Yeremia 26

Wɔbɔ Yeremia duam na wɔgyae no

1 Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa sɛ:

2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara;

3 ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.

4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ montie me nni me mmara a mede mesii mo anim no so,

5 na montie me nkoa adiyifoɔ a meresoma wɔn mo nkyɛn a metua nhema mesoma wɔn, na moantie wɔn nsɛm no a,

6 ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.

7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fie.

8 Na Yeremia wiee nsɛm nyinaa a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa kyeree no kaa sɛ: Wuo na wobɛwuo.

9 Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia.

10 Na Yuda mmapɔmma tee nsɛm yi no, wɔfiri ahemfie foro baa AWURADE fie, na wɔbɛtenaa ase, AWURADE Ponkɛseɛ Foforɔ no ano.

11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no.

12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ efie yi ne kuro yi ho nkɔm menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.

13 Na afei momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie, na montie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkaa no mo ho no ho.

14 Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ.

15 Hunu nko na monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mobɛhwie agu mo ne kuro yi ne emutefoɔ soɔ, na nokorɛ mu, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo aso mu.

16 Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ wuo, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.

17 Na mmarima bi firi asase no so mpanimfoɔ mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman badwafoɔ no nyinaa sɛ:

18 Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo,

na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo,

na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.

19 Kum na Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? Ɛnyɛ AWURADE na ɔsuroo no, na ɔkoto srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn soɔ no ho? Na yɛn deɛ, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi?

Odiyifoɔ Uria nkrabea

20 Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ɔfiri Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kuro yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia deɛ no ara.

21 Na Ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne asafohene no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene rehwehwɛ no aku no. Na Uria tee, na ɔsuroe, na ɔdwane kɔɔ Misraim.

22 Na Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, mekyerɛ Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho,

23 na wɔfaa Uria firii Misraim de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde afena kumm no, na ɔtoo ne funu twenee teman mufoɔ ada so.

24 Nso Safat ba Ahikam nsa na na ɛda Yeremia ho, deɛ ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔankum no.

Yeremia 27

Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Babel kɔnnua ase

1 Yudahene Sedekiaa ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ:

2 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;

3 na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene,

4 na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie:

5 Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.

6 Na afei mede nsase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnessar, Babel hene no nsa, na mede wiram mmoa mpo mama no sɛ wɔnsom no.

7 Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn.

8 Na ɔman ne ahennie a wɔnsom ɔno Babelhene Nebukadnessar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔnnua aseɛ no, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm nie, akɔsi sɛ mɛdwerɛ wɔn ne nsam.

9 Enti monntie mo adiyifoɔ ne mo nkɔmhyɛfoɔ ne mo daeɛ ne mo akɔmfoɔ ne mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,

10 na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo, deɛ ɛbɛyɛ na wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyirie, na masunsum mo na moayera.

11 Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔnnua aseɛ na ɛsom no no, mɛma no aka n’asase so, AWURADE asɛm nie, na wɔadɔ so atena so.

12 Na mekasa mekyerɛɛ Yudahene Sedekia sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa teɛ sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔnnua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.

13 Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu afena, ɛkɔm ne ewuyadeɛ ano, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no?

14 Na monntie adiyifoɔ a wɔse mo sɛ: Monnsom Babel hene no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.

15 Na mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.

16 Na asɔfoɔ no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛre koraa na wɔde AWURADE fie nnoɔma no bɛsane afiri Babel aba, no nsɛm, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.

17 Monntie wɔn; monsom Babel hene na monnya nkwa, adɛn nti na kuro yi nnane akurofo?

18 Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel.

19 Na sei na asafo AWURADE ka no adum ne ɛpo ne nsugyeɛ nnaka ne nnoɔma a aka kuro yi mu nkaeɛ no ho,

20 nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankorɔ no,

21 sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka wɔ nnoɔma a ɛkaa AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem ho nie:

22 Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akɔsi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm nie, na mede wɔn asane aba ha.

