Yeremia 37

Sedekia abɔfoɔ

1 Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu.

2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfoɔ antie AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.

3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ɛ!

4 Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfire, na na wɔmfaa no ntoo nneduafoɔ dan mu.

5 Na Farao dɔm afiri Misraim reba, na Kaldeafoɔ a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wɔtu firii Yerusalem ho kɔe.

6 Ɛnna AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ:

7 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo me nkyɛn maa mobɛbisaa me hɔ adeɛ no nie: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafiri rebɛboa mo no, wɔbɛsane akɔ Misraim wɔn asase so;

8 na Kaldeafoɔ no bɛsane aba ne kuro yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahye.

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafoɔ afiri yɛn so kɔ, ɛfiri sɛ wɔrenkɔ.

10 Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi.

Wɔbu Yeremia ɔfatwafoɔ

11 Na Kaldeafoɔ dɔm tu firii Yerusalem ho, Farao dɔm anim, kɔeɛ no,

12 Yeremia firii adi firii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so sɛ ɔrekɔgye ne kyɛfa nkurɔfoɔ no mu.

13 Na ɔduruu Benyamin ponkɛseɛ mu no, na awɛmfoɔ so panin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na ɔsɔɔ Odiyifoɔ Yeremia mu kaa sɛ: Kaldeafoɔ no nkyɛn na woawae rekorɔ.

14 Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.

15 Na mmapɔmma no bo fu tiaa Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfoɔ dan mu, Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ nneduafoɔ dan.

Ɔhene asɛmmisa

16 Ɛnna Yeremia kɔɔ amena dan no mu ne ntokuro no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii.

17 Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam, ne fie sɛ: AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ɔse: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.

18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?

19 Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ?

20 Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotosrɛ nnuru w’anim, na mma wɔmmfa me nnsane nnkɔ Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, na mankɔwu wɔ hɔ.

21 Ɛnna Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfoɔ abannwa mu, na da koro wɔma no paanoo mua firi paanootofoɔ borɔno mu, kɔsii sɛ paanoo nyinaa saa kuro no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu ara.

Yeremia 38

Yeremia wɔ asiane kɛseɛ mu

1 Na Matan ba Sefatia ne Pasur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkia ba Pasur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa sɛ:

2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi kɔ Kaldeafoɔ nkyɛn no bɛnya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asadeɛ, na ɔbɛtena ase.

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Yie na wɔbɛyi kuro yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa.

4 Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.

5 Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.

6 Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.

7 Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu.

8 Ɛnna Ebed-melek firii ahemfie ne ɔhene kɔkasaa sɛ:

9 Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio.

10 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasafiri ha ka wo ho, na kɔyi Odiyifoɔ Yeremia abura no mu ansa na wawu.

11 Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu.

12 Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntomago ne ntoma a asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehoma no ase. Na Yeremia yɛɛ saa.

13 Na wɔde ntampehoma no twee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu hɔ.

Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ

14 Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa Odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fie aboboɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebɛbisa wo asɛm bi; nsi me biribiara so.

15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Nanso sɛ metu wo fo a, worentie me.

16 Na Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te aseɛ yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ no nsa!

17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa.

18 Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babel hene no mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ no nsa, na wɔde ogya ahye, na wo nso, woremfiri wɔn nsam mfi.

19 Na Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me deɛ, mesuro Yudafoɔ a wɔawae akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoro me ho.

20 Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.

21 Na sɛ woampene, amfiri adi deɛ a, yei ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me:

22 Hwɛ, mmaa a wɔaka Yuda ahemfie no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afiri adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a wo nan hyehyɛ atɛkyɛ mu yi, wɔasane wɔn akyi.

23 Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn bɛfiri adi akɔma Kaldeafoɔ no, na wo nso, woremfiri wɔn nsa mfi, na Babel hene nsa bɛsɔ wo mu, na wɔde ogya bɛhye kuro yi.

24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu.

25 Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka deɛ woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsi yɛn biribiara so na yɛankum wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ?

26 Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotosrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fie bio, na mankɔwu wɔ hɔ.

27 Na asafohene no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔne no gyaee kasa, ɛfiri sɛ na obiara ntee asɛm no.

28 Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu kɔsii da a wɔfaa Yerusalem no.

Yeremia 39

Wɔfa Yerusalem. Wɔtutu Sedekia ani

1 Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.

2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu na wɔburii kuro no,

3 na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.

4 Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe.

