Yeremia 16

Ɔman no sɛeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Nware yere, na nnya mmabanin ne mmammaa wɔ ha yi.

3 Na sɛdeɛ AWURADE ka no mmabanin ne mmammaa a wɔwɔ wɔn ha yi, ne wɔn nanom a wɔwɔ wɔn ne wɔn agyanom a wɔwɔ wɔn asase yi soɔ no ho nie:

4 Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane.

5 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Nhyɛne efie a wɔsu mu mu, na nkɔ ayie ase na nnyam wɔn, ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so, AWURADE asɛm nie, mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

6 Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn,

7 na wɔremmubu paanoo mma wɔn, ayie ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufoɔ no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.

8 Na nkɔ nsanom fie, nso wo ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom.

9 Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so.

10 Na sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛseɛ yi gu yɛn soɔ yi, na ɛdeɛn ne yɛn amumuyɛ, anaasɛ ɛdeɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no?

11 Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so,

12 na mo nso, modi asɛmmɔne sene mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo akoma bɔne denyɛ akyi a montie me,

13 enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.

Nkwagyeɛ ho nkɔmhyɛ

14 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,

15 na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.

Apofofoɔ ne abɔmmɔfoɔ

16 Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.

17 Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim.

18 Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma.

Nkwagyeɛ berɛ

19 O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden,

me dwanekɔbea ahohiahia da mu,

wo nkyɛn na amanaman bɛfiri

asase anoano aba abɛka sɛ:

Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no,

ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.

20 Onipa bɛyɛ anyame a

wɔnyɛ anyame afa?

21 Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.

Yeremia 17

Yuda bɔne ne n’asotwe

1 Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so,

2 berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no.

3 Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.

4 Na wobɛgya w’agyapadeɛ a mede memaa woɔ no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wonnim soɔ so, ɛfiri sɛ moasɔ m’abufuo mu gya a ɛbɛdɛre daa.

5 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ,

na ɔde honam yɛ ne basa,

na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.

6 Ɔte sɛ dua a ɛsi anwea pradada so,

na ɔrenhunu sɛ papa reba,

na ɔbɛtena ɛserɛ so nkyɛkyerɛ so, ne nkyene asase a obiara nte soɔ so.

7 Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ,

na AWURADE yɛ n’anidasoɔ.

8 Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛ no nsunoa,

na ne nhini tentene kɔ asuo no ho.

Na sɛ ahuhuro ba a, ɛnyɛ no hu,

na ɛso ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm,

na sukɔm afe mu nso,

ɛrempo, na ɛnnyae aba soɔ.

9 Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa

na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara,

hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?

10 Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu,

na mesɔ akoma mehwɛ,

na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ,

sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.

11 Deɛ ɔrepɛ adeɛ anya, na ɔnnya no tenenee soɔ no,

te sɛ akokɔhwedeɛ a ɔbutu nkosua a ɛnyɛ ɔno ara na ɔtoeɛ soɔ,

ɔbɛbu ne nna mu fa agya,

na n’awieeɛ mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.

12 Animuonyam ahennwa a ɛsi sorɔnsorɔn soɔ firi teteete no,

ne yɛn kronkronbea,

13 AWURADE, Israel anidasoɔ,

wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu;

wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so,

ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.

14 AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden;

gye me, na manya nkwa;

na wone m’ayeyie.

15 Hwɛ, wɔn deɛ, wɔka kyerɛ me sɛ:

Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ?

Ma no mmra ɛ!

16 Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra,

na menhwɛɛ mmusuo da no kwan,

wo ara wonim.

Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no,

ɛda w’anim hɔ.

17 Nyɛ me deɛ oyi me hu,

me dwanekɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.

18 Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ,

mma m’ani nnwu;

wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu,

na me deɛ, mma m’akoma nntu;

fa da bɔne no bra wɔn so,

fa obubuo mmɔho bubu wɔn.

Homedadie ho afotuo

19 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo di mu ahyemfire no mu ne Yerusalem aponkɛseɛ nyinaa mu,

20 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba mu nyinaa!