Yeremia 28

Yeremia ne odiyifoɔ torofoɔ Hanania

1 Na afe no ara mu, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ afe a ɛtɔ so nnan no bosome a ɛtɔ so nnum so, Asur ba Odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon no ka kyerɛɛ me wɔ AWURADE fie, asɔfoɔ ne ɔman no nyinaa anim sɛ:

2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mabubu Babel hene kɔnnua no,

3 ɛha mfirinhyia mmienu pɛ, mede AWURADE fie nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar bɛfa firii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa bɛsane aba ha bio.

4 Na Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda atukɔfoɔ a wɔkɔɔ Babel no nyinaa, mede wɔn bɛsane aba ha yi bio, AWURADE asɛm nie, na mɛbubu Babel hene kɔnnua no.

5 Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania, asɔfoɔ no ne ɔman a wɔgyinagyina AWURADE fie no nyinaa anim,

6 na Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ: Amen, AWURADE ma no nyɛ saa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fie nnoɔma ne atukɔfoɔ nyinaa bɛfiri Babel asane aba ɛha yi no mmra mu.

7 Nanso tie asɛm a mereka wo ne ɔman no nyinaa aso mu yi ɛ:

8 Adiyifoɔ a wɔdii m’anim ne w’anim firi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsase bebree ne ahennie akɛseɛ akodie ne bɔne ne owuyadeɛ ho nkɔm.

9 Odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ odiyifoɔ no asɛm nya ba mu a, ɛno na wɔhunu odiyifoɔ a AWURADE somaa no nokorɛ mu.

10 Ɛnna Odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii Odiyifoɔ Yeremia kɔn mu bubuu mu.

11 Na Hanania kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛbubu Babelhene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu, ɛha mfeɛ mmienu pɛ! Na Yeremia sii mu kɔɔ ne kwan.

12 Na Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii Odiyifoɔ Yeremia kɔn mu no akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13 Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Dua kɔnnua a woabubu mu, na mɛyɛ dadeɛ kɔnnua asi ananmu.

14 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Dadeɛ kɔnnua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn mu, sɛ wɔnsom Babelhene Nebukadnessar; nso wɔbɛsom no, na mede wiram mmoa mpo mama no.

15 Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atorɔ soɔ.

16 Ɛno nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meretu wo afiri asase ani: Afe yi na wobɛwuo, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ atia AWURADE.

17 Na Odiyifoɔ Hanania wuu afe no ara mu bosome a ɛtɔ so nson no mu.

Yeremia 29

Nwoma a Yeremia de kɔmaa atukɔfoɔ no

1 Nso Odiyifoɔ Yeremia twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ nwoma mu de firi Yerusalem manee atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne nkurɔfoɔ a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa,

2 berɛ a Ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafoɔ ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔeɛ no;

3 ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse:

4 Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛɛ atukɔfoɔ a memaa wɔtuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa:

5 Monsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na monni mu aba.

6 Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.

7 Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.

8 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mommma mo adiyifoɔ a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfoɔ no nnsisi mo, na monntie wɔn daeɛ a wɔsoso no,

9 na atorɔ mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie.

10 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Mfirinhyia aduɔson nya duru wɔ Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo bɛsane aba ha yi.

11 Na me deɛ, menim adwene ko a meredwene mo ho, AWURADE asɛm nie, asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ bɔne deɛ, sɛ merema mo awieeɛ pa ne anidasoɔ.

12 Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpaeɛ, na matie mo.

13 Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan.

14 Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm nie. Na mede mo nnommum bɛsane aba, na maboa mo ano afiri amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm nie, na mede mo bɛsane aba deɛ memaa wɔtuu mo firi hɔ kɔeɛ no.

15 Ɛsiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifoɔ so ama yɛn Babel nti,

16 sei na AWURADE ka no ɔhene a ɔte Dawid adwa soɔ no ne ɔman a wɔte kuro yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfiri ankɔ tukorɔ no mu no nyinaa ho,

17 sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merema afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu, na mama wɔadane sɛ mmorɔdɔma porɔeɛ a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie.

18 Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,

19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm nie, sɛ mesomaa me nkoa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn nkyɛn, metuaa nhema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm nie.

20 Enti montie AWURADE asɛm, mo atukɔfoɔ a mama moafiri Yerusalem akɔ Babel no nyinaa.

21 Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntorɔ no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn mo anim.

22 Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,

23 ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie.