5 Na Kaldeafoɔ dɔm no tii wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko mpaperɛ so, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ, na ɔbuu no atɛn wɔ hɔ.

6 Na Babel hene kunkumm Sedekia mma n’anim wɔ Ribla; na Yuda adehyeɛ nyinaa nso, Babel hene kunkumm wɔn.

7 Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.

8 Na ahemfie ne ɔmanfoɔ no afie deɛ, Kaldeafoɔ no de ogya hyee, na wɔdwiridwirii Yerusalem afasuo no.

9 Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.

10 Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.

Nebukadnessar bɔ Yeremia ho ban

11 Na Babelhene Nebukadnessar hyɛɛ Ankɔbeahene Nebusaradan Yeremia ho sɛ:

12 Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.

13 Ɛnna Ankɔbeahene Nebusaradan ne Nebusasban, Rab-saris, ne Nergal-sareser, Rab-mag, ne Babel hene atitire no nyinaa

14 soma maa wɔkɔfaa Yeremia firii awɛmfoɔ abannwa mu baeɛ, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfiri hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfoɔ no mu.

Ebed-melek nhyira

15 Na Yeremia da so da duam awɛmfoɔ abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

16 Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kuro yi ho, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yie, w’anim na ɛbɛba mu da no.

17 Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.

18 Na firi na mɛma woafiri mu afire, na worentɔ afena ano; na wo kra bɛdane wo asadeɛ, ɛfiri sɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm nie.

Yeremia 40

Yeremia wɔ Amrado Gedalia nkyɛn

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.

2 Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,

3 na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so.

4 Na ɛfiri ɛnnɛ, mayi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnneɛ ma no nka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wonim sɛ ɛyɛ na wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ!

5 Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan.

6 Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.

Wɔpam Gedalia tiri so

7 Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,

8 wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔn ne Netania ba Ismael ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia ne Netofani Efai mma, ne Maakani ba Yesania, wɔne wɔn mmarima.

9 Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ɛnsi mo yie.

10 Na me deɛ, hwɛ, mete Mispa, sɛ mɛgyina Kaldeafoɔ a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo deɛ, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nnoɔma mu, na montena mo nkuro a moafa no mu.

11 Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no,

12 Yudafoɔ no nyinaa sane firii deɛ wɔbobɔɔ wɔn peteeɛ hɔ baa Yuda asase so Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii pa ano.

13 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa

14 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Amonfoɔ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmɛkum wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.

15 Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu wɔ Mispa sɛ: Ma menkɔ menkɔkum Netania ba Ismael, na obiara ante; adɛn nti na ɔmmɛkum woɔ, na Yudafoɔ a wɔaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yudafoɔ nkaeɛ no nyera?

16 Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atorosɛm na woreka no Ismael ho yi.

Yeremia 41

Ismael di Gedalia awu

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ.

2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no.

3 Na Yudafoɔ a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofoɔ no nso, Ismael kunkumm wɔn.

4 Na Gedalia kum akyiri nnanu a obiara nteeɛ no,

5 mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔdwesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie.

6 Na Netania ba Ismael firi Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɔrekorɔ no, na ɔresu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.

7 Na wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkumm wɔn guu abura bi mu.

8 Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.

9 Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma.

10 Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn.

Yudafoɔ pɛ sɛ anka wɔkɔ Misraim

11 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no,

12 wɔfaa mmarima no nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛseɛ a ɛwɔ Gibeon no ho.

13 Na nkurɔfoɔ a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyee,

14 na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa no danedanee wɔn ho sanee wɔn akyiri baa Karea ba Yohanan nkyɛn.

15 Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe firii mu firii Yohanan anim, na wɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.

16 Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkaeɛ a ɔde wɔn sane firii Netania ba Ismael a ɔkumm Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa, na wɔfaa mmarima akofoɔ ne mmaa ne mmɔfra ne mpiafoɔ a ɔde wɔn sane firii Gibeon no,

17 na wɔsii mu kɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔrefa so akɔ Misraim

18 afiri Kaldeafoɔ no anim, ɛfiri sɛ na wɔsuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no si asase no so panin no.

Yeremia 42

Yeremia bɔ wɔn Misraim ho kɔkɔ kwa

1 Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii

2 bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,

3 na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnante soɔ ne adekodeɛ a yɛnyɛ nso.

4 Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mokaeɛ no, na asɛm biara a AWURADE bɛbua mo no, mɛka makyerɛ mo. Meremfa asɛm biara mensie mo.