21 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monhwɛ mo kra so yie, na monnsoa adesoa biara homeda mmfa mmfa Yerusalem apono mu mmma mu;

22 na monnsoa adesoa biara nso mmfiri mo afie mu mmfiri adi homeda, na monnyɛ adwuma biara; na monni homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.

23 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn kyenkyirenn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene atenetene.

24 Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm nie, sɛ motie me, na momfa adesoa biara mfa kuro yi apono mu mma mu homeda, na modi homeda no kronkron, nyɛ emu adwuma biara a,

25 ɛnneɛ ahemfo ne asafohene a wɔbɛtena Dawid adwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, wɔbɛfa kuro yi apono mu aba mu. Na nnipa bɛtena kuro yi mu daa.

26 Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie.

27 Nanso sɛ moantie me, anni homeda no kronkron na, mosoa adesoa bi fa Yerusalem apono mu homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ n’apono mu gya, na ahye Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.

Yeremia 18

Nyankopɔn nnisoɔ no nsususoɔ

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:

2 Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ.

3 Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma.

4 Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.

5 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

6 Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.

7 Sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mɛtu na madwerɛ na masɛe no,

8 na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

9 Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ.

10 Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

11 Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!

12 Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yɛbɛdi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn akoma bɔne denyɛ no ho adeɛ.

13 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Monkɔbisa amanaman no mu ɛ,

hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn?

Ahodwirideɛ pa ara

na Israel ababaa no ayɛ.

14 Lebanon sukyerɛmma pa Sirion

abotan no so?

Amannɔne nsuwansuwa wiridudu

a ɛsene no bɛwe anaa?

15 Na me man werɛ afiri me,

wɔahye aduhwam ama abosom hunu,

na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so,

wɔ teteete atempɔn so,

sɛ wɔnnante akwan a

ɛnyɛ akwammɔeɛ so.

16 Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo

ne daa fɛdie adeɛ.

Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no,

na wawoso ne ti.

17 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete

wɔn atamfoɔ anim,

m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn,

wɔn sɛeɛ da no.

Wɔpam Yeremia tiri so

18 Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.

19 Yɛ aso ma me ɛ, O AWURADE,

na tie wɔn a wɔne me ham no.

20 Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa?

Nso wɔatu amena ama me kra.

Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim

sɛ meresrɛ papa ama wɔn,

sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.

21 Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm,

na yi wɔn to afena ano,

na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ,

na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima,

na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.

22 Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu,

berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no,

ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me,

na wasunsum me nan fidie.

23 Na wo, AWURADE, wonim

wɔn agyina a wɔkɔ no me ho repɛ me wuo no nyinaa.

Nkata wɔn amumuyɛ so,

na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim,

ma wɔnhwehwe ase w’anim;

w’abufuo berɛ mu na ɛne wɔn nnie.

Yeremia 19

Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi

1 Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,

2 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ hɔ.

3 Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeoo.

4 Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.

5 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da.

6 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bonhwa bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bonhwa.

7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi.

8 Na mɛyɛ kuro yi amamfo ne fɛdie adeɛ, obiara a ɔbɛtwam wɔ ho no, ne sɛeɛ no nyinaa nti ne ho bɛdwiri no na wabɔ hwerɛma hweehwee.

9 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛdi wɔn ho wɔn ho nam, ahohiahia ne ahodwan a wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no de bɛdwan wɔn ho no mu.

10 Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,

11 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwomfoɔ kukuo a wɔntumi nyɛ no yie bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Na Tofet ara na wɔbɛsie wɔn, ɛfiri sɛ wɔrennya baabi nsie bio.

12 Saa ara na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafoɔ, AWURADE asɛm nie, na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.

13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.

14 Ɛnna Yeremia firii Tofet, deɛ AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ baeɛ, na ɔkɔgyinaa AWURADE fie abannwa mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:

15 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.

Yeremia 20

Pasur yɛ Yeremia aninyanneɛ

1 Na Imer ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ AWURADE fie so titire no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no,

2 Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasurna AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.

4 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn.

5 Na mɛyi kuro yi adedodoɔ ne emu mfasodeɛ aboɔdenneɛ nyinaa mama, na mede Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa mahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel.

6 Na wo, Pasur, ne wo fiefoɔ nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akɔwu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfoɔ a wohyɛɛ wɔn nkɔntorɔ no nyinaa.