Krataa a ɛfiri atukɔfoɔ hɔ a wɔde kɔma Ɔsɔfo panin Semaia

24 Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ:

25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo ara wo din mu wode nwoma amane ɔman a ɛwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ:

26 AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti,

27 afei, adɛn nti na woantwi Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim?

28 Ɛfiri sɛ wasoma ama wɔaba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ, monsisi adan ntena mu na monyɛ nturo nni mu aba!

29 Na Ɔsɔfoɔ Sefania kenkann nwoma yi guu Odiyifoɔ Yeremia aso mu.

30 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

31 Soma ma wɔnkɔse atukɔfoɔ no nyinaa sɛ: Sei na AWURADE ka no Nehelamni Semaia ho: Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atorɔ soɔ nti,

32 sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE.

Yeremia 30

Israel ne Yuda nkrabea

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:

2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa.

3 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, na mama wɔasane aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabɛdi so.

4 Na yeinom ne nsɛm a AWURADE kaa no Israel ne Yuda ho no,

5 na sei na AWURADE seɛ:

Yɛate ahopopoɔ nne,

ehu aba, na asomdwoeɛ nni hɔ.

6 Mommisa ɛ, na monhwɛ,

sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa?

Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa

nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ,

na anim nyinaa ayɛ fitaa yi?

7 Buei! Ɛda no so

a ebi renyɛ sɛ ɛno,

na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob.

Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.

8 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛbubu ne kɔnnua afiri wo kɔn mu, na matete wo nkyehoma, na ananafoɔ renni no nya bio.

9 Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.

10 Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie,

na mma w’akoma nntu, O Israel,

na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri,

na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so;

na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo

a obiara renyi no hu.

11 Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa,

AWURADE asɛm nie;

na mɛma amanaman a mabɔ wo apete

hɔ no nyinaa awie sa,

nso wo deɛ, meremma wonwie sa,

na mɛtwe w’aso atenetene so,

na bem deɛ meremma wonni.

12 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Wo kuro aporɔ,

wo pira nni asayɛ.

13 Obiara nni hɔ a ɔdi ma woɔ a ɔbɛtoto woɔ,

nnuro ne ntaresoɔ nnoɔma

nni hɔ mma wo.

14 W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo,

wɔmmisa w’akyiri kwan.

Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ,

otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ,

w’amumuyɛ dodoɔ so,

ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.

15 Adɛn na woteam wo kuro ho

sɛ wo yea nni asayɛ?

W’amumuyɛ dodoɔ, wo bɔne a emu yɛ den

nti na mayɛ wo seyie yi.

16 Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu,

na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu,

na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo,

na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.

17 Na mɛkyekyere wo kuro,

na masa w’apirakuro,

AWURADE asɛm nie,

ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no,

Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.”

18 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba,

na me yam ahyehye me ne tenabea ho;

na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ,

na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.

19 Na wɔn mu na aseda nnwom

ne agofoɔ nne bɛfirie;

na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua,

na mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔrenyɛ ketewa.

20 Na ne mma bɛyɛ sɛ akane no,

na n’asafo no agyina m’anim pintinn, sɛ tete no,

na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔha no nyinaa aso.

21 Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu,

na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu,

na mɛma no atwe apini,

na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me?

AWURADE asɛm nie.

22 Na mobɛyɛ me ɔman,

na me nso mayɛ mo Onyankopɔn.

23 Hwɛ, AWURADE ahum

ne abufuhyeɛ retu,

ahum a ɛdi kyinhyia

ɛbɛsi abɔnefoɔ atifi.

24 AWURADE abufuo hyehyeɛ rensane,

gye sɛ ayɛ n’akomam nsusuiɛ ama no atim ansa;

nna a ɛdi akyire no mu

na mobɛte yei aseɛ.

Yeremia 31

Israel ne Yuda daakye apam

1 Ɛberɛ no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

2 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano

no anya adom ɛserɛ so;

berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no.

3 AWURADE ama mahu no akyirikyiri.

Na daa dɔ na mede madɔ woɔ,

enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.

4 Mɛsi wo bio, na woasi hɔ, O Israel baabunu;

wobɛhyehyɛ wo mpintin aduradeɛ bio,

na woafiri adi, agofoɔ asa mu.