5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!

6 Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yɛbɛtie, na asi yɛn yie, sɛ yɛtie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti.

7 Na dadu akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn.

8 Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so bae,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotosrɛ nnuru n’anim no seɛ nie:

10 Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, bɔne a meyɛɛ mo no ho.

11 Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam;

12 na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasane aba mo asase so.

13 Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne,

14 ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a,

15 ɛnneɛ afei montie AWURADE asɛm, mo Yuda nkaeɛ a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ a,

16 ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo.

17 Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛwuwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfiri bɔne a mede bɛba wɔn soɔ no mu.

18 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.

19 AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ.

20 Na moatwa mo ara mo kra nkontompo, ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa ara na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.

21 Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.

22 Na afei, monhunu pefee sɛ afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano na mobɛwuwuo, deɛ mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no.

Yeremia 43

1 Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no,

2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ!

3 Na Neria ba Baruk na ɔpiapia wo tia yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel.

4 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE, antena Yuda asase so.

5 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔsane firii amanaman nyinaa a wɔpansamm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yudafoɔ asase soɔ,

6 mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mmammaa ne nnipa a Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne Odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk,

7 na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes.

Yeremia hyɛ nkɔm sɛ Nebukadnessar bɛhyɛne Misraim

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tapanes sɛ:

9 Tase aboɔ akɛseɛ, na fa hyehyɛ dɔteɛ mu, ntaayaa fononoo a ɛwɔ Farao fie pono ano no mu, Tapanes Yudafoɔ mmarima no anim,

10 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede n’adwa mabɛsi aboɔ yi a mede makora yi so, na watrɛ n’akatamansoɔ mu wɔ hɔ.

11 Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, deɛ ɔsɛ wuo no bɛwu, na deɛ ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na deɛ ɔsɛ afena no, afena bɛka no.

12 Na mɛto Misraim anyame afie mu gya, na wahye wɔn asoa wɔn nnommum, na wafira Misraim asase, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma, na wafiri hɔ asomdwoeɛ mu akɔ.

13 Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.

Yeremia 44

Yudafoɔ akyirisanfoɔ ho atemmusɛm

1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie:

2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte soɔ.

3 Ɛfiri wɔn bɔne a wɔyɛ de huruu me boɔ no; sɛ wɔkɔ kɔhyee aduhwam de som anyame foforɔ a wɔne mo, ne mo agyanom nnim wɔn no nti.

4 Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.

5 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsane afiri wɔn bɔne ho, na wɔrenhye aduhwam mma anyame foforɔ.

6 Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

7 Na afei, sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Adɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛseɛ tia mo ara mo kra yi, sɛ wɔntwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne akɔkoaa mfiri Yuda, na wɔannya mo nkaeɛ biara,

8 sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?

9 Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?

10 Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ.

11 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.

12 Na mafa Yuda nkaeɛ a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afena ne ɛkɔm nti, wɔbɛwie saa, afiri akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so; afena ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo, na wɔadanedane ntankadeɛ na ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa.

13 Na mɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase soɔ no aso, sɛdeɛ mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛtwee Yerusalem aso no,

14 na Yuda nkaeɛ a wɔakɔ Misraim, akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no mu biara remfiri mu, anaasɛ ɔrenka na wɔasane aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsane kɔ hɔ no so, kɔtena hɔ no, ɛfiri sɛ obiara biara rensane mma, gye adwanefoɔ.

15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom hyehyee aduhwam maa anyame foforɔ no nyinaa, ne mmaa a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛseɛ, na ɔman a wɔte Patros, Misraim asase soɔ no nyinaa buaa Yeremia sɛ:

16 Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,

17 na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no.

18 Na ɛfiri berɛ a yɛgyaee ɔsoro hemmaa no aduhwamhyeɛ ne ahwiesa hwie no, nnoɔma nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afena ne ɛkɔm awie yɛn yɛ yi.

19 Na mmaa no kaa sɛ, yɛhye aduhwam ma ɔsoro hemmaa na yɛhwie ahwiesa ma no a, mosusu sɛ yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ taterɛ de sisi hɔ ma no na yɛhwie ahwiesa no a wɔnnim anaa?

20 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmaa ne nkurɔfoɔ a wɔbuaa no no nyinaa sɛ:

21 Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na aforɔ ahyɛne n’adwene mu.