Odiyifoɔ no abooboo denden

7 Woagyegye me, AWURADE,

na mapene nnyegyeɛ no so.

Woatintim me so,

na woatumi.

Madane aseredeɛ daa nyinaa;

wɔn nyinaa di me ho fɛw.

8 Na daa merekasa a, ɛma meteam,

atiritirasɛm ne ɔsɛeɛ na ɛma mesu mefrɛ,

na AWURADE asɛm adane me

ahohora ne nsopa daa nyinaa.

9 Na sɛ mese: Merenkae no

na meremmɔ ne din menkasa bio, a,

na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre

a wɔato mu me nnompe mu;

mesɔ mu a mebrɛ ho,

na mentumi.

10 Na mate nnipa pii nsekudie,

ehu wɔ afa nyinaa,

wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no.

Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara

a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ:

Ebia ɔbɛma wɔagyegye no,

na yɛatumi no,

na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.

11 Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu,

ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti ase,

na wɔrentumi.

Wɔn ani bɛwuwu sɛ,

ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie,

ɛyɛ daa nsopa

a werɛ remfire.

12 Na asafo AWURADE a wosɔ ɔteneneeni hwɛ,

hwɛ adwene ne akoma mu.

Wɔn so na mɛhunu wo aweretɔ,

na wo na mede m’asɛm madane woɔ.

13 Monto dwom mma AWURADE,

monyi AWURADE ayɛ!

Na wayi ohiani kra

afiri nnipa bɔne nsam.

14 Nnome nka da

a wɔwoo me wɔ mu no!

Ɛda a me na woo me no,

mma wɔnnhyira no.

15 Nnome nka onipa

a ɔde asɛmpa no brɛɛ m’agya sɛ:

Wɔawo ɔbabarima ama wo!

na ɔde maa n’ani gyee pii no.

16 Ma onii no nyɛ sɛ nkuro

a AWURADE abutubutuo wɔ anibereɛ so no;

ma no nte esu anɔpa

ne gyegyeegye awia ketee.

17 Sɛ wankum me wɔ ɔyafunu mu,

na me na annane me damena

na manka ne yafunum daa nti.

18 Adɛn nti mpo na mefirii yafunum firii adie,

sɛ merebɛhunu ɔbrɛ ne ahometeɛ,

na me nna ahi aniwuo mu!

Yeremia 21

Yerusalem asehweɛ ho nkɔmhyɛ

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Ɔhene Sedekia somaa Malkia ba Pasur ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa ne nkyɛn sɛ:

2 Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa teɛ no, na wafiri yɛn so akɔ.

3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

4 Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ a mode ne Babel hene ne Kaldeafoɔ a wɔabɛtua mo ɔfasuo akyire rebɛko no, na maboa ano maba kuro yi mfimfini.

5 Na me ara mede nsa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ ne mo bɛko,

6 na mabɔ kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa. Owuyadeɛ kɛseɛ ano na wɔbɛwuo.

7 Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.

8 Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim,

9 deɛ ɔtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adie de ne ho kɔma Kaldeafoɔ a wɔbɛtua mo no, ɔbɛnya nkwa, na ne kra adane Negeb no asadeɛ.

10 Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye.

11 Na ka kyerɛ Yuda hene fie sɛ: Montie AWURADE asɛm:

12 Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie:

Monni asɛntenenee anɔpa,

na monyi deɛ wɔafom no afa

mfiri omimfoɔ nsam,

na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya

ammɛhye a obi rennum,

mo nneyɛɛ bɔne nti.

13 Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu,

asaseta so botan soɔ no anya,

AWURADE asɛm nie,

mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ,

na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no?

14 Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ,

AWURADE asɛm nie,

na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu,

na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.

Yeremia 22

Wɔbɔ ahemfiefoɔ kɔkɔ. Atemmuo no

1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Siane kɔ Yuda hene fie, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ:

2 Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no.

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.

4 Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man.

5 Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo.

6 Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie:

Woyɛ me sɛ Gilead,

ne Lebanon atifi,

nanso mɛdane wo anwea pradada so,

nkuro a wɔnte mu!