5 Wobɛtɛ bobe nturo

wɔ Samaria mmepɔ so bio;

atɛfoɔ bɛtɛ,

na wɔbɛdi so aba nso.

6 Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam

wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ:

Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion,

AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.

7 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Monto Yakob ho ahurisie dwom,

mommɔ ose mma amanaman sodifoɔ no.

Momma wɔnte, monyi ayɛ, na monka sɛ:

AWURADE, gye ne man,

Israel nkaeɛ no nkwa.

8 Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba,

na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn;

wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye,

apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi;

asafo yuu na wɔbɛsane aba.

9 Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba,

na mɛdi wɔn anim

de wɔn akɔ asutene ho,

ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ;

na mayɛ Israel agya,

na Efraim ne m’abakan.

10 Montie AWURADE asɛm, O amanaman,

na monka no akyirikyiri nsuano aman so

sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano,

na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.

11 Na AWURADE agye Yakob,

na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam.

12 Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ,

na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho,

aduane ne nsa ne ngo

ne nnwammaa ne anantwie ho,

na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii,

na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.

13 Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu,

na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ;

na mɛdane wɔn abooboodie ahosan,

na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu.

14 Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra,

na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm nie.

15 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔte nne bi Rama,

agyaadwotwa ne esu yaya.

Rahel resu ne mma,

na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho,

ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

16 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Mua w’ano, na woansu,

ne w’ani nso, na ampore nisuo,

na w’adwuma so akatua wɔ hɔ,

AWURADE asɛm nie,

na wɔbɛsane afiri ɔtamfoɔ asase no so;

17 na anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye,

AWURADE asɛm nie,

wo mma bɛsane aba wɔn asase so bio.

18 Teɛ na mate mmom, sɛ Efraim redi abooboo sɛ:

Woatwe m’aso, na m’aso atwe nso,

sɛ nantwie ba a wɔnkyerɛkyerɛɛ no.

Dane me, na madane aba,

na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.

19 Na me nsaneakyire akyi mesakyerae,

na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so;

m’ani awu, na masopa mpo,

ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.

20 Efraim yɛ me ɔdɔ ba?

Anaa abotɔyam ba?

Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi,

nkaeɛ ara na meda so mekae no?

Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no,

ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no,

AWURADE asɛm nie.

21 Hyɛ ɔkwan no nso fa,

sisi kwankyerɛ adum fa,

fa w’akoma si ɔtempɔn,

ɔkwan a wofaa soɔ no so.

Sane bra, O Israel baabunu,

sane bra wo nkuro yi mu.

22 Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn,

O ɔbabaa akyirisanfoɔ?

Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so,

ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.

23 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ:

AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea,

O bepɔ kronkron.

24 Na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena mu, akuafoɔ ne wɔn a wɔne mmoakuo di atutena.

25 Na mɛma ɔkra a watɔ bera ani so atete no, na mama akra a atɔ piti nyinaa amee.

26 Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu.

27 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛdua Israel fie ne Yuda fie mama nnipa ase ne mmoa ase akyene.

28 Na sɛdeɛ m’ani saa wɔn sɛ mɛtutu na mabubu na madwiri na masɛe na mayɛ no bɔne no, saa ara na m’ani bɛku wɔn ho sɛ mɛsi na madua, AWURADE asɛm nie.

29 Nna no mu no, wɔrenka bio sɛ:

Agyanom adi abuntwerɛ,

na mma se afem.

30 Na mmom obiara, ɔno ara n’amumuyɛ nti na ɔbɛwuo; onipa biara a ɔtwɛre abunu no na ne se bɛfem.

31 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ.

32 Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.

33 Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

34 Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE! na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.

35 Sei na AWURADE

a ɔma owia haran awia

na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma ma no haran anadwo

na ɔnu ɛpo mu ma n’asorɔkyeɛ huru

a ne din de asafo AWURADE no seɛ:

36 Sɛ ahyɛdeɛ ahodoɔ yi sene firi m’ani so a, AWURADE asɛm nie,

ɛno ansa na Israel asefoɔ nso bɛgyae

ɔman yɛ, m’anim daa nyinaa.

