm,

sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm

na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ,

sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan,

na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.

7 Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne,

ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne,

sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni

ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.

8 Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ,

na ayamyɛ ara na ɔde gyina.

Mmaa no adwotwa

9 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me!

Mma mmaa a mo ho dwo mo no, monyɛ aso mma m’asɛm.

10 Afe ne akyire nna bi mu no,

mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo,

na bobe abateɛ to bɛtwa,

nnuaba anoboa remma bio.

11 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso,

mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo!

Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa,

momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

12 Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti,

bobe nnua a ɛso pii no ntira.

13 Nkasɛɛ ne nwerɛ fu

me man asase no so,

aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ

adan nyinaa so mpo.

14 Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan,

wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no,

ne kokoɔ ne ɔwɛn aban

bɛdane atu de akɔsi daa,

ɛserɛ so mfunumu anika

ne mmoakuo adidibea.

15 Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ,

na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ,

na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;

16 na atemmuo bɛtena ɛserɛ so,

na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu;

17 na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ,

na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;

18 na me man bɛtena asomdwoeɛ fie,

ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.

19 Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no,

na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.

20 Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho,

na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.

Yesaia 33

Ɔsɛefoɔ ho duema

1 Due, ɔsɛefoɔ

a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ,

ɔfatwafoɔ

a wɔmfaa wo ntwaeɛ!

Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a,

wɔbɛsɛe wo,

na sɛ wonya wie ɔfatwa a,

wɔde wo bɛtwa.

2 O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ.

Yɛ yɛn basa anɔpa biara,

aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu.

3 Hooyɛ no ano na aman dwanedwane,

woma wo ho so a, amanaman hwete.

4 Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ,

sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ.

5 Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn;

ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.

6 Na wo berɛ so na ɔmannnyinaeɛ,

nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba;

AWURADE suro ne n’ademudeɛ.

7 Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so,

asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya;

8 akwantempɔn afu,

akwantemfoɔ to atwa;

wɔabu apam no so,

wɔabu nkuro animtia,

wɔammu ɔdasani biara.

9 Asase redi abooboo na akusa;

Lebanon ani awu, adwan koraa;

Saron adane sɛ anwea pradada so,

Basan ne Karmel so nhahan apo.

10 AWURADE se: Afei mɛsɔre,

afei mɛma me ho so,

afei wɔbɛma me so.

11 Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma;

mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo.

12 Na aman bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ,

nkasɛɛnkasɛɛ a wɔatwa a wɔde agu ogya mu.

Asomdwoeɛ a ɛbɛba no

13 Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ,

na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.

14 Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo,

na ehu aka ahuhufoɔ:

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho?

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?

15 Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene,

deɛ ɔkyiri apempensika,

deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu,

deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm,

na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,

16 ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea,

abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea,

wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.

17 W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu,

ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ.

18 W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho:

Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he?

Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he?

19 Worenhunu aniɛdenfoɔ,

ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnteɛ,

na wɔpɔtɔ a wɔnte aseɛ.

20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no!

W’ani bɛhunu Yerusalem,

efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ

a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da

na ne ntampehoma biara renteteɛ no.

21 Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu;

kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa,

ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu,

na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ.

22 Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ,

AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

23 Wo ntampehoma mu ago,

ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu,

na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu.

Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu,

mpakye mpo bɛfom adeɛ afa.

24 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo!

Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.

Yesaia 34

Atamfoɔ nyinaa ho atemmusɛm

1 Amanaman, montwe mpini mmɛtie,

na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso.

Asase ne ne mayɛ ntie,

wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.

2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so,

na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so,

wadome wɔn de wɔn ama okum.

3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu,

na wɔn afunu ayi hwa kankan,

na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.

4 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ,

na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma,

na n’asafo nyinaa apo,

sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ

anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.

5 Na m’afena anom amee wɔ soro;

hwɛ, ɛsiane ba Edom so,

ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn.

6 Mogya ara nko adue AWURADE afena,

sradeɛ afɔre ho,

nnwammaa ne mpapo mogya,

adwennini sawa ho sradeɛ,

na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so.

7 Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam,

ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ,

na wɔn asase bɛboro mogya,

na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.

8 Na AWURADE wɔ aweretɔ da

ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.

9 Na Edom nsuwansuwa bɛdane aman,

na ne dɔteɛ nso adane sɔfe,

na n’asase no ayɛ aman a ɛdɛreɛ;

10 ɛrennum anadwo ne awia,

ne wisie bɛpunu akɔsi daa,

na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

na obiara remfa hɔ bio koraa;

11 na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa,

na patuo ne anene atena hɔ.

Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa,

na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.

12 Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ, Ahennie Biara Nni Hɔ,

na n’asafohene nyinaa bɛyera.

13 Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu,

na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu,

na ayɛ ɛserɛso kraman tenabea

ne nsohori adidibea.

14 Na ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛhyia hɔ,

na sasabonsam asu afrɛ ne mfɛfoɔ;

ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena,

na wanya ɔhome.

15 Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne buo,

na wato abutu so ahwane, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu mu,

na asansa nso aboaboa wɔn ano wɔ hɔ,

obiara ne n’atipɛnsoɔ.

16 Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan:

Yeinom mu baako mpo renyera,

ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE

ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

17 Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn,

na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn,

sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Yesaia 35

Ɔman no saneba

1 Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika,

na anwea paradada adi ahurisie, na ahane

sɛ nhyerɛne;

2 nhyerɛne ara na ɛbɛguo,

ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie;

wɔde Lebanon animuonyam bɛma no,

Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi,

wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam,

yɛn Nyankopɔn tumi no.

3 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den,

mommia nkotodwe a agoɔ mu;

4 monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ:

Monhyɛ mo ho den, monnsuro,

hwɛ, mo Nyankopɔn nie!

ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛrɛba.

Ɔno na ɔreba

abɛgye mo nkwa!

5 Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue,

na asotifoɔ aso abue;

6 ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ,

na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom,

na nsuo bɛtue ɛserɛ so,

na nsuwansuwa asene anwea paradada so;

7 na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ,

na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa;

na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no,

ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.

8 Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ,

na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron;

deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn;

nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.

9 Gyata biara remma hɔ,

na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so;

wɔrenhunu bi wɔ hɔ,

wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.

10 Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba,

na wɔde nnwontoɔ aba Sion;

na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi,

ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa,

na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.