7 Na mereyi asɛefoɔ atia wo,

wɔn akodeɛ kurakura wɔn,

na wɔabubu wo ntweneduro a wɔayie no

de agu ogya mu.

8 Na amanaman pii bɛtwam kuro yi ho, na wɔasese wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ kuro kɛseɛ yi seyie?

9 Na wɔbɛbua wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.

10 Monnsu owufoɔ

na monnnyam no.

Esu mmom na monsu deɛ ɔrekorɔ no,

na ɔrensane mma bio

mmɛhunu n’awoɔ asase.

Yosia mma ho atemmusɛm

11 Na sɛ AWURADE ka no Salum a ɔyɛ Yudahene Yosia ba a ɔsii n’agya Yosia anan mu dii hene, a ɔfiri ha kɔeɛ no ho nie: Ɔrensane mma ha bio,

12 na deɛ wɔatu no korɔ no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio.

13 Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie,

na ɔde asisie si n’abansoro,

na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa,

na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!

14 Deɛ ɔka sɛ: Mɛsi dan a emu baeɛ

ayɛ mu abansoro adan a ɛsoso pii mafa,

na ɔtwitwa mu mpomma

na ɔde ntweneduro sam mu,

na ɔde adukɔkɔɔ sra mu!

15 W’ani abere tweneduro ho yi nti,

ɛyɛ wo sɛ woyɛ ɔhene?

W’agya annidi annom

wammu atɛntenenee anyɛ ade tenenee?

Ɛno nti nso na ɛsii no yie.

16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no,

enti nso na ɛsii no yie.

Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ?

AWURADE asɛm nie.

17 Nanso w’ani ne w’akoma

nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne,

ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam,

ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.

18 Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie:

Wɔrennyam no nka sɛ:

Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa!

Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam!

19 Afunumu sie na wɔde bɛsie no,

wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri.

20 Foro kɔ Lebanon kɔsu,

na ma wo nne so wɔ Basan,

na team firi Abarim,

ɛfiri sɛ wɔadwerɛ w’adɔfo nyinaa.

21 Wodii yie no, mekasa mekyerɛɛ wo,

na wose: Merentie.

Wo kwan a wofa so nie firi wo mmabaaberɛ mu,

sɛ wontie me.

22 Mframa bɛyɛne w’ayɛnfoɔ nyinaa,

na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu;

ɛno ansa na w’ani bɛwuo na w’anim agu ase,

wo bɔne nyinaa ho.

23 Wo a wote Lebanon

ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no,

sɛ ɔyea ne awoko

a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa.

24 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE asɛm nie, sɛ Yudahene Konia, a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa mpo a, anka mɛte no afiri hɔ.

25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wosuro wɔn anim no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne Kaldeafoɔ nsa;

26 na mɛpra wo ne wo na a ɔwoo woɔ no akɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo,

27 na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsane aba soɔ no, wɔrensane mma hɔ bio.

28 Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo,

anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho?

Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase

a wɔnnim soɔ so yi?

29 O asase, asase, asase,

tie AWURADE asɛm!

30 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho

sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba,

ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu,

na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ

na wadi Yuda so bio no, renni yie.

Yeremia 23

Ahwɛfoɔ bɔne ne ɔhwɛfoɔ pa

1 Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie.

2 Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie.

3 Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.

4 Na mɛsisi wɔn so ahwɛfoɔ na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn akoma rentu, na wɔn mu bi renyera, AWURADE asɛm nie.

5 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.

6 Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.

7 Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israel firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,

8 na mmom: Sɛ AWURADE a ɔkɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase ne nsase a mepamm wɔn kɔɔ soɔ no nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi! Na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.

Adiyifoɔ atorofoɔ no

9 Adiyifoɔ no ho asɛm nie:

M’akoma abubu me yam,

me nnompe nyinaa sa biribiri;

mayɛ sɛ nsaboni ne ɔbarima a nsa afa ne soɔ,

AWURADE ne ne nsɛm kronkron no nti.

10 Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;

na nnome nti asase no di abooboo,

ɛserɛ so adidibea akusa;

na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne,

na wɔn mmaninyɛ nso ntene.