37 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ wɔtumi susu soro atifi,

na wɔtumi bɔre asase nnyinasoɔ hunu wɔ fam a,

ɛno ansa na me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa,

deɛ wɔayɛ no nyinaa nti,

AWURADE asɛm nie.

38 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,

39 na susuhoma no bɛfiri hɔ ara afa ne ntentensoɔ afiri adi akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa,

40 na afunu ne nso bonhwa no nyinaa ne nsasewa a ɛkɔduru asuo Kidron ho nyinaa, kɔsi apɔnkɔ ponkɛseɛ ntweaso, apueeɛ no bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiri da biara da bio.

Yeremia 32

Yeremia tɔ afuo bi

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛne Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no soɔ nie.

2 Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu.

3 Na Yudahene Sedekia ato no dua mu wɔ hɔ sɛ: Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛ: Sei na AWURADE seɛ: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na wafa,

4 na Yudahene Sedekia rennya kwan mfiri Kaldeafoɔ nsa, na hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babel hene nsamu, na ɔne no de ano ne ano akasa, na ɔde n’ani ahunu n’ani,

5 na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛba abɛhwɛ no, AWURADE asɛm nie. Sɛ mo ne Kaldeafoɔ ko a, ɛrensi mo yie.

6 Na Yeremia kaa sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

7 Hwɛ, w’agya nua Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot no, na wo na ɛgyeɛ fata wo sɛ wobɛtɔ.

8 Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.

9 Na metɔɔ afuo no m’agya nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ nnwetɛbena dunson memaa no.

10 Na metwerɛ hyɛɛ nwoma mu, na mesɔɔ ano, na mefrɛɛ adansefoɔ, na mede nsania karii dwetɛ no.

11 Na mede ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano no, deɛ wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne deɛ ano da hɔ no,

12 na mede ɔtɔ nwoma no maa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya nua Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nwoma no aseɛ no ne Yudafoɔ a wɔtete awɛmfoɔ abannwa mu hɔ no nyinaa anim.

13 Na wɔn anim mehyɛɛ Baruk sɛ:

14 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Fa nwoma yi, ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano yi ne nwoma a ano da hɔ yi, na fa hyɛ kukuo bi mu na akyɛre nna bebree.

15 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔbɛtɔ adan ne mfuo ne nturo asase yi so bio.

Yeremia mpaebɔ ne n’adesrɛ

16 Na mede ɔtɔ nwoma no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

17 Ao, Awurade NYANKOPƆN, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;

18 woyɛ nnipa mpem mpem adɔeɛ, na wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyire kokom, wo Onyankopɔn kɛseɛ ne otumfoɔ a asafo AWURADE ne ne din no.

19 Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ abateɛ no.

20 Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

21 Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so,

22 na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

23 Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.

24 Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu.

25 Na wo, Awurade NYANKOPƆN ara, woka kyerɛɛ me sɛ: Fa dwetɛ tɔ afuo no, na hyɛ ho adansefoɔ. Nso kuro no na wɔde rehyɛ Kaldeafoɔ nsa yi.

Nyankopɔn mmuaeɛ

26 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

27 Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribiara bɛyɛ me nwanwa anaa?

28 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Kaldeafoɔ nsa ne Babelhene Nebukadnessar nsa sɛ ɔmfa,

29 na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛba abɛto kuro yi mu gya, na wɔahye ɛno ne adan a wɔahye atifi aduhwam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ, sɛ wɔde rehuru me boɔ no.

30 Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ de m’anim bɔne yɛ ara nko firi wɔn mmeranteberɛ mu. Na ohuro nko ara na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma huru me boɔ, AWURADE asɛm nie.

31 Na abufuo ne abufuhyeɛ nko na kuro yi ahyɛ me, firi da a wɔkyekyereeɛ de abɛduru nnɛ da yi, sɛ menyi no mfiri m’anim,

32 Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.

33 Na wɔdanedanee wɔn atikɔ kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔtuaa nhema kyerɛkyerɛ wɔn, na wɔn deɛ, wɔantie sɛ wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ.

34 Na wɔsisii wɔn akyiwadeɛ, efie a wɔde me din atoɔ no mu de guu ho fi.

35 Na wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bonhwa mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa m’akoma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.