22 Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

23 Ɛsiane sɛ mohyehyee aduhwam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ ne n’adansesɛm no soɔ nti, na asiane bɔne yi abɛsiane mo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

24 Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: Yudafoɔ a mowɔ Misraim asase soɔ nyinaa, montie AWURADE asɛm:

25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma no ba mu sɛ: Ma ara na yɛbɛma yɛn aboadeɛ a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Tim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ma nso na mobɛma mo aboadeɛ no.

26 Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN te aseɛ yi!

27 Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.

28 Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo!

29 Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne:

30 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Misraimhene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no aku no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia mehyɛɛ Babelhene Nebukadnessar a ɔtanee no, pɛɛ no kum no no nsa no.

Yeremia 45

Ɔbɔ Baruk kɔkɔ na ɔkyekyere ne werɛ nso

1 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ:

2 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka no wo, Baruk, ho nie:

3 Woka sɛ: Mennue, sɛ AWURADE de awerɛhoɔ ka me yea ho. Mabrɛ ne apinisie, na mennya ahome biara.

4 Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.

5 Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.

Yeremia 46

Wɔdi Misraimfoɔ so nkonim

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie:

2 Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho.

3 Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm,

na montu sa.

4 Momfa apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho,

montenatena so, O apɔnkɔsotefoɔ,

monhyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ,

mompɔ mpea ho,

na monhyehyɛ dadeɛ nkataboɔ.

5 Ɛnam deɛn so na mehu wɔn

sɛdeɛ wɔn akoma atuo

na wɔadane wɔn akyire,

na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo,

na dwane ara na wɔredwane

na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi?

Ehu wɔ afa nyinaa,

AWURADE asɛm nie;

6 ɔhoɔharefoɔ nnya adwaneyɛ,

na dɔmmarima mfiri mu mfi;

atifi fam, Asuo Eufrate no ho

na wɔasuntisunti na wɔahwehwe aseɛ.

7 Hwan na ɔreba sɛ Nil,

na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi?

8 Misraim atu reba sɛ Nil,

n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ,

na ɛse: Mɛyiri makata asase so

masɛe nkuro ne emufoɔ no.

9 Montenatena apɔnkɔ so,

na nteaseɛnam ntu yirididi

na nnɔmmarima no mfiri adi,

Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no

ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.

10 Ɛda no yɛ asafo Awurade NYANKOPƆN deɛ,

aweretɔ da

a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.

Na afena bɛdidi amee,

na wɔn mogya ama no abo,

na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ,

atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.

11 O ɔbaabunu, Misraim babaa,

foro kɔ Gilead kɔgye aduro;

kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso,

ayaresa biara nni hɔ mma wo.

12 Amanaman ate wo ahohora,

na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ,

na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so

ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.

Misraim amaneɛ

13 Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia, sɛ Babelhene Nebukadnessar bɛba abɛseɛ Misraim asase no.

14 Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol,

na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ.

Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn,

ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia.

15 Ɛnam deɛn so na wɔapra w’akunini korɔ yi?

Adɛn na wo nantwinini annyina,

na AWURADE apam no?

16 Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo;

ɛnna wɔse:

Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn

ne yɛn awoɔ asase so

mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.

17 Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe;

wama berɛ a ɛsɛ no atwam.

18 Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a

asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie,

sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam

na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.

19 Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa,

O Misraim babaa a wote hɔ no,

na Memfi bɛdane amamfo,

na ahye a obiara rentena mu bio.

20 Misraim yɛ nantwie bedeɛ a ne ho yɛ fɛ,

nanso ɔsɛeɛ firi atifi fam aba ne so.

21 N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no

te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ,

aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane;

wɔnnyina,

ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu,

wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.

22 Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene,

na wɔde dɔm nam reba ne so,

na wɔde mmonnua reba ne so

sɛ nnuabufoɔ.

23 Wɔbɛtwa ne kwaeɛ

AWURADE asɛm nie,

kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ,

ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ,

na wɔn dodoɔ nni ano.

24 Wɔama Misraim babaa ani awu,

wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.

25 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,

26 na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.

Wɔkyekyere Israel werɛ

27 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,

na mma w’akoma nntu, O Israel.

Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri

ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so,

na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo,

na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu.

28 Wo, m’akoa Yakob, nsuro,

AWURADE asɛm nie,

na medi w’akyi,

na mɛma amanaman

a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa,

na wo deɛ, merenwie wo.

Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata,

na bem deɛ, meremma wonni.