11 Na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Nyame,

me fie mpo na mahunu wɔn bɔne,

AWURADE asɛm nie.

12 Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ

esum kabii mu kwan torotorɔ,

wɔbɛsunsum wɔn na wɔahwehwe ɛso ase,

ɛfiri sɛ wɔn asotwe afe no mu,

mede bɔne bɛba wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

13 Na Samaria adiyifoɔ no mu,

mahunu nkwaseasɛm,

wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de

maa me man Israel fomee.

14 Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso

mahunu ahodwirideɛ,

wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ,

na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu;

wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom,

na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.

15 Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie:

Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi,

na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom,

ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm

afiri kɔ asase no nyinaa so.

16 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhudeɛ mu. Wɔn adwene mu anisoadehunu na wɔka, ɛmfiri AWURADE anomu.

17 Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so.

18 Na wɔn mu hwan na wagyina AWURADE agyina no mu,

na wahunu na wate n’asɛm,

anaa hwan na wawɛn n’aso atie n’asɛm?

19 Hwɛ, AWURADE ahum,

abufuhyeɛ afiri adi,

na ahum a ɛdi kyinhyia

no bɛtwa ne ho abɛsi abɔnefoɔ tiri so.

20 AWURADE abufuo no rensane

kɔsi sɛ ɛbɛwie na ama n’akoma mu adwene agyina;

nna a ɛdi akyire no mu no

na mobɛhunu mu pefee.

21 Mansoma adiyifoɔ no,

nso wɔnyaa asɛm kɔkaeɛ;

mankasa mankyerɛ wɔn,

nso wɔhyɛɛ nkɔm.

22 Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a,

anka wɔmaa me man tiee me nsɛm,

na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so

ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.

23 Meyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mpinkyɛeɛ mu, AWURADE asɛm nie, na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri anaa?

24 Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.

25 Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ no keka sɛ: Maso daeɛ, maso daeɛ! no.

26 Ɛnkɔsi da bɛn? Ɛwɔ adiyifoɔ a wɔka atorɔ adiyisɛm, na wɔka wɔn akoma mu nnaadaa nkɔm no akoma mu,

27 wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no?

28 Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie.

29 M’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm nie, na ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbobɔ ɔbotan anaa?

30 Enti, hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, nnipa a wɔwiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no.

31 Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔde wɔn tɛkyerɛma keka sɛ: AWURADE se, no

32 Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya, AWURADE asɛm nie; wɔn deɛ, wɔkeka adaeɛ no, na wɔde wɔn atorosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na wɔn ho remma ɔman yi mfasoɔ biara, AWURADE asɛm nie.

33 Na sɛ ɔman yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ: AWURADE adesoa ne deɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn sɛ: Wone adesoa no, na mɛto wo matwene, AWURADE asɛm nie.

34 Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman no mu nipa biara ka sɛ: AWURADE adesoa a, na mɛba mabɛtwe onii ko no ne ne fie aso.

35 Sei na monkeka nkyerɛ mo mfɛfoɔ, na onua nka nkyerɛ ne nua: Ɛdeɛn na AWURADE buaeɛ, na ɛdeɛn na AWURADE aka?

36 Na AWURADE adesoa no deɛ, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdane no adesoa, ɛfiri sɛ moadanedane Onyankopɔn teasefoɔ, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani.

37 Sei na ka kyerɛ odiyifoɔ no: Ɛdeɛn na AWURADE de buaa woɔ, na ɛdeɛn na AWURADE aka?

38 Na sɛ moka sɛ: AWURADE adesoa no nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka asɛm yi sɛ AWURADE adesoa no, na mesomaa mo nkyɛn sɛ: Monnka sɛ: AWURADE adesoa no,

39 enti, hwɛ, me werɛ bɛfiri mo koraa, na mato mo ne kuro a mede memaa mo ne mo agyanom no afiri m’anim agu.

40 Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfiri da ato mo so.

Yeremia 24

Mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu no ho anisoadehunu

1 AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no.

2 Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no deɛ, ɛyɛ sɛ, na deɛ ɛnyɛ no, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nni.