36 Na afei saa nti, sei na AWURADE Israel Nyankopɔn ka no kuro yi a mose afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ nti, ɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho.

37 Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,

38 na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

39 Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.

40 Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn.

41 Na me ho bɛsane me wɔn ho sɛ mɛyɛ wɔn yie, na mede wɔn madua asase yi so nokorɛ mu, m’akoma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu.

42 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ me bɔne kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi soɔ no, saa ara na mɛma yie a maka no wɔn ho no nyinaa bɛba wɔn soɔ.

43 Na wɔbɛtɔ mfuo, asase yi a moka sɛ ayɛ amamfo a onipa ne aboa nni so bio a wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa no so;

44 wɔde sika bɛtotɔ mfuo, na wɔatwerɛ agu nwoma mu asosɔ ano ahyehyɛ ho adansefoɔ, Benyamin asase so ne Yerusalem ho, ne Yuda nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu, ne mmepɔ ase nkuro mu ne Negeb nkuro mu, na mede wɔn nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.

Yeremia 33

Wɔgye wɔn firi Babel nsam

1 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa mprenu, berɛ a na ɔda so da duam awɛmfoɔ abannwa mu hɔ sɛ:

2 Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:

3 Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.

4 Na sei na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka no kuro yi mu adan ne Yuda ahemfo adan a epie ne afena nti wɔburiiɛ no ho:

5 Wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko, na wɔde nnipa a mekumm wɔn m’abufuo ne m’abufuhyeɛ mu, na wɔn bɔne nyinaa nti, mede m’ani mahunta ɔman yi no afunu abɛhyɛ hɔ ma.

6 Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.

7 Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum bɛsane aba bio, na mede wɔn asi hɔ sɛ akane no,

8 na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn.

9 Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.

10 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a moka sɛ asɛeɛ, a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno a ɛdeda mpan, a onipa ne okuromani ne aboa biara nni soɔ no so,

11 na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ:

Monkamfo asafo AWURADE,

na AWURADE yɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,

no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.

12 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a asɛeɛ, a onipa ne aboa nni mu no, ne ɛso nkuro nyinaa mu na ɛbɛdane nnwanhwɛfoɔ a wɔma wɔn nnwan butubutu hɔ no adidibea bio,

13 mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ.

Dawid daakye aseni

14 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma asɛmpa a mekaa no Israel fie ne Yuda fie ho no aba mu.

15 Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so.

16 Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee.

17 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da.

18 Na asɔfoɔ, Lewifoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wahye aduane ayɛyɛdeɛ na wabɔ okum afɔdeɛ nna nyinaa remmɔ wɔn wɔ m’anim.

Nyankopɔn daa apam

19 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

20 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mobɛtumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne berɛ mu a,

21 ɛno ansa na wɔbɛbubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’adwa so adi hene, ne me ne Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no, deɛ no nso.

22 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.

23 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

24 Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio.

25 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛdeɛ no pintinn a,

26 ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.

Yeremia 35

Rekabfoɔ nhwɛsoɔ

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie:

2 Kɔ Rekabfoɔfie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom.

3 Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabɔfoɔ fiefoɔ nyinaa,

4 na mede wɔn baa AWURADE fie. Mekɔɔ Nyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia pia atifi no mu,

5 na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na mesee wɔn sɛ: Monnom nsa.

6 Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.

7 Na monnsisi adan, na monnnua hwee, na monnyɛ bobeturo biara, na mommfa ebi nso nnyɛ mo deɛ; na ntomadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔhoɔ no so.

8 Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, deɛ ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu, yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa;

9 na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobeturo ne afuo ne adeɛ a wɔdua biara,

10 na yɛtete ntomadan mu; na yɛtie na yɛyɛ sɛdeɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa.

11 Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.

12 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Morennye nkyerɛkyerɛ sɛ mobɛtie me nsɛm? AWURADE asɛm nie.

14 Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ wɔtie wɔn agya ahyɛdeɛ no. Na me deɛ, makasa makyerɛ mo, metua nhema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me.

15 Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.

16 Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi deɛ, wɔntie me.

17 Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.

18 Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,

19 sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Onipa a ɔbɛgyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.

Yeremia 36

Wɔkenkan nkɔmhyɛ nwoma no

1 Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

2 Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu.

3 Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.

4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu.

5 Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me deɛ, wɔato me mu, mentumi menkɔ AWURADE fie.

6 Enti wo deɛ, kɔ na kɔkenkan AWURADE nsɛm a woatwerɛ afiri m’anomu no, mmobɔeɛ no mu, gu ɔman no aso mu, AWURADE fie, mmuada da no, na kenkan gu Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so ba no nyinaa aso mu nso.

7 Ebia wɔn nkotosrɛ bɛduru AWURADE anim, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ asɛm a AWURADE aka no ɔman yi ho no so kokuroo.

8 Na Neria ba Baruk yɛɛ sɛdeɛ Odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu wɔ AWURADE fie.

9 Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron no, Yerusalem mu nkurɔfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no paee AWURADE anim mmuadadie.

10 Ɛnna Baruk kenkann Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa aso mu, AWURADE fie, Safan ba Ɔtwerɛfoɔ Gemaria pia a ɛwɔ atifi abannwa mu no mu, AWURADE fie ponkɛseɛ foforɔ no ano.

11 Na Safan ba Gemaria ba Mikaia tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no nyinaa no,

12 ɔsiane kɔɔ ahemfie kɔɔ ɔtwerɛfoɔ pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na na mmapɔmma no nyinaa, Ɔtwerɛfoɔ Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa teteɛ.

13 Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nwoma no agu ɔman no aso mu no ɔteeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

14 Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔeɛ a wokenkan guu ɔman no aso mu no, fa kura wo nsam no bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔeɛ no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.

15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Tena ase ɛ, na kenkan gu yɛn aso mu. Ɛnna Baruk kenkan guu wɔn aso mu.

16 Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwirie hwehwɛɛ wɔn anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.

17 Na wɔbisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa firii n’anomu anaa?

18 Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubire twerɛ hyɛɛ nwoma mu.

19 Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kɔhunta, wo ne Yeremia, na obiara anhunu deɛ mowɔ.

Wɔsɛe nkɔmhyɛ nwoma no

20 Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abannwa no mu, na wɔde mmobɔeɛ no siee Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene aso mu.

21 Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.

22 Na ɔhene te awɔberɛ dan mu, bosome a ɛtɔ so nkron no mu, na adeɛ mu gya a ɛredɛre no si n’anim.

23 Na ɛbaa sɛ, sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan no, ɔde ɔtwerɛfoɔ sekan sunsuanee, na ɔde guu ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu kɔsii sɛ mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ, ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu.

24 Na wɔn akoma antu, na ɔhene ne ne nkoa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntadeɛ mu.

25 Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.

26 Na ɔhene no hyɛɛ Ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa Ɔtwerɛfoɔ Baruk ne Odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso AWURADE koraa wɔn so.

Wɔtwerɛ nkɔmhyɛ nwoma no bio

27 Na ɔhene hyee mmobɔeɛ ne nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anomu no akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

28 Sane fa mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ akane nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ no mu a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no nyinaa hyɛ mu.

29 Na Yudahene Yehoiakim ho na ka no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo deɛ, woahye mmobɔeɛ yi aka sɛ: Adɛn nti na wotwerɛɛ emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na wahye ɛso nnipa ne mmoa ase?

30 Ɛno nti, sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim ho nie: Ɔrennya obiara a ɔbɛtena Dawid adwa soɔ, na ne funu nso, wɔbɛto atwene, na ahuhuro afa so awia, na awɔ afa so anadwo.

31 Na ɔno ne n’asefoɔ ne ne nkoa amumuyɛ no nti, mɛba mabɛtua wɔn so ka, na wɔn ne Yerusalemfoɔ ne Yuda mmarima so na mede bɔne a meka tiaa wɔn na wɔantie no nyinaa bɛba.

32 Ɛnna Yeremia faa mmobɔeɛ foforɔ de maa Neria ba Ɔtwerɛfoɔ Baruk, na ɔtwerɛɛ nwoma a Yudahene Yehoiakim de ogya hyeeɛ no mu nsɛm no nyinaa firi Yeremia anomu hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.