4 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mmorɔdɔma pa yi teɛ no, saa ara na mɛbu tukɔfoɔ a memaa wɔfirii ha yi kɔɔ Kaldeafoɔ asase soɔ no mayɛ wɔn yie;

6 na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.

7 Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.

8 Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nnie no teɛ no, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛyi Yudahene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ no, ne wɔn a wɔte Misraim asase soɔ no mama,

9 na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;

10 na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.

Yeremia 25

Yuda ne amanaman ho atemmusɛm

1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu)

2 a Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ, Yuda man no nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfoɔ nyinaa nie:

3 Ɛfiri Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ de bɛduru nnɛ da yi, mfirinhyia aduonu mmiɛnsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn maa metuaa nhema meka kyerɛɛ mo, na moantie.

4 Na AWURADE somaa ne nkoa adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.

5 Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem.

6 Na monnni anyame foforɔ akyi, nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne biara.

7 Na moantie me, AWURADE asɛm nie, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo maa no danee mo bɔne.

8 Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moantie me nsɛm nti,

9 hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo,

10 na mama ahosan nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, oyuyammoɔ nkateɛ ne kanea hann ayera wɔn mu;

11 na asase yi nyinaa bɛdane amamfo ne ahodwirideɛ, na amanaman yi asom Babel hene mfirinhyia aduɔson.

12 Na sɛ mfirinhyia aduɔson wie duru a, mɛba mabɛtua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafoɔ asase no amumuyɛ so ka, na madane no daa amamfo.

13 Na mɛma me nsɛm a meka meguu asase no soɔ no nyinaa aba mu wɔ ne ho, ade a wɔatwerɛ no nwoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa soɔ no nyinaa,

14 na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ de wɔn bɛyɛ nkoa, na mɛtua wɔn wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.

15 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,

16 na wɔanom atɔ ntintan, abobɔ adam, afena a meresoma aba wɔn mu no nti.

17 Ɛnna megyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,

18 Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi:

19 Misraimhene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,

20 ne amamfrafoɔ no nyinaa, ne Us asase so ahemfo nyinaa, ne Filistifoɔ asase so ahemfo nyinaa, ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkaeɛ no,

21 Edom ne Moab ne Amonfoɔ,

22 ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,

23 Dedan, Tema, Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bɔdwesɛ putuo no nyinaa,

24 ne Arabia ahemfo nyinaa, ne afrafrafoɔ ahemfo a wɔte anwea pradada soɔ no nyinaa,

25 ne Simri ahemfo nyinaa ne Elam ahemfo nyinaa ne Media ahemfo nyinaa,

26 ne atifi fam ahemfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahennie ahodoɔ a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyiri anom.

27 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre bio, ɛsiane afena a merema no aba mo mu no nti.

28 Na wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nom ara na monnom.

29 Na hwɛ, kuro a wɔde me din ato no so na merefiri ama bɔne aba yi, na mo deɛ mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afena na merefrɛ aba asase sofoɔ nyinaa soɔ, asafo AWURADE asɛm nie.

30 Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ:

AWURADE firi sorosoro bobom,

na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ;

bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ,

ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ,

de tia asase no sofoɔ nyinaa.

31 Hooyɛ no bɛduru asase ano nohoa,

na AWURADE ne amanaman reham;

ɔrebu honam nyinaa atɛn;

ɔde abɔnefoɔ ato afena ano,

AWURADE asɛm nie.

32 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, bɔne refiri adi

afiri ɔman so kɔ ɔman so,

na ahum kɛseɛ atu

afiri asase anoano.

33 Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.

34 Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu,

na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini,

na mo kum ne mo hweteɛ nna adu;

na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;

35 na nnwanhwɛfoɔ no rennya kwan nnwane,

na nnwankuo mu akunini nso rennya kwan mfiri mu.

36 Wɔte nnwanhwɛfoɔ su

ne nnwankuo no mu akunini abububɔ,

ɛfiri sɛ AWURADE resɛe wɔn mmoa adidibea,

37 na asomdwoeɛ tenabea no ayɛ komm,

AWURADE abufuo hyehyeɛ no anim.

38 Wagya ne daberɛ sɛ gyataburuwa,

na wɔn asase adane amamfo,

n’afena namnam no

ne n’abufuo hyehyeɛ no anim.